Ɛkanyan Yɛn Abusua No Honhom Mu
September 1979 mu no, ɔbea bi a wadi mfe 28 kyerɛkyerɛɛ sɛnea “Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm” no atumi akanyan n’abusua mufo pii no ho asɛm wɔ krataa bi a ɔkyerɛwee mu. Ɔkyerɛwee sɛ:
“Afe 1963 mu no m’abusua no tee nokware a ɛfa Yehowa ahenni ho no fii Adansefo baanu a na wɔreyɛ afie afie asɛnka adwuma nkyɛn. Mfe abiɛsa bere mu no, yɛn baason no nyinaa—me papa, me maame ne yɛn mmofra baanum no nyinaa—hyiraa yɛn ho so maa Onyankopɔn na yegyee asubɔ.
“Nanso, bɛyɛ 1970 mu no m’abusua no mufo nyinaa gyaee Kristofo nhyiam horow a wɔkɔ—wɔn nyinaa, gye me nkutoo. Eyi ma me werɛ howee, esiane sɛ na mente nea enti a wɔagyae no ase nti. Ná obiara renka nkyerɛ me. Nea wɔkae ara ne sɛ wɔrenkɔ bio. Mibisaa wɔn sɛ ebia wɔda so ara gye di sɛ eyi ne nokware no, na wɔkae sɛ, ‘Yiw, akyinnye biara nni ho.’
“Na, eyi ma ɛyɛɛ me awerɛhow kɛse mpo, efisɛ na mintumi nte ase sɛ wobetumi agye adi sɛ ɛne nokware no nanso wɔrenyɛ Yehowa som ho hwee. 1973 mu no wɔyɛɛ m’agya komam opirehyɛn mprenu, nanso ɔkae sɛ ɔrennye mogya esiane nea Onyankopɔn mmara ka nti. (Lev. 17:12-14; Aso. 15:28, 29) Na, wɔyɛɛ me maame nso opirehyɛn a wannye mogya esiane asɛm koro no ara nti. Nanso na wɔmpɛ sɛ wɔkɔ so ne Yehowa Adansefo asafo no bɔ fekuw.
“1975 mu no ɔyare bɔɔ me. Nnuruyɛfo ahorow ka kyerɛɛ me sɛ, aboro so no, mɛtra ase mfe abien pɛ. Ɛyɛ me dɛ sɛ matra ase aboro saa. Bere tiaa bi ansa na meyaree no me nuabarima a ɔyɛ panyin koraa no waree ɔbea bi a ɔbɔ mmɔden yiye wɔ Church of Christ asɔre mu. Me nuabarima no bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛka Bible mu nkyerɛkyerɛ a ɔda so gye di nanso ɔnyɛ ho hwee no ho asɛm akyerɛ no. Na ɔmpɛ sɛ ɔte saa nneɛma yi ho asɛm biara.
“1978 mu no minyaa hokwan kɔɔ Nkonimdi Gyidi nhyiam no wɔ New Orleans. Ɛdenam Adansefo baanu a wɔwɔ ɔdɔ mmoa so no mitumi kɔe. Me nkutoo ne m’abusua muni a ɔkɔe. M’ani gyei araa ma na mepɛ sɛ meteɛteɛm; na anisɔ ayɛ me koma ma araa ma ɛreyɛ apae.
“Bere a woyii “Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm” no adi no, onuabarima bi bisae sɛ ebia obetumi akogye me de ama me anaa, esiane sɛ mente apɔw nti. Mekae sɛ, ‘yiw.’ Enti okogyee nhoma no 12 brɛɛ me, m’abusua no muni biara de biako, a na me nuanom mma nso ka ho.
“Na minnim sɛ ebia m’abusua no mufo ani begye ho. Enti meka kyerɛɛ wɔn sɛ nhoma no yɛ akyɛde a mifi ɔdɔ mu de rema wɔn. Me nuabarima no yere a na ɔkɔ Church of Christ no kae sɛ metumi ama ne ba no biako. Ná me nua no babea a wɔfrɛ no Aubre yi adi mfe abiɛsa na na otumi kenkan kakra.
“Da koro, Aubre bisaa ne maame sɛ ebia obetumi akenkan biribi akyerɛ no anaa. Ne maame penee so, enti Aubre kɔfaa ne “Bible Mu Nsɛm” nhoma no na ofii ase kenkanee. Bere tiaa bi akyi no me nua yere yi hui sɛ n’ani agye nea ne babea no rekenkan no ho yiye. Bere a ɔdedaa Aubre no, ɔtraa ase kenkan nhoma no.
“Saa anadwo no, bere a me nua no fi adwuma baa fie no, ɔka kyerɛɛ no sɛ biribiara a wakenkan wɔ nhoma no mu no yɛ nokware. Ɔkae sɛ, ‘Emu da hɔ pefee, na mintumi nhu nea enti a na mente ase no.’ Me nuabarima no kae sɛ wabɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ saa nneɛma yi mu akyerɛ no. Ne yere kae sɛ egyee abofra a wadi mfe abiɛsa ne nhoma a ɛka Bible ho nsɛm ma wahu sɛnea biribiara te efisɛ Yehowa Nyankopɔn wɔ asase ho atirimpɔw ampa.
“Afe akyi no, m’abusua no mufo baason no mu baanum afi ase fi wɔn koma nyinaa mu resom Yehowa bio, na sɛ mekan me nuanom mma no ka ho a, yɛyɛ 11. Meda Yehowa ase sɛ ɔmaa me ahoɔden ma mitumi gyinae na mitumi kɔɔ nhyiam no, ne sɛ ɔma woyi saa nhoma fɛfɛ no adi. Afei sɛ meda wɔ owu mu a, m’ani begye wɔ anidaso a mewɔ sɛ mehu m’abusuafo wɔ owusɔre no mu no mu. Oh, anigye bɛn ara na ‘Bible Mu Nsɛm’ nhoma no de aba sɛɛ yi!”