Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 9/1 kr. 3
  • Owu Akyi Asetra​—Nsemmisa A Wɔmmaa Ho Mmuae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Owu Akyi Asetra​—Nsemmisa A Wɔmmaa Ho Mmuae
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Owu Akyi Asetra Wɔ Hɔ?
    Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So
  • So Owu Akyi Asetra Wɔ Hɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Owu Akyi Asetra—Dɛn Na Nkurɔfo Gye Di?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Ɔkra
    Nyan!—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 9/1 kr. 3

Owu Akyi Asetra​—Nsemmisa A Wɔmmaa Ho Mmuae

“SƐ ONIPA wu a, so ɔbɛtra ase bio?”(Hiob 14:14) Mfe pii a atwam mu no, nnipa a wofi mmusua horow nyinaa mu asusuw asɛm yi a agya panyin Hiob bisae mfehaha pii a abɛsen ni no ho, na ɛho mmuae a wɔde ma nsa da.

Tete Helafo kyerɛkyerɛe sɛ awufo akra kɔ so tra ase. Wɔde eyinom twa asubɔnten Styx kɔ asase ase atrae kɛse bi. Ɛhɔ na atemmufo bu akra no ntɛn, sɛ wɔbɛyɛ wɔn ayayade wɔ afiase bi a wɔde ɔfasu tenten bi atwa ho ahyia anaasɛ wobegye wɔn ani wɔ anigyebea bi. Tetefo afoforo bi susuwii sɛ akra dan yɛ nsoromma anaa nsoromatua-odua. Afoforo nso kae sɛ akra hyerɛn na ɔsram no twetwe wɔn; bere biara a ɔsram betwa puruw no, wɔde wɔn kɔ owia so.

Owu akyi asetra ho nkyerɛkyerɛmu ahorow abu so nnɛ. Hindufo ne Buddafo gye awufo a wɔsan ba nkyerɛkyerɛ no di. Nkramofo kyerɛkyerɛ sɛ ɔkra no kɔ so tra ase wɔ nipadua no wu akyi, na wɔ atemmu a edi akyiri no mu no, ɛbɛkɔ paradise anaa hell. Wɔkyerɛkyerɛ Protestantfo pii sɛ akra kɔ so tra ase wɔ owu akyi, na wonya anigye wɔ soro anaasɛ wɔyɛ wɔn ayayade wɔ hellgya mu. Katolekfo de mfinimfinibea ne ahogwiragya ka nkyerɛkyerɛmu ahorow yi ho.

Wɔ nsase bi so no, nea wosusuw sɛ ɛyɛ awufo akra ho gyidi horow no yɛ ɛhɔnom atetesɛm ahorow a ɛne nea wobu sɛ ɛne Kristosom no adi afra. Sɛ nhwɛso no, ade a Katolekfo ne Protestantfo pii a wɔwɔ Afrika Atɔe fam no taa yɛ ne sɛ wɔbɛkata nhwehwɛ anim bere a obi awu, na obi anhwɛ mu anhu owufo no honhom. Ɔdɔfo bi wu akyi adaduanan no, abusua ne nnamfo tow pon hyɛ ɔkra no sorokɔ ho fã. Ɛno akyi, mpɛn pii wɔ Buronya mu anaa Afe Foforo da no, abusuafo kɔ amusiei hɔ de mmosã kogu ɔda no so. Wɔkasa kyerɛ owufo no, srɛ ne hɔ dom na wɔka nsɛm a asisi wɔ abusua no mu kyerɛ no mpo.

Ɛda adi sɛ, wiase ɔsom horow no adwene nhyia wɔ nea ɛba owu akyi ankasa no ho. Nanso, ɛkame ayɛ sɛ wɔn nyinaa adwene hyia wɔ mfitiase nkyerɛkyerɛ biako ho: onipa kra a enwu da. Owu akyi asetra ho nkyerɛkyerɛ dodow no ara yɛ saa mfitiase asɛm yi a wɔkyerɛkyerɛ mu ɔkwan foforo so ara kwa.

Nanso, nsemmisa a ɛhaw adwene pii sɔre: Ɛhe koraa na ɔkra a enwu da adwene no fi? So wɔkyerɛkyerɛ wɔ Kyerɛwnsɛm mu? Sɛ ɛte saa a, dɛn nti na ɔsom ahorow a ɛnyɛ Kristofo de kyerɛkyerɛ? Eyinom nyɛ nsemmisa a ɛsɛ sɛ wobu ani gu so. Owu yɛ nokwasɛm a ɛda w’anim, a ɔsom a wugye tom biara mfa ho. Enti, w’ankasa ho wɔ asɛm no mu. Enti, yɛto nsa frɛ wo sɛ fa adwene a emu da hɔ hwehwɛ nsɛm yi mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena