‘Ɔyaredɔm Bɛba Mmeaemmeae’
WƆKAA ɔyaredɔm a ebi mmae da ho asɛm siei sɛ “[Yesu Kristo] ba ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne” no fã bi. (Mateo 24:3) Asɛmpa no kyerɛwfo Luka de asɛm a wɔanka wɔ Mateo ne Marko kyerɛwtohɔ no mu yi ka ho. (Mateo, atiri 24 ne 25; Marko ti 13) Ɔyaredɔm ne nyarewa a ebekunkum nnipa bɛba “mmeaemmeae” wɔ nna a edi akyiri no mu. (Luka 1:3; 21:11) Ɛhe na ebia nyarewa a ɛte sɛɛ no befi aba?
Sɛnea Science News kae no: “Nyansahufo nim nyarewa mmoawa pii a wɔwɔ nsase a awia bɔ na osu tɔ wɔ hɔ no so—a sɛ abɔde mu tumi boa a—wobetumi akunkum nnipa pii asen nea ebia AIDS nsanyare no bekunkum wɔn.” Nhwehwɛmufo ka sɛ: “Sɛ wiase no mu nyarewa mmoawa dodow ankɔ anim mpo a, nyarewa mmoawa a wɔdɔɔso wɔ nsase a owia bɔ na osu tɔ wɔ hɔ no so dedaw a ‘wobetumi’ atɔre Asase no sotefo mu fã kɛse ara ase.”
Nea ɛma ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ nyarewa betumi akunkum nnipa pii wɔ yɛn bere yi mu ne asase no sotefo a wɔredɔɔso no, ne nneɛma bebree a wiase a nnipa akyere so wom hia no. Science News nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Abakɔsɛm kyerɛ sɛ sɛ nnipa tu kɔtra asasebena bi a obiara nnim so so, anaasɛ kurow akɛse mu asetra sɛe wɔ akwan a ɛtwetwe nyarewa mmoawa afoforo ba so a, ɛtaa ma nyarewa mmoawa a wobetumi akunkum nnipa ba.” Sɛ nnipa kɔtra mmeae a nyarewa mmoawa wɔ hɔ, a kan no na wontumi nkɔ hɔ no a, ɛtaa ma nyarewa mmoawa afoforo pii ba. Asɛnkoro no ara na esi bere a mmoawa trɛw wɔn ahye mu bere a wiase no wim tebea sakra no. Nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Afei nso, nnɛyi aduruyɛ te sɛ mogya a wɔde ma ne akwaa a wɔde si akwaa afoforo ananmu no ama nyarewa mmoawa anya ɔkwan foforo a wɔfa so fi onipa biako ho kɔ ɔfoforo ho. Saa ara nso na asetra ne suban mu nsakrae a egu ahorow, fi adefo a wɔwɔ din a wotutu akwan pii so kosi wɔn a wɔde nnubɔne di dwuma a wɔde ɔfoforo nnubɔne paane wɔ wɔn ho nnubɔne so nso no de nyarewa mmoawa aba.”
Asɛm no de ka ho sɛ: “Nnansa yi abakɔsɛm de nyarewa mmoawa a wɔaba mmeae a atew ne ho a ebia ɛbɛyɛ pii a wɔbɛba daakye ho mfonini no ho nhwɛso ma fann.” Nhwɛso ahorow no ni: Marburg a anka wonnim no, baabi a owia bɔ na osu tɔ wɔ hɔ nyarewa mmoawa a wokunkum nnipa a wɔkɔɔ nyansahufo dodow bi ho wɔ West Germany wɔ 1960 no mu mfe a etwa to mu no; nyarewa mmoawa a wɔma Rift Valley atiridii a ɛkaa nnipa ɔpepem pii na ekunkum mpempem pii wɔ Egypt wɔ 1977 mu no; baabi a osu tɔ na owia bɔ wɔ hɔ Ebola nyarewa mmoawa a nnipa bɛboro apem nyae wɔ Zaire ne Sudan wɔ 1976 mu, a ekunkum nnipa bɛyɛ 500 a wɔn mu pii yɛ nnuruyɛfo ne ayarehwɛfo a wɔresa wɔn a wonyae no yare no.
Wontumi nni kan nka nyarewa mmoawa a wokunkum nnipa ba ho asɛm nsie. Science News ka sɛ: “Sɛ nhwɛso no, influensa a ɛyɛ nnipa trɛwee wɔ wiase nyinaa na ekunkum nnipa bɛyɛ ɔpepem 20 wɔ 1918 mu. Nnansa yi ara, ɔyare aboawa bi a ebia kan no na ɔwɔ Afrika kontromfi nkutoo ho a waba onipa ho no maa wiase no ho dwiriw wɔn bio. Sɛnea World Health Organization bu akontaa no, AIDS aboawa no akɔ nnipa ɔpepem 5 kosi 10 ho wɔ aman 149 mu. Nanso, wɔ nea a ɔyaredɔm a aba nnansa yi atwe yɛn adwene asi so nyinaa akyi no, abenfo suro sɛ ahude kɛse wɔ yɛn anim.”
Ɛwom sɛ ɔyaredɔm haw adwene de, nanso ɛyɛ Yesu ba wɔ Ahenni anuonyam mu ho nsɛnkyerɛnne a ɛbom biako, a akokoakoko, ɔkɔm, ne asasewow akɛse ka ho no fã. (Marko 13:8; Luka 21:10, 11) Nsɛnkyerɛnne no nso yɛ ade a ɛsɛ sɛ ɛma yedi ahurusi, efisɛ Luka de Yesu nsɛm yi kaa ho sɛ: “Na nneɛma yi refi ase aba a, monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn.”—Luka 21:28.