Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 3/8 kr. 20-23
  • Ɛmfa Ho Sɛ M’ani Afura no Mitumi Yɛ Adwuma na M’ani Gye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛmfa Ho Sɛ M’ani Afura no Mitumi Yɛ Adwuma na M’ani Gye
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔkyerɛkyerɛɛ Me Ma Mibenyaa Onyankopɔn Ho Tan
  • Te sɛ Aboa a Ɔda Buw Mu
  • Me Papa Boaa Me
  • Honhom Aniwa a Minya
  • Aware a Ɛsɛe
  • Asetra Kwan a Ɛyɛ Anigye na Mfaso Wɔ So
  • Me Nyankopɔn Awowaw Me
  • Mansusu Da Sɛ Me Paa Mɛtumi Aboa Nkurɔfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Boa Anifuraefo Ma Wɔnhu Yehowa
    Yɛn Ahenni Som—2015
  • Nkurɔfo Aniwa a Wobue wɔ Asɛmpa no Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Ɔpɛ a Emu Yɛ Den a Mewɔ sɛ Mɛsom Onyankopɔn
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 3/8 kr. 20-23

Ɛmfa Ho Sɛ M’ani Afura no Mitumi Yɛ Adwuma na M’ani Gye

Sɛnea Polytimi Venetsianos ka kyerɛe

Ná me ne me nuanom baasa ne me papa nua ba bi redi agoru na ade ketewaa bi faa yɛn mpomma mu bɛtɔɔ dan no mu. Ná ɛyɛ ɔtopae, na bere a ɛtowee no, ekunkum me nuanom baasa no nyinaa, na efuraa m’ani koraa.

NA SAA da no yɛ July 16, 1942, bere a na meyɛ abeawa a madi mfe anum pɛ no. Ɛwom ara a na matɔ mum, ɛwom ara na m’ani so atete me, ɛkɔɔ so saa ara nna pii. Bere a m’ani so tetee me no, mibisaa me nuabarimanom ne me nuabea no ase. Bere a wɔka kyerɛɛ me sɛ wɔawu no, minyae a, anka me nso mawu bi.

Bere a wɔwoo me no, na m’abusuafo te Greece supɔw Salamis a ɛbɛn Piraiévs, Athens po so ahyɛn gyinabea no so. Ɛmfa ho sɛ na ahia yɛn no, na yɛwɔ asomdwoe. Wiase Ko II, a efii ase wɔ 1939 mu no bɛsɛee ne nyinaa. Ná me papa yɛ ɔpofofo wɔ Mediterranea po no so. Mpɛn pii no, na ɛsɛ sɛ ɔkwati po ase ahyɛn, po so akohyɛn, po so atopae, ne atopae a na Germany, Italy, ne Japan ne Aman a Wɔyɛɛ Apam ko tiaa wɔn no toto no. Ná Italy ne German asraafo di Greece so.

Wɔkyerɛkyerɛɛ Me Ma Mibenyaa Onyankopɔn Ho Tan

Esiane tebea bɔne a na ɛrekɔ so wɔ ɔko bere no mu nti, Maame ba foforo wui nea ɛto so anan. Onyaa adwenemhaw a emu yɛ den, bɔɔ nsamanwaw, na bere a ɔwoo ne ba a ɔto so asia wiei no, owui wɔ August 1945 mu. Yɛn mpɔtamfo a wɔyɛ nyamesomfo fii ase kae sɛ Onyankopɔn na ɔretwe yɛn aso. Bere a Greek Ortodɔks asɔfo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyekye yɛn werɛ no, wɔsɛee nneɛma mmom bere a wɔn mu binom kae sɛ Onyankopɔn afa me nuanom no kɔ soro de wɔn rekɔyɛ abɔfo nkumaa no.

Paapa bo fuwii. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn fa mmofra nkumaa baanan fi abusua a wodi hia mu bere a ɔwɔ abɔfo ɔpepem pii? Ortodɔks Asɔre no gyidi a ɛtete sɛɛ no ma obekyii Nyankopɔn ne nyamesom. Ɛno akyi no, na ɔmpɛ sɛ ɔne nyamesom nya biribiara yɛ. Ɔkyerɛkyerɛɛ me sɛ minkyi, na mempo Onyankopɔn, na osii so dua sɛ Onyankopɔn na wama yɛrehu amane na yɛrebrɛ saa no.

Te sɛ Aboa a Ɔda Buw Mu

Me maame wu akyi wɔ 1945 mu bere tiaa bi no, Paapa nso bɔɔ nsamanwaw ma wɔde no kɔtoo baabi a wɔhwɛ ayarefo. Wɔde me nuabea abofra kumaa no kɔtoo mmotafowa sukuu mu. Akyiri yi bere a Paapa fii ayarehwɛbea hɔ bae na ɔkɔe sɛ ɔrekɔfa no afi mmotafowa sukuu no mu no, wɔka kyerɛɛ no sɛ wawu. Wɔde me kɔtoo anifuraefo sukuu mu ma midii mfe awotwe wɔ hɔ. Mfitiase no, na me werɛ ahow. Sɛ edu nsrahwɛ da paa a na na mebotow. Ná me mfɛfo sukuufo a wɔn ani afura no dodow no ara nya obi ma ɔbɛsra wɔn, nanso na minni obiara.

Meyɛɛ m’ade te sɛ aboa bi a ɔda buw mu. Ná mene ogyigyefo a ɔwɔ sukuu no mu. Ne saa nti, na wɔboro me na na wɔka me si ‘mmofra bɔne agua’ so. Mpɛn pii no, na mepɛ sɛ mekum me ho. Nanso bere bi akyi no, mibehui sɛ ɛsɛ sɛ misua sɛnea m’ankasa metumi ayɛ ade. Mibenyaa anigye wɔ mfɛfo sukuufo anifuraefo a na meboa wɔn, a mpɛn pii no meboa wɔn ma wosiesie wɔn ho na wɔto wɔn mpa no mu.

Ná asɔfo ka kyerɛ yɛn sɛ mfomso a anibere wom a yɛn awofo ayɛ nti na Onyankopɔn ama yɛayɛ anifuraefo no. Eyi maa ɔtan a na mewɔ ma Nyankopɔn a na wayɛ m’ani so sɛ otirimɔdenfo ne ɔweredifo no bɛyɛɛ kɛse. Nyamesom adwene a na eyi me hu na ɛhyɛ me abufuw ne awufo ahonhom a wose ekyinkyin haw ateasefo no. Enti ɛmfa ho ɔdɔ a na mewɔ ma me nuanom ne me maame a na wɔawuwu no, na misuro wɔn “ahonhom.”

Me Papa Boaa Me

Bere bi akyi no, Paapa behuu Yehowa Adansefo. Ne ho dwiriw no sɛ ohu fii Bible no mu sɛ ɛyɛ Satan, na ɛnyɛ Yehowa na ɔde yaw ne owu ba no. (Dwom 100:3; Yakobo 1:13, 17; Adiyisɛm 12:9, 12) Ankyɛ na me papa a wabenya nimdeɛ no fii ase kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow, nyaa honhom fam nkɔso, na wɔbɔɔ no asu wɔ 1947 mu. Asram kakraa bi ansa na ɛno reba no, na wasan aware ma afei wawo babarima. Bere bi akyi no, ne yere foforo no nso bɛkaa ne ho wɔ Yehowa som mu.

Midii mfe 16 no, mifii anifuraefo sukuu no mu. Hwɛ awerɛkyekye ara a na ɛyɛ sɛ mebaa Kristofo abusua a anigye wom mu! Ná wɔyɛ nea wɔfrɛ no abusua Bible adesua, na na wɔfrɛ me ma metra mu bi. Ɛwom sɛ na mintie biara de, nanso mede fɛre ne obu na na ɛkɔ. Ná kyi a mikyi Onyankopɔn ne nyamesom no mu da so ara yɛ den.

Ná abusua no resua God’s Way Is Love [Onyankopɔn Kwan Yɛ Ɔdɔ] nhomawa no. Mfitiase no, m’ani annye ho, nanso afei metee sɛ Paapa reka awufo tebea ho asɛm. Eyi ma mede m’adwene kɔɔ so. Ɔkenkanee Ɔsɛnkafo 9:5, 10 fii Bible no mu: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara . . . Adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.”

Afei mibehui sɛ na enhia sɛ misuro. Ná me maame ne me nuanom ntumi nhunahuna me. Afei asɛm no dan kɔɔ owusɔre so. Mifii ase “yɛɛ aso” tiee nsɛm yiye. Bere a metee Bible mu bɔhyɛ a ɛne sɛ awufo bɛba nkwa mu bio wɔ Kristo nniso ase no, minyaa komam anigye kɛse! (Yohane 5:28, 29; Adiyisɛm 20:12, 13) Afei na m’ani abegye adesua no ho paa. Ná mede ahopere hwɛ da a yɛde yɛ abusua adesua yi kwan, na ɛmfa ho m’anifurae no, na misiesie me ho yiye.

Honhom Aniwa a Minya

Bere a Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ a mewɔ no kɔɔ anim no, Onyankopɔn ne sɛnea ɔyɛ n’ade no ho ntease pa a na minni no tu yerae. Mibehui sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔmaa me anaa nipa foforo biara ani furae, na mmom bɔne nyinaa fi ne Tamfo, Satan Ɔbonsam. Hwɛ sɛnea minuu me ho sɛ esiane nimdeɛ a na minni nti, mebɔɔ Onyankopɔn sobo! Mede ahopere nyaa Bible mu nokware nimdeɛ ntɛmntɛm. Ɛmfa ho sɛ na yɛne Ahenni Asa no ntam kwan ware no, mekɔɔ Kristofo nhyiam horow nyinaa bi nyaa mu kyɛfa. Afei nso minyaa asɛnka adwuma no mu kyɛfa kɛse a mamma m’anifurae no ansiw me kwan.

Hwɛ sɛnea m’ani gyei bere a wɔ nea ɛboro mfirihyia 16 ne kakra akyi wɔ asiane kɛse a ɛmaa m’ani furae no akyi no, wɔbɔɔ me asu wɔ July 27, 1958 no! Minyaa nhyɛase foforo koraa, nyaa anidaso ne awerɛhyem pii. Afei de na m’asetra wɔ atirimpɔw—sɛ mede bɛsom me soro Agya a ɔyɛ ɔdɔ no. Ná ne ho nimdeɛ ama made me ho afi atoro nkyerɛkyerɛ ho, na na ama me ahoɔden ne anidaso a mede begyina m’anifurae no ne ɛho nsɛnnennen ano, wɔ akokoduru so. Ná metaa de nnɔnhwerew 75 anaa nea ɛboro saa ka anuonyam asɛmpa no ho asɛm kyerɛ afoforo ɔsram biara.

Aware a Ɛsɛe

Wɔ 1966 mu no, mewaree ɔbarima bi a na me ne no wɔ asetram botae koro. Ná ɛte sɛnea yɛn aware no bɛyɛ anigye bere a yɛn baanu nyinaa yɛɛ adwuma de trɛw kyɛfa a na yenya wɔ asɛnka adwuma no mu no. Asram bi wɔ hɔ a na yɛde nnɔnhwerew pii yɛ saa adwuma a ɛma nkwa no. Yetu kɔɔ asasesin bi a atew ne ho wɔ baabi a ɛbɛn Livadiá, Greece mfinimfini fam. Bere a na yɛwɔ hɔ wɔ 1970 kosi 1972 mfe no mu no, ɛmfa ho asraafo aban a ɛde anuɔden gyee tumi wɔ Greece no nhyɛso no, yetumi boaa nnipa pii ma wobehuu Bible mu nokware ma wɔbɛyɛɛ Kristofo a wɔabɔ wɔn asu. Afei nso na ɛyɛ yɛn anigye sɛ yetumi boaa Yehowa Adansefo asafo ketewa bi a na ɛwɔ saa beae no.

Nanso bere bi akyi no, me kunu fii ase buu n’ani guu Bible adesua ne yɛn Kristofo nhyiam horow a ɔkɔ so, na awiei koraa no, ɔpoo Bible nkyerɛkyerɛ koraa. Eyi de nsɛnnennen pii baa yɛn aware a ekowiee awaregyae mu wɔ 1977 mu no mu. Ɛhaw me kɛse.

Asetra Kwan a Ɛyɛ Anigye na Mfaso Wɔ So

Wɔ m’asetra mu bere a na nneɛma nkɔ yiye koraa yi mu no, Yehowa ne n’ahyehyɛde no besoo me mu bio. Onua barima Kristoni bi a ɔwɔ ɔdɔ ka kyerɛɛ me sɛ sɛ mema kwan ma tebea a me kunu a na meware no no ama aba no sɛe m’anigye a, ɛnde na ɛkyerɛ sɛ meyɛ n’akoa. Ná ɛkyerɛ sɛ ne so na m’anigye gyina. Bɛyɛ saa bere yi mu ara no, ɔbea bi a ne mfe akɔ anim a na ɔwɔ Kristofo asafo no mu ka kyerɛɛ me sɛ ohia mmoa na n’asɛnka adwuma atumi atu mpɔn. Ankyɛ na mede me ho hyɛɛ adwuma a ɛmaa me anigye a ɛsen biara—asɛnka adwuma—no mu a na adagyew nni mu koraa!

Afei Kristoni foforo nso maa me nyansahyɛ yi: “Wubetumi akɔ so aboa wɔ mmeae a wobehia wo mmoa kɛse no. Wubetumi ayɛ kaneadua a Yehowa Nyankopɔn de yɛ adwuma.” Hwɛ sɛnea asɛm no yɛ anigye fa! Onifuraefo a ɔyɛ “kaneadua a Yehowa Nyankopɔn de yɛ adwuma”! (Filipifo 2:15) Mifii Athens ntɛm ara kɔɔ Amárinthos akuraa a ɛwɔ Évvoia anafo fam, baabi a na Bible akyerɛkyerɛfo nnɔɔso no. Ɛdenam anuanom mmoa so no, mitumi sii fie hwɛɛ me ho sɛnea ɛsɛ.

Enti bɛboro mfirihyia 20 ni no, mitumi de asram pii nya asɛnka adwuma no mu kyɛfa kɛse afe biara. Ɛdenam Yehowa ahoɔden so no, mitumi nya ɔsom adwuma no afã horow nyinaa mu kyɛfa a nea ɛka ho ne nkurɔfo nkyɛn a mekɔ wɔ wɔn afie mu, Bible adesua a me ne anigyefo yɛ, ne nkurɔfo a mekasa kyerɛ wɔn wɔ mmɔnten so. Mprempren, manya hokwan ne nnipa baanan a wɔn ani gye yɛn Bɔfo no ho reyɛ Bible adesua. Hwɛ anigye ara a manya sɛ wɔahyehyɛ asafo horow abiɛsa wɔ ha bere a mfirihyia 20 a atwam ni no, na anuanom kakraa bi na wɔwɔ ha no!

Dapɛn biara, mitwa bɛboro kilomita 30 kɔ Kristofo nhyiam mprenu, a misii me bo sɛ meremma emu biako mpo mpa me ti so. Sɛ nhyiam no rekɔ so na—esiane sɛ memfa m’aniwa nhu ɔkasafo no nti—mihu sɛ m’adwene nni nhyiam no ase a, mefa Anifuraefo Nhoma a wɔahyɛ da ayɛ ama me no kyerɛkyerɛw nsɛm ntiantia wom. Saa kwan yi so no, mitumi de m’aso ne m’adwene ba nhyiam no ase. Bio nso, manya hokwan sɛ wɔyɛ asafo no nhyiam biako wɔ me fie. Nkurɔfo fi nkuraase a ɛbemmɛn no mu ba nea wɔfrɛ no Asafo Nhoma Adesua. Sɛ́ anka bere nyinaa mɛhwɛ kwan sɛ afoforo bɛba abɛsra me wɔ me fie no, midi kan kɔsra wɔn, na ɛyɛ ade a ɛhyɛ yɛn nyinaa nkuran.—Romafo 1:12.

Bere a na meyɛ abeawa a me ne me papa te no, wammu me sɛ abofra a n’ani afura da. Ɔde boasetɔ ne animia gyee bere pii de kyerɛkyerɛɛ me sɛnea mede me nsa bɛyɛ nneɛma. Ntetee a mfaso wɔ so yi ama matumi ahwɛ me mfikyifuw ne mmoa kakra a meyɛn wɔn no yiye. Meyɛ adwuma denneennen wɔ fie, siesie hɔ noa nnuan. Mabehu sɛ yebetumi anya asetram nneɛma nketenkete, nneɛma a yɛwɔ, no mu anigye. Matumi de me nkatede anan a aka—te a mete asɛm, ade hua, ade dɛ, ne sɛnea meso ade mu—no ayɛ nneɛma pii, na eyi ma minya akomatɔyam kɛse. Eyi ayɛ adanse kɛse ama afoforo a wɔnka yɛn ho no nso.

Me Nyankopɔn Awowaw Me

Ɛyɛ nkurɔfo pii nwonwa sɛ ɛmfa ho sɛ madi dɛm no, matumi anya adwempa ahwɛ me ho saa. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛho nkamfo nyinaa yɛ Yehowa, “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no de. (2 Korintofo 1:3) Bere a m’ani furae no, minyaa adwene mpɛn pii sɛ mekum me ho. Enti sɛ ɛnyɛ Yehowa ne Bible mu nokware a, anka minnye nni sɛ mete ase nnɛ. Mabehu sɛ yɛn Bɔfo no de nneɛma pii adom yɛn—ɛnyɛ aniwa a yɛde hu ade nko—ma enti sɛ yɛde di dwuma a, yɛn ani betumi agye. Bere bi a Adansefo bɛkaa asɛm wɔ m’akuraase no, ɔbea bi kaa me ho asɛm kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛyɛ Onyankopɔn a ɔsom no no na ɔma otumi yɛ eyinom nyinaa!”

Me sɔhwɛ nyinaa ama me ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu ayɛ den. Eyi ahyɛ me gyidi den yiye. Mekae sɛ ɔsomafo Paulo nso huu amane wɔ nea na ɔfrɛ no “ɔhonam mu nsɔe,” a na ebetumi ayɛ ani yare no mu. (2 Korintofo 12:7; Galatifo 4:13) Eyi ansiw no kwan wɔ ‘nnamyɛ’ a ɔde kaa asɛmpa no ho. Te sɛ ɔno no, metumi aka sɛ: “Mede fɛw pii mɛhoahoa me ho me mmerɛwyɛ ho mmom . . . Efisɛ sɛ meyɛ mmerɛw a, ɛno ansa na me ho yɛ den.”—Asomafo no Nnwuma 18:5; 2 Korintofo 12:9, 10.

Nea ɛsen ne nyinaa no, akyinnye biara nni ho sɛ me gyidi a egyina Bible so a ɛne sɛ metumi de m’aniwa ankasa ahu me maame, me nuabeanom, ne me nuabarimanom a medɔ wɔn wɔ owusɔre mu no aboa me, na anya me so nkɛntɛnso pa. Bible hyɛ bɔ sɛ “afuraefo aniwa bebue” na “owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.” (Yesaia 35:5; Asomafo no Nnwuma 24:15) Anidaso a ɛte saa no ma minya awerɛhyem na ɛma mede ahopere hwɛ daakye a ɛyɛ anigye wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso ase no kwan!

[Kratafa 23 mfonini]

Me papa a ɔne me suaa Bible no

[Kratafa 23 mfonini]

Wɔ me gyaade

[Kratafa 23 mfonini]

Me ne m’adamfo wɔ asɛnka mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena