Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 10/1 kr. 2-4
  • So Adesamma Hia Mesia Bi Ampa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Adesamma Hia Mesia Bi Ampa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Ɔkɔm wɔ hɔ Saa?
  • Ano Aduru Biara Nni Hɔ?
  • Mmofra Wɔ Ahokyere Mu
    Nyan!—1993
  • Ɔkɔm Bere A Aduan Pii Wɔ Hɔ—Dɛn Ntia?
    Nyan!—1985
  • Ɔhaw no Ano Aduru a Wɔrehwehwɛ
    Nyan!—2000
  • Hena Na Obetumi Ama ‘Ɔkɔm Ho Nteɛm’ No Agyae?
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 10/1 kr. 2-4

So Adesamma Hia Mesia Bi Ampa?

“WIASE NO HIA MESIA BI, SAA NA ƆPANYIN BI KAE”

Saa asɛmti no puee wɔ Toronto, Canada atesɛm krataa The Financial Post mu wɔ 1980 mu. Ɔpanyin a wɔfaa ne nsɛm kae no ne Aurelio Peccei a ɔyɛ kuw bi a wɔyɛ wiase nsɛm mu nhwehwɛmu a wonim wɔn yiye a wɔfrɛ wɔn Club of Rome no titrani ne ne hyehyɛfo no. Sɛnea Post no kae no, Peccei gye di sɛ “ɔkannifo bi a ɔwɔ afoforo so nkɛntɛnso​—sɛ ɔyɛ nyansahu, amammui, anaa nyamesom muni​—nkutoo na obetumi agye wiase no afi asetra ne sikasɛm mu basabasayɛ a ebetumi asɛe anibuei no mu. “Wususuw ho dɛn? So wiase yi aba ɔhaw kɛse mu araa ma adesamma hia Mesia bi? Susuw ɔhaw ahorow a ɛwɔ wiase mu no mu biako pɛ​—ɔkɔm​—ho hwɛ.

ANIWA akɛse kɔkɔɔ abien a ɛwɔ atesɛm krataa anaa nsɛmma nhoma bi mu mfonini mu hwɛ wo haa. Ɛyɛ abofra, abeawa ketewaa a onnii mfe anum mpo aniwa. Nanso aniwa yi mma wonserew. Emu nhyerɛn sɛnea mmofra ani te no, anwonwade ho anigye biara nnim, afoforo mu ahotoso a mmofra wɔ no nna adi wom. Mmom no, nea ɛda adi wom ne ɛyawdi pii, amanehunu, ɔkɔm a anidaso biara nni hɔ sɛ ebegyae. Ɔkɔm rekum abofra no. Nea onim ara ne ɛyawdi ne ɔkɔm.

Ebia wote sɛ nnipa afoforo pii a wɔmpɛ sɛ wɔkɔ so hwɛ mfonini ahorow a ɛtete saa no, enti woyɛ ntɛm bue kɔ kratafa a edi hɔ no so. Ɛnyɛ sɛ ɛmfa wo ho, nanso wote abasamtu nka efisɛ wususuw sɛ aka akyiri dodo sɛ wɔbɛboa abeawa yi. Ne nsa ne n’anan a afonfɔn ne n’afuru a ahyɛ no yɛ nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ne nipadua no afi ase retwe emu ahoɔden no dedaw. Ebetumi aba sɛ ebedu bere a wubehu ne mfonini no, na wawu dedaw. Nea ennye koraa ne sɛ wunim sɛ ɛnyɛ ɔno nkutoo na n’asɛm te saa.

Ɔhaw no kɔ akyiri kodu he? Wiɛ, so wubetumi ayɛ mmofra ɔpepem 14 ho mfonini wɔ w’adwenem? Yɛn mu pii rentumi; wɔdɔɔso koraa sen sɛnea yebetumi de yɛn ani abu. Ɛnde yɛ agodibea bi a etumi fa nnipa 40,000 ho mfonini wɔ w’adwenem. Afei susuw ho sɛ mmofra ahyɛ mu ma​—a wɔahyehyɛ wɔn abobɔ so pii na wɔsesa so bebree. Ɛyɛ den sɛ wobɛyɛ ɛno mpo ho mfonini wɔ w’adwenem. Nanso, ebegye agodibea ahorow a ɛte sɛɛ 350 a mmofra ayeyɛ mu ma ansa na asõ ɔpepem 14. Sɛnea UNICEF (Amanaman Nkabom Mmofra Hwɛ Ho Foto) kyerɛ no, ɛno ne mmofra a wonnii mfe anum a aduan pa a wonnya nni ne nyarewa a ɛyɛ mmerɛw sɛ wobesiw ano kunkum wɔn afe biara wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso mu no dodow a ɛyɛ hu. Ɛno bɛyɛ sɛ mmofra a wɔayɛ agodibea biako mu ma a wowuwu da koro biara! Fa mpanyimfo dodow a ɔkɔm de wɔn no ka eyi ho, na wubenya nnipa ɔpepepem biako a wonnya aduan pa nni bere nyinaa wɔ wiase nyinaa.

Dɛn Nti na Ɔkɔm wɔ hɔ Saa?

Mprempren yɛn okyinsoroma yi ma aduan a ɛdɔɔso sen nea adesamma di, na ebetumi ama pii aka ho. Nanso, aduan pa a wonnya nni ne nyarewa kunkum mmofra 26 simma biara. Simma koro no ara mu no, wiase no sɛe sika bɛyɛ cedi 900,000,000 de siesie wɔn ho ma akodi. So wubetumi asusuw nea saa sika no nyinaa​—anaa ne fã bi kɛkɛ​—betumi ayɛ ama saa mmofra 26 no ho?

Ɛda adi pefee sɛ wɔrentumi nka sɛ aduan anaa sika a wonnya na ɛde ɔkɔm aba wiase. Ɔhaw no kɔ akyiri sen saa. Sɛnea Argentinani sukuupɔn mu ɔkyerɛkyerɛfo Jorge E. Hardoy kae no, “ayɛ nea bere nyinaa no, wiase mũ no nyinaa ntumi mfa emu ahotɔ, ahoɔden, bere, nneɛma ne nimdeɛ no bi mma wɔn a wohia nneɛma yi kɛse no.” Yiw, ɔhaw no mfi nneɛma a onipa wɔ, na mmom efi onipa ankasa. Ɛte sɛ nea anibere ne pɛsɛmenkominya na edi adesamma abusua no so tumi. Asase so nnipa nyinaa nkyem anum mu biako a wɔanya wɔn ho sen biara no nya nneɛma ne nnwuma ahorow mu mfaso bɛyɛ mpɛn 60 sen nkyem anum mu biako a wodi hia sen biara no.

Ɛyɛ ampa sɛ ebinom fi wɔn komam rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn a ɔkɔm de wɔn no anya aduan, nanso nneɛma bi a wonni so tumi ma wɔn mmɔdenbɔ no pii yɛ ɔkwa. Ɔkɔm taa si wɔ aman a ɔmanko anaa atuatew asɛe hɔ so, na akuw a wɔko tia wɔn ho wɔn ho no taa siw kwan na wɔamfa nneɛma ankɔma wɔn a ahia wɔn no. Afã abien no nyinaa suro sɛ, sɛ wɔma kwan ma ɔmanfo a ɔkɔm rekunkum wɔn a wɔwɔ wɔn atamfo nsasesin mu no nsa ka aduan a, wɔn atamfo no nso benya bi adi. Nniso horow bi mpo tumi de ɔkɔm di dwuma sɛ akode wɔ amammuisɛm mu.

Ano Aduru Biara Nni Hɔ?

Awerɛhosɛm ne sɛ ɛnyɛ nnipa ɔpepem pii a ɔkɔm kunkum wɔn no nkutoo ne ɔhaw a nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no hyia. Nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔresɛe no wɔ baabiara, ɔhaw a ɛne akodi a ɛwɔ hɔ bere nyinaa a ɛma nnipa ɔpepem pii hwere wɔn nkwa, nsɛmmɔnedi a basabasayɛ wom a abu so na ɛde ehu ne afoforo a wonnye wɔn nni aba baabiara, ne wiase no bra a ɛkɔ so sɛe a ɛte sɛ nea ɛno na ɛde ɔhaw ahorow yi pii aba no​—wiase haw ahorow yi nyinaa ka bom, sɛnea yɛbɛka no no, na esi nokwasɛm koro no ara a wontumi nnye ho kyim no so dua​—onipa ntumi nni ne ho so ma ensi no yiye.

Akyinnye biara nni ho sɛ ɛno nti na nnipa pii abam abu sɛ wɔbetumi ahu wiase haw ahorow no ano aduru no. Afoforo te nka sɛ Aurelio Peccei, Italiani ɔdenimfo a wɔkaa ne ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase no. Sɛ ano aduru bi wɔ hɔ a, wosusuw sɛ ɛsɛ sɛ efi beae soronko bi​—ebia tumi bi a ɛboro onipa de so mpo​—hɔ. Ne saa nti nkurɔfo wɔ mesia ho adwene no ho anigye kɛse. Nanso so ntease wom sɛ wɔbɛhwɛ mesia bi kwan? Anaasɛ anidaso a ɛte sɛɛ no yɛ adaeso ara kwa?

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]

Cover photos: Top: U.S. Naval Observatory photo; Bottom: NASA photo

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

WHO photo by P. Almasy

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 4]

WHO photo by P. Almasy

U.S. Navy photo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena