So Onifuraefo Betumi “Ahu Ade”?
Sɛnea Bernardo de Santana ka kyerɛe
GERMIRO kae sɛ, “Enye koraa, Bernardo. Nã, anka wo ne yɛn na ɛyɛ adwuma; na wutumi hu ade saa bere no, nanso afei de . . . nea aba ni. Ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɛbɛba saa, so ɛnte saa?”
Mibuae sɛ, “Ɛyɛ nokware, Germiro. Ɛyɛ Onyankopɔn pɛ, enti biribiara nni hɔ a yebetumi ayɛ wɔ ho.”
Metee nka ankasa sɛ na ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ m’ani befura, nanso na wɔ me koma mu no, nsemmisa pii wɔ hɔ a minnyaa ho mmuae. Ná me ni—ɔbarima ɔhokwafo a wadi mfirihyia 32, Katolekni a ɔbɔ mmɔden, ne obi a ne sikasɛm tebea nye koraa. Mibisaa me ho sɛ: ‘Dɛn nti na ɛyɛ Onyankopɔn “pɛ” sɛ m’ani befura? Mɛyɛ dɛn ahwɛ m’awofo?’ Bere a mihui nea edi kan sɛ m’ani resɛe no, mebɔɔ Santa Luzia mpae denneennen sɛ ɔmmoa me, “ɔhotefo” a ɔhwɛ ani ho nsɛm so no, a na mabu nkotodwe wɔ ne honi a ɛwɔ ayaresabea a ne din da so no anim no. Mibisaa me ho sɛ, ‘Dɛn nti na wantie me?’
Wɔ bere bi mu no na nnuadewa na metontɔn de hwɛ me ho wɔ aguadibea bi a ɛwɔ Salvador, Brazil, a wɔfrɛ no Seven Doors hɔ. Ná ɛnyɛ nea sika wom kɛse de, nanso na eye ara. Efi bere a minyaa mfirihyia du no, meyɛɛ adwuma wɔ afuw bi mu wɔ Segipe State. Enti bere a mitu kɔɔ Salvador no, na ɛyɛ ade a ɛda hɔ sɛ nnuadewa ara na mɛtɔn.
Da koro bi mihui sɛ m’ani resɛe. Oduruyɛfo bi ka kyerɛɛ me sɛ ɛtɛ si m’ani so, nanso na ogye di sɛ wobetumi ayɛ me oprehyɛn ma m’ani no ayɛ yiye. M’ani nifa de no a wɔyɛɛ no oprehyɛn wɔ 1960 mu no ma mihuu ade kakra, nanso oprehyɛn a ɛto so abien a wɔyɛɛ m’ani benkum no wɔ mfe anan akyi no yɛ nea anyɛ yiye. Efi ɛno akyi no, na twɛn ara kwa na meretwɛn sɛ m’ani no befura koraa. Ɛwom sɛ wɔ mfe pii mu no na minim sɛ m’ani resɛe de, nanso na ɛyɛ den sɛ mɛka sɛnea metee nka bere a esum duruu me koraa no ho asɛm.
Mekɔɔ so yɛɛ adwuma wɔ gua no so wɔ tebea horow a ɛsono afei mu. Ansa na mɛkɔ adwuma no, m’abusuafo kyekyɛ sika no mu na wɔde sɛnea ne nkyekyem ahorow te no hyehyɛ me kotoku ahorow mu. Ná eyi ma mitumi sesã sika. Nanso na ɛsɛ sɛ mehwɛ yiye bere nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a merenyɛ mfomso. Me mfɛfo adwumayɛfo no huu me mmɔbɔ, na esiane ayamye nsɛm a wɔka kyerɛɛ me no nti, m’aba mu ammu. Nanso wɔn nsɛm ahorow a na wɔka, te sɛ Germiro de a mekaa ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase mu hɔ no, maa nsemmisa ahorow sɔree wɔ m’adwene mu.
Mifii Ase “Huu Ade”
Ɛyɛ saa bere yi mu wɔ m’asetra mu na me mfɛfo no mu biako a ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo a wɔfrɛ no Clovis kaa bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ Bible mu no ho asɛm kyerɛɛ me. Ɔka kyerɛɛ me sɛ Onyankopɔn bɛyɛ Nhyehyɛe Foforo a wɔ hɔ no anifuraefo behu ade na asotifo ate asɛm bio. (Yesaia 35:5) M’ani gyee n’asɛm no ho wɔ me koma mu. Bere a na me ho pere me sɛ mɛte ho asɛm pii no, mehwehwɛɛ no bere nyinaa na mibisaa no nsɛm ahorow. Bere a ohuu anigye a mewɔ wɔ ho no, obisaa me sɛ: “Bernardo, sɛ meba wo fi awia bi sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi aka Bible no ho asɛm pii nso ɛ?” Mede ahopere gye toom. Eyi na efii yɛn dapɛn dapɛn Bible mu nkɔmmɔbɔ no ase.
Ɛwom sɛ na madi dɛm de, nanso na me ho pere me sɛ mesua ho ade. Ɛdenam Clovis mmoa wɔ boasetɔ mu so no, ɛnyɛ hu nko na mihuu Onyankopɔn din—Yehowa—no, na mmom misuaa ne kan nnwuma a ɛyɛ nwonwa no ho ade nso. Ná ɛyɛ nea esi so dua sɛ Ne bɔhyɛ ahorow a ɛfa trenee Paradise asase ho no bɛbam. Saa bere no de nipadua mu nyarewa ahorow nyinaa te sɛ me de no mpo bɛyɛ nea enni hɔ bio. Ankyɛ na mifii ase kaa m’anidaso foforo no ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo, na na mereka asɛm wɔ afie afie mpo. Awiei koraa no wɔbɔɔ me asu wɔ November 18, 1973 mu. Efi saa bere no reba titiriw no, m’asetra fii ase bɛyɛɛ nea ɛwɔ atirimpɔw ankasa, na ɛma ɛyɛɛ mmerɛw maa me sɛ megyina me dɛmdi no ano.
Mibehu fii Bible a misuae no mu sɛ na ɛnyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ m’ani befura. Mmom no na ɛte sɛ nea Bible no ka wɔ Ɔsɛnkafo 9:11, NW no ara pɛ: “Bere ne akwanhyia to wɔn nyinaa.” Te sɛ adesamma nyinaa no, awofo a wɔnyɛ pɛ a wonyaa bɔne ne sintɔ fii yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, nkyɛn na wɔwoo me. (Romafo 5:12) Mibehui sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn pɛ ne sɛ m’ani befura na mmom ne pɛ ne sɛ mehu ade bio. Wɔ Onyankopɔn Ba no Ahenni nniso ase ne denam ne ogye afɔre no so no, wobeyi sintɔ ne dɛmdi ahorow nyinaa afi adesamma a wogye di so, na wɔbɛyɛ eyi nnansa yi ara. Mifii ase “huu ade” a ɛfa nneɛma ahorow pii a mantumi anhu bere a na m’ani ye no ho.
Afei de na mebɔ Yehowa mpae mmom na ɛnyɛ Santa Luzia ne “ahotefo” afoforo no. Sɛ́ anka mɛbɔ mpae sɛ wɔnsa me yare anwonwa kwan so mprempren ara no, mebɔ mpae nokwarem sɛ, ‘Wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro no.’ Nea ɛka me mpaebɔ ho ne srɛ a mesrɛe sɛ ɔbɛma manya “ɔboafo” ne me “sɛso,” ɔyere a metumi ne no abom anya anigye na yɛabom adi me haw ahorow ho dwuma, da bi no.
Da koro bi, bere a mede Bible nhoma ahorow rema nkurɔfo wɔ Salvador adwumayɛbea bi no, metee ɔbea nne bi sɛ ɛreka sɛ, “Me nso meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako.” Migyinae ne no kasae. Ná ɔyɛ obi a ɔtɔn ade wɔ borɔn no so. Mibisaa no sɛ: “So wo kunu nso yɛ Yehowa Adansefo no mu biako?” Obuae sɛ: “Minni kunu. Meyɛ ɔhokwafo.” Hyia a yehyiae saa da no fii yɛn ayɔnkofa ase, na ɛkɔɔ so koduu baabi a yɛyɛɛ aware nhyehyɛe na wɔ June 14, 1975 mu no mewaree Ambrosina. Wakɔ so ara ayɛ ɔboafo pa ama me besi nnɛ.—Genesis 2:18.
Yɛ A Mede Me Dɛmdi No Yɛɛ Adwuma
Efi bere a wɔbɔɔ me asu no, manya ɔpɛ sɛ mɛka nea masua afi Bible mu no ho asɛm akyerɛ afoforo. Hwɛ yɛ ara a ɛyɛɛ m’anigye sɛ mihui sɛ dɛm a madi no ansiw me kwan wɔ eyi a mɛyɛ no mu. Hwɛ nwonwa ara a ɛyɛ sɛ mihui sɛ bere a m’ani furae no m’asom buei kɛse na na mitumi de me nsa keka ade hu nea ɛyɛ. Hwɛ m’ani ara a egyei bere a me nkutoo kɔɔ asɛnka wɔ afie afie nea edi kan no! Misusuw ho sɛ ebia merentumi mfa bere pii nyɛ adwuma yi. Ɔkasa a Yehowa Adansefo ɔhwɛfo kwantufo bi mae boaa me ma minyaa m’asemmisa no ho mmuae. Ɔde nhwɛso ahorow pii mae a ɛfa nnipa a wɔadidi dɛm a ebinom de sen me de yi a wɔsomee sɛ asɛmpa no ho daa asɛnkafo a wɔfrɛ wɔn akwampaefo no ho. Ɛhyɛɛ me nkuran ma mehyehyɛɛ akwammisa krataa sɛ mɛyɛ akwampaefo boafo.
Esiane m’ani a afura no nti, na ɛyɛ den kakra ma me wɔ akwampae adwuma no mu, nanso ɛdenam anuanom a wɔwɔ ɔdɔ wɔ asafo no mu mmoa so no, mitumi dii eyi nyinaa so. Sɛ nhwɛso no, wɔ osutɔ bere mu no, na mihia nsa ahorow abiɛsa. Mede biako bekura m’asɛnka bag, na mede biako akura anifuraefo poma no. Na m’akatawia nso ɛ? Hwɛ sɛnea m’ani sɔɔ “nsa a ɛto so abiɛsa” a minyae denam me nuanom Kristofo a wɔka me ho wɔ ɔsom adwuma no mu mmoa so no! Nsɛnnennen sɔree nso wɔ asasesin a minnim mu mu adwuma a mɛyɛ no mu, nanso anuanom ahorow boaa me bio wɔ eyi mu.
Ná meyɛ dɛn hu kwan wɔ asasesin a meyɛ mu adwuma no mu? Mpɛn pii na ɛnyɛ nea ɛyɛ den ma me, esiane sɛ na manya ntetee titiriw bi a wɔde ma anifuraefo ma ɛboa wɔn ma wotumi nantew nti. Misuaa sɛnea mede me poma no bedi dwuma yiye, misuaa sɛnea mede m’aso bedi dwuma yiye na mede me nsa akeka ade na mahu sɛnea ɛte, sɛnea mɛforo bɔs ne sɛnea mesi afi mu, sɛnea mɛforo abansoro ahorow na masian. Ntetee yi boaa me ma misuaa nneɛma nketenkete pii a na memfaa no aniberesɛm pɛn no. Ná mekyere mmorɔn ahorow no din gu me tirim na afei bere a yetwam no mekan. Afei misuae nso sɛ mede fie biara a ɛwɔ borɔn biara so no bɛto me tirim, na wɔ saa kwan yi so no na mitumi san kɔsra nnipa a wɔn ani gye Bible adesua ho no. Afei nso na ɛwom sɛ efi faako a yɛte no kɔ Ahenni Asa so no tenten bɛboro kwansin biako de, nanso na ɛnyɛ den mma me sɛ me nkutoo mɛkɔ hɔ.
Ɛdefa eyi ho no, wɔtee sɛ ɔhwɛfo kwantufo biako a ɔbɛsraa yɛn reka sɛ: “Bere a mekɔsraa wɔn asafo no, m’ani gyei ankasa bere a me ne Bernardo yɛɛ adwuma no. Onim mmorɔn ne afie ahorow a ɛwɔ so no mpo. Otumi foro abansoro ahorow na osian mmepɔw ahorow. Me ho dwiriw me bere a mihuu sɛnea ohu nnipa a ɔne wɔn yɛ Bible adesua no afi no. Me ne no kɔyɛɛ Bible adesua biako wɔ abansoro dan a ɛto so anan bi so na anyɛ den amma no sɛ ɔde me bɛkɔ hɔ.”
Ahosiesie Ne Mmɔdenbɔ Ahorow So Akatua
Me afie afie som adwuma no gye ahosiesie ankasa. Midi kan sua Bible kyerɛw nsɛm ahorow a mede bedi dwuma no gu me tirim, ne afei kratafa ko a ɛwɔ wɔ Bible mu. Meka kyerɛ ofiewura no sɛ ɔnkenkan kyerɛwsɛm no, na mekyerɛ kratafa ko a ɛwɔ, nanso sɛ ofiewura no mpɛ sɛ ɔbɛkenkan a, meka ɛhɔ asɛm a masua agu me tirim no kyerɛ no.
Sɛ meyɛ Bible adesua a, mehyɛ osuani no nkuran sɛ onsiesie ne ho yiye. Afei, mema odi kan bisa asɛm no sɛnea ɛbɛyɛ a mɛte, afei mema ɔkenkan nkyekyem no, na awiei koraa no obisa asɛm no bio. Eyi boa me ma mihu sɛ ebia ɛyɛ nea wabua asemmisa no wɔ ɔkwan a ɛteɛ so. Mafa ɔkwan yi so aboa nnipa baanu ma wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ. Afei nso me ne mmusua ahorow abiɛsa foforo yɛ adesua.
Manya yɛn asafo no Teokrase ɔsom Sukuu no mu kyɛfa mfe pii. Sɛ meresiesie me ho ama ɔkasa ahorow no a, mema obi kenkan asɛm no kyerɛ me, na bere koro no ara mu no yɛkyere gu afiri so. Afei mitie nsɛm a wɔakyere agu afiri so no na misiesie ɔkasa no wɔ m’adwene mu, na mede emu Bible kyerɛw nsɛm ahorow no gu me tirim. Afei de na masiesie me ho awie a merebɛma ɔkasa no. Anyɛ yiye koraa no, wɔmfaa afotu mmaa me da wɔ nsɛm a wɔakyerɛw agu krataa so a wɔhwɛ so kenkan pii no ho wɔ Sukuu no mu! Ɔkwan koro no ara a mefa so no ma mitumi ma mmuae bere nyinaa wɔ Ɔwɛn-Aban adesua ase wɔ asafo no mu.
Afe 1977 bɛyɛɛ bere titiriw wɔ m’asetra mu sɛ Kristoni a wahyira ne ho so. Wɔpaw me sɛ daa ɔkwampaefo, asafo mu ɔsomfo, ne Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo na makɔ so akura hokwan a manya yi mu abesi nnɛ. Mefa ɔkwan koro no ara a mefa so yɛ Bible adesua ahorow no so wɔ Asafo Nhoma Adesua no mu.
Nea etwa to no: So onifuraefo betumi “ahu ade”? Mitumi hu Bible nkɔmhyɛ ahorow pii a anya mmamu wɔ yɛn bere yi mu na enti mihu hia a ɛho hia sɛ mɛboa afoforo ma wɔabehu nokware a ɛde kɔ daa nkwa mu no. (Yohane 17:3) Wɔ honhom fam no mahu sɛ Yesaia 35:5 anya mmamu sɛ: “Ɛno na afuraefo aniwa bebue.” Mewɔ ahotoso kɛse sɛ wɔ Yehowa bere a ɛsɛ mu no saa nkɔmhyɛ yi benya mmamu ankasa nso wɔ nnipa ɔpepem pii a wɔte sɛ me a wɔn ani afurafura no fam. Nanso ansa na ɛno bɛba no, nea mepɛ ne sɛ mɛkɔ so ayɛ n’apɛde sɛnea m’ahoɔden betumi sɛnea ɛbɛyɛ a obehu me sɛ mefata sɛ metra ne trenee nhyehyɛe foforo no mu.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 28]
“Ɔka kyerɛɛ me sɛ Onyankopɔn bɛyɛ Nhyehyɛe Foforo a wɔ hɔ no anifuraefo behu ade na asotifo ate asɛm bio”
[Kratafa 29 mfoni]
Wɔ afie afie asɛnka mu no, Misua Bible kyerɛw nsɛm a mede bedi dwuma ne kratafa ko a ɛwɔ wɔ Bible mu gu me tirim