26 NATAN
Ɔteɛɛ Ɔhene No So
BERE a odiyifo Natan rekɔ n’adamfo Ɔhene Dawid nkyɛn wɔ n’ahemfie no, ɛbɛyɛ sɛ nea na ɔredwen ho ne sɛ, ‘Ɛbaa no sɛn na onipa papa saa tumi yɛɛ bɔne a ɛte sei?’ Bere bi a atwam no, na Yehowa nam Natan so ahyɛ Dawid bɔ sɛ, Dawid abusua mu na Mesia no befi aba. Ná ɛyɛ nhyira kɛse paa! (2 Sam. 7:4, 12, 13) Nanso bere a Natan resan akɔ Dawid anim no, saa bere no de, na Dawid ayɛ bɔne kɛse, na na Yehowa pɛ sɛ Natan teɛ no so.
Nea Dawid yɛe no, ɔyɛ siei, nanso Yehowa de, na wahu biribiara. Wutumi hu sɛ na Onyankopɔn aka nea asi no nyinaa akyerɛ Natan. Nea ɛbae ne sɛ, da koro anadwo, na Dawid nam ne dan atifi, ɛnna ohui sɛ ɔbea bi reguare. Ohui sɛ ɔbea no “ho yɛ fɛ yiye,” na ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ no bae. Ná yɛfrɛ ɔbea no Bat-Seba, na na Ɔhene Dawid nim sɛ Hitini Uria a ɔyɛ ne sraani nokwafo no yere ne no. Nanso ɔne ɔbea no dae. Akyiri yi, Bat-Seba ka kyerɛɛ Dawid sɛ wanyinsɛn. Ná Dawid pɛ sɛ ɔkata ne bɔne so, enti ɔyɛe ara sɛ anka Uria nnyaw asraafo no hɔ na ɔnkɔda ne yere nkyɛn anadwo. (Fa toto 1 Samuel 21:5 ho.) Nanso Uria ampene so annyaw asraafo no hɔ ankɔ fie. Enti Dawid bɔɔ pɔw maa wɔde Uria kogyinaa baabi wɔ akono a ɛbɛma no ayɛ mmerɛw sɛ atamfo no bekum no. Pɔw bɔne a Dawid bɔe no yɛɛ yiye; wɔkum Uria. Ɛno akyi no, Dawid waree Bat-Seba.
Bible ka sɛ: “Ade a Dawid yɛe no, Yehowa ani annye ho koraa.” Enti nokware Nyankopɔn no somaa ne diyifo Natan sɛ ɔnkɔteɛ Dawid so mma onhu sɛ wayɛ bɔne. Bere a Natan rekɔ Ɔhene Dawid anim no, na osuro nea Dawid bɛyɛ anaa? Sɛ Dawid atumi akum Uria a, dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɔkɔka ɔhene no bɔne kyerɛ no a, ɔbɛfa ne ho adi? Ná Natan pɛ sɛ ɔka biribi ma ɛtɔ Dawid koma so ma ohu sɛ wayɛ bɔne kɛse. Ɛnyɛ dɛn ara a, odiyifo no bɔɔ asɛm no ho mpae. Afei ɔpɛɛ mfatoho a ɔde bɛka n’asɛm, na ɔkɔɔ ɔhene no anim.
Natan kaa mmarima mmienu bi a wɔwɔ kurow bi mu ho asɛm kyerɛɛ Dawid. Ɔkaa sɛ na baako yɛ osikani a ɔwɔ nguan ne anantwi bebree, ɛnna baako nso yɛ ohiani a ɔwɔ oguan ketewa baako. Ná ohiani no pɛ ne guan no asɛm, ɔyɛn no, na oguan no ne ɔbarima no mma mmarima boom nyinii. Da bi, osikani no nyaa ɔhɔho bi a na ɔnhwɛ no kwan, enti na ɔrepɛ oguan bi akum no de ayɛ aduan ama ɔhɔho no. Wamfa ne nguan no mu biara, na mmom “ɔkɔfaa ohiani no guan no,” na okum no de yɛɛ aduan maa ɔhɔho a ɔbaa ne nkyɛn no. Asɛm no maa Dawid bo fuwii paa, na ɔkaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase yi, ɔbarima a ɔyɛɛ saa no fata owu!” Esiane sɛ osikani yi annya “ahummɔbɔ nti,” Dawid bo fuw no denneennen.
Ɔhene a na Natan dɔ no na obu no no, na ɛsɛ sɛ Natan ma no afotu a ano yɛ den de teɛ ne so
Mfatoho a Natan de yɛɛ adwuma no, na ɛfata paa. Ná Dawid ahwɛ nguan so pɛn, na na okyi nsisi. Ɛno nti Natan nyaa akokoduru kaa no pen sɛ: “Wone ɔbarima no!” Ɛbɛyɛ sɛ asɛm no pem Dawid. Afei Natan kaa nea Dawid ayɛ nyinaa kyerɛɛ no ma ohuu sɛ Yehowa ahu ne nyinaa. Nea Yehowa kaa sɛ ɛbɛba Dawid fie so no, Natan ka kyerɛɛ no. Ɔkaa sɛ: Basabasayɛ ne mmusu bɛba Dawid abusua so mfe pii. Dɛn na Ɔhene Dawid yɛe?
Ɔkaa sɛ: “Mayɛ Yehowa bɔne.” Onuu ne ho sɛ ɔyɛɛ bɔne a ɛte saa, na ne werɛ howee paa. Natan ka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa nso de wo bɔne akyɛ wo. Worenwu.” Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ Natan dɛ sɛ otumi ka kyerɛɛ Dawid sɛ Yehowa behu no mmɔbɔ. Nanso ne nyinaa mu no, bɔne a Dawid ne Bat-Seba yɛe no, Dawid twaa so aba. Aguaman a wɔbɔe no, abofra a ofii mu bae no wui. Afei nso Dawid hyiaa ɔhaw wɔ n’abusua mu mfe pii. Ebi ne sɛ, n’abusuafo no bi anni no nokware, na wɔtew ne so atua mpo.
Ne nyinaa mu no, Dawid kɔɔ so dii Yehowa nokware. Yehowa honhom kaa no ma ɔkyerɛw Nnwom nhoma mu nsɛm bi a ɛka koma, na ɛma yehu sɛ, sɛ obi yɛ bɔne na onu ne ho a, Onyankopɔn de ne bɔne kyɛ no. (Dwom 32 ne 51) Ɔhene no ne Yehowa ntam san yɛɛ kama, na ɔkɔɔ so tiee Natan afotu kosii sɛ owui. Dawid de nokwaredi som Yehowa kosii owu mu. (1 Ahe. 9:4) Ɛbɛyɛ sɛ Natan ani gyei paa sɛ, bere a ɔhene no fom kwan no, onyaa akokoduru tuu no fo.
Kenkan asɛm yi fi Bible mu:
Yensusuw wei ho:
Dɛn ne dɛn na Natan yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?
Sua Pii Ka Ho
1. Natan ka wɔn a wɔkyerɛw Bible no ho, nanso abusua a ofi mu ne ɔno ara ho nsɛm de, enni Bible mu. Dɛn na wei ma yehu fa ne ho? (w12 2/15 25 ¶2-3)
2. Ɛyɛɛ dɛn na Uria a na ɔyɛ Hitini no tumi bɛkaa Dawid asraafo ho? (w24.04 31)
3. Natan hyɛɛ nkɔm sɛ mmusu bɛba Dawid fie. Saa nkɔmhyɛ no baa mu sɛn? (it “Dawid” ¶29-wcgr)
4. Bere a Ɔhene Dawid bɔɔ akwakoraa no, dɛn na Natan yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru? (w12 2/15 25 ¶1) A
Mfoni A
Dɛn Na Woasua?
Sɛ yɛn adamfo bi di mfomso kɛse a, dɛn na yɛasua afi Natan hɔ a yebetumi de aboa no?
Sɛ yɛpɛ sɛ yɛka asɛm ma ɛtɔ obi koma so a, dɛn na yebetumi asua afi nea Natan yɛe no mu? B
Mfoni B
Dɛn bio na wubetumi ayɛ de asuasua Natan akokoduru no?
Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?
Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?
Sɛ Onyankopɔn nyan Natan ba a, asɛm bɛn na mebisa no?
Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
Bɔne a Dawid yɛe no, ɔhaw bɛn na ɛde brɛɛ ɔno, ne nnamfo, ne n’abusua? Yehowa Nyankopɔn nso, ɛkaa no sɛn?