Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 1/15 kr. 25-29
  • Ɔsoro Atɛntrenee​—Ade A Ɛde Ahurusidi Ba!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsoro Atɛntrenee​—Ade A Ɛde Ahurusidi Ba!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Anigye ne Wɔn a Wokura Atɛntrenee Mu”
  • “Gye Nteɛso a Ɛma Nhumu no Tom”
  • “N’Atemmu Yɛ Nokware ne Trenee”
  • “Atɛntrenee​—Atɛntrenee na Di Akyi”
  • Nhyiam Horow a Ɛyɛ Anigye Kanyan Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Yehowa a Yebesuasua No Denam Adetreeneeyɛ So
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Yehowa—Nokware Atɛntrenee Ne Adetrenee Fibea No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Suasua Yehowa—Bu Atɛntrenee Na Yɛ Adetrenee
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 1/15 kr. 25-29

Ɔsoro Atɛntrenee​—Ade A Ɛde Ahurusidi Ba!

“WO NE yɛn nto; . . . ’Yah redi so; Ma asase ani nnye.’” Saa nsɛm yi yɛ dwom a na ɛda Arabfo, Greekfo, Italiafo, Portuguesefo, ne Spaniafo nhyiamfo 9,000 a wɔkɔɔ “Ɔsoro Atɛntrenee” ɔmantam Nhyiam wɔ Montreal, Canada no binom ano. Nhyiamfo no tu guu Olympik Agodibea no so wɔ saa nnanan nhyiam no awiei na wɔne nhyiamfo 36,900 afoforo a na wɔwɔ agodibea hɔ dedaw no boom too dwom no.

Na wɔn a wɔka kasa afoforo no ayɛ nhyiam koro no ara wɔ agodibea ne nhyiam adan a ɛbemmɛn hɔ mu. Afei wɔbɛkaa nhyiamfo a wɔka Franse ne Engiresi no ho wɔ onuayɛ ne nokwaredi adeyɛ bi a ɛka koma mu​—ade a wobehu wɔ nokware atɛntrenee Nyankopɔn, Yehowa no nkoa nkutoo mu. Esiane ntɛnkyea a abu so kɛse wɔ ɛnnɛ wiase yi mu no nti, na nhyiam no ti​—“Ɔsoro Atɛntrenee”​—no yɛ ne bere mu de ampa. Saa eti yi a ɛdaa adi wɔ dwumadi no nyinaa mu no maa yɛn anisɔ ma Yehowa Nyankopɔn su titiriw yi no yɛɛ kɛse.

“Anigye ne Wɔn a Wokura Atɛntrenee Mu”

Na eyi ne nhyiam no da a edi kan no asɛmti. (Dwom 106:3, NW) Otitrani kasa no maa emu daa hɔ sɛ ɔsoro atɛntrenee nye mmara kwan so atemmu dwumadi bi a emu nyɛ hyew bi ara kɛkɛ. Mmom no, ɛyɛ nea ɛteɛ mu a wokura wɔ ɔkwan a animhwɛ nnim na ɛfata so sɛnea Onyankopɔn gyinapɛn ahorow te no. Yehowa na ɔde gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn sen biara no sisi hɔ na ɔyɛ pɛ wɔ atɛntrenee mu efisɛ ɔbata eyinom ho. Enti, wobetumi aka sɛ “n’akwan nyinaa yɛ trenee.”​—Deuteronomium 32:4.

Wosii eyi so dua bio wɔ ɔkasa titiriw a na n’asɛmti ne “Atɛntrenee na Ɛhyɛ Onyankopɔn Akwan Nyinaa Agyirae” no mu. Yehowa nnan mfii ne trenee gyinapɛn ahorow no ho da na mmom ɔde saa atɛntrenee akwan no ara adi dwuma wɔ ɔne adesamma a wɔnyɛ pɛ no nsɛnnii mu. (Malaki 3:6) Ɛwom sɛ ebia ebinom de atoro bɛtoto Onyankopɔn ano sɛ obu ntɛnkyea efisɛ wohu sɛ obiara mmu atɛntrenee wɔ adesamma abusua no mu de, nanso ɛnyɛ ɔno na ɔde adesamma a wɔaporɔw no asowui no ba.

Esiane sɛ Yehowa dɔ atɛntrenee nti, ɔhwɛ kwan sɛ yebekura saa su yi mu denam nea ɛteɛ na ɛfata a yɛbɛyɛ so. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ eyi wɔ yɛn mfɛfo nnipa ne yɛn mmusua mu, wɔ asafo no ne yɛn som adwuma no fã biara mu. Eyi de nhyira ba, sɛnea yetumi hu fi nea wɔde mae wɔ “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam no nnansa a aka no dwumadi mu no.

“Gye Nteɛso a Ɛma Nhumu no Tom”

Na nhyiam no da a ɛto so abien no kura asɛmti a ɛwɔ atifi hɔ a na egyina Mmebusɛm 1:3 so no. Wɔhyɛɛ yɛn sɛ “Gye Nteɛso na Yɛ Onyansafo” a na ɛno yɛ dwumadi no fã bi a edi kan no asɛmti. Nteɛso a efi Yehowa hɔ hyɛ asetra kwan a nea ɛka ho ne yɛn adwene ne yɛn abrabɔ a yɛtew ho no agyirae. Afei nso ɛyɛ Onyankopɔn dɔ a ɔwɔ ma yɛn no a ɔda no adi. (Hebrifo 12:4-11) Nteɛso a ɛte saa no ma yɛn adwene ba atɛntrenee gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn sen biara​—ɔsoro atɛntrenee​—no so.

Nea edii saa nsɛm a eye yi akyi ne ɔkasa “Ma Wo Ho Ntew wɔ Adwene ne Nipadua Mu.” Na ɛkanyan adwene dɛn ara! Ɛma yehuu hia a ɛho hia sɛ yɛde yɛn ho ma Onyankopɔn sɛ nkurɔfo a wɔyɛ kronn, wɔn ho tew, na wɔyɛ kronkron no. Dɛn ntia? Efisɛ Yehowa ho tew na ɔyɛ kronkron kɛse​—tebea a ɛma ɔda nsow fi amanaman no anyame a wɔyɛ fi no ho. Bere a onuabarima kumaa bi redwen saa ɔkasa yi ho no, ɔkae sɛ: “Wɔpɛɛpɛe biribiara a ɛfa yɛn adwene, abrabɔ, honam, ne honhom mu ahotew nyinaa ho mu. Wɔde adwene sii yɛn ntadehyɛ, ahosiesie, ofie, kar, ne nipasu nyinaa so.” Asafo mu ɔpanyin bi kae sɛ: “Afotu a ɛte sɛɛ a yɛn nuanom de bedi dwuma no bɛma wɔada nsow afi nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia no ho sen bere foforo biara na ɛbɛma wɔanya akwahosan a wiase no nyinaa nnim koraa.”

Nnɛyi drama “Wɔahyɛ Wɔn Agyirae Ama Nkwagye” no de nea egye ntɛmpɛ adwene bi kaa dwumadi no ho, efisɛ ɛsɛ sɛ wodi ɔsoro atɛntrenee ho dwuma nnansa yi ara. Saa adeyɛ a ɛka koma yi kyerɛe pefee sɛ ɛho hia sɛ obiara bue n’ani wɔ hia a yɛn mmere yi ho hia no ho. Nokwarem no, ansa na wɔbɛbɔ atoro som ahwe fam no, ɛsɛ sɛ yeguan kɔ guankɔbea hɔ na wɔhyɛ yɛn agyirae pɔtee ma nkwagye.

Awia no, akasafo bi a wɔn nyinaa kaa asɛmti titiriw biako ho asɛm sii hia a “Nteɛso a Wɔde Bɛma Trenee mu wɔ Abusua no Mu” hia no so dua. Wotuu kununom ne agyanom fo sɛ wonnya honhom fam dwumadi nhyehyɛe wɔ fie, wonni anim wɔ mpaebɔ, adesua, ne ɔsom kronn mu. Agya no mmarima su ne sɛnea odi ne tiyɛ no ho dwuma no ka sɛnea abofra bi bu tumidi, ɔsoro ne onipa de nyinaa, no kɛse. Enti, ɛsɛ sɛ Kristofo agyanom di wɔn nteɛso ho dwuma yiye na wɔkɔ so kura mu. Ɛho hia sɛ wɔda tema ne ɔhyew adi, na wɔnam saayɛ so bue wɔne wɔn mma ntam nkɔmmɔbɔ kwan.

Wɔhyɛɛ awofo nkuran sɛ wɔnnanan nkyerɛkyerɛ a wɔde ma wɔn mma no mu. Ɛho hia sɛ wɔma mmofra nya nhumu denam sɛnea wɔkyerɛ wɔn ade ne nea wɔkyerɛ no a wobesusuw ho so sɛnea ɛbɛyɛ a wobedu wɔn komam. Botae no ne sɛ wɔbɛma nokware no anya abusua mũ no nyinaa so nkɛntɛnso wɔ ɔkwan pa so.

Akasafo yi mu nea otwa to no hyɛɛ mmofra wɔ ɔhyew mu sɛ wɔnyɛ nea Yehowa hwɛ kwan fi wɔn hɔ wɔ abusua nhyehyɛe no mu no. Wɔhyɛɛ mmofra sɛ wonkwati atuatew honhom a ɛwɔ nnɛyi asetra a wɔma biribiara ho kwan mu no na wonni nteɛso a ɛma wonya nhumu no mu ahurusi.

Wɔ nsɛm a egyina Mmebusɛm 2:1-9 so mu no, wɔhyɛɛ nhyiamfo no sɛ “Monkɔ so Nhwehwɛ Akorade a Ahintaw.” Wɔyɛɛ mfatoho sɛ wobetumi anya honhom mu abohene denam adesua ne nhwehwɛmuyɛ so. Ɔkasafo a odi hɔ no reka “Hwɛ Yehowa ma Ɔmma Wo Nhumu” ho asɛm no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ nhumu ne tumi a wotumi hu tebea bi mu, sɛ wɔbɛhwɛ atra nea ɛda adi no na wɔanya biribi mu ntease. (Mateo 13:13-15; Romafo 3:11; Efesofo 5:17) Saa anigye da yi baa awiei bere a wɔnam telefon so de Olympik Agodibea no tõaa nkurow afoforo pii mu wɔ Canada ne United States no. Wosii ɔkasa “Hwɛ Yehowa na Ɔmma Wo Nhumu” no so dua denam nhoma a ɛwom abien a wɔfrɛ no Insight on the Scriptures a ekura nkratafa bɛboro 2,500 a kaseɛbɔ nsɛm ne mfonini ahorow a ɛbɛma yɛn anisɔ ma honhom mu nneɛma mu adɔ a woyii adi no so.

“N’Atemmu Yɛ Nokware ne Trenee”

Ɛda a ɛto so abiɛsa no a na ekura saa asɛmti a egyina Adiyisɛm 19:2 so no, na pii wɔ hɔ a ɛbɛma yɛadi ahurusi. Ɔkasa “Abrabɔ mu Ahotew ne Mmofrabere mu Ahoɔfɛ” no kaa mmofra kɛse. Wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmma ahoɔfɛ a ɛwɔ Onyankopɔn honam fam, abrabɔ mu, ne honhom fam ahotew ho gyinapɛn mu a wobekura mu no nsom bo mma wɔn. Nnwom a ɛka ɔbarima ne ɔbea nna ho nsɛm, television so dwumadi a ɛkyerɛ ɔbrasɛe, aguaman sini ne nhoma ahorow, ne atipɛnfo nhyɛso ka Kristofo mmofra daa. Sɛnea nsɛm fibea bi kyerɛ no, mmofra mu kakraa bi na wobedi mfe 19 no na wɔmmfaa wɔn ho nhyɛɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu ansa na wɔaware. Nanso atiefo no bɔɔ wɔn nsam kɛse bere a ɔkasafo no kamfoo Adansefo mmofra ɔpepem pii a wɔda wɔn ho adi sɛ wɔda nsow denam trenee gyinapɛn a ɛkorɔn mu a wokura so no. Nsɛnnennen ahyɛ aware a wɔware ntɛm ma, na wɔma wohui sɛ Paulo nsɛm a ɛfa aware a esiane “ɔhyew” nti wɔbɛware ho no mmfa mmofra a wonnii mfe 20 ho na mmom ɛfa wɔn a ‘wɔaso aware’ ho.​—1 Korintofo 7:9, 36.

Na asɛmti a edi hɔ ne “Mo ne Wɔn a Wonnye Nni Ntwe Kondua.” Onyankopɔn ahyɛde a ɛne sɛ yɛnware “Awurade mu nko” no ho osetie a yɛbɛyɛ no ma yekwati ɔyaw a ebetumi afi mu aba. (1 Korintofo 7:39) Bio, biribiara nni hɔ a ɛhyɛ aware den sen Yehowa a wɔka bom hyira wɔn ho so ma no ne trenee gyinapɛn ahorow a wɔbata ho. Nea edi hɔ no, wɔboaa yɛn ma yehuu sɛnea ɛsɛ sɛ ‘Yɛde Obu ne Onyankopɔn Suro Yɛ Ade.’

Ɛno na afei ade titiriw bi a ɛyɛ anigye no bae​—ɔkasa “Asubɔ a Ɛma Wonya Atemmu a Eye,” na afei nnipa a wɔahyira wɔn ho so foforo asubɔ dii akyi. Wosii so dua sɛ wɔhwɛ pii kwan fi wɔn hɔ sen ɔhonam mu fĩ a wobeyi afi hɔ. Sɛ wobenya atemmu a eye afi Yehowa hɔ a, ɛsɛ sɛ adwensakra, dan a wɔbɛdan wɔn ho, ne wɔn nkwa nna nyinaa a wɔde som ɔsom kronn ka wɔn ahosohyira ne asubɔ no ho.

Na awia dwumadi no yɛ nea wɔbɛkae ampa. Bio, ɛdenam telefon ntõam so no, Yehowa Adansefo Sodikuw no mufo de ɔkasa ahorow a emu yɛ hyew a egyina asɛmti titiriw biako “Bere a Wɔahyɛ no Abɛn” so no wosow atiefo wɔ North America nyinaa. Wɔ mfe du du pii mu no, Yehowa Adansefo apaem aka ɔsoro atemmusɛm a etia Babilon Kɛse, wiase atoro som ahemman no. Nanso, wɔ saa nhyiam yi ase no, saa nkrasɛm yi mu yɛɛ den kɛse. Babilon Kɛse adi Yehowa trenee ahyɛde ahorow a wabu so ho fɔ. Ɔfata ɔsɛe, efisɛ “ne nnebɔne atoatoa abedu soro, na Onyankopɔn akae n’amumɔyɛ.” Enti, Yehowa bɔfo se “ne haw bɛba da koro pɛ, owu ne awerɛhow ne ɔkɔm, na wɔde gya bɛhyew no, efisɛ [Yehowa] Nyankopɔn a obu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfo.”​—Adiyisɛm 18:5, 8.

Bere a ɔkasafo a otwa to no reka asɛmti “‘Aguaman’ a Ɔwɔ Dimmɔne No​—N’Asehwe ne ne Sɛe” ho asɛm no, ɔtwee adwene kɔɔ Adiyisɛm no awiei koraa no so. Saa awiei yi ba bere a Oguammaa no a ɔne n’ayeforo, kurow kronkron no, ka bom de daa nkwa hyira adesamma no ware no. Wɔatew Yehowa din ho! Ɔkasa ahorow no de asɛm a ɛka koma a ɛne sɛ bere a wɔahyɛ no abɛn sen sɛnea ebia yesusuw no na ɛbaa awiei! Ampa ara, Adiyisɛm no awiei koraa no abɛn!

Bere a atiefo no gu so rebɔ wɔn nsam no, woyii nhoma foforo a ekura nkratafa 320 a ɛne Revelation​—Its Grand Climax At Hand! no adi. Ade a ɛde ahurusidi ba bɛn ara ni! Akyinnye biara nni ho sɛ saa nhoma yi bɛyɛ ɔkwan a etu mpɔn a wɔnam so bɔ dawuru sɛ wɔadome Babilon Kɛse no, sɛ mprempren amanaman no rehyia Harmagedon, ne sɛ Yehowa rebebu atɛn. Ma wɔn a wɔwɔ anisɔ nyinaa nnye “honhom no ne ayeforo no” ɔfrɛ sɛ ‘wɔmmra’ nkwa nsu no ho no so. (Adiyisɛm 21:2, 9; 22:17) Ade a ɛde ahurusidi ba foforo dii saa nhoma a ɛkanyan anigye a woyii adi no akyi bae. Nhyiam atiefo no nyinaa de anigye mu gyidi gyee mpaemuka bi a emu da hɔ na ɛyɛ penpen a ɛkyerɛ kyi a yekyi Babilon Kɛse no toom.

“Atɛntrenee​—Atɛntrenee na Di Akyi”

Ɛde gyina Deuteronomium 16:20 so no, na eyi ne ɛda a etwa to no asɛmti. Anɔpa akasafo no sii nokwasɛm a ɛyɛ sɛ sɛ yebenya ɔsoro atɛntrenee mu mfaso a ɛsɛ sɛ yɛyɛ soronko fi wiase no ho no so dua. Susuw ɔkasa “Honhom mu Akwahosan mu a Yebekura wɔ Wiase a Ɛyare Mu” no ho. Ɛkyerɛɛ sɛnea yebetumi akwati nsan a efi wiase a ɛnte apɔw honhom mu mu ba no denam honam fam mmerɛwyɛ, wiase nkɛntɛnso, ne “Ɔbonsam nnɛɛdɛe” a yɛbɛbɔ yɛn ho ban afi ho no so. (Efesofo 6:11, 12; Romafo 7:21-25; 1 Yohane 2:15-17) Ɔkasa “So Wo Gyidi Bu Wiase no Fɔ?” no kyerɛe sɛ sɛ yɛwɔ gyidi te sɛ Noa a, yɛbɛda nsow afi wiase no ho. Wɔ Noa nna no mu no, na nsonsonoe kɛse wɔ wɔn a wonyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu ne wɔn a wɔn ase hyewee no ntam. Ɛno ara nso yɛ nokware nnɛ.

Wosii saa asɛntitiriw a ɛho hia yi so dua wɔ drama “Yehowa Atemmu a Ɔde ba Amumɔyɛfo So” no mu. Ɛde amumɔyɛfo a na wɔwɔ Noa ne Lot nna no mu no totoo wɔn a wɔte ase wɔ yɛn bere yi so no ho maa emu daa hɔ. Na Noa ne Lot yɛ soronko koraa, na wɔn gyidi buu wɔn bere sofo no atɛn. So yɛn ankasa yɛyɛ soronko sɛ yɛda nsow fi nkurɔfo a honam fam nneɛma ama wonni adagyew na wɔdɔ adebɔne no ho nnɛ?

Na baguam kasa “Atɛntrenee ma Obiara Denam Onyankopɔn Temmufo a Wapaw No So” no yɛ ɔsomafo Paulo kasa a ɔde maa Atenefo wɔ Areopago anaa Mars Bepɔw so no mu mpɛsɛpɛsɛmu a ɛkɔ akyiri. Esiane sɛnea ntɛnkyea ne atoro som atwa yɛn ho nyinaa ahyia no nti, ɔsomafo no nsɛm no kyerɛ biribi kɛse ma yɛn nnɛ. Yɛwɔ ntease titiriw sɛ yedi ahurusi efisɛ yɛte atemmu bere a ɛho hia a yebetumi ayɛ ade de anya Onyankopɔn mpeneso mu. Yiw, sɛnea Paulo kae no, Yehowa abɔ ne tirim sɛ “ɔnam ɔbarima bi [Yesu Kristo] a wayi no asi hɔ so bebu wiase ntɛn trenee mu; ɔno na wama wasɔre afi awufo mu de adi adanse sɛ nnipa nyinaa nnye nni.”​—Asomafo no Nnwuma 17:31.

Bere a dwumadi no rekɔ awiei no, wɔhyɛɛ yɛn sɛ “Monkɔ so Ntiw Atɛntrenee Bere a Awiei no Rebɛn No.” Saa nnanan nhyiam a ɛyɛ nwonwa yi ma yesii yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ saa. Dwumadi no de faako a yɛn amanaman ntam onuayɛ no kodu no kanyan yɛn koma. Sɛ nhwɛso no, anigye bɛn ara na na ɛyɛ sɛɛ yi sɛ yɛtiee asɛmpatrɛwfo a wɔde mfe pii asom nokwaredi mu wɔ wɔn dwumadi mu na wɔbaa nsrahwɛ no!

Yefii nhyiam no ase a na yɛahyɛ yɛn bo a yɛasi no mu den sɛ yɛbɛkɔ so atew yɛn ho afi wiase no ho na yɛama yɛn ho atew honhom, abrabɔ, adwene, ne honam mu. Bere a yɛn nyinaa de anigye too dwom a wɔde wie no, yɛn ani gyei sɛ yɛreto Yehowa ayeyi, na yɛde aseda mae sɛ ɔsoro atɛntrenee ma yɛn ade kɛse a ɛde ahurusidi ba.

Nnipa 1,440,932 na wɔbaa nhyiam horow 125 a wɔyɛe wɔ United States ne Canada nkutoo no ase na wobɔɔ 19,878 asu

[Mfonini wɔ kratafa 26]

1, 2. Sodikuw no mufo J. E. Barr ne W. L. Barry reyi nhoma Insight on the Scriptures ne Revelation​—Its Grand Climax At Hand! no adi wɔ Yankee Stadium, New York City

3, 4. Bible mu drama “Yehowa Atemmu a Ɔde ba Amumɔyɛfo So” no afã bi

5. Wɔbɔɔ ɔpepem pii asu de yɛɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa Nyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne

6. Nnɛyi drama “Wɔakora Wɔn So Ama Nkwagye” no afã bi

7. Asɛmpatrɛwfo a wɔbaa nsrahwɛ, te sɛ John Cutforth a ɔwɔ Papua New Guinea no, kaa wɔn osuahu ahorow kyerɛɛ nhyiamfo no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena