Asase no Daakye a Ɛyɛ Anigye Wɔ Onyankopɔn Ahenni Ase
BIBLE no ka sɛ “gyidi ne ade a yɛn ani da so.” (Hebrifo 11:1) Sɛnea yehui wɔ Asɛm a edi kan no mu no, Onyankopɔn ma wɔkyerɛw wiase nyinaa tumi horow no ba ne wɔn asehwe fi Daniel bere so besi yɛn bere so no ho nkɔmhyɛ wɔ Daniel nhoma no mu bɛboro mfe 500 ansa na wɔwo Kristo. Nokware a nkɔmhyɛ ahorow yi yɛ no ma yenya awerɛhyem ne gyidi a emu yɛ den sɛ nkɔmhyɛ ahorow a aka no nso bɛbam, na ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni a Yesu Kristo yɛ so hene no besi nnipa nniso horow ananmu.
Hwɛ nsakrae ara a ɛbɛkyerɛ ama adesamma! Esiane sɛ Onyankopɔn rehwɛ saa bere no kwan nti, n’ankasa ka sɛ: “Hwɛ, meyɛ ade nyinaa foforo.” (Adiyisɛm 21:5) Nkɔmhyɛ ahorow a efi honhom mu a ɛma yehu saa bere a anigye wom no mu binom ho a yebesusuw no bɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea nneɛma “foforo” no bɛyɛ, sɛnea ɛbɛyɛ soronko koraa wɔ nea yehu nnɛ wɔ nnipa nniso ase no ho no. Nokwarem no, nea Bible ka wɔ asase no ne nkwa a ɛwɔ so no daakye ho no ye nwonwa. Susuw ho:
Nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ bɛba awiei. “Na wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ . . . na abɔnefo nni hɔ.” Wɔn a wɔte ase no ‘bɛtratra wɔn bobe ne wɔn borɔdoma ase, na obi renyi wɔn hu, efisɛ asafo Yehowa ano na aka.’—Dwom 37:9, 10; Mika 4:4.
Abusua ne ɔman mu mpaapaemu ne ɔko a ɛde ba no befi hɔ. “Ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.”—Yesaia 2:4.
Adan a ɛho yɛ nna, afie a wonni ne adwuma a wonnya nyɛ bɛyɛ nneɛma a atwam. Yesaia ka siei sɛ: “Na wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. . . . Na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma.”—Yesaia 65:21, 22.
Ɔkɔm a ɛyɛ hu te sɛ nea aba Afrika mmeae ahorow bi nnansa yi no yɛ nea ebefi hɔ ma obiara anya aduan a ɛdɔɔso. “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.” “Asase abɔ n’aduan, Onyankopɔn yɛn Nyankopɔn behyira yɛn.”—Dwom 72:16; 67:6, 7.
Afei nso, yebenya akwahosan ne nkwa a yɛde benya nhyira horow yi mu anigye. Wɔ Yesu asase so som adwuma no mu mpo no, wɔkaa no nokwarem sɛ “anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, akwatafo ho fi, asotifo te asɛm.” Nanso nkɔmhyɛ kɛse bi benya mmamu: “Na Onyankopɔn bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni bɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Luka 7:22; Adiyisɛm 21:4.
Nsakrae a ɛyɛ nwonwa bɛn ara ni! Hwɛ ahotɔ ara a ɛbɛma adesamma a wɔahaw no anya! Yɛhyɛ wo nkuran sɛ brɛ wo ho ase hyɛ Onyankopɔn Ahenni no ase mprempren mpo senea ɛbɛyɛ a wo nso wubenya mfaso a efi wiase nyinaa tumidi mu nsakrae titiriw no mu bɛba no bi.
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Nnipa a wɔte ase nnɛ no betumi ahwɛ nhyira horow a ɛyɛ nwonwa kwan—ɔko, nsɛmmɔnedi, ohia, nyarewa, no owu mpo awiei. So wubenya daakye a ɛte saa?