Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 6/1 kr. 29-30
  • Apere a Casiodoro de Reina Di Maa Spania Bible

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Apere a Casiodoro de Reina Di Maa Spania Bible
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Din no a Ɛwɔ Spania Kasa Nkyerɛase Horow Mu
  • Sɛnea Spania Bible No Ko Dii Nkonim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nea Ɛyɛe a Tete Mmere Mu no, Spainfo Nyaa Bible
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nea Ɛyɛe a Bible Awɔ Hɔ Abesi Yɛn Bere Yi So
    Nyan!—2007
  • Wɔn a Wɔn Ani Gye Onyankopɔn Asɛm Ho Adu Botae Titiriw Bi Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 6/1 kr. 29-30

Apere a Casiodoro de Reina Di Maa Spania Bible

NÁ SPAIN yɛ baabi a Bible akenkan yɛ hu wɔ afeha a ɛto so dunsia no mu. Na Katolek Asɔre no ahyɛ Atirimɔden Asɛnni no sɛ ensiw nkyerɛkyerɛ foforo ketewaa biara a ɛbɛda adi no ano. Nanso na aberante bi wɔ Spain kesee fam a na ɛnyɛ Bible no nko na ɔkenkan na mmom ɔkaa ntam nso sɛ ɔbɛkyerɛ ase akɔ ɔmanfo no kasa mu na ama Spaniani biara atumi akenkan. Na ne din de Casiodoro de Reina.

Mfe du a Reina kodii wɔ San Isidro del Campo nkokorafie a ɛwɔ Seville kurotia wɔ Spain no na ɛmaa Bible ho anigye a ɔwɔ no yɛɛ kɛse. Wɔ 1550 mfe no mu no, nkokorafo a na wɔwɔ nkokorafie soronko yi mu no dodow no ara de nnɔnhwerew pii kenkan Bible no sen nnwuma a wɔhwehwɛ sɛ wɔyɛ no. Na Bible mu nsɛm no sesaa wɔn nsusuwii. Wɔpow Katolek nkyerɛkyerɛ a ɛfa ahoni a wɔde di dwuma ne ahodwiragya mu gyidi ho no. Sɛnea na wontumi nsiw ano no, wɔn nsusuwii no bɛdaa adi wɔ mpɔtam hɔ, na esiane sɛ na wosuro sɛ Spania Atirimɔden Asɛnni no bɛkyere wɔn nti wosii gyinae sɛ wobeguan akɔ amannɔne. Na Reina yɛ 12 a wotumi guan kɔɔ Geneva, Switzerland, no mu biako.

Bere a anka wɔreyɛ akyere no no, ofii Europa kurow biako mu kɔɔ foforo mu, na ɛkame ayɛ sɛ otumi guan fii n’ataafo nsam bere nyinaa. Wɔ 1562 mu no, atirimɔden asɛnnifo a wɔahaw no hyew ne mfonini wɔ Seville, nanso ahunahuna a ɛyɛ hu no mpo amma Reina annyae n’adwuma a ɛne Kyerɛwnsɛm no asekyerɛ no. Ɛmfa ho sɛ wotwaa sika too hɔ sɛ wɔde bɛma obi a ɔbɛkyere no, na osuroo bere nyinaa sɛ wɔbɛkyere no no, ɔyɛɛ ne Spania kasa mu nkyerɛase no ho adwuma a wannyae. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Kyerɛwdua amfi me nsam da . . . gye bere a na meyare anaa meretu kwan.”

Mfe du na Reina de wiee adwuma no. Wotintim Bible mũ no a ɔkyerɛɛ ase no nyinaa wɔ 1569 mu wɔ Basel, Switzerland. Na nkyerɛase soronko yi ne Spania kasa mu nkyerɛase a edi kan koraa a wɔyɛ fii mfitiase kasa horow no mu. Na Latin Bible ahorow wɔ hɔ mfehaha pii, nanso na Latin kasa yɛ nnipa akunini kasa. Reina gye toom sɛ ɛsɛ sɛ obiara te Bible no ase, na ɔde ne nkwa too asiane mu dii saa botae no ho dwuma.

Ɔkyerɛkyerɛɛ nea enti a ɔyɛɛ ne nkyerɛase no mu wɔ ne nnianim nsɛm no mu. “Kyerɛw Kronkron no a wɔbɛbara wɔ kasa a ɔmanfo ka mu no yɛ atɛnnidi a emu yɛ den ma Onyankopɔn, na ɛsɛe nnipa yiyedi. Eyi yɛ Satan ne wɔn a odi wɔn so no adwuma pefee. . . . Esiane sɛ Onyankopɔn de n’Asɛm maa nnipa, na ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa te ase na wɔde di dwuma nti, obiara a ɔbɛbara wɔ kasa biara mu no, na onni adwempa.”

Na saa asɛm yi yɛ akokodurusɛm, efisɛ ɛbae bere a na Spania Atirimɔden Asɛnni no Index no ahyɛ da abara Bible no “wɔ Castilian romance [Spania kasa] anaa ɔmanfo kasa foforo biara mu” no akyi mfe 18 pɛ. Ɛda adi pefee sɛ, Reina amma onipa ho suro annwudwo ɔdɔ a na ɔwɔ ma nokware no.

Sɛ yɛde ɔpɛ a emu yɛ den a na Reina wɔ sɛ ɔbɛma nnipa a wɔka Spania kasa nyinaa nsa aka Bible no bi no to nkyɛn a, ɔhwehwɛe nso sɛ ɔbɛyɛ nkyerɛase a edi mũ sen biara sɛnea obetumi. Wɔ ne nnianim nsɛm no mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ mfaso horow a ɛwɔ nkyerɛase a ɔyɛ fii mfitiase kasa mu tẽẽ no mu pefee. Reina kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, na mfomso horow wɔ Latin Vulgate nkyerɛwee no mu. Eyi mu nea na ɛda adi kɛse no biako ne Onyankopɔn din a woyi fii mu no.

Onyankopɔn Din no a Ɛwɔ Spania Kasa Nkyerɛase Horow Mu

Reina hui sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn din, Yehowa, no ba Bible nkyerɛase biara a wɔde ahonim pa yɛ mu, sɛnea ɛwɔ mfitiase nkyerɛwee no mu no. Wanni Onyankopɔn din a wɔtaa de abodin horow te sɛ “Onyankopɔn” anaa “Awurade” si ananmu no akyi. Ɔkyerɛkyerɛɛ nea enti a ɔyɛɛ saa no mu pefee wɔ ne nnianim nsɛm no mu.

“Yɛde ntease a emu yɛ den akora edin (Iehoua) no so. Nea edi kan no, baabiara a ebia wobehu no wɔ yɛn nkyerɛase no mu no, wobehu wɔ Hebri nkyerɛwee no mu nso, na yehui sɛ yentumi nyi mfi mu anaa yɛnsesa no bere a yentwa nkontompo, na yemmu Onyankopɔn mmara a ɛka sɛ yennyi bi mmfi mu anaa yɛmmfa bi nnka ho, no so. . . . Ade a Ɔbonsam de bae, [edin no a woyi fi mu] no fi nnɛyi rabifo gyidihunu a na wɔkyerɛ sɛ wɔde redi edin no ni nanso nokwarem no, wɔde kataa Ne din Kronkron no so, na ɛma Onyankopɔn nkurɔfo werɛ fi ade a ɔpɛe sɛ ɔnam so da nsow fi anyame . . . foforo nyinaa ho no.”

Ɔpɛ a na Reina wɔ sɛ ɔbɛkamfo Onyankopɔn din no nyaa nkɛntɛnso kɔɔ akyiri. Ɛde besi nnɛ no, Spania nkyerɛase pii—Katolekfo ne Protestantfo de nyinaa—adi saa nhwɛso yi akyi, de Onyankopɔn din no adi dwuma wɔ ne nyinaa mu. Esiane Reina nti, ɛkame ayɛ sɛ wɔn a wɔkenkan Spania Bible nkyerɛase nyinaa betumi ahu pefee sɛ Onyankopɔn wɔ din ankasa a ɛma ɔda nsow fi anyame a aka no nyinaa ho.

Ade a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wohu Yehowa din a ɛwɔ Hebri mu pefee wɔ Reina Bible no kratafa a wɔahyehyɛ nsɛmti no. Reina hyiraa ne nkwa so maa adwuma pa a ɛne sɛ ɔbɛkora Onyankopɔn Asɛm so, na ɔde baa kasa a nnipa ɔpepem pii tumi kenkan mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena