Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w84 9/1 kr. 19
  • “Nyi Wo Nsa Mfi Ho”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Nyi Wo Nsa Mfi Ho”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahenni ho Nokware No Aba A Yebegu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Nokware Aba A Yebegu Na Yɛayɛ Ho Adwuma
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Ahenni Aba a Yebegu
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Me Nko Ara Me Ho na na Medwene
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
w84 9/1 kr. 19

“Nyi Wo Nsa Mfi Ho”

Sɛ́ nea wɔde redi Yesu Kristo ahyɛde sɛ wɔnka “ahenni ho asɛmpa yi” no so no, Yehowa Adansefo kɔ wɔn mfɛfo nkyɛn bere nyinaa. (Mateo 24:14) Ebinom tie Ahenni asɛm no na wogye tom. Afoforo ntie. Nanso, Ɔsɛnkafo 11:6 tu fo sɛ: “Gu w’aba anɔpa, na anwummere nso nyi wo nsa mfi ho, na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye, eyi anaa eyi, anaasɛ n’abien nyinaa bɛbom ayɛ yiye.”

Nneɛma pa betumi afi Ahenni aba a wogu bere nyinaa wɔ afie afie som adwuma no mu no mu aba. Sɛ́ nhwɛso no, ɔbea bi tu fii kurow a wɔfrɛ no Hamilton mu wɔ Canada kɔɔ Minneapolis, Minnesota, wɔ United States. Ɛhɔ na Yehowa Adansefo kɔɔ ne nkyɛn bere a wɔreyɛ wɔn baguam asɛnka adwuma no. Ɔkyerɛw sɛ:

De Kɔma Anuanom Mmarima ne Mmea a wɔwɔ Hamilton:

Eyi yɛ krataa a mepɛ sɛ wɔn a wɔredi adanse wɔ Hamilton nyinaa kenkan. Mahu mo mu pii wɔ mfe a atwam no mu wɔ mo som adwuma no mu. Muduaa aba pii wɔ m’asetra mu na meda mo nyinaa ase. Bere a mitu baa Minneapolis afe a etwaam no, Adansefo baanu baa me pon ano bio. Afei de na masiesie me ho. Mabehu sɛ bere a mode yɛ ɔsom adwuma no betumi ayɛ nea abasamtu wom, na esiane eyi nti mepɛ sɛ muhu sɛ anyɛ yiye koraa no mokãa oguan biako koma. Motoo nhyɛase a afoforo betumi ato bi asi so. Wɔne me yɛ Bible adesua mprenu dapɛn biara, nanso pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ mihu.

Metumi aka akyerɛ mo sɛ mprempren de m’asetra ayɛ nea ɛwɔ atirimpɔw a na ɛnte saa kan no.

Meda mo nyinaa ase.

Laurie M.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena