Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma
Woguan Fi Ɔhene Tirimɔdenfo Anim
DƐN nti na Yosef nyan Maria wɔ ɔdasu mu? Yosef ka kyerɛ no sɛ: ‘Yehowa bɔfo yii ne ho adi kyerɛɛ me mprempren ara. Na ose memfa wo ne abofra no nguan nkɔ Misraim, na Herode rebɛhwehwɛ abofra no akum no.’
Wɔn baasa nyinaa guan kɔ. Wɔyɛ eyi ntɛm ara efisɛ na Herode ate sɛ anyansafo no adaadaa no ma wɔkɔ. Kae sɛ, na anka ɛsɛ sɛ wɔsan kɔka baabi a wohuu Yesu no kyerɛ no. Herode bo fuw. Enti sɛnea ɛbɛyɛ a obekum Yesu no, ɔhyɛ mmara sɛ wonkunkum mmofra a wɔwɔ Betlehem ne n’ahye so a wɔadi mfe abien ne wɔn a wonnya nnii saa nyinaa. Mfe no ho akontaabu no gyina nea anyansafo no dii kan ka kyerɛɛ no no so.
Mmofra a wɔyɛ mmarima nyinaa a wokunkum wɔn yi yɛ awerɛhow kɛse! Herode asraafo no wura ofie biara mu. Na wohu abofra a, wogye no fi ne na nsam. Yentumi nkyerɛ mmofra dodow a wokunkum wɔn, nanso ɛnanom su ne awerɛhow no ma Bible nkɔmhyɛ a Onyankopɔn diyifo Yeremia de mae no baam.
Ankyɛ biara na Yosef ne n’abusua no koduu Misraim dwoodwoo a na wɔte hɔ. Nanso, Yehowa bɔfo no san yi ne ho adi kyerɛ Yosef wɔ ɔdae mu anadwo bi. Ɔbɔfo no kae sɛe ‘Sɔre fa abofra no ne ne na, na kɔ Israel asase so, na wɔn a wɔhwehwɛ abo fra no kra no awu.’ Enti sɛnea ɛbɛyɛ a Bible nkɔmhyɛ foforo bɛbam sɛnea wɔaka sɛ wɔbɛfrɛ Onyankopɔn Ba no afi Misraim no, abusua yi san kɔ wɔn ankasa asase so.
Ɛda adi sɛ na Yosef pɛ sɛ ɔtra Yudea, baabi a wɔte kan ansa na wɔreguan akɔ Misraim no. Nanso na wate sɛ Herode ba Arkelao otirimɔdenfo no redi Yudea so hene na Yehowa bɔ no kɔkɔ wɔ ɔdae foforo bi mu. Enti Yosef ne n’abusua no tu kwan kɔfa kesee fam kɔtra Nasaret. Ɛha na Yesu tra kosi sɛ onyin wɔ kurow a atew ne ho wɔ Yudafo nyamesomfo no ho no mu. Mateo 2:13-23; Yeremia 31:15; Hosea 11:1.
◆ Bere a anyansafo no ansan wɔn akyi bio no, ade a ɛyɛ hu bɛn na Herode yɛe, nanso wɔbɔɔ Yesu ho ban dɛn?
◆ Bere a wofi Misraim bae no, dɛn nti na Yosef antumi antra Betlehem?
◆ Bible nkɔmhyɛ bɛn na ɛbaa mu wɔ saa bere yi mu?