Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w88 5/1 kr. 31
  • “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam Horow
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Onyamesom Pa Ahofama” Ɔmantam Nhyiam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Yɛto Nsa Frɛ Wo Sɛ Bra “Wɔn A Wɔpɛ Ahofadi” Ɔmantam Nhyiam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Mmeae a Wɔbɛyɛ 1993 Ɔmantam Nhyiam No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Yɛma Wo Akwaaba Ba “Hann Kurafo” Ɔmantam Nhyiam Horow Ase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1988
w88 5/1 kr. 31

“Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam Horow

HWƐ amanehunu kɛse a ɛwɔ wiase no mu esiane sɛ atɛntrenee nni hɔ nti! Tumi a amammui sodifo binom de di dwuma wɔ ɔkwammɔne so ama nnipa pii hu amane kɛse. Aguadi mu adifudepɛ hyɛ nnipa so na ama wohu amane kɛse. Afei nyamesom akannifo a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔte sɛ wɔn mfɛfo a wɔtraa ase wɔ Yesu bere so no nhyɛso nso wɔ hɔ, wɔn na Yesu kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Na wɔkyekyere nnesoa duruduru de to nnipa mmati, na wɔn ankasa de, wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn nsateaa mpo ka.” (Mateo 23:4) Tumi a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so ne atɛnkyea a abu so a efi mu ba pii nso wɔ mmusua mu.

Abakɔsɛm da no adi sɛ ɛbɛyɛ nea mfaso nni so sɛ wɔde ho bɛto nnipa a wɔnyɛ pɛ so sɛ wonni nsɛm a ɛte sɛɛ ho dwuma a adwempa a wokura no mfa ho. Nanso Onii a Ɔkorɔn sen biara ne Ɔtemmufo a ɔne Yehowa no wɔ soro. Ɔne atɛntrenee Nyankopɔn. Wɔ ɔkwan a ɛteɛ so no, Mose to dwom sɛ: “Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee; ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu: ɔtreneeni ne teefo ne no.”​—Deuteronomium 32:4.

Yehowa anya wiase yi mu atɛnkyea ahorow no ho koma bere tenten nanso ɔrenyɛ saa bere nyinaa. Wahyɛ bere a ɔde bɛyɛ ade na afei nkɔmhyɛ a wohu wɔ Yesaia 14:4-7 a ɛhyɛ bɔ sɛ atirimɔden nyinaa bɛba awiei na ‘asase nyinaa so adwo’ no bɛbam.

Esiane sɛ Yehowa Adansefo wɔ gyidi a emu yɛ den wɔ nkɔmhyɛ kwan so bɔhyɛ ahorow yi mu nti, wɔn ani gye sɛ wɔbɛka wɔ baabiara sɛ ɛrenkyɛ na Yehowa nam Ahenni nniso a ɔde bɛba no so de nhyɛso, amumɔyɛ ne atɛnkyea nyinaa aba awiei. Afei obiara rensɛe ade efisɛ ‘Yehowa hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.’​—Yesaia 11:9.

Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhyɛ yɛn gyidi den wɔ Yehowa trenee atemmu ahorow mu no, 1988 ɔmantam nhyiam horow no benya asɛmti a ɛne “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɛnyɛ sɛ eyi so dua a wobesi no bɛkanyan yɛn ma yɛada yɛn anidaso a yɛwɔ wɔ ɔsoro atɛntrenee ho adi nko, na mmom ɛbɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛayɛ ade ma ɛne ɔsoro atɛntrenee ahyia wɔ nea yɛyɛ nyinaa mu nso.

Sɛ Yehowa nkoa no, yɛn nyinaa nim sɛ esiane yɛn awofo a wodi kan no bɔne nti, yɛn nsusuwii twe yɛn kɔ pɛsɛmenkominya ne atɛnkyea so. Enti yɛn ani bɛsɔ nsɛm a eye a yɛbɛte denam Bible mu ɔkasa, ɔyɛkyerɛ ahorow, nkurɔfo nsɛm a wobebisabisa wɔn ne drama ahorow a ebesi hia a ɛho hia sɛ yekura ɔsoro atɛntrenee mu no so dua no so. Eyi ne ahyɛde a ɛwɔ Mika 6:8 a ɛse ‘yɛnyɛ adetrenee, yɛmpɛ adɔe, na yɛne yɛn Nyankopɔn nnantew ahobrɛase mu’ a yebedi so no hyia. Eyi de biakoyɛ, akomatɔyam, ne anigye ba; ɛboa nso ma ahenni asɛmpa a wɔka wɔ asase so nyinaa no nya nkɔanim.

Nhyiam ahorow yi mu ade titiriw ne sɛ wɔnam telefon so bɛma wɔate akasa atitiriw a Yehowa Adansefo Sodikuw no mufo bɛma no wɔ nkurow ahorow mu. Wɔ saa nhyiam yi mu no, wobetua sika a asɛmpatrɛwfo a wɔwɔ wiase nyinaa de betu kwan no akyɛ wɔn; eyi nso bɛma wɔatumi akɔsra wɔn mmusua ahwɛ bio.

Sɛ ɛyɛ Yehowa pɛ a, “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam Horow no befi ase Yawda 1:30 p.m. na ɛbɛba awiei Kwasida 4:00 p.m. Momma yɛnyɛ nhyehyɛe sɛ ɛbɛyɛ nea yɛwɔ hɔ bere a dwumadi no fi ase na yɛmmɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛtra hɔ akosi bere a wɔbɛtow dwom abɔ mpae apɔn da biara. Fa honhom mu nneɛma ho akɔnnɔ pa kɔ ase na siesie wo ho sɛ wobɛkyerɛw nsɛntitiriw ato hɔ. Nya awerɛhyem sɛ Yehowa de nneɛma pa a ɛbɛhyɛ yɛn den na akanyan yɛn ama adwuma a ɛda yɛn anim no bɛtow yɛn “pon.”​—Yesaia 25:6; Nnwom mu dwom 2:4.

Yiw, momma yɛn mu biara nsi ne bo sɛ obenya honhom mu nhyira a ɛsen biara afi “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyira horow no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena