Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 7/1 kr. 15
  • Ahenni Asɛmpa a Efi Australia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahenni Asɛmpa a Efi Australia
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Vietnamni Oguanfo
  • Aboriginni Bi Gye Nokware no Tom
  • Obi a Wɔfom Frɛɛ No Telefon So
  • ‘Nkokoaa Anom’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • “Kyerɛwsɛm Biara a Ɔkenkanee no Kaa Me Koma”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Yehowa Ho Yɛ Den Sen N’atamfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • ‘Nokware No Bɛyɛ Mo Adehye’​—Na Ama Moanya Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 7/1 kr. 15

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Ahenni Asɛmpa a Efi Australia

YEHOWA ADANSEFO de nnamyɛ reka Ahenni no ho asɛm wɔ Australia te sɛ nea wɔyɛ wɔ nsase afoforo 211 so no. Adansefo bɛboro 49,000 a wɔwɔ hɔ no renya nhyira pii. Aman ahorow pii mu nnipa atu abɛtra hɔ wɔ mfe a atwam no mu ma enti mprempren asafo ahorow 58 a ɛsono kasa a wɔka bu asɛnka ho akontaa Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea no ka osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran kyerɛ.

Vietnamni Oguanfo

Vietnamni oguanfo bi a mprempren ɔte Australia no de nananom a wɔawuwu som, Konfusiosom, ne Buddasom ne Apuei Fam ne Atɔe Fam nyansapɛ nyinii. Ɛde besi 1975 mu no, na ɔyɛ South Vietnam sraani. Pɔmpɔ bi a ɛbɔɔ ne nsa kɔn ma wotwaa ne nsa benkum wɔ 1979 mu. Esiane sɛ na ɔpɛ sɛ onya ahofadi nti, ɔne nnipa afoforo 24 de ahyɛmma bi guan fii Vietnam wɔ 1983 mu. Bere a wɔne po so adwowtwafo dii akameakame a ɛyɛ hu akyi no, wɔn ahyɛmma no kyinkyin South China Po no so nnansia a na wim ayɛ hyew kɛse ansa na awiei koraa no wokoduu Malaysia. Bere a odii asram anum wɔ aguanfo atrae bi akyi no, wɔmaa no kwan ma ɔbaa Australia. Asram abiɛsa akyi no, ɔtee nokware no ho asɛm. Yesu nsɛm a ɛwɔ Yohane 8:32 no dii ɔpɛ a emu yɛ den a na ɔwɔ sɛ obenya ahofadi no ho dwuma: “Mubehu nokware no, na nokware no ayɛ mo adehye.” Anuanom yii ɔdɔ kɛse adi kyerɛɛ no. Ɛnnɛ ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo na waboa nnipa afoforo pii a wɔka Vietnam kasa ma wɔasua nokware a ɛma obi yɛ ɔdehye no.

Aboriginni Bi Gye Nokware no Tom

Wɔ Australia kusuu fam atɔe no, ɔkwampaefo kumaa bi ne ne yɔnko kwampaefo bi kɔɔ Aboriginni ɔbea bi nkyɛn wɔ baabi a wɔyɛn nguan. Bere a ɔbea no tiee nea enti a na wɔaba hɔ no akyi no, oyii safe bi fii ne kɔn mu na obuee dade adaka kɛse bi. Nea ɛyɛɛ wɔn nwonwa kɛse no, wohuu Ɔwɛn Aban Asafo no nhomawa abien ne Bible dedaw bi wɔ ne nneɛma kakraa bi no mu. Bere a wɔtratraa fam no, wotumi de nhomawa no biako fii adesua ase. Ɛwom sɛ ɔbea no nnim akenkan ne akyerɛw de, nanso na obu nhomawa a na watɔ dedaw no sɛ ɛsom bo ankasa. Wɔne no yɛ adesua daa na n’ani gye.

Obi a Wɔfom Frɛɛ No Telefon So

Wɔ Sydney kurow a nnipa ɔpepem abiɛsa wom mu no, na abeawa ketewa bi a wadi mfe abiɛsa redi telefon ho agoru na ɔfom frɛɛ obi. Na nɔma no yɛ Ɔdansefo bi de. Onuawa bi gyee so na mfiase no osusuwii sɛ nea ɔfrɛɛ no yɛ ne nana. Afei ɔtee ɔpanyin bi nne. Na ɛyɛ abeawa no maame a ɔbɛpaa kyɛw maa ne babea no. Nkɔmmɔbɔ fii ase na yɛn nuabea no dii adanse wom. Ɔbea no teɛɛm sɛ: “Na mehwɛ kwan sɛ Adansefo no bɛba me fi bio. Mepɛ sɛ meyɛ Yehowa Adansefo mu biako!” Ɔkɔɔ so kae sɛ wɔ asram abien pɛ a atwam no mu no, ɔkɔɔ Peru na n’ani sɔɔ ne maame nuabea ne n’abusua a mprempren wɔyɛ Yehowa Adansefo no. Ɔkae sɛ: “Na m’abusuafo no mma no yɛ adaemone nketewa, nanso mprempren wɔyɛ abɔfo nketewa!” Wɔyɛɛ Bible adesua ho nhyehyɛe na ɔbea onigyeni no da so ara nya nkɔso​—ne nyinaa fi obi a ne babea ketewa fom kɔfrɛɛ no telefon so nti.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena