Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/02 kr. 8
  • Yɛ Nkitahodifo!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛ Nkitahodifo!
  • Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Ne Kristo​—Nkitahodifo A Wɔsen Biara
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nkitahodi Wɔ Kristofo Ɔsom Adwuma No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nkitahodi Wɔ Abusua Mu Ne Asafo No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nkitahodi Pa—Ade a Ɛma Wonya Aware Pa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2002
km 8/02 kr. 8

Yɛ Nkitahodifo!

1 Sɛ yebedi yɛn ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka asɛm na yɛnyɛ asuafo no so a, ɛsɛ sɛ yɛka asɛm kyerɛ afoforo. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Nkitahodi betumi ayɛ den wɔ nnamfo mpo ntam. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛaka asɛmpa no akyerɛ wɔn a yennim wɔn no?

2 Ma Ommu Wo sɛ Adamfo na Ɛnyɛ Ɔhɔho: Bɔ mmɔden sɛ wubebu wo ho sɛ wɔn a wokɔ wɔn nkyɛn asɛnka no. Ntease wom sɛ wɔ nnɛ wiase yi mu no, ebinom betumi anya ahɔho ho adwene a ɛnteɛ, anaasɛ wobesuro wɔn mpo. Eyi betumi asiw nkitahodi kwan. Wobɛyɛ dɛn atumi adi ehu a edi kan ka wɔn a wuhyia wɔn no so? Ansa na yɛbɛkasa mpo no, ɔkwan biako a yɛfa so ne afoforo di nkitaho ne yɛn ahosiesie a ɛfata no. Yɛn ahosiesie a ɛfata ne sɛnea yedi yɛn ho ni no boa ma ehu no so tew.—1 Tim. 2:9, 10.

3 Ade foforo a ɛboa nkitahodi ne adamfofa su. Eyi boa ma afoforo koma ntu na wonya ɔpɛ kɛse sɛ wobetie yɛn. Ahosiesie pa a yɛbɛyɛ ho hia wɔ eyi mu. Sɛ yenim nea yɛbɛka no pefee wɔ yɛn adwenem a, ɛmma yensuro pii. Na odwo su a yɛda no adi yi betumi ama afoforo atie yɛn asɛm no. Ɔbea bi kaa asɛm yi faa Ɔdansefo bi nsrahwɛ ho sɛ: “Nea mekae wɔ n’anim a na ɛyɛ sereserew no ho ne odwo a na ɔwɔ no. Me ho dwiriw me.” Eyi maa ɔbea no tiee asɛmpa no.

4 Su Horow a Ɛma Wotie: Ehia sɛ yɛkyerɛ afoforo ho anigye ankasa. (Fil. 2:4) Ɔkwan biako a yɛbɛfa so ayɛ eyi ne sɛ yɛbɛma wɔn nso akasa bi. Nokwarem no, nkitahodi hwehwɛ nso sɛ yebetie asɛm. Sɛ yɛma yɛn atiefo kasa na yɛde anigye tie nea wɔka no a, wɔte nka sɛ yedwen wɔn ho. Enti sɛ w’atiefo rekasa a, mpere wo ho sɛ wobɛtoa asɛm a woasiesie a woreka no so. Sɛ wubetumi afi komam akamfo wɔn a, yɛ saa, na bɔ mmɔden sɛ wubegyina nea wɔka no so akasa. Sɛ nea wɔka no da biribi a ɛho hia wɔn paa adi a, ma w’asɛm no nni wɔn ahiade no ho dwuma.

5 Odwo ne ahobrɛase adwene ma nkitahodi nya nkɔso. (Mmeb. 11:2; Aso. 20:19) Nkurɔfo bɛn Yesu efisɛ na ‘odwo na ɔbrɛ ne ho ase koma mu.’ (Mat. 11:29) Nea ɛne eyi bɔ abira no, ahomaso pam afoforo. Enti, ɛwom sɛ yegye di paa sɛ yɛwɔ nokware no de, nanso yefi nyansam kwati sɛ yɛbɛyɛ katee wɔ nea yɛka mu.

6 Na sɛ nsɛm a onipa no ka no da gyidi a ɛne Bible nkyerɛkyerɛ nhyia adi nso ɛ? So ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛbɛka nea ɛteɛ no akyerɛ no? Yiw, wɔ bere a ɛsɛ mu, nanso ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden yɛ saa wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. Mpɛn pii no mfaso wɔ so sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ nsɛm a yɛne yɛn tiefo no adwene hyia wɔ ho no mu ansa na yɛaka Bible nkyerɛkyerɛ a ebia ɛbɛyɛ den sɛ obegye atom ho asɛm. Eyi gye boasetɔ ne anifere. Paulo yɛɛ eyi ho nhwɛso pa bere a na ɔredi Areopago atemmufo adanse no.—Aso. 17:18, 22-31.

7 Nea ɛsen ne nyinaa ne sɛ, ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim bɛboa ma yɛayɛ nkitahodifo a wotu mpɔn. Te sɛ Yesu no, ɛsɛ sɛ yenya ayamhyehye ma nnipa a “wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo” no. (Mat. 9:36) Eyi kanyan yɛn ma yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn na yɛaboa wɔn ma wɔafa nkwa kwan no so. Asɛm a yɛka no fa ɔdɔ ho, enti momma yɛnkɔ so mfa ɔdɔ nka. Bere a yɛyɛ saa no, na yesuasua Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo—amansan no mu Nkitahodifo atitiriw no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena