“Onyamesom Pa Ahofama” Ɔmantam Nhyiam
Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ . . . wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn, wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden.”—2 Timoteo 3:1-5.
Saa nsɛm yi kyerɛkyerɛ sɛnea wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo no mu dodow no ara te no mu pɛpɛɛpɛ dɛn ara! Sɛnea ɔsɔfo bi kae no, “asɔre pii abɛyɛ . . . anigyebea nnɛ.” Nea ɛne no bɔ abira koraa no, Kristo nokware akyidifo yɛ nkurɔfo a “wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.” (Tito 2:14) Yesu akyidifo ne ‘asase so nkyene ne wiase hann.’—Mateo 5:13, 14.
Yɛn afe afe, ɔmantam, ɔman, ne amanaman ntam nhyiam horow nɔ yɛ yɛn som no fã a ɛma yɛyɛ soronko. 1989 ɔmantam nhyiam horow no asɛmti a ɛne “Onyamesom Pa Ahofama” no kyerɛ yɛn som mu su bi a ɛma yɛda nsow.
Kyerɛwnsɛm no si hia a onyamesom pa ahofama hia no so dua. Saa nhyiam yi bɛyɛ hokwan foforo a ɛbɛma wode ‘onyamesom pa ahofama ayɛn wo ho sɛ wo botae. Efisɛ honam mu ɔyɛn ho mfaso sua; na onyamesom pa ahofama ho wɔ mfaso ade nyinaa mu efisɛ ekura nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛbɛba no ho bɔhyɛ.’ (1 Timoteo 4:7, 8, NW) Na 1 Timoteo 6:6 kɔ so ka sɛ: “Nso nyamesom pa a ɔpene wom yɛ adenya kɛse.” Yesu Kristo ne nyamesom pa ahofama ho nhwɛso ankasa.—1 Timoteo 3:16.
Hela asɛmfua a wɔkyerɛ ase “onyamesom pa ahofama” no ne eu·seʹbei·a. Wɔ Kristofo fam no “ɛne ahofama a ɛkorɔn sen biara a wɔde ma Onyankopɔn.” Ahofama ne “anibere ne nsiyɛ a wɔde di ɔsom mu asɛyɛde ho dwuma.” Onyamesom pa ahofama yɛ koma mu adeyɛ a ɛbɛkanyan obi ma watra ase wɔ ɔkwan a ɛsɔ Onyankopɔn ani so. Ɛkyerɛ sɛ wubenya Onyankopɔn adwene. Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye sɛ bere a yɛwɔ wiase no mu no, yɛrenyɛ ne fã! Onyankopɔn suro remma yɛnyɛ bɔne, nanso onyamesom pa ahofama kanyan yɛn ma yɛyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani. Nea ɛhyɛ nkuran no, wɔma yɛn awerɛhyem wɔ 2 Petro 2:9, NW, sɛ “Yehowa nim sɛnea obeyi nnipa a wɔwɔ onyamesom pa ahofama no afi sɔhwɛ mu.”
Sɛ́ obi benya onyamesom pa ahofama no hwehwɛ sɛ ɔfa Onyankopɔn ne n’Asɛm no aniberesɛm. Sɛ obi betumi ada onyamesom pa ahofama adi a, ohia sɛ ohu Onyankopɔn yiye na afei ɔyɛ ade ma ɛne saa nimdeɛ no hyia. Ɛhwehwɛ sɛ obi ma ne honhom fam ahiade ho asɛm hia no. Esiane hia a ɛho hia sɛ yeyi onyamesom pa ahofama adi kyerɛ nokware mu no nti, yehia mmoa biara a yɛn nsa betumi aka. Yɛn ɔmantam nhyiam horow no bɛyɛ pii de aboa yɛn wɔ ɛno mu. Ɛdenam kasa, ɔyɛkyerɛ ahorow, ne nsɛm a wobisabisa so no, wɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛda onyamesom pa ahofama adi wɔ yɛn asetra mu biribiara mu.
Yɛpɛ sɛ yɛyɛ nokware Kristofo na yɛda nsow fi wiase no ho. Enti fa honhom mu nneɛma ho akɔnnɔ a eye bra saa nhyiam horow yi ase. Hwɛ sɛ ɛbɛyɛ nea wowɔ hɔ bere a wɔto dwom a wɔde bue ano Fida anɔpa no, na tra mu kosi dwom ne mpaebɔ a wɔde pɔn Kwasida awia no so. Fa w’adwene nyinaa kɔ asɛnka agua no so bere tenten biara a dwumadi no bedi no. Ko tia sɔhwɛ anaa adwene a wubenya sɛ wobɛkɔ akɔsra obi bere a nhyiam no gu no so. Bra a woasiesie wo ho sɛ wobɛkyerɛkyerɛw nsɛm asie. Ɛdenam dwumadi no a wobɛyɛ aso atie no yiye so no, wubesiesie wo ho asen bere biara sɛ wobɛda onyamesom pa ahofama adi wɔ asetra mu biribiara mu: wɔ abusua no mu, asafo no mu, ne wɔn a wɔwɔ asafo no akyi no ho.
Nhyiam Nkurow
Yɛrebɔ mo amanneɛ sɛ wɔbɛyɛ 1989 “Onyamesom Pa Ahofama” Ɔmantam Nhyiam horow a ebia wɔbɛyɛ no December 1989/January 1990 mu a wɔde nnansa na ɛbɛyɛ no wɔ nkurow a edidi so yi so:
Accra Tamale
Kumasi Koforidua
Sekondi Oda
Sunyani Tarkwa
Ho
Yiw, ma obiara nsi ne bo sɛ obenya honhom mu nhyira horow a ɛsen biara a ne nsa betumi aka afi “Onyamesom Pa Ahofama” Ɔmantam Nhyiam horow no mu. Yɛ nhyehyɛe mprempren sɛ wobɛkɔ.