28 ASA
Ɔde Ne Koma Nyinaa Som Yehowa Ne “Nkwa Nna Nyinaa”
BERE a Ɔhene Asa too n’ani a ohuu sɛ Etiopia asraafodɔm aboaboa wɔn ho ano ne Yuda rebɛko no, ɛbɛyɛ sɛ ne yam hyee no paa. Ná Yehowa adi ne nkurɔfo anim ama wɔakɔ ɔko pii, nanso atamfo a wɔdɔɔso sei de, na wɔnhyiaa bi da. Ná Etiopia asraafo no dodow yɛ ɔpepem baako, ɛnna Asa mmarima no nso yɛ bɛyɛ mpem ahansia. Ɛdɔm kɛse saa de, ɛbɛyɛ dɛn na Asa atumi anya akokoduru ne wɔn akɔko?
Wei nyɛ bere a edi kan a na ɛsɛ sɛ Asa nya akokoduru na watumi adi biribi ho dwuma. Asa bedii hene no, na mfe du atwam. N’ahenni mfiase pɛɛ no, ɔyɛɛ n’ade te sɛ ne nana nana Ɔhene Dawid. Asa de sii n’ani so sɛ ɔbɛyɛ ne Nyankopɔn Yehowa apɛde. Ɔhene Asa brɛɛ ne ho ase tiee Oded ne Oded ba Asaria a na wɔyɛ Yehowa adiyifo no. Nneɛma bɔne a na Ɔhene Asa manfo no ayɛ fi bere a Ɔhene Solomon twee ne ho fii Yehowa ho no, Asa nyaa akokoduru tuu bi ase wɔ ne mmeranteberem. Ebi ne sɛ, mmarima tuutuusi a na ɛkɔ so wɔ asɔrefie hɔ, ne abosom a na nkurɔfo som wɔn no, Asa de ne nan sii fam tuu so sa.
Bɔne a n’abusuafo yɛe mpo, wankatakata so. Ne nanabea Maaka na na ɔyɛ “ɔbaapanyin” wɔ Yuda, na na wayɛ ohoni tantan bi a ɛbɛyɛ sɛ na wɔde kamfo ɔbarima ne ɔbea nna wɔ ɔsom mu. Otuu ne nanabea no ade so, na ɔhyew ohoni no. Esiane sɛ Asa yɛɛ nea ɛsɔ Yehowa ani nti, ɔno nso hyiraa ɔman no ma wɔnyaa asomdwoe mfe du. Ɛnde bere a Etiopiafo no baa Yudafo so no, dɛn na Yehowa yɛ de boaa Asa?
Bible ma yehu sɛ asraafodɔm a wɔbaa Ɔhene Asa so no, na wɔdɔɔso koraa sen asraafo biara a wɔaba Onyankopɔn nkurɔfo so pɛn
Bere a Asa ne Yudafo no wɔ bepɔw so a wɔhuu Etiopia asraafodɔm kɛse no wɔ ase hɔ no, ɛhɔ ara na ɔbɔɔ ne Nyankopɔn mpae. Ɛbɛyɛ sɛ mpae a Asa bɔe no hyɛɛ n’asraafo no nkuran paa. Ɔkaa sɛ: “O Yehowa, ɛnyɛ den mma wo sɛ wobɛboa nnipa, sɛ́ wɔdɔɔso anaa wonni ahoɔden. O Yehowa yɛn Nyankopɔn, boa yɛn, na wo na yɛde yɛn ho ato wo so; wo din mu na yɛaba saa dɔm yi so. O Yehowa, wone yɛn Nyankopɔn. Mma ɔdasani nnni wo so nkonim.” Ɛbɛyɛ sɛ Yehowa ani sɔɔ mpae a Asa fi ne koma mu bɔe no. Ohuu sɛ Asa te sɛ Ɔhene Saul ba Yonatan a ɔbae ansa na Asa reba no. Ná Yonatan nso aka sɛ, ɛnyɛ Yehowa den sɛ ɔbɛfa nnipa pii anaa nnipa kakraa bi so ama ne nkurɔfo adi nkonim. (1 Sam. 14:6) Anokwa, sɛ Amansan Hene no wɔ obi afã a, ɔkwan biara so obedi nkonim!
Afei Asa dii ne mmarima no anim kɔɔ ɔko no. Ekosii sɛn? Bible ka nea ɛtoo atamfo no ho asɛm sɛ: “Yehowa ne n’asafo no yɛɛ wɔn pasaa.” Enti wɔn asraafo no baako mpo anka.
Ɛno akyi no, Asa toaa so hyɛɛ ne manfo no nkuran ma wɔsom Yehowa. Nnipa a na wɔwɔ Israel mmusuakuw du ahemman a ɛwɔ atifi fam no, wɔn mu pii tu kɔɔ Yuda a ɛwɔ anaafo fam no, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi asan akɔsom Yehowa wɔ asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no mu. Asa maa nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa kaa ntam sɛ wɔbɛsom Yehowa nko ara.
Nanso Asa ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no ma yehu sɛ, odii mfomso akɛse nso. Bere a Israel hene yɛe sɛ ɔrebɛtow ahyɛ Yuda so no, Asa anhwehwɛ Yehowa hɔ mmoa, na mmom ɔkɔmaa Siria hene braeb sɛ ɔnkɔtow nhyɛ Israel so. Enti Yehowa somaa ne diyifo bi a yɛfrɛ no Hanani sɛ ɔnkɔteɛ Asa so. Nanso Asa bo fuwii, na ɔde odiyifo no too afiase. Bere a Asa bɔɔ akwakoraa no, yare kɛse bi bɔɔ no, nanso wanhwehwɛ Yehowa akyi kwan, na mmom okodii ayaresafo akyi. Enti wutumi hu sɛ, gyidi a na Asa wɔ no, akyiri yi, ɛbrɛɛ ase.
Ne nyinaa mu no, esiane sɛ Yehowa yɛ Agya a ɔwɔ abotare nti, bere a n’Asɛm Bible reka mfe 41 a Asa de dii hene ho asɛm no, ɛkaa sɛ: “Nanso Asa nkwa nna nyinaa, na ne koma di mu wɔ Yehowa ho.” Ɔbarima nokwafo yi ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no ma yehu sɛ, wɔn a wɔdɔ Yehowa no, Yehowa nso dɔ wɔn. Ɛsan kyerɛ yɛn sɛ, nea Yehowa ayɛ ama yɛn no, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi da. Sɛ yɛkɔ so som Yehowa na yehu nneɛma a ɔyɛ ma yɛn no a, ade rekye a ade resa nyinaa, na yɛn akokoduru reyɛ kɛse!
Kenkan asɛm yi fi Bible mu:
Yensusuw wei ho:
Dɛn ne dɛn na Asa yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru?
Sua Pii Ka Ho
1. Dɛn na Bible frɛ no “abosonnua”? Dɛn na wɔn a wɔtutu fam hwehwɛ tete nneɛma mu akohu a edi adanse sɛ, Onyankopɔn nkurɔfo no bi gyaee ne som kɔsom abosonnua? (1 Ahe. 15:12, 13; w08 6/1 10 ¶1-5) A
Mfoni A: Asa tuu ne nanabea ade so, ɛnna obubuu abosonnua no
Mfoni A: Asa tuu ne nanabea ade so, ɛnna obubuu abosonnua no
2. Yɛhwɛ mu a, na ɔdehwɛfo Hanani ba ne hena, na dɛn na ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ osuasuaa ne papa Hanani akokoduru no? (it “Hanani” No. 2-wcgr)
3. Ɛwom sɛ Asa dii mfomso pii, nanso dɛn na ɔyɛe a ɛma yehu sɛ “na ne koma di mu wɔ Yehowa ho”? (1 Ahe. 15:14; w17.03 19 ¶5-6)
4. Tete Israel no, sɛ obi wu a, na wɔnhyew n’amu. Ɛnde adɛn nti na Bible ka sɛ bere a Asa wui no, “wɔsɔɔ ogya kɛse paa de yɛɛ no ayi”? (2 Be. 16:14; w05 12/1 20 ¶5)
Dɛn Na Woasua?
Odiyifo Asaria kaa nsɛm bi de hyɛɛ Asa nkuran ma ɔsan pagyaw nokware som. Yɛn nso, sɛ yɛka nsɛm a ɛyɛ dɛ kyerɛ nkurɔfo a, ɛbɛka wɔn sɛn? B
Mfoni B
Asa de ne ho too Yehowa so, na ɛma otumi dii asraafodɔm kɛse bi so, nanso bere a ɔrekohyia asraafo a wɔnnɔɔso saa no, ɔde ne ho too nnipa so mmom. Asuade bɛn na ɛwɔ asɛm no mu a ɛkyerɛ yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so wɔ yɛn akwan nyinaa mu? (Mmeb. 3:5, 6)
Akokoduru a na Asa wɔ no, wobɛyɛ dɛn asuasua?
Dwinnwen Asɛm Yi Ho Kɔ Akyiri
Dɛn na asɛm yi ma mihu fa Yehowa ho?
Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, dɛn na asɛm yi ma mihu fa ho?
Sɛ Onyankopɔn nyan Asa ba a, asɛm bɛn na mebisa no?
Sua Biribi Foforo Wɔ Ha
Ɔman a wote mu no, sɛ wutumi som Yehowa asomdwoe mu a, dɛn na wode saa bere no bɛyɛ de asuasua Asa?
“Sɛ Wowɔ Asomdwoe Bere Mu a, Fa Yɛ Adwuma Yiye” (w20.09 14-19)
Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wubedi Yehowa nokware a, hwɛ sɛnea Asa nhwɛso no betumi aboa wo ama woanya akokoduru.