Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 2/1 kr. 31
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Woyɛ Ɔbea a Wo Ho Yɛ Fɛ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Onyankopɔn Frɛɛ No “Ɔhemmaa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Abraham ne Sara Wubetumi Asuasua Wɔn Gyidi!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Afei De, Wɔawo Ɔbabarima!
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 2/1 kr. 31

Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

So Farao waree Abraham yare Sara ankasa, sɛnea ɔkwan a wɔfaa so kyerɛw Genesis 12:19 wɔ Bible nkyerɛase binom mu ma ɛda adi no?

Dabi, wosiw Farao kwan ma wamfa Sara (Sarai) sɛ ne yere. Enti wɔansɛe nidi ne obu a Sara wɔ no.

Sɛ yɛhwehwɛ nsɛm a ɛfa asɛm no ho nyinaa mu a, ɛboa yɛn ma yehu eyi. Ɔkɔm bi a esii maa Abraham (Abram) kɔtraa Misraim kakra. Osuroe sɛ ne yere hoɔfɛfo Sara nti, ne nkwa bɛba asiane mu. Na Abraham ne Sara nwoo ɔbabanin ɛ, enti sɛ owu wɔ Misraim a, ebetwa Aseni a ɛnam no so na wobehyira asase so mmusua nyinaa no anato no so. (Genesis 12:1-3) Enti Abraham kyerɛɛ Sara sɛ ɔnka sɛ ɔyɛ ne nuabea, efisɛ na ɔyɛ n’agya ba ampa.​—Genesis 12:10-13; 20:12.

Na suro a osuro no wɔ nnyinaso. Nhomanimfo August Knobel kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Abraham kyerɛɛ Sarai sɛ ɔnka sɛ ɔyɛ ne nuabea wɔ Misraim sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanni no awu. Sɛ wobu no sɛ ɔyɛ ɔbea warefo a, ɔkwan biako pɛ a Misrini bi bɛfa so ma ne nsa aka no ne sɛ obekum ne kunu ne ne wura no; sɛ wobu no sɛ onuabea a, na ebetumi aba sɛ wɔnam adamfofa so begye no afi ne nuabarima no hɔ.”

Nanso Misrifo mmapɔma no ne Abraham anyɛ ware a Farao bɛware Sara ho nhyehyɛe biara. Nea wɔyɛe ara ne sɛ wɔde Sara kɔɔ Farao fie, na Misraim sodifo no de akyɛde ahorow maa nea wosusuw sɛ ɔyɛ ne nuabarima no. Nanso, eyi akyi no, Yehowa de ɔhaw ahorow baa Farao fie. Bere a wɔnam ɔkwan bi a wɔankyerɛ so maa Farao huu asɛm no mu nokware ankasa no, ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Dɛn nti na wokae sɛ, ‘Ɔyɛ me nuabea,‘ ma anka merebɛfa no aware no? Afei hwɛ, wo yere ni. Fa no na kɔ wo kwan!’‘​—Genesis 12:14-19, New World Translation.

The New English Bible ne Bible nkyerɛase afoforo kyerɛ atifi hɔ nkyekyem a yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw no ase sɛ “na mafa no aware no yi” anaa nea ɛte sɛ ɛno. Ɛwom sɛ nkyerɛase no nyɛ mfomso ankasa de, nanso sɛnea wɔaka ho asɛm no betumi ama obi anya adwene sɛ Farao waree Sara ankasa, kyerɛ sɛ ɛyɛɛ aware wiei. Yebetumi ahyɛ no nsow sɛ wɔ Genesis 12:19 no, Hebri adeyɛsɛm a wɔakyerɛ ase sɛ “merebɛfa” no wɔ adeyɛ a ennii mũ kabea mu, a ɛkyerɛ sɛ adeyɛ bi yɛ nea wonwiee ne yɛ. New World Translation no kyerɛ Hebri adeyɛsɛm yi ase ma ɛne nsɛm a ɛfa ho no hyia, ne wɔ ɔkwan a ɛma wohu kabea ko a adeyɛsɛm no wom​—“ma anka merebɛfa no aware no.”a Ɛwom sɛ na ‘anka Farao rebɛfa’ Sara aware no de, nanso na ɔnyɛɛ ɛho nhyehyɛe anaasɛ amanne biara a ɛka ho no ɛ.

Wɔtaa kasa tia Abraham wɔ ɔkwan a ɔfaa so dii asɛm no ho dwuma no ho, nanso ɔyɛɛ saa esiane Aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no nti, ma enti ɔyɛ maa adesamma nyinaa.​—Genesis 3:15; 22:17, 18; Galatifo 3:16.

Bere foforo bi a ɛte sɛ eyi ara a anka ɛno nso betumi ayɛ nea asiane wom mu no, lsak kyerɛɛ ne yere Rebeka sɛ ɛnsɛ sɛ ɔka sɛ waware. Saa bere no, na wɔawo wɔn babanin Yakob a na Aseni no nam no so bɛba no dedaw ma ɛda adi sɛ na wayɛ aberante. (Genesis 25:20-27; 26:1-11) Nanso, ebetumi aba sɛ atirimpɔw a ɛma ɔyɛɛ ade ɔkwan pa so saa yi te sɛ Abraham de no ara pɛ. Bere a ɔkɔm bi sii no, na Isak ne n’abusua no te Filistifo hene Abimelek asasesin mu. Sɛ Abimelek hui sɛ Rebeka kunu ne lsak a, anka ebia obekunkum lsak abusuafo nyinaa, ma anka Yakob nso awu. Eyi mu nso no, Yehowa de ne ho gyee asɛm no mu de bɔɔ ne nkoa ne Aseni no anato ho ban.

[Ase hɔ asɛm]

a Nkyerɛase a J. B Rotherham yɛe no kenkan sɛ: ‘Dɛn nti na wokae sɛ, Me nuabea ni; a ɛno nti anka merebɛfa no ayɛ me yere yii?”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena