Sɛnea Spania Bible No Ko Dii Nkonim
DA BI wɔ October 1559 mu no, Spania Katolekfo bɛyɛ 200,000 tuu bum kɔɔ kusuu fam kurow a ɛne Valladolid mu. Na adeyɛ a wɔrekɔhwɛ no ne auto-da-fé, faako a “wɔhyew nnipa baanu animono, na wɔtim du amenewa.” Na wɔyɛ “ɔsom mu atuatewfo.”
Abarimaa ɔhene Philip II a wagye din no ankasa na ɔhwɛɛ adeyɛ no so. Bere a ɔbarima bi a wɔabu no kumfɔ srɛe sɛ wonhu no mmɔbɔ no, ɔhene no buae sɛ: “Sɛ m’ankasa me babarima yɛ onimharefo te sɛ wo a, anka m’ankasa na mɛsoa mmobaa no ma wɔde ahyew no.” Na bɔne bɛn na onipa mmɔboroni a wɔrebekum no yi ayɛ? Ná ɔkenkan Bible no kɛkɛ.
Saa bere no ara mu no, na Katolekfo Atirimɔden Asenni ahyehyɛde no reyɛ adwuma a adagyew nnim wɔ Andalusian kurow Seville mu. Ná wɔde Bible a ɛwɔ Spania kasa mu dodow bi brɛɛ San Isidro del Campo nkokorafi mu nkokorafo bi wɔ hɔnom wɔ kokoam nkyɛe. So nkɔnkɔnsafo beyi wɔn ama? Wɔn mu binom a wohui sɛ wɔn nkwa da asiane kɛse mu no guan fii ɔman no mu. Nanso nneɛma ankɔ yiye amma wɔn a wɔanguan no mu 40, na wɔhyew wɔn wɔ dua ho, a ɔbarima a ɔde Bible no baa ɔman no mu wɔ kokoam no nso ka ho. Na afeha dunsia Spain yɛ beae a asiane wɔ hɔ ma Bible akenkanfo—wɔn mu kakraa bi na wɔkwatii Atirimɔden Asenni no.
Nnipa kakraa bi a woguan no mu biako ne Casiodoro de Reina (bɛyɛ 1520-94) a anka ɔyɛ ɔkokorani no. Oguan kɔɔ London, nanso wannya hintabea wɔ hɔ mpo. Atirimɔden Asennifo no kae sɛ wɔbɛma nea ɔbɛkyere no no akatua, na Spain aban nanmusini a ɔwɔ Engiresi ahemfie no yɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛfa ɔkwan biara so adaadaa no de no akɔ nsase a Spain di so no so. Asɛm a wɔka too no so sɛ ɔyɛ ɔwaresɛefo ne obi a ɔne mmarima da no nti, ankyɛ na ofii England. Odii kan nyaa hintabea wɔ Frankfurt, bere a na nneɛma kakraa bi na ɔwɔ na n’abusua mu kɔ so trɛw no. Akyiri yi ɔsom mu ahobammɔ a ɔhwehwɛe no ma ɔkɔɔ France, Holland, ne awiei koraa no, Switzerland. Nanso ɔkɔɔ so yɛɛ adwuma wɔ saa bere yi nyinaa mu. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: ‘Mannyae m’adwuma no . . . gye sɛ meyare anaasɛ meretu kwan.’ Ɔde mfe pii kyerɛɛ Bible no ase kɔɔ Spania kasa mu. Wofii ase tintim Reina Bible no 2,600 wɔ 1568 mu wɔ Switzerland, na wowiei wɔ 1569 mu. Reina nkyerɛase no mu ade titiriw biako ne sɛ ɔde Iehowa (Jehová) na ɛnyɛ Señor gyinaa hɔ maa Tetragrammaton no, Hebri nkyerɛwde anan a egyina hɔ ma Onyankopɔn din ankasa no.
Wɔrebenya Spania Bible
Anwonwasɛm ne sɛ bere a nhoma tintim afiri a wɔyɛe nti, Bible redɔɔso wɔ Europa no, na ɛho reyɛ na wɔ Spain. Na ɛnyɛ saa na ɛte bere nyinaa. Wɔ mfehaha pii mu no, na Bible no ne nhoma a wɔkyekyɛ sen biara wɔ Spain. Na Latin kasa mu de a wɔde nsa akyerɛw no bi wɔ hɔ, na na wɔwɔ bi wɔ Gothic kasa mu wɔ mfehaha kakraa bi mu. Abakɔsɛm kyerɛwfo biako kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔ Mfinimfini Mmere no mu no, na wɔde “Bible—a ɛyɛ mpamdenhyɛ ne tumi nhoma, ne gyidi ne abrabɔ ho gyinapɛn—no di dwuma wɔ Spain sen Germany ne England. Bible ho abakɔsɛm nhoma a egu ahorow, Psalters (anaasɛ, Nnwom), kyerɛw nsɛm ho nkyerɛkyerɛmu, abrabɔ ho nhoma ne nhoma a ɛtete saa bɛyɛɛ nea wɔtɔ sen biara wɔ saa bere no mu.
Nnipa a wɔhwɛ nhoma so kyerɛw bi a wɔatete wɔn de boasetɔ hwɛɛ Bible no so san kyerɛw no pɛpɛɛpɛ. Ɛwom sɛ na egye kyerɛwfo 20 afe biako na wɔayɛ nsaano nkyerɛwee de a eye sen biara biako pɛ de, nanso ebeduu afeha 15 mu no, na wɔkyekyɛ Latin Bible pii ne nhoma a ɛkyerɛkyerɛ Latin Bible no mu mpempem pii wɔ Spain.
Afei nso, bere a Spania kasa no fii ase nyaa nkɔanim no, ɛkanyan anigye sɛ wɔbɛkyerɛ Bible no ase akɔ ɔman no kasa mu. Wɔ afeha 12 no mu tɔnn no, wɔkyerɛɛ Bible no ase kɔɔ Romance, tete Spania kasa a na nnipa a wɔba fam no ka no mu.
Anigye a Ɛtraa Hɔ Bere Tiaa Bi
Nanso, anigye no ankyɛ. Bere a Waldensiafo, Lollardfo, ne Hussitfo de Kyerɛwnsɛm no gyinaa wɔn gyidi akyi no, wɔde atirimɔden dii ho dwuma ntɛm ara. Katolekfo mpanyimfo buu Bible akenkan sɛ ɛnteɛ, na wɔkasa tiaa nkyerɛase afoforo a wɔreyɛ wɔ kasa horow a nnipa dodow no ka mu no ntɛm ara.
Katolekfo Toulouse (France) Bagua, a ehyiae wɔ 1229 mu no kae sɛ: “Yɛabara sɛ ɛnsɛ sɛ asɔre ba biara nya Apam Dedaw anaasɛ Apam Foforo nhoma ahorow a wɔakyerɛ ase akɔ kasa a nnipa dodow no ka no mu no bi. Sɛ obi a ɔpɛ nyamesom pɛ a, obetumi anya Psalter anaa Breviary [nnwom ne mpaebɔ nhoma] no bi . . . nanso ɛnsɛ sɛ onya nhoma a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ a wɔakyerɛ ase akɔ Romance mu no bi wɔ ɔkwan biara so.” Mfe anan akyi no, James I a ofi Aragon (Iberian supɔw no mu fã kɛse so hene) maa nnipa a wɔwɔ Bible a ɛwɔ ɔman no mu kasa mu no nyinaa dapɛn biako pɛ sɛ wɔmfa nkɔma ɛhɔnom ɔsɔfo panyin no mma ɔnhyew. Na wobebu obiara a wamfa ne de ankɔma no no sɛ ɔsom mu otuatewfo, sɛ ɔyɛ sɔfo anaa asɔre ba no.
Bara a wɔbaraa yi nyinaa akyi—a na wonni so papa biara bere nyinaa—no, na Spaniafo bi wɔ Romance Bible no wɔ Mfinimfini Mmere no awiei mu hɔ. Nanso bere a wɔhyehyɛɛ Spania Atirimɔden Asenni no wɔ Ɔhemmea Isabella ne Ɔhene Ferdinand ase wɔ 1478 mu no, eyi baa awiei mpofirim. Wɔ 1492 mu, wɔ Salamanca kurow nkutoo mu no, wɔhyew Bible mfuamfua 20 a ɛsom bo yiye a wɔde nsa akyerɛw. Romance kasa mu Bible nsaano nkyerɛwee a ɛkae nkutoo ne nea na ɛwɔ ɔhene no ankasa anaasɛ adehye a wɔwɔ tumi a wɔammu wɔn sɛ wɔwɔ bi no nhomakorabea no.
Wɔ mfe ahanu a edi hɔ no mu no, na Katolekfo Bible nkutoo a wotintim wɔ Spain—wɔ Latin Vulgate no akyi—ne Complutensian Polyglott, Bible a emu nsɛm no wɔ kasa horow pii mu no mu nea edi kan a Cardinal Cisneros ma wotintim no. Nokwarem no, na ɛyɛ nhomanimfo nhoma, na ɛnyɛ mpapahwekwa de. Wɔyɛɛ 600 pɛ, na na nnipa kakraa bi na wotumi te ase, efisɛ na wɔakyerɛw Bible no mu nsɛm no wɔ Hebri, Aram, Hela, ne Latin kasa mu—na ɛnyɛ Spania. Afei nso, na ne bo yɛ den. Na ne bo yɛ sika kɔkɔɔ ducats abiɛsa (ɛne ɔpaani asram asia akatua yɛ pɛ).
Spania Bible no Kohintaw
Wɔ afeha 16 mfiase no, Spaniani “Tyndale” bi sɔree a wɔfrɛ no Francisco de Enzinas. Na ɔyɛ Spaniani asasewura ɔdefo bi ba, na ofii ase kyerɛɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ase kɔɔ Spania kasa mu bere a na ɔda so ara yɛ aberante a ɔkɔ sukuu no. Akyiri yi ɔma wotintim nkyerɛase no wɔ Netherlands, na wɔ 1544 mu no, ɔde akokoduru bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma ɔhene no ama no kwan ma wakyekyɛ wɔ Spain. Na Spain ɔhempɔn, Charles I wɔ Brussels wɔ saa bere no mu, na Enzinas de hokwan yi dii dwuma de bisae sɛ ɔhene no mpene n’adwuma no so.
Wɔabɔ mmarima baanu yi ntam nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye yi ho amanneɛ sɛnea edi so yi. Ɔhempɔn no bisae sɛ: “Eyi yɛ nhoma bɛn?” Enzinas buae sɛ: “Ɛyɛ Kyerɛw Kronkron no fã a wɔfrɛ no Apam Foforo no.” Obisaa no sɛ: “Hena ne nhoma no kyerɛwfo?” Obuae sɛ: “Honhom kronkron no.”
Ɔhempɔn no maa kwan sɛ wontintim nhoma no, nanso egyina ade biako so—ɛsɛ sɛ Spaniani ɔkokorani bi a ɔhene no kɔ ne nkyɛn bɔneka no nso pene so. Awerɛhosɛm a Enzinas hyiae ne sɛ wampene so, na ankyɛ Atirimɔden Asenni no de no too afiase. Mfe abien akyi no, otumi guanee.
Mfe kakraa bi akyi no, wotintim nkyerɛase yi a wɔayɛ no foforo wɔ Venice, Italy, na ɛno ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nkyerɛase a Julián Hernández de kɔɔ Seville, Spain wɔ kokoam no. Nanso wɔkyeree no, na bere a wɔyɛɛ no ayayade, na wɔde no too afiase akyi no, wokum ɔne ne mfɛfo Bible asuafo afoforo.a
Trent Bagua (1545-63) no ase no, Katolek Asɔre no san kasa tiaa Bible nkyerɛase ahorow a ɛwɔ ɔman no kasa mu no. Ɛhyehyɛɛ nhoma ahorow a wɔabara no din, a saa Bible nkyerɛase ahorow a asɔre no ampene so ansa na wɔreyɛ no nyinaa ka ho. Eyi kyerɛ sɛ na wɔabara Spania Bible a ɛwɔ ɔman no mu kasa mu no, na wɔ a obi wɔ bi kɛkɛ no betumi ama wɔakum no.
Bere a wotintim Reina nkyerɛase no akyi mfe kakraa bi no, Cipriano de Valera, obi a anka ɔyɛ ɔkokorani a Seville Atirimɔden Asenni no nsa anka no yɛɛ no foforo. Wotintim nkyerɛase yi wɔ Amsterdam wɔ 1602 mu, na wɔde bi kɔɔ Spain. Reina-Valerina Bible dedaw no ne afoforo no ne nea wɔde di dwuma kɛse sen biara wɔ Protestantfo a wɔka Spania kasa no mu.
Hokwan no Bue
Awiei koraa, wɔ 1782 mu no, Atirimɔden Asenni no hyɛɛ mmara sɛ wobetumi atintim Bible no mpɛn dodow a wɔde abakɔsɛm ne nkyerɛkyerɛ ho nkyerɛkyerɛmu ka ho no. Wɔ 1790 mu no, Katolekfo sɔfo panyin a ɔwɔ Segovia, Felipe Scio de San Miguel, de Latin Vulgate no dii dwuma de kyerɛɛ Bible no ase kɔɔ Spania kasa mu. Awerɛhosɛm ne sɛ na ne bo yɛ den dodo—1,300 reals, ɛbo a ɛkɔ soro dodo wɔ saa bere no mu—na na wɔnte nsɛm no ase koraa ma Spaniani abakɔsɛm kyerɛwfo biako kaa ho asɛm sɛ ɛyɛ “awerɛhosɛm kɛse.”
Mfe bi akyi no, Spain hene Fernando VII hyɛɛ ɔsɔfo panyin a ɔwɔ Astorga, Félix Torres Amat, sɛ ɔnyɛ nkyerɛase foforo a emu da hɔ yiye a ɛno nso gyina Latin Vulgate no so. Wowiee nkyerɛase yi wɔ 1823 mu, na wɔkyekyɛɛ bebree sen Scio nkyerɛase no. Nanso, esiane sɛ na ennyina kan de a ɛyɛ Hebri ne Hela de no so nti, na mfomso a ɛtaa ba nea wɔakyerɛ ase a wɔhwɛ so kyerɛ ase kɔ kasa foforo mu no mu wom.
Nkɔso yi nyinaa akyi no, asɔre no ne ɔman no sodifo annye anni sɛ ɛsɛ sɛ nnipa a wɔba fam no kenkan Kyerɛwnsɛm no. Bere a George Borrow a ɔyɛ Britania ne Aman Afoforo Bible Kuw no ɔnanmusini no bisaa kwan wɔ 1830 mfe no mu sɛ wɔmma wontintim Bible ahorow wɔ Spain no, aban soafo Mendizábal ka kyerɛɛ no sɛ: “Me wura pa, ɛnyɛ Bible na yɛpɛ, na mmom atuo ne atuduru a yɛde bekunkum atuatewfo no, na nea ɛsen ne nyinaa no, sika a yɛde betua asraafo no ka.” Borrow kɔkyerɛɛ Luka Asɛmpa no ase kɔɔ Spania Gypsyfo kasa mu, na wɔ 1837 mu no, wɔde no too afiase wɔ ne mmɔdenbɔ no ho.
Awiei koraa no, wɔantumi ansiw ano bio. Wɔ 1944 mu no, Spania asɔre no tintim ne Kyerɛw Kronkron no nkyerɛase a edi kan a egyina kasa a wodii kan de kyerɛw no so—mfe bɛyɛ 375 wɔ Casiodoro de Reina nkyerɛase no akyi. Na eyi yɛ Katolekfo nhomanimfo Nácar ne Colunga nkyerɛase. Nea edii eyi akyi bae wɔ 1947 mu ne Bover ne Cantera nkyerɛase no. Efi saa bere no wɔayɛ Spania kasa mu Bible nkyerɛase bebree.
Wɔanya Nkonimdi ho Awerɛhyem
Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ Spania Bible no di ako mfehaha pii de, nanso awiei koraa no, edii nkonim. Nokwarem no, nneɛma akɛse a nhoma asekyerɛfo te sɛ Reina de bɔɔ afɔre no anyɛ ɔkwa. Nnipa a wɔtɔ Bible nnɛ no mu baahe na wogyina susuw bere a na wɔabara sɛ ɛnsɛ sɛ wonya Bible no bi no ho?
Ɛnnɛ, Bible ne nhoma a wɔtɔ sen biara wɔ Spain ne aman a wɔka Spania kasa no mu, na nkyerɛase pa pii wɔ hɔ. Ebi ne Versión Moderna (Nnɛyi Nkyerɛase, 1893) a ɛde Onyankopɔn din, Jehová di dwuma bere nyinaa; Pauline Edition of the Bible (1964) a ɛde edin Yavé di dwuma wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu; Nueva Bible Española (Spania Bible Foforo, 1975), a ɛmfa Jehová anaa Yavé nni dwuma no; ne Traduccion del Nuevo Mundo (New World Translation, 1967), a Ɔwɛn Aban Asafo na etintimii a ɛde edin Jehová di dwuma no.
Yehowa Adansefo kɔ nnipa a wɔka Spania kasa ɔpepem pii afie mu dapɛn biara sɛnea ɛbɛyɛ na wɔaboa wɔn ma wɔahu bo a Kyerɛw Kronkron Bible no som—nhoma a ɛfata sɛ wowu ma, nhoma a ɛfata sɛ wɔde tra ase. Nokware no, mmɔden a Spania Bible no bɔe sɛ ɛbɛko adi nkonim no ho asɛm no yɛ nokwasɛm foforo a ɛne sɛ “Onyankopɔn asɛm tim hɔ daa.”—Yesaia 40:8.
[Ase hɔ asɛm]
a Saa bere no na wontumi nkra nhoma biara a wɔmma tumi krataa titiriw bi, na na obi a ɔhwɛ nhomakorabea so rentumi mmue nhoma a wɔde aba ɔman no mu adaka biara ano a Atirimɔden Asenni no mmaa no kwan.
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Wɔasan atintim “Complutensian Polyglott” no, ma enti wobetumi ahwehwɛ mu ntɛm ara. (Hwɛ kratafa 8)
[Mfonini Fibea]
Courtesy of the Biblioteca Nacional, Madrid, Spain