So Wugye Nsusuwii Afoforo Tom?
NNIPA binom to wɔn adwenem wɔ nsusuwii foforo biara ho. Ebia wɔpow eyi esiane sɛ ɛne wɔn nsusuwii nhyia nti. Sɛ nhwɛso no, ɔbea bi a ofi Denmark kyerɛw kɔmaa atesɛm krataa Hjemmet a ɛba dapɛn biara no akyerɛwfo na ɔkae sɛ: “Yehowa Adansefo taa haw yɛn wɔ yɛn apon ano. Wɔma me bo fuw pii nanso minhu ɔkwan a mɛfa so apam wɔn . . . So wontumi mfa mmara kwan bi so nsiw wɔn haw no ano?”
Japanfo a wɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 19 no mfinimfini mu hɔ no buu obiara a ofi Atɔe fam ɔman bi so a ɔba wɔn fi no sɛ ɔyɛ “ɔhaw.” Wɔ wɔn ani so no, biribiara a ɛfa ɔhɔho no ho no yɛ nea ɛho nni mfaso anaasɛ nea epira mpo. Sɛnea Apuei famfo bɛ bi ka no, “Adwemmɔne ma esum mu yɛ hu.” Wɔyɛɛ adwene a na Japanfo pii wɔ no ho nhwɛso wɔ sɛnea na wɔyɛ Po so Asraafo Panyin Perry ho mfonini ahorow no mu. Wɔ wɔn mfonini ahorow no mu bɛyɛ 50 a na aka mu no, 2 anaasɛ 3 pɛ na ɛda no adi sɛ ɔyɛ Amerika po so asraafo so panyin bi ara kwa. Nea aka nyinaa mu no, wɔyɛɛ no sasabonsam bi a ne hwene tenten anaasɛ aboa bɔne bi a ne ho yɛ hu, sɛnea wɔayɛ ho nhwɛso wɔ ha no.
Nanso bere a wobuee wɔn ahye no, Japanfo a wɔabue wɔn adwenem behui sɛ na ahɔho no ho nyɛ hu. Wɔ Japanfo a wodii kan baa United States no mu binom fam no, ɛyɛɛ te sɛ nea abon bi yi fii wɔn ani so bere a wɔn ankasa huu atɔe famfo amammerɛ ahorow no. Mpanyimfo akɛse kɔɔ so nwiinwii wɔ sɛnea wɔ Japanfo ani so no Amerikafo mmu ade no ho. Nanso awo ntoatoaso a wɔbae akyiri yi no de atɛmpa dii dwuma wɔ amammerɛ foforo no ho.
Akyiri yi, ɔpanyin bi somfo a wadi mfe 19 kyerɛwee sɛ: “Ná Japanfo 70 a wɔde wɔn bae no mu dodow no ara tan [Amerikafo no]. Nanso, bere a yehuu tebea horow no ankasa no, yɛn mu ankorankoro binom behui sɛ wɔredi mfomso na wonuu wɔn ho sɛ wonyaa saa nkate ahorow no. Nea ahɔho a yebebu wɔn sɛ wɔba fam te sɛ nkraman anaasɛ apɔnkɔ na yɛabu wɔn animtiaa no bɛma yɛanya afi wɔn hɔ ara ne hu a wobehu sɛ yenni ahummɔbɔ na yɛyɛ wɔn a wɔnteɛ koraa.” So woabue w’adwenem araa ma wutumi de adwene a ɛnkyeae hwɛ nsusuwii afoforo te sɛ saa ɔsomfo kumaa yi?
Beroiafo Nhwɛso No
Wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, Yudafo pii nyaa adwemmɔne tiaa Kristofo nkyerɛkyerɛ ahorow a na ntease pa biara nnim. Wɔ akwan bi so no, na ɛte sɛ adwemmɔne a na Japanni a ɔnkɔɔ baabiara no wɔ de tia wiase a aka no. Yudafo a na wɔwɔ tete Roma no kae sɛ, “Wɔkasa tia [Kristosom] wɔ mmaa nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 28:22) Yudafo a wonni adwempa kae wɔ Kristofo bi a na wɔwɔ Tesalonika ho sɛ: “Eyinom a wɔadan wiase ani no aba ha nso.”—Asomafo no Nnwuma 17:6.
Nanso na nnipa bi wɔ hɔ a wɔpɛe sɛ wɔhwɛ ade ma ɛtra wɔn adwenkyea no. Sɛ nhwɛso no, ɔkwan bɛn so na Beroiafo gyee asɛmpa a ɔsomafo Paulo ne ne hokafo Silas kae no? Bible kyerɛwfo Luka ka wɔ Beroiafo no ho sɛ: “Nso [Yudafo] a ɛwɔ ha no ye sen wɔn a wɔwɔ Tesalonika no: woyii wɔn yam pefee gyee asɛm no, na daa wɔhwehwɛ kyerɛwsɛm no mu sɛ nneɛma no te saa anaa.” (Asomafo no Nnwuma 17:11) So wo nso ‘wuye’ te sɛ Beroiafo no?
Yɛsrɛ wo susuw Masaji asɛm no ho hwɛ. Bere bi, na ɔwɔ ɔtan kɛse ma Kristosom. Na ɔte sɛ wɔn a wɔmmpɛ ahɔho a wɔsɔre tiaa Japan ahye a wobuei no. Bere a ne yere Sachiko fii Bible sua ase no, ɔsɔre tiaa no denneennen. Onyaa adwene sɛ obekum n’abusua mũ no nyinaa na afei wadi ne ho dɔm mpo. Esiane ne basabasayɛ nti na ɛsɛ sɛ n’abusua no guan kɔtraa Sachiko nuabarima panyin fi wɔ Japan kusuu fam.
Awiei koraa no, Masaji sii gyinae sɛ obebue n’adwenem kakra na wahwehwɛ ne yere som no mu ahwɛ. Bere a ɔkenkan Bible mmoa nhoma ahorow bi akyi no, ohuu hia a ɛho hia sɛ ɔyɛ nsakrae ahorow no. Bere a ɔkɔɔ so suaa Kyerɛwnsɛm no, ne basabasayɛ su no sakra bɛyɛɛ nea ɛda Onyankopɔn honhom kronkron no aba adi. (Galatifo 5:22, 23) Masaji twentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛkɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow ase efisɛ na osuro sɛ Adansefo no bedi ne basabasayɛ a ɔde tiaa wɔn no so were. Nanso bere a awiei koraa no ɔkɔɔ Ahenni Asa bi so no, wogyee no fɛw so araa ma ɛma osui.
Yiw, adwenkyea a yebedi so nkonim na yɛahwehwɛ nsusuwii afoforo mu no bɛma yɛn adwenem abae na ebia ɛso bɛba yɛn mfaso wɔ akwan afoforo so. Nanso, so ɛno kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yegye nsusuwii foforo biara a ɛba no tom?
Yɛ Nyiyime!
Bere a Japanfo ho a wɔtwe fi afoforo ho no baa awiei no, nsusuwii afoforo baa ɔman no mu. Japanfo no nyaa eyinom mu bi so mfaso, nanso emu bi de sɛ wɔkwatii a na anka eye. Amerika asraafo panyin Douglas MacArthur kae wɔ bere a Japanfo gyaee wɔn ho mu mae wɔ Wiase Ko II mu no akyi sɛ, “Nea na ɛne Po so Asraafo Panyin Perry ho adwene no bɔ abira no, Japanfo danee Atɔe famfo nimdeɛ ma ɛbɛyɛɛ nhyɛso ne nkoasom adwinnade.” Esiane sɛ Japan suasuaa n’Atɔe famfo afotufo no nti, ɛma ɔfaa ɔkwan a ɛde no kɔɔ akodi ahorow mu so. Eyinom kowiee Wiase Ko II a n’awiei no wogyaee atopae ahorow guu Japan nkurow binom so no mu.
Dɛn na yebetumi asua afi eyi mu? Sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nyiyim wɔ nsusuwii afoforo a yebegye atom no mu. Ɛsɛ sɛ yesuasua Beroiafo no efisɛ “daa wɔhwehwɛɛ kyerɛwsɛm no mu sɛ nneɛma [a Paulo kyerɛe] no te saa anaa.” (Asomafo no Nnwuma 17:11) Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase sɛ ‘nhwehwɛmu’ no kyerɛ “nhwehwɛmu a wɔyɛ no yiye ne pɛpɛɛpɛ sɛnea ɛte wɔ mmara ho dwumadi ahorow mu no.” (Word Pictures in the New Testament a A.T. Robertson kyerɛwee) Sɛ́ anka yebegye nsusuwii foforo biara a wɔda no adi kyerɛ yɛn atom wɔ anifurae mu no, yehia sɛ yɛyɛ nhwehwɛmu a ɛfata sɛnea ɔtemmufo bi bɛyɛ bere a wɔde asɛm bi aba n’anim no.
Sɛ yɛyɛ nyiyim a, nea aba so foforo anaasɛ nsusuwii afoforo a epira ankasa biara rennya yɛn. Sɛ nhwɛso no, na nea wɔfrɛ no abrabɔ foforo wɔ 1960 mfe no mu no yɛ nsusuwii foforo a ɛkanyan nnipa binom akɔnnɔ. Nanso na anka nhwehwɛmu a wɔbɛyɛ no yiye no bɛma ada adi sɛ ɛyɛ abrabɔ dedaw bi a edi awu na wɔama no edin foforo. Afei nso, wɔ Germany a na sikasɛm haw adwene wɔ 1920 mfe no mu mu no, akyinnye biara nni ho sɛ nnipa no mu pii buu Nasi nhyehyɛe no sɛ nsusuwii foforo a ɛkanyan anigye, nanso hwɛ amanehunu ara a ɛde bae!
Nea ɛyɛ anigye no, Onyankopɔn de nea wɔde bɛsɔ adwene horow ahwɛ no ama. Ɛne n’Asɛm a efi honhom mu, Bible no. Dwuma a yɛde n’akwankyerɛ bedi wɔ abusua asetra ne adesamma ntam abusuabɔ ahorow mu no bɛboa yɛn ma yɛahwehwɛ nsusuwii afoforo a yɛte fi asetra mu nsɛm ho abenfo, adwene ho abenfo, ne afoforo a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ abenfo wɔ saa mmeae ahorow yi hɔ no mu. (Efesofo 5:21-6:4; Kolosefo 3:5-14) Bible mu afotu a ɛfa yɛne Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa ntam abusuabɔ ho no ma yenya ɔkwan a yɛbɛfa so ahwehwɛ nyamesom mu nsusuwii ahorow a na wonnim wɔ mmere a atwam mu a ɛretrɛw no mu. (Marko 12:28-31) Bible mu nokware nimdeɛ bɛboa ma yɛahu sɛ ebia adwene foforo bi ho wɔ mfaso ankasa anaasɛ dabi. Ɛno ansa na yebetumi ‘asɔ ade nyinaa ahwɛ na yɛaso nea eye no mu.’—1 Tesalonikafo 5:21.
Yehowa Adansefo kɔsra wɔn afipamfo kɔhyɛ wɔn nkuran ma wosua Bible no na ama wɔatumi abu nsusuwii afoforo bi ho ntɛn yiye. Adansefo no kyerɛ Bible no mu nsusuwii ahorow a ɛyɛ foforo ma nnipa pii nso. Eyinom mu bi ne nokware a ɛfa mmere a yɛte mu yi ne nea daakye wɔ ankasa ma adesamma ho no. (Mateo 24:3-44; 2 Timoteo 3:1-5; Adiyisɛm 21:3, 4) Enti sɛ Adansefo no ba wo fi a, nnya wɔn a wɔtwe wɔn ho fi afoforo ho su no bi. Mmom no, dɛn nti na wummue wo pon na wuntie nea wɔwɔ ka no? Nto w’adwenem wɔ nsusuwii ahorow a ebetumi ayɛ mfaso ama wo daa ho.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 5]
Library of Congress photo LC-USC62-7258