ADESUA 71
Yehowa Bɔɔ Yesu Ho Ban
Ná nkurɔfo bi wɔ Israel apuei fam a wɔgye di sɛ nsoromma betumi akyerɛ wɔn kwan. Anadwo bi, mmarima bi a wɔfi Apuei fam huu biribi a ɛte sɛ nsoromma a ɛhyerɛn paa sɛ ɛnam wim. Enti wɔdii akyi. “Nsoromma” no dii wɔn anim de wɔn kopuee Yerusalem. Mmarima no duu hɔ no, wɔbisabisaa nkurɔfo sɛ: ‘Abofra a ɔbɛyɛ Yudafo hene no wɔ he? Yɛaba sɛ yɛrebɛkotow no.’
Bere a Yerusalem hene Herode tee ɔhene foforo bi ho asɛm no, ɛhaw no paa. Ɔhene no bisaa asɔfo mpanyin no sɛ: ‘Ɛhe na wɔkyerɛ sɛ wɔbɛwo saa ɔhene yi?’ Wɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Adiyifo no kaa sɛ wɔbɛwo no wɔ Betlehem.’ Enti Herode frɛɛ mmarima a wɔfi Apuei fam no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monkɔ Betlehem nkɔhwehwɛ saa abofra yi, na mommɛka baabi a ɔwɔ no nkyerɛ me. Mepɛ sɛ me nso mekɔkotow no.’ Nanso, na ɛyɛ atoro na ɔredi.
“Nsoromma” no san dii wɔn anim bio. Mmarima no dii akyi koduu Betlehem. “Nsoromma” no kogyinaa fie bi atifi, na mmarima no kɔɔ fie no mu. Wɔhuu Yesu ne ne maame Maria. Wɔkotow abofra no, na wɔkyɛɛ no sika kɔkɔɔ, ɛhyɛ, ne kurobow. Enti ɛyɛ ampa sɛ Yehowa na ɔsomaa saa mmarima yi sɛ wɔnkɔhwehwɛ Yesu anaa? Daabi.
Saa anadwo no, Yehowa ka kyerɛɛ Yosef wɔ dae mu sɛ: ‘Herode pɛ sɛ okum Yesu. Fa wo yere ne wo ba no na munguan nkɔ Egypt. Montena hɔ nkosi sɛ mɛka akyerɛ mo sɛ monsan mmra.’ Ntɛm ara na Yosef ne n’abusua kɔɔ Egypt.
Yehowa ka kyerɛɛ mmarima a wɔfi Apuei fam no sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔsan kɔ Herode nkyɛn. Bere a Herode huu sɛ mmarima no ansan amma no, ne bo fuwii paa. Esiane sɛ Herode nsa anka Yesu nti, ɔhyɛɛ mmara sɛ wɔnkunkum mmarimaa nkumaa a wɔn mfe te sɛ Yesu a wɔwɔ Betlehem no nyinaa. Nanso, wɔannya Yesu, efisɛ na Yesu wɔ Egypt nohoa.
Bere bi akyi no, Herode wui. Yehowa ka kyerɛɛ Yosef sɛ: ‘Afei de, mubetumi asan akɔ.’ Enti Yosef, Maria, ne Yesu san kɔɔ Israel, na wɔkɔtenaa Nasaret.
“Saa ara na m’asɛm a efi m’anom bɛyɛ . . . , na nea ɛbɛyɛ biara, ebewie nea enti a mesomaa no no.”—Yesaia 55:11