Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 10/15 kr. 30-31
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ma Onyankopɔn Teasefo No Nkyerɛ Wo Kwan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Mogya A Wɔde Gye Nkwa​—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Bu Nkwa A Wɔde Ama Wo No Sɛ Akyɛde A Ɛfata
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 10/15 kr. 30-31

Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Ɛsɛ sɛ mogya mu nneɛma te sɛ emu nsu a wɔfrɛ no plasma a awo a wobetumi de aka nnuan a wɔde nam ayɛ ho no ho asɛm hia Kristofo dɛn?

Sɛ Kristofo wɔ nokwasɛm a wobegyina so agye adi sɛ wɔde mmoa mogya (anaa emu biribi) yɛ nnuan wɔ wɔn mpɔtam hɔ ampa a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ ahwɛyiye sɛnea ɛsɛ. Nanso, ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ wɔbɛma susuw a wosusuw ara kwa sɛ wɔyɛ saa no ahaw wɔn anaa ayɛ adwennwenne a enni nnyinaso.

Yɛn Bɔfo no barae sɛ ɛnsɛ sɛ adesamma di mogya wɔ adesamma abakɔsɛm mfiase. (Genesis 9:3, 4) Ɔkae sɛ mogya gyina hɔ ma nkwa a ɛyɛ akyɛde a efi ne hɔ no. Na wobetumi de mogya a woyi fi abɔde bi mu no adi dwuma wɔ afɔrebɔ mu nkutoo, te sɛ wɔ afɔremuka no so. Sɛ ɛnte saa a, ɛsɛ sɛ wohwie mogya a efi abɔde bi mu no gu fam, a ɔkwan bi so no wɔde resan ama Onyankopɔn. Ná ɛsɛ sɛ ne nkurɔfo kwati nkwa a wobɛma atra hɔ denam mogyadi so. Ɔhyɛɛ mmara sɛ: “Munnni nam biara mogya, efisɛ ɔhonam nyinaa kra ne ne mogya; obiara a odi no, wobetwa no akyene.” (Leviticus 17:11-14)Wɔsan tĩĩ mogyadi a Onyankopɔn barae no mu kyerɛɛ Kristofo. (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Enti na ɛnsɛ sɛ tete Kristofo no di nnuan a mogya wom, te sɛ mmoa a wɔanhwie wɔn mogya angu nam anaa nam a wɔayam a mogya wom.

Nanso, nokwarem no, na saa Kristofo no bedi wɔn bo a wɔasi sɛ ‘wobeyi wɔn ho afi mogya ho’ no ho dwuma dɛn? (Asomafo no Nnwuma 21:25) So na ɛsɛ sɛ wɔde ɔsomafo Paulo nsɛm yi di dwuma kɛkɛ: “Nea wɔtɔn namgua so nyinaa, munni, na ahonim nti mummmisabisa ho nsɛm”?

Dabi. Saa nsɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 10:25 ka aboa bi a wɔde no bɔɔ afɔre wɔ abosonnan mu nam ho asɛm. Saa bere no na wɔtɔn asɔrefi nam a ɛka no ma aguadifo a na wobetumi de aka wɔn nam ho atɔn wɔ wɔn aguadi adan mu no. Na Paulo nkyerɛ sɛ abosonsɔrefi nam nnye anaa ɛho ntew koraa. Ɛte sɛ nea na wɔtaa twe mmoa a wɔde wɔn bɔ afɔre wɔ hɔ no mogya na wɔde di dwuma wɔ abosonsomfo afɔremuka ahorow no so. Enti sɛ na wɔtɔn nam a na aka no bi wɔ gua so, na hwee nkyerɛ sɛ efi abosonsɔrefi bi mu anaa abosonsomfo nkura ho adwene a ɛnteɛ a, na Kristofo betumi atɔ sɛ nam a wɔtɔn a ɛho tew na wɔahwie emu mogya no agu wɔ ɔkwan a ɛfata so.

Nanso, sɛ na saa Kristofo no nim sɛ mmoa a wɔanhwie wɔn mogya angu nam (anaa nam a wɔayam a mogya wom) ka nea wɔtɔn wɔ wɔn hɔnom aguadidan mu no ho a, ɛnde anka ɛno bɛyɛ asɛm foforo. Na ebehia sɛ wɔde ahwɛyiye paw nam a wɔbɛtɔ no. Ebia na wobetumi ahu nneɛma a wɔde nam a mogya wom ayɛ no, sɛ ani hwɛbea yɛ soronko (te sɛ nea wɔtaa tumi hu nam a mogya wom a wɔayam no wɔ nsase a abu so wɔ so so no) a. Anaa, na Kristofo betumi ahwehwɛ nankwanseni anaa namtɔnfo a ɔwɔ din pa. Sɛ na wonni hwee a wobegyina so agye di sɛ mogya wɔ nam bi mu a, na wobetumi atɔ adi.

Paulo kyerɛw nso sɛ: “Momma nnipa nyinaa nhu mo dwo!” (Filipifo 4:5) Wobetumi de ɛno nso adi dwuma wɔ nam a wɔtɔ mu. Israelfo Mmara anaa afeha a edi kan no mu Kristofo sodikuw no mmara biara ankyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo de mmɔdenbɔ kɛse bisabisa nam ho asɛm, na wɔdan nnuadewa nkutoo difo, sɛ wɔn adwenem yɛ wɔn naa kakra sɛ ebia mogya wɔ nam a ɛwɔ hɔ no mu a.

Na Israelni ɔbɔmmɔfo a okum aboa no behwie ne mogya agu. (Fa toto Deuteronomium 12:15, 16 ho.) Sɛ n’abusua antumi anni nam no nyinaa a, na obetumi atɔn bi. Wɔ aboa a wɔahwie ne mogya agu yiye mpo mu no, mogya kakra bɛka nam no mu, nanso hwee nni Bible no mu a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Yudani bi a ɔretɔ nam bɔ mmɔden tra so sɛ obehu nokwasɛm ahorow te sɛ simma dodow a ɛda bere a wokum no ne bere a wɔde twee ne mogya no gui ntam, ntini nko a wotwae ma mogya no senee, ne sɛnea wɔde aboa no sɛn hɔ ne bere tenten a wɔde yɛɛ saa. Afei nso, sodikuw no ankyerɛw sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ ahwɛyiye soronko bi wɔ eyi mu, te sɛ nea wohia mmuae a wɔakyerɛ mu fann a edi mu ansa na wɔadi nam biara.

Wɔ nsase pii so nnɛ no, sɛnea mmara, amanne, ne ɔsom mu nneyɛe te nti, wɔde mmoa a ɛsɛ sɛ wohwie wɔn mogya gu bere a wɔakum wɔn no nam na ɛyɛ nneɛma a wɔde nam yɛ no (gye nneɛma soronko te sɛ nam a mogya wom a wɔayam). Enti, enhia sɛ Kristofo a wɔte saa mmeae no ma akwan horow a wɔfa so kum mmoa anaa wɔde yɛ ɛho nneɛma no haw wɔn tra so. Sɛ wɔtrɛw mu a, wobetumi akɔ so ‘adi nam a wɔtɔn, a wommisabisa mu,’ na wobetumi anya ahonim a emu tew sɛ wɔretwe wɔn ho afi mogya ho.

Nanso, abenfo de mogya a wɔtɔ yɛ nneɛma ho amanneɛbɔ ama wɔ mmere horow bi mu ma ahaw Kristofo binom. Nnwumawuranom bi a wɔyɛ nam ho adwuma susuw sɛ wobetumi akogye mmoa a wɔakum wɔn mogya pii no de ayɛ nneɛma anya mu mfaso, te sɛ wɔ nnuru a wɔde yɛ asase yiye anaa nnuan a wɔde ma mmoa mu. Nhwehwɛmufo ayɛ nhwehwɛmu sɛ ebia wobetumi de saa mogya no (anaa emu nneɛma) ayɛ nam a wɔde hyɛ nkankyee mu anaa. Nnwumakuw kakraa bi ayɛ mogya mu nsunsu anaa plasma no nsu, nea akyen anaa nea ɛyɛ muhumuhu (emu nkwa mmoawa kɔkɔɔ a wɔn ahosu asakra) dodow bi a wobetumi de asi nam kakra a ɛwɔ nneɛma a wɔde nam a wɔayam yɛ anaa meatpie mu no ananmu. Wɔayɛ nhwehwɛmu afoforo afa mogya mu nneɛma a wɔayɛ no muhumuhu a wɔde siw atokuru anaa wɔde kora nam a wɔayam mu nsu ne srade, wɔ nneɛma a wɔde to paano ne ade mu, anaa wɔ nnuan ne annone afoforo mu na wɔanya aduannuru a ɛne protein anaa iron aka ho no ho.

Nanso ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ saa nhwehwɛmu no akɔ so mfe du du pii ni. Nanso, ɛte sɛ nea wɔmfa saa nneɛma no nni dwuma kɛse koraa, anaa wɔmfa nni dwuma koraa wɔ nsase pii so. Amanneɛbɔ ahorow bi kyerɛ nea enti a ɛte saa:

“Mogya ma wonya aduan mu protein ne nea esiesie nipadua no. Nanso, nantwi mogya kakraa bi pɛ na wɔde ayɛ nneɛma ma nnipa di tẽẽ, esiane ani hwɛbea a ebiri ne sɛnea ɛte wɔ tɛkrɛma so nti.”​—Journal of Food Science, Po 55, Nɔma 2, 1990.

Ɛtɔ mmere bi a, Kristofo binom hwɛ nkankyee mu nnuan ho nkrataa, efisɛ nniso pii hwehwɛ sɛ wɔkyerɛw nneɛma a wɔde yɛe no wɔ ho. Na ebia wɔbɛpaw sɛ wɔbɛyɛ saa daa wɔ aguade biara a wɔwɔ nea wobegyina so agye adi sɛ ebia mogya wom no ho. Nokwarem no, ɛbɛyɛ papa sɛ wɔkwati aguade a wɔakyerɛw nsɛm te sɛ mogya, blood plasma, plasma, globin (anaa globulin) protein, anaa hemoglobin (anaa globin) iron wɔ ho no. Aguadi ho amanneɛbɔ bi a Europa adwumakuw bi de mae wɔ eyi ho no se: “Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw globin a wɔde di dwuma sɛ atomde no ho asɛm wɔ ade a aduan no wom no ho wɔ ɔkwan a ɛbɛma nea ɔtɔ no ahu nneɛma a wɔde yɛe anaa aduan no so mfaso pefee.”

Nanso, ntease hia wɔ nkankyee mu nnuan ho krataa a wɔhwɛ anaa nankwansefo a wɔhwehwɛ wɔn no mu. Ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Kristoni biara a ɔwɔ wiase baabiara no hwehwɛ nkankyee mu nnuan nyinaa ho nkrataa anaa nneɛma a wɔde yɛ no mu, anaa obisabisa adidibea anaa nnuan aguadidan mu nnwumayɛfo nsɛm. Ɛsɛ sɛ Kristoni di kan bisa ne ho sɛ, ‘So nokware adanse bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔde mogya anaa emu nneɛma yɛ nnuan wɔ mpɔtam ha anaa ɔman yi mu?’ Wɔ mmeae pii no, ɛnte saa. Enti, Kristofo pii asi gyinae sɛ wɔn ankasa remfa mmere pii nkɔhwehwɛ nneɛma a ɛbɛyɛ den sɛ wɔbɛyɛ no mu. Ɛsɛ sɛ obi a ɔnte nka saa no yɛ ade ma ɛne n’ahonim hyia, na ommu afoforo a ebia wobedi ho dwuma ɔkwan foforo so, nanso wɔyɛ saa wɔ ahonim pa mu wɔ Onyankopɔn anim no ntɛn.​—Romafo 14:2-4, 12.

Sɛ wobetumi ayɛ nnuan a mogya wom mpo a, ebetumi aba sɛ wɔnyɛ eyi wɔ mmeae pii, esiane ne bo, mmara, anaa nneɛma afoforo nti.

Ɛsɛ sɛ wosi so dua sɛ mmara, amanne, anaa nea wɔpɛ wɔ nsase pii so nti, ɛma wɔtaa hwie mmoa a wɔakum wɔn mogya gu, na wɔmfa mogya nyɛ nnuan afoforo. Sɛ Kristofo nni nnyinaso kɛse a ɛbɛma wɔasusuw sɛ tebea no nte saa wɔ wɔn hɔ anaa wɔayɛ nsakrae titiriw bi nnansa yi a, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye na wɔamma yɛ a wobetumi ayɛ saa anaa atesɛm kɛkɛ anhaw wɔn. Nanso, sɛ ɛda adi sɛ wɔde mogya di dwuma pii​—sɛ ebia wɔ aduan anaa ayaresabea ayaresa mu​—a, ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yebedi Onyankopɔn ahyɛde a ese yentwe yɛn ho mfi mogya ho no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena