Ɔsɛmpɔw Kɛse No—Ɛne Dɛn?
DƐN ne ɔsɛmpɔw kɛse a ɛda yɛn mu biara anim no? So ɛne ɛpo a ɛreyiri no ne wim tebea a asɛe esiane ɔhyew a aba asase no so nti anaa? So ɛne mframa a ɛsɔn owia no ahoɔden so no a sɛe a ɛresɛe nti, ama owia ahoɔden a edi awu no ka yɛn no anaa? So ɛne nnipa a wɔredɔɔso dodo ma enti ama asase so ɔhaw ahorow te sɛ ohia ne nsɛmmɔnedi akɔ soro no anaa? Anaa so ɛne nnipa ɔpepem pii a wobewuwu wɔ nuklea akodi mu ho akwanhwɛ, a awiei koraa no, awɔw, ɔkɔm, ne mframa bɔne bɛma wɔn a wobefi ɔsɛe no mu aka no de ɛyawdi awuwu no anaa?
Nsɛmma nhoma Scientific American kaa eyi ne nsɛmpɔw afoforo ho asɛm wɔ 1989 mu akyi no, ɛkae sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ nuklea akodi a ebetumi aba ne . . . tra a nnipa bɛtra ase ho asiane a anibere wom sen biara.” Ɛnde, so nuklea akodi ne ɔsɛmpɔw kɛse a ɛda yɛn anim no?
Ɔsɛmpɔw Kɛse No
Esiane amammuisɛm tebea mu nsakrae a aba fi 1989 nti, ɛte sɛ nea ebia nuklea akodi rensi. Ɛte saa koraa mpo a, mpɛn dodow a nuklea akode wɔ hɔ no, ɛbɛyɛ asiane a anibere wom ama adesamma. Nanso, 1990 Britannica Book of the Year no mu nsɛm bi dan adwene kɔ asɛm foforo bi a anibere wom so. Sɛnea nhoma a wɔde yɛ nhwehwɛmu yi kyerɛ no, asase sofo bɛyɛ ɔpepem 230 yɛ wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Nhoma afoforo kyerɛ sɛ Apuei Fam nyansapɛ ahorow a ɛma wonya adwene sɛ Ɔbɔadeɛ bi nni hɔ no nya ɔpepem pii nso so nkɛntɛnso. Bio nso, ɔpepehaha pii gye Ɔbɔadeɛ bi di de, nanso nsonsonoe kɛse wɔ adwene a wokura wɔ ne ho mu. Na mpɛn pii no, wɔn nneyɛe de ahohorabɔ kɛse ba Onii a wose wɔsom no no so.—2 Petro 2:1, 2.
Sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ—na ɔwɔ hɔ ampa—a, ɛnde nea ɛte biara, ne ho bɛwɔ ɔsɛmpɔw titiriw a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu. Dɛn nti na ɔbɔɔ adesamma? Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ma no? Dɛn na ɔbɛyɛ wɔ asase no a onipa resɛe no no ho? Na dɛn na ɔbɛyɛ wɔ mpoatwa a pow a nnipa pii pow sɛ wobegye no adi na wɔayɛ n’apɛde no da no adi no ho? Nokwarem no, ɔsɛmpɔw kɛse a ɛda yɛn mu biara anim ne sɛ ebia yegye Onyankopɔn, “a ne din nkutoo ne YEHOWA” no tumidi tom anaa sɛ yɛpow.—Dwom 83:18, King James Version.
Sɛnea Amansan no Bae
Ɛyɛ ampa sɛ, wɔn a wonnye Onyankopɔn nni no fam de, nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ma no biara nyɛ wɔn asɛm. Nanso yɛn ofie a ɛne asase yi fɛ ne sɛnea wɔyɛe no ma obiara a ofi nokwaredi mu hwɛ no gye tom sɛ ɛbɛyɛ sɛ Odwumfo kɛse bi wɔ hɔ. Ɛyɛ nokware sɛ sɛ nyansahufo pii rebɔ mmɔden sɛ wɔde abɔde mu anwonwade ahorow a atwa yɛn ho ahyia ho nkyerɛkyerɛmu bɛma a, wɔmmɔ Onyankopɔn din koraa. Sɛ nhwɛso no, pii se biribi a ne kɛse nnu akoroteaa ano na ayɛ kɛse araa ma abɛdan yɛn amansan yi, sɛ ne nyinaa baa “ne kwan ara so”, ɛbae ara kwa, a Ɔbɔadeɛ bi ho nhia. Nanso ɔkyerɛkyerɛɛ adekyerɛsɛm foforo bi a na agye din a ɛfa sɛnea amansan yi bae ho mu akyi no, nyansahufo Hanbury Brown, gye tom wɔ ne nhoma The Wisdom of Science mu sɛ: “Misusuw sɛ ɛno te sɛ nkonyaayi sen nkyerɛkyerɛmu ma nnipa pii.” Ɔbenfo Brown de ba awiei sɛ “sɛnea wiase no bae ne ho atirimpɔw” yɛ “ahintasɛm akɛse” a ɛte sɛ nea nyansahu rentumi nnya ho mmuae.
Nyansahufo atumi akyerɛ sɛ abusuabɔ bi wɔ ade a wotumi so mu ne biribi mu ahoɔden ntam, ne sɛ wobetumi ama ade a wotumi so mu adan ahoɔden na ahoɔden adan ade a wotumi so mu. Sɛnea ɛda adi wɔ nuklea atopae mu no, ade a wotumi so mu ketewaa bi betumi ayɛ ahoɔden pii. Ɛnde, nsoromma bɛboro ɔpepem 100,000 a ɛwɔ yɛn nsorommakuw yi mu, ne nsorommakuw bɛboro ɔpepem 1,000 a ɛka bom yɛ yɛn amansan a yetumi hu no mu ahoɔden no fi he?
Bible no se: “Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro, na monhwɛ nea ɔbɔɔ eyinom. Ɔno na obu wɔn dɔm ano yi wɔn adi, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn; ne tumi dodow ne n’ahoɔden kɛse nti obiara nka akyiri.” Onii ko no ne hena? Bible no de mmuae no ma sɛ: “Mene [Yehowa], me din ne no, na meremfa m’anuonyam mma obi.”—Yesaia 40:26; 42:5, 8.
Nsusuwii a ɛne sɛ asase no ne amansan nkae no bae ara kwa no yi anuonyam a ɛfata Ɔbɔadeɛ Yehowa Nyankopɔn no fi hɔ. (Adiyisɛm 4:11) Eyi ntease a emu yɛ den a yebegyina so ahwɛ asase no so yiye nso fi hɔ. Sɛ nnipa nim sɛ wobebu nea wɔde yɛ Onyankopɔn abɔde no ho akontaa a, anka ebia wɔbɛyɛ ahwɛyiye pii wɔ nsɛm te sɛ asase a wɔsɛe no, mframa a ɛsɔn owia ahoɔden so a wɔsɛe no ne ɔhyew a ɛba asase so nyinaa no ho.
Sɛnea Nkwa Fii Ase
Susuw asemmisa yi nso ho: Ɔkwan bɛn so na nkwa fii ase? Wɔakyerɛkyerɛ nnipa sɛ nkwa bae a Onyankopɔn nsa nnim bi. Nanso eyi bɔ nyansahu nnyinasosɛm bi a wonim sɛ ɛyɛ nokware yiye abira. Bere bi no na wogye di sɛ amanku fi nantwi bin mu, asunson fi nam a aporɔw mu, na nkura fi dɔte mu. Afeha a etwaam no mpo mu no, nyansahufo kyerɛkyerɛe sɛ mmoawa a aniwa nhu wɔn no fi nneɛma a nkwa nnim mu na ɛbae. Nanso Redi, Pasteur ne nyansahufo afoforo kyerɛe sɛ nsusuwii a ɛte sɛ no nyɛ nokware. The World Book Encyclopedia (1990 de) ka sɛ: “Pasteur sɔhwɛ ahorow no akyi no, abɔde a nkwa wom ho adenimfo pii gyee adwene a ɛne sɛ nkwa nyinaa fi nkwa a ɛwɔ hɔ dedaw mu na ɛba toom.
Nanso, nyansahufo kyerɛkyerɛ mu sɛ bere tenten bi a atwam no, na nneɛma yɛ soronko. Wose mmoawa nketenkete a wɔwɔ nkwaboa biako pɛ a wodi kan no fi biribi a nkwa nnim a wɔfrɛ no kan tete nsu pɔtɔɔ na nnuru a ehia ma nkwa wom bi mu na ɛbae ara kwa. Christian de Duve ka wɔ ne nhoma A Guided Tour of the Living Cell mu sɛ: “Ne nyinaa bae ara kwa, efi kan tete nsu pɔtɔɔ no so de besi onipa so.”
Bible no ka Onyankopɔn ho asɛm sɛ: “Efisɛ wo nkyɛn na nkwa nsuti wɔ.” (Dwom 36:9) Asɛm yi ne nea wɔahu hyia ampa—ɛne sɛ nkwa a ɛwɔ hɔ dedaw mu nkutoo na nkwa betumi afi aba. Nanso, esiane sɛ nyansahufo bebree pɛ sɛ wobebu Onyankopɔn akyɛde a ɛsom bo sen biara no mu biako a ɛne nkwa, sɛ biribi a ɛbae ara kwa nti, nnipa pii nte nka sɛ ɛsɛ sɛ wobu sɛnea wɔde wɔn nkwa di dwuma ho akontaa kyerɛ Onyankopɔn. Enti, wobu Onyankopɔn mmara ahorow so, wɔhyɛ wɔn ho wɔn ho so, wowia wɔn ho wɔn ho, wodi wɔn ho wɔn ho awu, na wɔde sika, bere ne ahokokwaw pii yɛ akode a etumi kum nnipa na ɛsɛe ade yiye ma ɛyɛ hu.
Ɔsɛmpɔw no a Wobehu Ano
Wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ne nnɛɛmmafo akyi no, nnipa afoforo pii pow Onyankopɔn tumidi. Nnipa a wɔdɔɔso pii ka sɛ wogye Onyankopɔn di, na bɛboro ɔpepem 1,700 frɛ wɔn ho Kristofo. Kristoman asɔre ahorow ayi Onyankopɔn ayɛ baguam wɔ wɔn asɔre a wɔyɛ no mu mfehaha pii. Nanso dɛn ne saa nnipa bɛboro ɔpepem 1,700 no mu pii gyinabea wɔ Onyankopɔn tumidi ho?
Ankorankoro ne aman nyinaa bu Onyankopɔn ahyɛde ahorow pɔtee so de kyerɛ sɛ wommu. Aman a wose wɔyɛ Kristofo ahyɛ basabasayɛ ho nkuran, a nnipa abakɔsɛm mu akodi abien a ennye sen biara ka ho—na “Kristofo” asɔfo a wɔwɔ afanu nyinaa hyiraa saa akodi no so! Wɔnam nyaatwomyɛ a ɛte sɛɛ so asɛe Onyankopɔn din kɛse. Sɛnea Bible no ka no: “Wɔka sɛ wonim Nyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma pa no.”—Tito 1:16.
Nanso, Onyankopɔn ‘rentumi mpa ne ho akyi.’ (2 Timoteo 2:13) Bere a ɔbɛma biribiara a ɛfa tumidi ɔsɛmpɔw yi ho mmuae ma ɛne ɔno ankasa atirimpɔw a waka ho asɛm no ahyia no bedu: “Na wɔahu sɛ me ne [Yehowa].” (Hesekiel 38:23) Nanso dɛn nti na wakyɛ saa? Ɔkwan bɛn so na awiei koraa no, wɔbɛma ɔsɛmpɔw no ho mmuae? Na wobɛyɛ dɛn na woatumi asi gyinae ahorow a ɛfata wɔ asɛnhia a ɛsen biara yi mu?
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]
Cover background: U.S. Naval Observatory photo
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
Background: U.S. Naval Observatory photo