Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lmd adesua 6
  • Nya Akokoduru

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nya Akokoduru
  • Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Yesu Yɛe
  • Dɛn Na Yesua Fi Yesu Hɔ?
  • Suasua Yesu
  • Munsuasua Yesu—Monka Asɛm No Akokoduru So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • So Wode Akokoduru Ka Asɛm No?
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • ‘Ka Onyankopɔn Asɛm No Akokoduru So’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Kɔ So Fa Akokoduru Ka Onyankopɔn Asɛm
    Yɛn Ahenni Som—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
lmd adesua 6

HYƐ NKƆMMƆ ASE

Sakeo aforo dua, na Yesu reka akyerɛ no sɛ onsi fam. Ɛyɛ wɔn a wɔgyinagyina hɔ no bi nwanwa.

Luka 19:1-7

ADESUA 6

Nya Akokoduru

Nnyinasosɛm: “Yenyaa akokoduru de kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo.” —1 Tes. 2:2.

Nea Yesu Yɛe

Sakeo aforo dua, na Yesu reka akyerɛ no sɛ onsi fam. Ɛyɛ wɔn a wɔgyinagyina hɔ no bi nwanwa.

VIDEO: Yesu Kaa Asɛmpa No Kyerɛɛ Sakeo

1. Hwɛ VIDEO yi, anaa kenkan Luka 19:​1-7. Wuwie a susuw nsɛmmisa yi ho:

  1. Adɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ na ebinom mpɛ Sakeo asɛm?

  2. Adɛn nti na Yesu de, ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ no?

Dɛn Na Yesua Fi Yesu Hɔ?

2. Sɛ yebetumi aka Ahenni ho asɛmpa no akyerɛ obiara a yɛrenyɛ nyiyim a, ehia sɛ yenya akokoduru.

Suasua Yesu

3. Fa wo ho to Yehowa so. Onyankopɔn honhom maa Yesu ahoɔden ma otumi yɛɛ asɛnka adwuma no, na ebetumi aboa wo nso saa ara. (Mat. 10:​19, 20; Luka 4:18) Wɔn a ehu nti wuntumi nka asɛm no nkyerɛ wɔn no, srɛ Yehowa sɛ ɔmma wo akokoduru na fa di wɔn adanse.—Aso. 4:29.

4. Nka sɛ, ‘asomasi de, mehwɛ a ɔrentie.’ Ebinom wɔ hɔ a, sɛ yɛhwɛ sɛnea wɔte, ɔbra a wɔwom, dibea a wɔkura, ne ɔsom a wɔwom a, anhwɛ a ɛrenyɛ yɛn sɛ yɛnka asɛm no bi nkyerɛ wɔn. Nanso kae sɛ:

  1. Yennim nea ɛwɔ obi komam; Yehowa ne Yesu nko ara na enim.

  2. Sɛ obi te sɛn oo, sɛ ɔte sɛn oo, Yehowa betumi ahu no mmɔbɔ.

5. Yehia akokoduru, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn kasa yiye. (Mat. 10:16) Wo ne obiara nnnye akyinnye. Sɛ onipa no mpɛ sɛ obetie anaa wuhu sɛ nkɔmmɔ no betumi akɔfa asɛm aba a, fa ɔkwampa so twa so.—Mmeb. 17:14.

HWƐ NEA EDIDI SO YI NSO

Aso 4:31; Efe. 6:​19, 20; 2 Tim. 1:7

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena