Yɛto Nsa Frɛ Wo Sɛ Bra “Wɔn A Wɔpɛ Ahofadi” Ɔmantam Nhyiam
Efi November 1989 no, wɔaka ahofadi ho asɛm kɛse asen bere biara a atwam. Europa Apuei Fam aman mu nnipa titiriw anya amammui mu ahofadi kɛse sen sɛnea na wɔwɔ wɔ bɛboro mfe 40 a atwam no mu.
Nanso ahofadi bi wɔ hɔ a ɛho hia kɛse sen amammui mu ahofadi biara. Yebetumi akan ho asɛm wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible no mu. Yesu Kristo kae bere bi sɛ: “Mubehu nokware no, na nokware no ayɛ mo adehye.” (Yohane 8:32) Yiw, Kristofo a wɔahyira wɔn ho so ade wɔn ho afi onipa ho suro, ne bɔne ne owu nkoasom mu, sɛnea yɛkenkan wɔ Romafo 6:18, 22 no. Yɛkenkan nso sɛ “nea [Yehowa] honhom wɔ no, ɛhɔ na ahofadi wɔ.” (2 Korintofo 3:17) Nokwarem no, Onyankopɔn Asɛm kura “abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu” ho anidaso a ɛyɛ anigye.—Romafo 8:21.
Sɛ obi pɛ sɛ onya Kristofo ahofadi wɔ nnɛ bere yi mu a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden ankasa. Ɛnyɛ asɛm a ɛne sɛ ɔbɛfa ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw bi so ara kwa. Na sɛ yɛbɛkɔ so anya saa ahofadi yi a, mmɔdenbɔ foforo ho hia, esiane tumi a ɛpɛ sɛ ɛma saa ahofadi no fi yɛn nsa nti: Satan Ɔbonsam, wiase bɔne no, ne yɛn ankasa bɔne su horow a yenya fii awo mu no. Yehowa Nyankopɔn nam n’Asɛm a efi honhom mu, ne honhom kronkron ne n’ahyehyɛde a aniwa hu no so de mmoa ama.—Luka 11:13.
Nea ɛbɛyɛ na wɔaboa wɔn a wɔpɛ ahofadi nyinaa ma wɔaso wɔn ahofadi mu denneennen no, ɔmantam nhyiam horow a Yehowa Adansefo bɛyɛ afe yi fa asɛmti a ɛne “Wɔn a Wɔpɛ Ahofadi” ho. Ɛbɛyɛ nnansa nhyiam, fi Fida anɔpa nnɔnkron ne fã kosi Kwasida anwummere nnɔnnan. Wɔn a wɔbɛba nhyiam yi nyinaa benya honhom mu ahoɔden, na ɔkasa ahorow a ɛkanyan anigye, anigye nsɛm a wobebisabisa afoforo, ɔyɛkyerɛ ahorow a etu mpɔn, ne drama a ɛgyina Bible so a ɛkanyan anigye ahyɛ wɔn den; saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu nnamfo dedaw ne afoforo, ayɔnkofa a ɛyɛ anigye, afoforo mpempem pii a yɛne wɔn bɛbom ato yɛn Ahenni nnwom ho anigye, na yɛabom atie baguam mpaebɔ ahorow a efi komam no so.
Ɛmmra sɛ Yehowa nkoa a wɔahyira wɔn ho so nyinaa remma biribiara nsiw wɔn kwan na wɔaba Fida anɔpa bere a nhyiam yi fi ase no. Na hwɛ hu sɛ woremfa Bible ne nnwom nhoma nkutoo mma, na mmom pensere ne nhoma a wobɛkyerɛw nsɛntitiriw wom nso. Bra hɔ nso a na wudwen wo honhom mu ahiade ho sɛ nnipa a wɔwɔ ahofadi mu biako.—Mateo 5:3.
“Wɔn A Wɔpɛ Ahofadi” Ɔmantam Nhyiam
Esiane sɛ yɛhwɛ kwan sɛ wobeyi nsa a ɛda yɛn dwumadi so no ntɛm nti, 1991 ɔmantam nhyiam horow a yɛbɛyɛ no ho nhyehyɛe na edidi so wɔ ase hɔ no. Sɛ wɔanyi nsa a ɛda yɛn dwumadi so no ntɛm na yɛatumi ayɛ nhyiam horow yi sɛnea yɛhwɛ kwan no a, ɛnde yɛayɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛyɛ Twi kasa mu nhyiam abien wɔ Cote d’Ivoire ne nhyiam abiɛsa wɔ Ewe, Ga ne Twi kasa mu wɔ Benin wɔ ɛrekɔ afe no awiei, bere a ɛbɛyɛ papa ama Nigeria ne Cote d’Ivoire baa dwumadibea no:
GHANA
DA
December 20-22, 1991
KUROW KASA
ACCRA Twi, English
SUNYANI Twi
December 27-29, 1991
KUROW KASA
ACCRA Ga, Ewe
KUMASI Twi
January 3-5, 1992
KUROW KASA
KUMASI Twi
KOFORIDUA Twi
TAKORADI Twi
January 10-12, 1992
KUROW KASA
BOLGATANGA Twi
COTE D’IVOIRE
DA
August 16-18, 1991
KUROW KASA
BOUAKE French
KOUMASSI-Abidjan French
August 23-25, 1991
KUROW KASA
KOUMASSI-Abidjan French
YOPOUGON-Abidjan French
August 30- September, 1991
KUROW KASA
YOPOUGON-Abidjan French
KOUMASSI-Abidjan Twi
BURKINA FASO
DA
December 20-22, 1991
KUROW KASA
OUAGADOUGOU French
December 27-29, 1991
KUROW KASA
OUAGADOUGOU Moore
[Adaka wɔ kratafa 30]
Adeyɛ a Ɛnsɛ sɛ Ɛpa Wo Ti So
“Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.” Yɛn Awurade Yesu kaa saa ne nsɛm a yehu wɔ Luka 22:19 no, bere a ɔde ne wu ho nkae sii hɔ no. Yesu wu no na ebuee anidaso a ɛbɛma adesmma anya daa nkwa wɔ paradise tebea horow mu no ho kwan maa wɔn. Enti ne wu yɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛkae. So wobɛkae saa afe yi?
Yɛsrɛ wo sɛ gye nsa a Yehowa Adansefo reto afrɛ wo sɛ bɛka wɔn ho na monkae adeyɛ titiriw yi tom. Wɔbɛyɛ eyi bere a owia akɔtɔ akyi, da a ɛne Nisan 14 a ɛwɔ Bible mu ɔsram kalenda so hyia no. Hyɛ da no agyirae wɔ wo kalenda so na amma wo werɛ amfi. Onii a ɔde nsato kratasin no bɛma wo no betumi akyerɛ beae ne bere pɔtee a wɔbɛyɛ no.