Wo Daakye Hena Na Obetumi Akyerɛ?
MMƆDEN a obi bɔ sɛ ɔbɛka daakye asɛm no nyɛ den. Yɛ a ɛbɛyɛ nokware no na ɛyɛ den.Ɛba bɛyɛ ɔbrɛ hunu bere a daakye nsɛm a wɔka yi maa mu te sɛ nea nhwɛso ahorow a ɛwɔ ha yi kyerɛ no.
Efi teteete na onipa abɔ mmɔden sɛ obehu nea ɛbɛba daakye. Ɛnnɛ mpo, yɛn mu pii ani gye ho sɛ yebehu nea ɛbɛba ɔkyena. Nsɛm a ebesisi daakye ho adwene a onipa pɛ sɛ onya yi ama wafa akwan horow pii so ahwɛ sɛ ɛbɛyɛ yiye a. Sɛ nhwɛso no, wɔahwehwɛ nipadua no mu sɛ ebia ɛbɛma wɔanya ho adwene bi a ɛdenam sɛnea obi animdua te, sɛnea ne ti ho te ne ne nsam nsensan so. Ebinom de nneɛma te sɛ nsu kurennyenn mu hwɛ, spaa aba, osikyi, tii nhaban, ne nea ɛtete saa di dwuma. Akwan horow a wɔfa so no dɔɔso te sɛ nea nnipa a wɔyɛ no ne ɛho amanne ahorow dɔɔso no, nanso nea efi ne nyinaa mu ba yɛ biako: huammɔdi.
Nanso Obi wɔ hɔ a obetumi akyerɛ nea ɛbɛba daakye wɔ nokwarem. Hena? Yehowa Nyankopɔn. Yehowa Nyankopɔn da nsow efisɛ ‘ɔno na ofi mfiase ka awiei asɛm’ no. Bere a asɛm bi mfii ase nsii mpo no, Onyankopɔn tumi ka nea ebefi mu aba to hɔ. Yiw, Yehowa tumi ka nea ɛbɛba daakye kyerɛ onipa a ɛnyɛ nna kakraa bi a ɛda n’anim mu nsɛm na mmom mfehaha pii a ennya mmae mu asɛm!.—Yesaia 46:10.
Enti ɛnsɛ sɛ daakye ho asɛm a onipa pɛ sɛ ohu no kowie huammɔdi mu. Onyankopɔn Asɛm, Bible no ada nea ɛho hia titiriw wɔ eyi mu no adi ama yɛn. Ɛkyerɛ sɛ dɛn na ɛwɔ hɔ ma adesamma?
[Kratafa 3 mfonini]
“Wimhyɛn a emu yɛ duru sen mframa a wɔbɛyɛ rentumi nyɛ yiye.”—Lord Kelvin, Britaniani ɔdenimfo kɛse ne British Royal Society no titrani, 1895.a
[Ase hɔ nsɛm]
a Nsɛm a yɛafa aka yi fi The Experts Speak nhoma a Christopher Cerf ne Victor Navasky kyerɛwee no mu.
“Sɛ yɛpɛ sɛ yefi ase bɔ mmɔden hu sɛnea asetra bɛyɛ wɔ 1960 mu a, ɛnde ɛsɛ sɛ yefi ase hu sɛ aduan, ntama ne ɔdan ho ka bɛyɛ nea ɛba fam koraa,’”—John Langdon-Davies, Britaniani a ɔyɛ nsɛnkyerɛwfo ne obi a ɔkɔɔ Royal Anthropological Institute, 1936.
“Eyi ne nkwaseasɛm a ɛsen biara a yɛadi pɛn. . . . Wɔrentow ɔtopae bio, meka eyi efisɛ meyɛ ɔtopae ho nsɛm ho ɔbenfo.”—Admiral William Leahy, na ɔretu U.S. Ɔmampanyin Harry Truman fo wɔ U.S. atomik ɔtopae ho adwuma no ho, 1945.
[Asɛm Fibea]
U.S. National Archives