Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 9/1 kr. 15-19
  • Yehowa Ne Kristo​—Nkitahodifo A Wɔsen Biara

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Ne Kristo​—Nkitahodifo A Wɔsen Biara
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa sɛ Nkitahodifo
  • Onyankopɔn Ba no Yɛ Nkitahodifo
  • Wɔahyɛ Kristo Asuafo sɛ Wɔnyɛ Nkitahodifo
  • Nkitahodi Wɔ Abusua Mu Ne Asafo No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nkitahodi Wɔ Kristofo Ɔsom Adwuma No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Yɛ Nkitahodifo!
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nkitahodi a Ɛde Kɔ Nkwa Mu
    Nyan!—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 9/1 kr. 15-19

Yehowa Ne Kristo​—Nkitahodifo A Wɔsen Biara

“Amansan Hene Yehowa renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifo no ansa.”​—AMOS 3:7, New World Translation.

1. Akwan horow a wɔfa so di nkitaho bɛn na wɔde di dwuma nnɛ?

NKITAHODI yɛ adwuma a wɔde dɔla ɔpepem pii na ɛyɛ nnɛ. Nhoma a wotintim nyinaa, atesɛm nkrataa ne nsɛmma nhoma a wotintim daa, radio ne TV so dwumadi ahorow a wɔyɛ, a sini ne adehwɛ pon so agodi ahorow nyinaa ka ho, yɛ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobedi nkitaho. Saara na nkrataa a wɔkyerɛw de mana ne telefon so nkɔmmɔbɔ nyinaa nso te. Ne nyinaa yɛ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobedi nkitaho.

2. Dɛn ne nkitahodi ho mfiridwuma mu nkɔanim a nnipa anya no nhwɛso ahorow no bi?

2 Nkɔso a nnipa anya wɔ nkitahodi ho mfiridwuma mu no yɛ pii. Sɛ nhwɛso no, wotumi bɔ telefon so nkɔmmɔ mpempem pii bere koro no ara mu wɔ fiber-optic ahama (ahama a wɔde ahwehwɛ ayɛ), a eye koraa kyɛn kɔbere hama no so. Foforo bi nso ne ahun mu hyɛn a wɔde di nkitaho a etwa asase ho hyia wɔ wim na ɛwɔ mfiri horow a etumi ma wɔte telefon, telegram, radio, ne TV nkrasɛm ahorow wɔ asase so no. Ahun mu hyɛn a ɛte sɛɛ yi mu biako betumi de telefon so nkrasɛm 30,000 ama bere koro mu!

3. Sɛ wɔantumi anni nkitaho a, dɛn na ɛba?

3 Nanso akwan horow a wɔfa so di nkitaho yi nyinaa akyi no, amanehunu pii wɔ wiase no mu esiane nkitahodi a enni nnipa ankorankoro ntam nti. Enti, wɔka kyerɛ yɛn sɛ “oku kɛse bi​—‘nkitahodi oku’ a emu kɔ so trɛw​—abɛda sodifo ne wɔn a wodi wɔn so no ntam.” Na dɛn ne nea wɔfrɛ no mmofra ne mpanyimfo ntam oku no? So ɛnyɛ nkitaho a awofo ne wɔn mma ntumi nni yiye no anaa? Aware ho afotufo bɔ amanneɛ sɛ aware mu ɔhaw a ɛsen biara no ne sɛnea okunu ne ɔyere ntumi mmɔ nkɔmmɔ no. Nkitaho a wonni yiye betumi akowie owu mu mpo. Wɔ 1990 mfiase no, nnipa 73 hweree wɔn nkwa wɔ wimhyɛn akwanhyia bi mu, a ɛda adi sɛ nea ɛma ɛbaa saa no biako ne nkitahodi a amma wimhyɛn kafo no ne wɔn a wɔde akwankyerɛ ma wɔ fam no ntam no. Atesɛm krataa asɛmti bi kae sɛ: “Nkitahodi mu Akwanside Kowiee Awerɛhosɛm Mu.”

4. (a) Dɛn na “nkitahodi” kyerɛ? (b) Botae bɛn na ɛwɔ Kristofo ntam nkitahodi akyi?

4 Kristofo mu no, dɛn ne nkitahodi? Sɛnea nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ mu no, “nkitahodi” kyerɛ “nsɛm, adwene, anaa nkate a wɔda no adi ma afoforo hu na wɔte ase yiye.” Nsɛm asekyerɛ nhoma foforo bi kyerɛkyerɛ mu sɛ ɛyɛ “ɔkwan a wɔnam so da nsusuwii adi ɔkwan a etu mpɔn so.” Hyɛ asɛm, “da nsusuwii adi ɔkwan a etu mpɔn so” no nsow. Ehia sɛ Kristofo nkitahodi titiriw tu mpɔn efisɛ atirimpɔw a ɛwɔ akyi ne sɛ ɛbɛma Onyankopɔn Asɛm mu nokware adu nkurɔfo komam, na yɛahwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ nea wosua no ho biribi. Ɔkwan a ɛda nsow so no, ayamye, ne ɔdɔ na ɛma wɔyɛ saa.

Yehowa sɛ Nkitahodifo

5. Dɛn ne akwan a edi kan a Yehowa Nyankopɔn nam so ne onipa dii nkitaho no biako?

5 Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Nkitahodifo a ɔsen biara. Esiane sɛ ɔbɔɔ yɛn wɔ ne suban ne ne sɛso so nti, otumi ne yɛn di nkitaho, na yɛn nso tumi ka ne ho asɛm kyerɛ afoforo. Efi bere a Yehowa bɔɔ onipa no, waka n’ankasa ho asɛm akyerɛ n’asase so abɔde. Ɔkwan biako a ɔnam so ayɛ eyi ne n’abɔde a wotumi hu no. Enti, odwontofo no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ɔsoro reka Onyankopɔn anuonyam, ‘na ewim rekyerɛ ne nsa ano adwuma. Da biara da ma wɔworo nsɛm, na anadwo biara yi nimdeɛ adi kyerɛ.” (Dwom 19:1, 2) Na Romafo 1:20 ma yehu sɛ Onyankopɔn “su horow a aniwa nhu no da adi pefee fi bere a wɔbɔɔ wiase no de reba.” (NW) “Ɛda adi pefee” no kyerɛ nkitahodi a etu mpɔn!

6. Dɛn na Yehowa ne n’asase so abɔde no dii ho nkitaho bere a na wɔwɔ Eden turom no?

6 Wɔn a wonni Onyankopɔn ne ne soro adiyi mu gyidi no bɛpɛ sɛ yegye di sɛ ɛsɛ sɛ onipa ankasa na ɔyɛ nhwehwɛ mu na ohu nea enti a ɔte ase. Nanso Onyankopɔn Asɛm ma ɛda adi pefee sɛ Onyankopɔn fi mfiase pɛɛ ne onipa adi nkitaho. Enti, Onyankopɔn de abawo ho ahyɛde yi maa ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no sɛ: ‘Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so, na munni . . . abɔde biara a nkwa wom so.’ Onyankopɔn maa wɔn hokwan nso sɛ wonni turom hɔ nnuaba no mmee​—gye biako bi pɛ. Afei, bere a Adam ne Hawa yɛɛ asoɔden no, Yehowa nam nkitahodi so de Mesia ho bɔhyɛ a edi kan mae, na ɔmaa adesamma nyaa anidaso: “Mede ɔtan mɛto wo [ɔwɔ no] ne ɔbea no ntam, ɛne w’asefo ne n’asefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.”​—Genesis 1:28; 2:16, 17; 3:15.

7. Dɛn na Genesis nhoma no da no adi wɔ nkitaho a Yehowa ne ne nkoa di no ho?

7 Bere a anibere bɔne bɛhyɛɛ Adam babarima Kain mu no, Yehowa Nyankopɔn ne no dii nkitaho na ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Hwɛ yiye! Woreyɛ akɔ bɔne mu!’ Nanso Kain antie saa kɔkɔbɔ no na odii ne nua no awu. (Genesis 4:6-8) Afei, bere a anuɔden ne bɔne hyɛɛ asase no so ma no, Yehowa ne ɔtreneeni Noa dii nkitaho a ɛfa n’atirimpɔw a ɛne sɛ ɔrebeyi nneɛma a egu asase no ho fi nyinaa afi hɔ no ho. (Genesis 6:13-7:5) Bere a Noa ne n’abusua no pue fii adaka no mu wɔ Nsuyiri no akyi no, Yehowa ne wɔn dii nkitaho a ɛfa n’atirimpɔw wɔ sɛnea nkwa ne mogya yɛ kronkron ho no ho, na ɔnam nyankontɔn so maa wɔn awerɛhyem sɛ ɔremfa nsuyiri nsɛe abɔde a nkwa wom nyinaa bio. Mfehaha bi akyi no, Yehowa ne Abraham dii nkitaho a ɛfa N’atirimpɔw a ɛne sɛ ɔnam Abraham Aseni so bɛma adesamma mmusua nyinaa ahyira wɔn ho no ho. (Genesis 9:1-17; 12:1-3; 22:11, 12, 16-18) Na bere a Onyankopɔn hyɛe sɛ ɔbɛsɛe Sodom ne Gomora ɔbrasɛefo no, ofi ɔdɔ mu ne Abraham dii nkitaho a ɛfa saa asɛm no ho, na ɔkae sɛ: “So mede nea mereyɛ yi behintaw Abraham anaa?”​—Genesis 18:17, NW.

8. Akwan horow anan bɛn na Yehowa nam so ne ne nkoa adi nkitaho wɔ asase so?

8 Efi Mose so no, Yehowa nam adiyifo pii so ne Israel dii nkitaho. (Hebrifo 1:1) Na ɛtɔ mmere bi a, ɔno ankasa ka asɛm no ma wɔkyerɛw, te sɛ bere a ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kyerɛw nsɛm yi fa” no. (Exodus 34:27) Mpɛn pii no, na Yehowa taa ne ne kasamafo di nkitaho denam anisoadehu so, sɛnea na wadi kan ne Abraham ayɛ no.a Yehowa nam adaeso nso so ne nnipa dii nkitaho, na ɛnyɛ ne nkoa nkutoo na ɔne wɔn yɛɛ saa na mmom wɔn a wɔne ne nkoa sianee nso. Sɛ nhwɛso no, Yehowa maa Yosef mfɛfo nneduafo sosoo adae, na Yosef kyerɛɛ wɔn ase. Yehowa maa Farao ne Nebukadnesar nso sosoo adae, na ne nkoa Yosef ne Daniel kyerɛɛ wɔn ase. (Genesis 40:8-41:32; Daniel, atiri 2 ne 4) Bio nso, Yehowa nam abɔfo so ne ne nkoa dii nkitaho mpɛn pii.​—Exodus 3:2; Atemmufo 6:11; Mateo 1:20; Luka 1:26.

9. Dɛn na ɛkanyan Yehowa ma ɔne ne nkurɔfo Israel dii nkitaho, sɛnea ɛda adi wɔ ne nsɛm bɛn a ɔkae mu?

9 Nkitaho a ɛtete saa a Yehowa nam n’adiyifo so ne Israel dii no nyinaa daa ɔdɔ a ɔwɔ ma wɔn no adi. Enti, ɔnam ne diyifo Hesekiel so kae sɛ: “Ampa ara, ɔbɔnefo wu nyɛ me fɛ, na mmom sɛ ɔbɔnefo bɛsan afi ne kwan so na wanya nkwa. Monsan, monsan mfi mo akwammɔne so! Ɛdɛn nti na morewuwu yi, Israel fi?” (Hesekiel 33:11) Na Yehowa yɛ Nkitahodifo a ɔwɔ abodwokyɛre ne ntoboase ma ne nkurɔfo atuatewfo a wɔtraa ase tete no, sɛnea yetumi hu wɔ 2 Beresosɛm 36:15, 16 no: “[Yehowa] wɔn agyanom Nyankopɔn no somaa n’abɔfo baa wɔn nkyɛn, otua ahema somaa wɔn, efisɛ ne yam hyehyee no maa ne man ne ne trabea no. Nanso wobuu ne nsɛm no animtiaa, na wɔsereserew n’adiyifo no de kosii sɛ . . . wonnya ano aduru bio.”

10. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne ne nkurɔfo di nkitaho nnɛ, na ɔyɛ nkitahodi Nyankopɔn kodu he?

10 Ɛnnɛ, yɛwɔ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu, Kyerɛw Kronkron no, a Yehowa nam so ne yɛn di nkitaho a ɛfa n’ankasa, n’atirimpɔw ahorow, ne n’apɛde ma yɛn no ho. (2 Timoteo 3:16, 17) Nokwarem no, sɛ Nkitahodifo Otitiriw no, Yehowa se: “Amansan Hene Yehowa renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifo no ansa.” (Amos 3:7, NW) Ɔma ne nkoa hu nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ.

Onyankopɔn Ba no Yɛ Nkitahodifo

11. Hena titiriw na Yehowa nam ne so ne onipa di nkitaho, na dɛn nti na n’abodin “Asɛm no” fata no?

11 Adwumayɛmafo a Yehowa nam wɔn so ne nnipa dii nkitaho a ɛfa N’apɛde ho nyinaa mu nea odi kan ne Asɛm, Logos, a ɔbɛyɛɛ Yesu Kristo no. Dɛn na edin Asɛm, anaa Logos a wɔde frɛ no no kyerɛ? Ɛkyerɛ sɛ ɔne Yehowa Kasamafo Panyin. Na hena ne Ɔkasamafo? Ɔne nea ɔka asɛm a obi foforo wɔ ka ma no. Enti Logos no bɛyɛɛ nea ɔne Yehowa Nyankopɔn asase so abɔde a wɔwɔ nyansa no di nkitaho a ɛfa N’asɛm ho. Saa dwumadi no ho hia araa ma enti wɔfrɛ no Asɛm no.​—Yohane 1:1, 2, 14.

12. (a) Atirimpɔw bɛn nti na Yesu baa asase so? (b) Dɛn na edi adanse sɛ ɔde nokwaredi dii saa atirimpɔw no ho dwuma?

12 Yesu ankasa ka kyerɛɛ Pontio Pilato sɛ atirimpɔw titiriw nti a ɔbaa asase so ne sɛ ɔne adesamma bedi nkitaho a ɛfa nokware no ho: “Eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wi yi ase, sɛ merebedi nokware no ho adanse.” (Yohane 18:37) Na Nsɛmpa no mu kyerɛwtohɔ no ka sɛnea ɔyɛɛ saa adwuma no yiye no ho asɛm. Wogye tom sɛ ne Bepɔw so Asɛnka no yɛ nea ɛsen biara a onipa aka pɛn. Hwɛ sɛnea odii nkitaho yiye wɔ saa asɛnka no mu! “Nea efii mu bae ne sɛ ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no maa nkurɔfo akuwakuw [a wotiee asɛm no] ho dwiriw wɔn.” (Mateo 7:28, NW) Yɛkenkan bere foforo bi nso ho asɛm sɛ: “Na nkurɔfo pii no ara de anigye tiee no.” (Marko 12:37) Bere a wɔsomaa asomfo bi sɛ wɔnkɔkyere Yesu no, wɔsan bae a ɔnka wɔn ho. Dɛn ntia? Wobuaa Farisifo no sɛ: “Onipa biara nkasae sɛ onipa yi da.”​—Yohane 7:46.

Wɔahyɛ Kristo Asuafo sɛ Wɔnyɛ Nkitahodifo

13. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Yesu mpɛ sɛ ɔno nkutoo yɛ nkitahodifo?

13 Esiane sɛ na Yesu mpɛ sɛ ɔno nkutoo yɛ nkitahodifo nti, odii kan somaa asomafo 12 ne afei asɛmpakafo 70 sɛ wɔnkɔka Ahenni ho asɛmpa no nkyerɛ afoforo. (Luka 9:1; 10:1) Afei bere tiaa bi ansa na ɔrekɔ soro no, ɔhyɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnyɛ adwuma titiriw bi. Adwuma bɛn? Sɛnea yɛkenkan wɔ Mateo 28:19, 20 no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ nkitahodifo; na na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ afoforo nso ma wɔbɛyɛ nkitahodifo.

14. Na tete Kristofo nkitahodifo no tu mpɔn dɛn?

14 So asuafo no yɛɛ nkitahodifo a wotu mpɔn? Yiw, wɔyɛɛ saa! Nea efii wɔn asɛnka wɔ Pentekoste da 33 Y.B. mu bae ne sɛ wɔde akra 3,000 bɛkaa Kristofo asafo a na wɔahyehyɛ no foforo no ho. Ankyɛ na wɔn dodow no kɔɔ anim koduu nnipa 5,000. (Asomafo no Nnwuma 2:41; 4:4) Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yudafo asɔretiafo no kae sɛ wɔde wɔn nkyerɛkyerɛ ahyɛ Yerusalem ma, na akyiri yi wɔkasa tiaa wɔn sɛ wɔde wɔn asɛnka no adan wiase ani!​—Asomafo no Nnwuma 5:28; 17:6.

15. Adwinnade bɛn na Yehowa nam so ne nnipa adi nkitaho wɔ nnɛ bere yi mu?

15 Na nnɛ mmere yi nso ɛ? Sɛnea wɔka siei wɔ Mateo 24:3, 45-47 no, Owura Yesu Kristo apaw “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a wɔyɛ Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ wɔnhwɛ n’asase so nneɛma nyinaa so wɔ bere a waba yi mu. Saa akoa nokwafo ne ɔbadwemma no ananmusifo nnɛ ne Yehowa Adansefo Sodikuw, a wɔde Ɔwɛn Aban Bible ne Nkratawa Asafo no di dwuma sɛ nea wɔde bɔ dawuru no. Ɔkwan a ɛfata so no, wɔafrɛ saa akoa nokwafo ne ɔbadwemma no nso sɛ ɔkwan a Onyankopɔn fa so di nkitaho. Akoa no nso hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ nkitahodifo pa. Nokwarem no, Zion’s Watch Tower and Herald of Christ’s Presence a wodii kan tintimii no de afotu maa n’akenkanfo sɛ: “Sɛ wowɔ ofipamfo anaa adamfo bi a wususuw sɛ n’ani begye [nsɛmma nhoma yi] mu akwankyerɛ ahorow ho, anaa ɛho bɛba no mfaso a, ebia wubetumi aka ho asɛm akyerɛ no; na wonam saayɛ so aka Asɛm no na woayɛ nnipa nyinaa papa bere a wunya hokwan sɛ wobɛyɛ saa no.”

16. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ pii ho hia sen Bible no kɛkɛ na Onyankopɔn ne n’asase so nkoa adi nkitaho wɔ ɔkwan a etu mpɔn so?

16 Nanso, Onyankopɔn Asɛm no a yɛn nsa bɛka na yɛn ankasa akenkan kɛkɛ no nkutoo mma yennya nimdeɛ a edi mũ a ɛde obi besi nkwa kwan so no. Kae Etiopiani ahemfie panyin a na ɔrekenkan Yesaia nkɔmhyɛ nanso na ɔnte nea ɔrekenkan no ase no. Ɔsɛmpakafo Filipo kyerɛkyerɛɛ no nkɔmhyɛ no mu, na ɛno akyi no ɔfatae sɛ wɔbɔ no asu sɛ Kristo suani. (Asomafo no Nnwuma 8:27-38) Yetumi hu nokwasɛm a ɛne sɛ pii ho hia sen Bible no a obi ankasa bɛkenkan no wɔ Efesofo 4:11-13, faako a Paulo kyerɛ sɛ Kristo anyɛ ebinom asomafo ne adiyifo a honhom kaa wɔn nkutoo na mmom ɔyɛɛ “ebinom asɛmpakafo, ebinom ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo, na wɔasesɛw ahotefo no yiye ama ɔsom adwuma no, na Kristo nipadua no si akɔ so, akodu sɛ yɛn nyinaa bedu Nyankopɔn Ba no ho gyidi ne ne [ho nokware nimdeɛ] biakoyɛ mu, ayɛ ɔbarima mũ.”

17. Agyiraehyɛde ahorow bɛn na yɛde behu wɔn a Yehowa de wɔn redi dwuma na ɔne adesamma adi n’atirimpɔw ahorow ho nkitaho?

17 Yɛbɛyɛ dɛn ahu wɔn a Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo de wɔn redi dwuma na wɔaboa nnipa a wɔbɛyɛ Kristofo no ma wɔadu ɔbarima mũ mpanyin afe so? Sɛnea Yesu kae no, agyiraehyɛde biako a wɔde behu eyinom no ne sɛ wɔbɛdodɔ wɔn ho wɔn ho sɛnea Yesu dɔɔ n’akyidifo no. (Yohane 13:34, 35) Agyiraehyɛde foforo ni: wɔrenyɛ wiase no fã, sɛnea na Yesu nyɛ wiase no fã no. (Yohane 15:19; 17:16) Agyiraehyɛde foforo bio ne sɛ wogye Onyankopɔn Asɛm tom sɛ ɛyɛ nokware, sɛnea Yesu yɛe no, na wɔkɔ so de si nsɛm so dua. (Mateo 22:29; Yohane 17:17) Onyankopɔn din a wɔbɛma adi kan, sɛnea Yesu yɛe no, bɛyɛ agyiraehyɛde foforo. (Mateo 6:9; Yohane 17:6) Na agyiraehyɛde biako bi nso bɛyɛ Yesu nhwɛso akyi a wobedi denam Onyankopɔn Ahenni a wɔbɛka ho asɛm no so. (Mateo 4:17; 24:14) Kuw biako pɛ na ɛwɔ hɔ a wotumi du ahwehwɛde ahorow yi ho, na wɔne amanaman ntam nkitahodifo a wonim wɔn sɛ Yehowa Adansefo Kristofo no.

18. Nkitahodi afã horow abiɛsa bɛn na nsɛm a edidi so no bɛka ho asɛm?

18 Nanso, nkitahodi ma obi nya afoforo ho asɛyɛde. Henanom na ɛyɛ Kristofo asɛyɛde sɛ wɔne wɔn di nkitaho? Nneɛma atitiriw abiɛsa mu na ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ hu sɛ wɔbɛma nkitahodi ho kwan akɔ so ada hɔ: abusua no mu, Kristofo asafo no mu, ne Kristofo asɛnka adwuma mu. Wɔbɛka yɛn asɛmti no afã horow yi ho asɛm wɔ nsɛm a edidi so no mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ Genesis 15:1; 46:2; Numeri 8:4; 2 Samuel 7:17; 2 Beresosɛm 9:29; Yesaia 1:1; Hesekiel 11:24; Daniel 2:19; Obadia 1; Nahum 1:1; Asomafo no Nnwuma 16:9; Adiyisɛm 9:17.

Wubebua Dɛn?

◻ Ade bɔne bɛn na ebetumi afi nkitaho a wonni mu aba?

◻ Henanom ne Nkitahodifo baanu a wɔsen biara?

◻ Akwan horow bɛn na Onyankopɔn nam so ne onipa adi nkitaho?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yesu bɔɔ mmɔden yiye sɛ nkitahodifo?

◻ Tete Kristofo no tumi ne afoforo dii nkitahodi dɛn?

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Na Yesu yɛ nkitahodifo a ɔwɔ ayamhyehye te sɛ ne soro Agya no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena