Mmusua Ntam Biakoyɛ A Wobenya Wɔ South Africa A Ɔhaw Wɔ Hɔ No
Sɛnea Merlyn Mehl ka kyerɛe
MEYƐ South Afrikani anaasɛ, sɛnea wɔka no fɛwdi kwan so wɔ ɔman yi mu no, South Afrikani a ɛsono ne honam ani hwɛbea. Meyɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Western Cape Sukuupɔn a ɛne ɔman no sukuupɔn a emufo yɛ abibifo titiriw a ɛso sen biara no mu. Mikura nhomasua mu abodin wɔ physics adekyerɛ mu. Mayɛ Yehowa Adansefo mu biako nso wɔ mfe 20 a atwam no mu. Ɛnde tebea ahorow abien yi mu nea ɛwɔ he na aboa me ma mahu mmusua ntam biakoyɛ wɔ ɔman a akameakame wom yi mu?
Nyin a Minyinii Wɔ South Africa
Wɔaka Cape Town a ɛwɔ Afrika kesee fam pɛɛ no ho asɛm sɛ ‘Asase-hwene a ɛyɛ fɛ sen biara wɔ asase so nyinaa.’ Sɛ wohwɛ nsoromma ahorow bere a wim yɛ hann anadwo wɔ Cape Town a, ɛyɛ ade a ɛka koma. Bere a mereyɛ saa bere bi no, mekae sɛ meka kyerɛɛ m’adamfo bi sɛ: “Eyi nyinaa kyerɛ dɛn?” Akyinnye biara nni ho sɛ ɛkyerɛ biribi; nanso, wɔ ha no, nneɛma ayɛ basaa kɛse. Ɔkwan bɛn so na nnipa betumi ayɛ nyiyim de atia afoforo saa? Dɛn nti na nneɛma di boa ebinom sen afoforo?”
Sɛ́ wɔwo obi wɔ South Afrika a, ɛkyerɛ sɛ obehu nnipa mu nyiyim fi ne mmofraase pɛɛ. Ɛte sɛ nea mmusua ntam ɔhaw rekɔ so bere nyinaa. Wogyina mmusua a nnipa fi mu so paapae wɔn mu yɛ wɔn akuw ahorow fi wɔn mmofraase pɛɛ. South Africa mmara ahorow ka yɛn abusua ho asɛm sɛ “ɛsono yɛn honam ani hwɛbea.” Bere a yɛyɛ mmofra no, wɔkyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ aborɔfo yɛ nhyɛsofo na yɛka wɔn a wɔhyɛ wɔn so no ho. Bere a na yenyin no, yɛne mmusua afoforo anni nkitaho biara wɔ sukuu anaa asetra mu fi saa bere no, na na ntease wom sɛ wɔde adwene a ɛnteɛ na ebu nnipa a wofi mmusua afoforo mu. Wɔ yɛn fam no, na ɛte sɛ nea aborɔfo wɔ nea eye sen biara wɔ biribiara mu—afie, asetra mu nneɛma afoforo ne sukuu. “Apartheid” (Nnipa mu nyiyim) a ɛne mmara mu asɛmfua ma mmusua mu mpaapaemu bɛyɛɛ asɛmfua a yekyi koraa wɔ yɛn kasa mu.
Wɔhyɛɛ yɛn abusua no ma yetu fii yɛn fi wɔ baabi a mmusua ahorow mufo te a wɔwoo me ne me nuabea wɔ hɔ no ansa na merewie mfitiase sukuu. Dɛn ntia? Esiane Mmeae a ɛsɛ sɛ abusua pɔtee bi tra mmara a ɛma kwan sɛ wɔmfa abusua biako pɛ ntra beae pɔtee bi no nti. Yetu kɔtraa baabi foforo, faako a yɛtrae mfe bi kosii sɛ wɔyɛɛ ɛhɔ nso “aborɔfo atrae.” Enti, yɛsan tui.
Esiane nyiyim a na wɔyɛ pefee no nti, m’awofo ne yɛn akyerɛkyerɛfo nso hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyere yɛn ho nsua ade wɔ sukuu. Asɛm no ne sɛ “ɛsɛ sɛ wokyerɛ oburoni no sɛ woye sen no.” Eyi nyaa me su wɔ sukuu ho no so tumi. Ɛwom sɛ na mefɛre ade yiye de, nanso na m’ani gye akenkan ho. Na mede me mmere pii kenkan biribiara a me nsa so mu. Enti, miwiee sukuu no na meka sukuufo a wonim nhoma yiye wɔ ɔman no mu no ho. Enti na ɛsɛ sɛ mekɔ sukuupɔn. Esiane sɛ na m’ani gye nyansahu ne akontaabu ho nti, na ɛnyɛ den mma me sɛ mesi gyinae sɛ mehwehwɛ nhomasua mu abodin wɔ nyansahu mu a na ade a mesua titiriw ne physics ne akontaabu.
Esiane sɛ wɔyɛɛ Sukuupɔn soronko ma abusua biara Mmara no wɔ 1960 (afe koro no ara a mifii sukuupɔn ase) mu nti, ɛma mekɔɔ sukuupɔn a na wɔatew ama abusua a mifi mu no. Na wɔbɔ sukuupɔn ahorow a ɛsonosono yi mu sukuufo ho dawuru kɛse. Na mebɔ mmɔden yiye wɔ adesua mu afe biara na awiei no, minyaa nhomasua mu abodin kɛse wɔ nuklea physics mu, ɛhyetae, ne titiriw no, esiane sɛ wɔpaw me sɛ memmɛyɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Western Cape Sukuupɔn no mu nti—osuani a ɔyɛ mulatoni a odi kan a wɔapaw no saa.
Nanso, na mayɛ basaa kɛse wɔ bere yi mu. Na minni asetra mu asemmisa titiriw no ho mmuae: Atirimpɔw a ɛwom koraa no ne dɛn? Saa bere yi mu na me ne m’adamfo no bɔɔ nkɔmmɔ a medi kan aka ho asɛm no.
Wobua Me Nsemmisa Ahorow
Ɛde besi saa bere yi na dwuma kakraa bi na nyamesom adi wɔ m’asetra mu. Bere a meyɛ abofra no, na mekɔ Anglikan Asɔre na wohyiraa me bere a midii mfe 16 no. Nanso mannya me nsemmisa no ho mmuae da. Enti, bere a na merenyin no, metew sɛnea mekɔ asɔre no so na awiei koraa no migyaee asɔrekɔ.
Afei mekɔɔ me yɔnko bi a me ne no kɔ sukuupɔn fi da koro bi. Ne yere, Julia de Bible kyerɛe sɛ amammui ne mmusua mu ɔhaw ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa na ɛnyɛ South Africa de nkutoo ano aduru wɔ hɔ. Me ho dwiriw me na m’adwenem yɛɛ me naa. Nanso migyee Basis for Belief in a Righteous New World nhomawa no, mekɔɔ fie na mifii ase kenkanee a na mepɛ sɛ mihu nneɛma mu.
Bere a ahemadakye nnɔnabien bɔe no, na meda so ara kenkan! Na nea enti a Bible no yɛ nokware, nea enti a wotumi de ho to ne nkɔmhyɛ ahorow so, nea enti a adesamma rehu amanne saa, nea enti a 1914 yɛ bere titiriw saa, ne nea enti a yebetumi ahwɛ kwan sɛ trenee nhyehyɛe foforo bi bɛba asase so ha ho nsɛm a ntease wom wɔ nhoma no mu. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi bɛyɛ nokware no!
Ade kyee no mesan kɔɔ me yɔnko no fie. Mibisaa ne yere sɛ: “So wowɔ nhoma a ɛte sɛɛ pii wɔ hɔ?” Mede nhoma pii a ɛka Bible nkyerɛkyerɛ atitiriw, Daniel ne Adiyisɛm mu nkɔmhyɛ ahorow mu nkyerɛkyerɛmu, sɛnea nna asia adebɔ no te, ne nneɛma pii ho asɛm kɔɔ fie. Nea ehia titiriw no, wɔkyerɛe sɛ Bible no baabiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ abusua mu nyiyim teɛ, efisɛ “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim.” (Asomafo no Nnwuma 10:34) Mekenkan nhoma no nyinaa. Nsemmisa a na ɛhaw me bere nyinaa no mmuae ni. Bere a mede mmɔdenbɔ asua Bible no bɛyɛ afe no, wɔbɔɔ me asu sɛ Yehowa Adansefo mu biako. Ɛyɛ November 21, 1967.
Sɛ ahyehyɛde no, Yehowa Adansefo nyiyi mmusua mu na wɔmfa wɔn ho nhyɛ amammuisɛm mu. Wodi nokware ma nniso biako, Onyankopɔn Ahenni. Asetra mu dibea ho nhia wɔn koraa. Nanso wɔ South Africa no, mmusua ntam ɔhaw ahorow wɔ hɔ bere nyinaa. Esiane Mmeae a ɛsɛ sɛ abusua pɔtee bi tra mmara no nti, asafo ahorow no ma wohu nnipa ko a wɔtete faako a ɛwɔ no. Enti mulatofo pii wɔ Claremont asafo a miwom no mu. Aborɔfo kakraa bi a wɔwom no yɛ asɛmpatrɛwfo anaasɛ ahwɛfo.
Wɔ mfe yi nyinaa akyi no, mekae nsɛm abien a esii a ɛkyerɛ sɛnea ɛyɛ den sɛ obi bedi mmusua ho su horow a ɔda no adi no so. Wɔ nhyiam akɛse ase no, aborɔfo a wɔba ase no taa kodi santen a wɔato retɔ aduan no anim, wogye wɔn aduan na wɔtew wɔn ho kodidi bere a yɛn a yɛaka no gyina hɔ retwɛn no. Ɛno hyɛɛ me abufuw. Adansefo a wɔyɛ aborɔfo no taa de wɔn yerenom kyerɛ wɔ ɔkwan yi so: “Me dɔfo, Merlyn ni. Ɔresua Bible no.” “Merlyn, me yere ni, Onuawa Asiamasi.” Wɔde me din a edi kan na ɛfrɛ me, nanso na ɛsɛ sɛ meka “Onuawa” anaa “Onuabarima.” Ɛhyɛɛ me abufuw!
Nanso afei mifii ase susuw nneɛma ho. Ɔhaw no ne sɛ wote nka bere nyinaa sɛ onipa foforo no na oyiyi mmusua mu. Nanso ɛsɛ sɛ ɔman a mmusua mu nyiyim wom te sɛ South Africa no nya obiara a ɔte ha so tumi. Ampa, ɛsɛ sɛ Adansefo aborɔfo no mu binom di wɔn ne nnipa a ɛsono wɔn honam ani hwɛbea ntam abusuabɔ no ho dwuma. Nanso, ɛsɛ sɛ me nso meyɛ saa ara. Bible no de afotu pa ma wɔ asɛm yi ho: “Nna abufuw adi ntɛmntɛm, efisɛ nkwasea kokom na abufuw te.” (Ɔsɛnkafo 7:9, The New English Bible) Yiw, na ɛsɛ sɛ mema me nkate ano brɛ ase na ɛnsɛ sɛ mibu biribi ketewa bi sɛ ɛyɛ abusua mu nyiyim.
Ɛsɛ sɛ meka nso sɛ tebea a ɛwɔ ɔman no mu no asakra wɔ ɔkwan bi so fi saa bere no. Kan no, na aborɔfo kakraa bi pɛ na wɔma wɔn kwan ma wɔkɔ mmusua afoforo ɔsom ho nhyiam horow ase na na ɛnsɛ sɛ wɔne wɔn bom didi. Eyi nte saa bio.
Nanso nea ehia titiriw no, ahyehyɛde bi a emufo di hwebom, wotumi kɔ wɔn mu biara fi, na wɔfrɛ wɔn ho wɔn ho anuanom na wɔyɛ ade de kyerɛ sɛ ɛte saa ankasa wɔ ha. Wokura gyidi yi mu pintinn na egyina Bible nnyinasosɛm ahorow so. Enti sɛ mmusua ntam ɔhaw sɔre—ɛkame sɛ ɛyɛ ade a wontumi nkwati wɔ South Africa—a, nokwasɛm ahorow yi a misusuw ho no ma midi me nkate so bere nyinaa. Bere a mmere twaam no, misuaa sɛnea mede Bible nnyinasosɛm ahorow bedi dwuma yiye na menam saayɛ so nyaa mmusua ntam nsɛm ho asomdwoe kɛse wɔ me mu. Nanso ɛsɛ sɛ obi di ho dwuma!
Bere Nyinaa Som Adwuma
Wɔ m’asubɔ akyi pɛɛ no, metee nka sɛ ɛho hia sɛ mema me som adwuma nya nkɔanim. Na meyɛ osigyani a na minni asɛyɛde pii, enti mifii daa akwampae adwuma ase October, 1, 1968. Eyi maa nsɛm sɔree, efisɛ ɛma mifii sukuupɔn no mu na migyaee adwuma a nnipa pii bu no sɛ anuonyam wom no. Atesɛm krataa bi mu asɛm a ɛfa gyinae a misii no ho asɛmti ne sɛ: “Nyansahufo a Ɔwɔ Din De Bible Nenam.” Bere tiaa bi akyi no, na meyɛ Bible adesua du anaa nea ɛboro saa. Wɔbɔɔ nnipa yi mu baanu asu wɔ nhyiam bi ase, anan wɔ nea edi hɔ no ase; na afei ason ne nea ɛkeka ho.
Mewaree Julia, Ɔdansefo a ɔkaa nokware no ho asɛm kyerɛɛ me no September 17, 1969. Na wagyae aware mmara kwan so ne Kyerɛwnsɛm mu bere bi ansa na yɛware. Eyi kyerɛe sɛ minyaa abusua ntɛm ara, efisɛ na ɔwɔ mmabarima baanu, John ne Leon. Yɛbɔɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ akwampae adwuma no bere tenten biara a yebetumi, na ɛyɛɛ nhyɛase pa maa mmarimaa no na ɛboaa me ma yɛn abusua a mmanoma wom no dii yiye.
Na 1970 mfiase mu hɔ no yɛ anigye bere wɔ bere nyinaa som adwuma no mu sɛnea osuahu ahorow yi da no adi no. Bere a na yɛka asɛm no wɔ afie afie no, yehyiaa awuraa bi a wɔfrɛ no Annabel. Ogyee Nokware a ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no ne Bible ntɛm ara. (Akyiri yi yɛtee sɛ ɔde ne sika nyinaa a na aka wɔ ne ho na etuaa nhoma no ka—eyi maa nufusu tɔnfo no begyee ne sika dapɛn a edi hɔ no!) Efi mfiase no, na osiesie ne ho yiye ma dapɛn biara adesua no ɛmfa ho sɛ na ɔwɔ abofra a ɔyɛ peterepetere. Ofii ase kaa nea na ɔresua no kyerɛɛ n’abusua nso. Ankyɛ ne kunu, Billy, ne no baa nhyiam ahorow. Na Annabel awofo atoto wɔn mma baanum no din sɛnea nkyerɛwee mu nkyerɛwde no te nnidiso nnidiso. Ne nuabea Beattie fii ase suaa ade. Charlie ne ne yere nso bɛkaa ho. Daphne nso kyerɛɛ anigye, na Edna ne ne kunu nso bɛkaa ho. Ɛnnɛ, abusua mu no nyinaa resom nokwaredi mu mfe pii. Mmarima no yɛ mpanyimfo anaasɛ asafo mu asomfo na mmea no mu pii asom sɛ akwampaefo.
Afei Stanley nso wɔ hɔ. Yehuu no wɔ afie afie adwuma no mu, onipa a otwa to a yɛkɔɔ ne nkyɛn Dwoda awia bi a na wim ayɛ wuridudu. Nanso hwɛ sɛnea ɔmaa yɛn akwaaba! Ne yere kae sɛ yɛmmra mu, na yehu prɛko pɛ sɛ yɛahyia onipa a osuro Onyankopɔn. Nokwarem no, na ɔbɔɔ mpae de srɛɛ mmoa a ɛbɛma wate Bible no ase nkyɛe. Ade a yedii kan bɔɔ ho nkɔmmɔ ne Baasakoro nkyerɛkyerɛ no. Bere a yɛabɔ nkɔmmɔ dɔnhwerew biako akyi no, na ɛte sɛnea wagye nea yɛka no adi. Dapɛn a edi hɔ no ɔde nsɛm yi kyiaa yɛn: “Nea moka no yɛ nokware. Makenkan ‘Apam Foforo’ no nyinaa, na Baasakoro biara nni mu. Mikohuu ɔsɔfo no kobisaa no nea enti a ɔredaadaa me. Wampene sɛ obehu me, enti mede sika kotoku a metaa de gyigye sika fi asɔremma afoforo nkyɛn no maa no.” Eyi nyinaa sii bere a na onnyee nhoma biako mpo mfii yɛn nkyɛn! Ɔpɛe sɛ ɔba nhyiam horow, enti yɛhyɛɛ no bɔ sɛ yɛbɛba abɛfa no. Nanso saa Kwasida no, bere a yɛhyɛɛ no no paa ho simma anum ansa na yedu hɔ. Yehyiaa no a na ɔte ne baesekre so rekɔ nhyiam no! Ɔkae sɛ “misusuwii sɛ mo werɛ afi me.” Yesuaa ade mprensa dapɛn biara na wɔbɔɔ no asu wɔ bere a yedii kan huu no no akyi asram abiɛsa. Stanley de nnamyɛ koro no ara a na ɔwɔ kan no asom mfe pii.
Me ne Julia buu akontaa sɛ yɛanya hokwan aboa nnipa bɛyɛ 50 ma wɔabɛyɛ Yehowa Adansefo wɔ mfe a atwam no mu.
Mesan Kɔyɛ Honam Fam Adwuma
Bere a na yɛde mfe anan ayɛ akwampae adwuma akyi no, na ɛkame ayɛ sɛ yɛn sika asa. Na asetra ayɛ den na na mmarimaa no renyin. Enti yesii gyinae sɛ yebegyae bere nyinaa som adwuma no wɔ yawdi ne pɛ a na yɛmpɛ sɛ yɛyɛ saa nyinaa akyi. Na ɛyɛ September 1972. Afei na dɛn na edi hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Afe biako ne kakraa akyi, January 1, 1974 no, mesan kɔkyerɛɛ ade wɔ sukuupɔn no mu bere a na wohia physics ɔkyerɛkyerɛfo no. Eyi kyerɛe nsakrae kɛse ne hwɛ a ɛsɛ sɛ mehwɛ me ho yiye na m’aba mu ammu. Nanso esiane sɛ Julia gyinaa m’akyi pintinn nti, mitumi yɛɛ nsakrae no. Ɛboa yiye sɛ wobɛkɔ so ayɛ nnam yiye wɔ ɔsom adwuma no ne asafo no mu—na wakɔ so ‘ahwehwɛ ahenni no kan.’—Mateo 6:33.
Esiane sɛ wɔhwɛ kwan sɛ sukuupɔn akyerɛkyerɛfo nyinaa bɛyɛ nhwehwɛmu nti, asɛm sɔree wɔ nuklea physics a mɛsan akyerɛ no ho. Mihui sɛ na ɛyɛ den dodo ma me sɛ mɛyɛ saa kokoam nhwehwɛmu yi bere a mebɔ mmɔden sɛ mede bere a memfa nkyerɛ ade wɔ sukuupɔn no mu no bɛkyerɛkyerɛ afoforo Bible mu nokware no. Na ɛte sɛ nea mfaso nni so sɛ wobɛyɛ nhwehwɛmu esiane sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ ara kwa nti. Nokwarem no, wobetumi de nuklea physics nhwehwɛmu ayɛ akode na eyi betumi ama ɔhaw asɔre wɔ afã biara a minni sɛ Kristoni no ho.—Yesaia 2:2-4.
Wɔ South Africa no, sukuupɔn te sɛ Western Cape de no wɔ sukuufo pii a wɔfrɛ wɔn sɛ “wɔn a wɔannya nkyerɛkyerɛ pa.” Wɔba sukuupɔn a ɛnyɛ nea wɔasiesie wɔn ho yiye esiane nkyerɛkyerɛ pa a wɔannya wɔ sukuu ne asetra ne sikasɛm nti. Wɔ nsɛm pii mu no, ɛnyɛ sɛ wontumi nsua ade—wonnyaa hokwan ɛ. Mfe 13 a atwam no mu no, mayɛ sɛnea ɛyɛ den ma saa sukuufo no sɛ wobesua ade no ho nhwehwɛmu na meyɛɛ akwan afoforo a wɔbɛfa so akyerɛ wɔn ade ho nhyehyɛe sɛ adwuma a meyɛ wɔ sukuupɔn no mu fã. Nhwehwɛmu yi ama manya abodin wɔ physics adekyerɛ mu na ama wɔapagyaw me sɛ adekyerɛ mu ɔbenfo. Mprempren yɛne sukuupɔn ahorow a ɛwɔ United States ne Israel bom yɛ nhwehwɛmu nhyehyɛe ahorow. Ɛyɛ anigye sɛ wode nea wɔahu wɔ nhwehwɛmu yi mu no bɛtoto akwan a Yehowa Adansefo fa so kyerɛkyerɛ no ho.
Wɔfrɛ nkyerɛkyerɛ bi a Ɔbenfo Reuven Feuerstein ne ne mfɛfo adwumayɛfo a wɔwɔ Israel de bae no sɛ Mediated Learning Experience. Nkyerɛkyerɛ no kyerɛ sɛ ɛnyɛ sɛ nneɛma a emfi nipadua no mu a ɛnam mmofra nkate so kanyan wɔn nkutoo na ɛma mmofra tumi dwen na mmom nso ntamgyinafo a ɔyɛ onipa a ɔkyerɛkyerɛ nneɛma a ɛkanyan wɔn no mu kyerɛ wɔn no nso. Sɛ wɔanyɛ eyi a, mmofra ntumi nnwen sɛnea ɛsɛ sɛ wotumi yɛ.
Yehowa Adansefo si ɔwofo adwuma sɛ ne ba kyerɛkyerɛfo titiriw no so dua kɛse. Adansefo a wɔyɛ awofo ne wɔn mma de nnɔnhwerew pii hwehwɛ Bible mmoa nhoma ahorow mu na wobisa wɔn nsɛm fa nea wohu ho na wɔboa wɔn ma wɔte nea Bible mu nsɛm kyerɛ ase. Ɛnyɛ hia a dapɛn dapɛn Bible adesua ho hia nkutoo na wosi so dua na mmom nso nneɛma a wɔde bɛkyerɛkyerɛ wɔn daa ne titiriw Bible nnyinasosɛm ahorow. (Deuteronomium 6:6-8) Ɛte sɛ nea nhwehwɛmu a maka ho asɛm wɔ atifi hɔ no kyerɛ sɛ, sɛ awofo yɛ saa a, na wɔrema wɔn mma nyansa ayɛ kɛse.
Nkyerɛkyerɛ foforo nso ne sɛ ɔkyerɛkyerɛ nyɛ asɛm a ɔkyerɛkyerɛfo yi fi n’adwene mu de hyɛ osuani adwenem kɛkɛ. Mmom no, obiara nya nea wate anaa wahu no ho adwene bi. Enti na nnipa baanu betumi atie asɛm bi nanso wobenya adwene soronko wɔ ho no. Sɛ nnipa betumi asua ade yiye a, ɛsɛ sɛ wɔn ankasa di nsɛm no ho dwuma.
Yehowa Adansefo nhyiam horow hyɛ eyi pɛpɛɛpɛ ho nkuran. Wɔhwɛ kwan sɛ obiara bedi kan asiesie ne ho ama nhoma no mu adesua a wɔbɛyɛ no. Wɔ nhyiam no ankasa mu no, wɔma atiefo ka asɛm a wɔasiesie no ho nsɛm. Ɔkwan yi so no, ɛnyɛ sɛ wɔhyɛ nnipa no nkuran sɛ wɔnka nea wɔasua no nkyerɛ nko na mmom ɛma wonya mfaso fi ahosiesie a afoforo ayɛ no mu nso.
Wɔakamfo nhomasua a egyina komputa so no sɛ ɔkwan a wɔnam so kyerɛ ankorankoro ade. Nanso Bible adesua adwuma a Adansefo no ayɛ mfe pii wɔ nkurɔfo afie mu no ayɛ nea ɛsen saa! Ɔkyerɛkyerɛfo biako boa onipa biako, baanu, anaa baasa (ɛtɔ bere bi a wɔdɔɔso sen saa) ma wosusuw Bible asɛm bi ho nhoma a osuani no ahwehwɛ mu de asiesie ne ho no ho. Wɔhyɛ osuani no nkuran sɛ ɔnkyerɛkyerɛ nea ɔte ase no mu na afei wosusuw nkyekyem no ho mmiako mmiako—Bible adesua a wɔne obi yɛ ampa. Esiane sɛ Yehowa Adansefo de ɔkyerɛkyerɛ mu nnyinasosɛm pa a ɛte saa di dwuma nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔredɔɔso. Ɛwom, ɛho nhia sɛ wosua saa nnyinasosɛm ahorow yi fi sukuupɔn bi mu. Wonya fi fibea a ɛkorɔn—Bible no mu.—Mateo 28:19, 20; Yohane 6:45.
Mmusua Ntam Biakoyɛ Si Mmusua Ntam Akameakame Ananmu
Fi bere a mebɛyɛɛ Yehowa Ɔdansefo no, mfe bɛboro aduonu atwam. Mprempren, me mmanoma John ne Leon anyinyin, wɔabɔ wɔn baanu nyinaa asu na wɔsom nokwaredi mu. Yɛwoo yɛn babarima Graeme 1976. Ɛyɛ hokwan sɛ yɛatete ɔno nso wɔ nokware kwan no so. Wɔahyira yɛn abusua no efisɛ Julia atumi ayɛ ɔkwampaefo bio, bere a anyɛ yiye koraa no meyɛ akwampaefo boafo mprɛnsa afe biara. Wɔ South Africa a yɛte no, mmusua ntam akameakamedi anya nkɔso kɛse. Obi hu wɔ mfonini a wɔayɛ wɔ adan ho mu na ɔte nka wɔ baabiara. Nanso wɔ mmusua mu mpaapaemu yi nyinaa mu no, nnɛyi anwonwade bi rekɔ so. Esiane sɛ Ɔman no agow fekubɔ ho mmara ahorow no mu nti, mprempren Yehowa Adansefo tumi hyiam, ne titiriw no wɔ nhyiam akɛse ase. Manya hokwan ayɛ nhyiam yi bi ho nhyehyɛe ama mmusua horow nyinaa. Ɛhɔ na yehu mmusua mufo nyinaa a wɔbom yɛ ade, nnipa a wɔde Bible mu gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn akyerɛkyerɛ wɔn sɛ yemmu honam ani hwɛbea nyinaa pɛ! Ɛha na nnipa a wohu nea afoforo te wɔ wɔn mu na ɛnyɛ wɔn honam ani hwɛbea ara kwa no wɔ.
Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo ka bom yɛ wiase nyinaa nokware onuayɛ koro wɔ adesamma mu. Ɛrenkyɛ, Yehowa ‘bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.’ Me ne me nuanom mmarima ne mmea ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa no hwɛ trenee wiase foforo a emu yɛ anigye, na mmusua mu nyiyim nnim kwan.—Adiyisɛm 21:3-5.