Wɔn a Wɔn Mfe Akɔ Anim a Wɔhwɛ Wɔn—Nsɛnnennen ne Akatua Ahorow
NÁ SHINETSU, Kristoni somfo bi ani gye ne dwumadi ho kɛse. Ná n’asebea ka n’abusua mufo a wɔyɛ baasa no ho. Ná wɔne Yehowa Adansefo asafo ketewaa bi reyɛ adwuma anigye so, kyerɛkyerɛ nnipa Bible no, kosii sɛ wɔka kyerɛɛ no da koro bi sɛ onnwen asafo afoforo a ɔne ne yere betu kwan akɔsrasra wɔn no ho. Na ebehia sɛ wɔsakra wɔn dabere dapɛn biara. N’ani gyee ho, nanso na hena na ɔbɛhwɛ n’asebea?
Mmusua pii behyia asennennen koro yi ara bi da bi —ɔkwan a eye sen biara a wɔbɛfa so ahwɛ wɔn awofo a wɔn mfe akɔ anim. Wɔntaa nsusuw asɛm no ho ahe biara bere a wɔn awofo wɔ akwahosan na wɔyɛ adwuma no. Nanso, ebia nneɛma nketenkete bi bɛma ada adi sɛ wɔn mfe rekɔ anim, sɛ ebia wɔn nsa a ɛwosow bere a wɔbɔ mmɔden asina paane, anaa wɔn werɛ fi ade bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkae bere a etwa to a wohuu biribi a wonhu no. Nanso, mpɛn pii no, akwanhyia anaa ɔyare a ɛto wɔn mpofirim na ɛma obi hu wɔn ahiade ahorow. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi.
Wɔ aman bi mu no, awofo a wɔwɔ akwahosan a ɛfata pɛ sɛ wɔne wɔn ahokafo nkutoo bɛtra wɔ wɔn mfe pa no mu sen sɛ wɔne wɔn mma bɛtra. Wɔ aman afoforo mu, te sɛ wɔ Apuei Fam ne Afrika aman pii mu no, wɔn a wɔn mfe akɔ anim no taa ne wɔn mma tra, titiriw no wɔn babarima panyin. Wɔtaa yɛ saa titiriw sɛ obi awofo ntumi nnantew a. Sɛ nhwɛso no, wɔ Japan no, wɔn a wɔadi mfe bɛboro 65 a wontumi nnantew papa no mu bɛyɛ 240,000 mmusua na ɛhwɛ wɔn wɔ fie.
Abrabɔ ne Kyerɛwnsɛm mu Asɛyɛde Ahorow
Ɛwom sɛ yɛte awo ntoatoaso a nnipa pii adan “ahopɛfo,” “wɔn a wonni dɔ” mu de, nanso yɛwɔ abrabɔ ne Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde wɔ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ho pefee. (2 Timoteo 3:1-5) Tomiko a ɔhwɛ ne maame a wabɔ aberewa, na yare a wɔfrɛ no Parkinson ayɛ no kaa abrabɔ fam asɛyɛde a ɔte nka sɛ ɔwɔ no ho asɛm bere a ɔkaa ne maame ho asɛm sɛ: “Ɔde mfe 20 hwɛɛ me. Mprempren mepɛ sɛ meyɛ saa ara ma no” no. Ɔhene nyansafo Salomo de afotu mae sɛ: “Tie w’agya, ɔno na ɔwoo wo, na wo na, sɛ ɔbɔ aberewa a, mmu no animtiaa.”—Mmebusɛm 23:22.
Obi nyamesom ho adwene a ɛnteɛ anaa ho tan a ɔwofo a onnye nni wɔ no ntumi ntwa saa Kyerɛwnsɛm mu ahyɛde yi mu. Wɔde honhom kaa Kristoni ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛwee sɛ: “Na sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa ne, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.” (1 Timoteo 5:8) Yesu yɛɛ nhwɛso maa yɛn bere a ɔyɛɛ nhyehyɛe na wɔahwɛ ne maame sɛ nneɛma a etwa to a ɔyɛe ansa na ɔrewu no mu biako no.—Yohane 19:26, 27.
Nsennennen a Wohyia ho Dwumadi
Sɛ mmusua san bɛtra faako bere a wɔtew wɔn ho kɔtrae mfe pii akyi no a, ebehia sɛ wɔyɛ nsakrae pii. Eyi hia ɔdɔ, boasetɔ ne ntease kɛse. Sɛ ɔbabarima panyin no, anaa ɔbabarima anaa ɔbabea foforo bi ne n’abusua tu bɛtra wɔn awofo fie a, tebea horow a ɛyɛ foforo koraa sɔre. Ebia ɔbɛyɛ adwuma foforo, mmofra no bɛkɔ sukuu foforo, na wɔbɛtra baabi foforo a ɛsɛ sɛ ɛhɔ tra kokwaw wɔn. Mpɛn pii no, eyi bɛma ɔyere no nnwuma adɔɔso.
Ɛbɛyɛ den ama awofo no nso sɛ wɔbɛyɛ nsakrae. Ebia kan no na wɔn nkutoo na wɔte hɔ a obiara nhaw wɔn, dede nni hɔ na wɔwɔ ahofadi; afei wɔbɛte dede a wɔn mmanana ne wɔn nnamfo ahoɔdenfo yɛ no. Na wɔn na wosi wɔn ankasa gyinae ahorow, na ebia wɔbɛpow mmɔden biara a wɔbɔ sɛ wɔbɛma wɔn akwankyerɛ no. Esiane sɛ awofo pii di kan hu bere a wɔn mmabarima mmusua bɛba abɛtra wɔn nkyɛn no nti, wosi afie foforo bɛn wɔn anaa ka wɔn afie ho a wɔn abrannaa no toam, na ɛma wɔn nyinaa nya ahofadi bi.
Sɛ ofie no sua a, ebia nsakrae akɛse ho behia na ama wɔn a wɔaba foforo no anya baabi atra. Ɛna bi serew bere a ɔkaee sɛnea ne mmabea baanan haw, bere a wokɔɔ so de adan mu nneɛma ne nneɛma afoforo baa wɔn dan mu na ama wɔn nanabea a wadi mfe 80 no anya baabi atra no. Nanso wɔtaa di ɔhaw ahorow yi mu fã kɛse ara ho dwuma bere a obiara hu hia a ehia sɛ ɔyɛ nsakrae ahorow na ɔkae Bible mu afotu a ɛse ɔdɔ ‘nhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de’ no.”—1 Korintofo 13:5.
Ahofadi a Wɔhwere
Sɛ Kristoni bea bi ne ne kunu nkura gyidi biako, na abarima no si gyinae sɛ ɔne abusua no betu akɔtra n’awofo nkyɛn a, ebetumi ama ɔbea no ahyia ɔhaw a anibere wom. Ebia ɛte sɛ nea nneɛma a abusua no hwɛ hwehwɛ sɛ ɔyɛ no betumi ama ayɛ den sɛ ɔbɛma ne Kristofo asɛyɛde ahorow ne nnwuma afoforo a ɔyɛ no ahyia. Setsuko kae sɛ: “Me kunu tee nka sɛ asiane wom sɛ obegyaw ne maame a onyin ama wayɛ mmerɛw wɔ ɔkwan bi so no nkutoo wɔ fie, na ɔpɛ sɛ metra fie bere nyinaa. Sɛ mebɔ mmɔden sɛ mɛkɔ nhyiam a, ne bo fuw na onwiinwii. Mfiase no, esiane Japanni a meyɛ nti, me nso metee nka sɛ ɛyɛ mfomso sɛ megyaw no nkutoo wɔ fie. Nanso afei wɔ bere bi akyi no, mihui sɛ yebetumi adi ɔhaw no ho dwuma.”
Ná Hisako hyia ɔhaw a ɛte saa ara. Ɔbɔ amanneɛ sɛ: “Bere a yetu kɔtraa me kunu abusuafo nkyɛn no, nea na abusuafo no bedwen ho hu nti, ɔpɛe sɛ mesakra me som na migyae me nyamesom dwumadi ahorow no. Nea ɛsɛee asɛm no koraa no, abusuafo a wɔte bɛn yɛn no bɛsra yɛn Kwasida biara, na ɛma ɛyɛɛ den maa me se mɛkɔ nhyiam horow. Afei nso, mmofra no pɛe sɛ wɔne wɔn papa nuanom mma bedi agoru mmom sen sɛ wɔbɛkɔ nhyiam horow no. Mitumi hui sɛ na ɛrenya yɛn so tumi wɔ honhom fam. Na ɛsɛ sɛ misi gyinae pintinn, na mekyerɛkyerɛ mu kyerɛ me kunu sɛ me nyamesom nyɛ biribi a wɔsakra no te sɛ ntade, na ɛho hia me. Bere bi akyi no, abusua no yɛɛ nsakrae.” Ebinom adi ɔhaw a ɛne bere pii a wobenya no ho dwuma denam obi a osiesie fie a wɔma ɔde bere fã bɛboa da koro anaa nnanu wɔ dapɛn biara mu no so. Afoforo anya ahofadi bi de pue kɔyɛ wɔn ankasa nneɛma, yɛ Kristofo dwumadi denam wɔn mma, abusuafo a wɔbɛn wɔn ne nnamfo a wɔwɔ asafo no mu mpo a wɔhwehwɛ mmoa fi wɔn hɔ no so. Okununom nso atumi aboa anadwo ne adapɛn awiei a wɔwɔ fie no.—Ɔsɛnkafo 4:9.
Biribi a Wɔbɛma Wɔayɛ
Biribi a wɔbɛma wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ayɛ no yɛ asɛnnennen foforo a ɛsɛ sɛ wogyina ano. Wɔn a wɔn mfe akɔ anim no mu bi ani gye ho sɛ wɔbɛboa aduannoa na wɔayɛ nnwuma afoforo wɔ fie hɔ. Sɛ wɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ mmofra no a, wɔte nka sɛ wɔn ho hia, na wonya akomatɔyam wɔ nnuadewa mfikyifuw ne nhwiren a wɔhwɛ so anaa ahomegyede bi mu kyɛfa a wonya no mu.
Nanso, afoforo pɛ sɛ wɔde da no mu fã kɛse da a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtra wɔn ho. Na ɛte sɛ nea biribi a wɔma wɔyɛ sɛnea wobetumi ho hia na ama wɔadi yiye, wanyin akyɛ, na wɔn adwenem ada hɔ. Hideko hui sɛ ne maame te mmubuafo akongua mu de, nanso nhyiam horow a na ɔde ne maame kɔ no ne ade a ɛkanyan no a ohia. Na obiara de anigye ma no akwaaba na ɔne no bɔ nkɔmmɔ. Awiei koraa no, ne ho a na wodwen no ma ɔpenee so sɛ ɔne aberewa bi besua Bible no. Na awarefo bi a na wɔwɔ ɔwofo bi a yare a wɔfrɛ no Alzheimer ayɛ no de no ka wɔn ho kɔ wɔn Kristofo nhyiam horow. Wɔkae sɛ: “Mpɛn pii no, ɔmpɛ sɛ ɔyɛ hwee, nanso n’ani gye wɔ nhyiam horow no ase. Wɔde anigye ma no akwaaba, enti ofi ne pɛ mu ba. Yɛte nka sɛ ɛyɛ mfaso yiye ma no.”
Shinetsu, a yɛaka ne ho asɛm wɔ asɛm no mfiase no dii ne haw no ho dwuma denam ɔdan a ɔhwehwɛɛ maa ne yere maame wɔ beae bi a ɛbɛn baabi a ɔsomee sɛ ɔsomfo kwantufo no. Enti ɔne ne yere tra ne nkyɛn bere a wɔsra asafo biara wie wɔ dapɛn biara awiei no. Ne yere Kyoko kae sɛ: “Me maame te nka sɛ ɔyɛ yɛn adwuma no fã a ɛho hia, na ɔte nka sɛ ne ho hia. Sɛ me kunu ka kyerɛ no sɛ ɔnnoa aduan soronko bi a, n’ani gye.”
Mmerɛwyɛ a Onyin De Ba Ho Dwumadi
Bere a awofo nyin no, wobetumi ayɛ mmerɛw, enti ehia sɛ wɔhwɛ wɔn kɛse. Wɔn were fi nna, mmere, ne bɔhyɛ ahorow. Ebia wonyi wɔn ti nhwi na wɔnhoro wɔn ntade. Ebia wɔn werɛ fi sɛnea wɔhyɛ atade na wɔn ankasa guare mpo. Ebinom adwene tu fra, na afoforo ntumi nna anadwo. Wɔtaa ti nsɛm mu ka mpɛn pii, na sɛ wɔtwe wɔn adwene si so a, wɔn bo fuw. Wɔn adwene daadaa wɔn. Wobetumi aka sɛ wɔawia wɔn biribi anaa akorɔnfo rebɔ mmɔden aba fie hɔ abewia nneɛma. Na ɛsɛ sɛ abusua biako a mmabea baanan wom gyina sobo a enni nnyinaso a ɛkyerɛ sɛ wɔbɔ aguaman a wɔbɔ wɔn bere nyinaa no ano. Wɔkae sɛ: “Na ɛhaw yɛn, nanso yesuaa sɛnea yebegyina sobo ahorow no ano, na yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛsakra asɛm no. Na hwee remfi akyinnye a yɛne Nanabea begye no mu mma.”—Mmebusɛm 17:27.
Ehia sɛ Wodi Nkate Horow ho Dwuma
Onyin ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim no hyia sɔhwɛ ahorow. Ɛsɛ sɛ wogyina nyarewa a emu yɛ den, tumi a wontumi nnantew ne adwenemhaw ano. Wɔn mu pii te nka sɛ atirimpɔw nni wɔn asetra mu. Wobetumi ate nka sɛ wɔyɛ adesoa na wɔbeka sɛ wɔpɛ sɛ wowu. Ehia sɛ wɔte nka sɛ wɔdɔ wɔn, wobu wɔn, na wɔde wɔn ka nneɛma a wɔyɛ ho. (Leviticus 19:32) Hisako kae sɛ: “Yebɔɔ mmɔden bere nyinaa sɛ yɛde M’asebea bɛka yɛn nkɔmmɔbɔ ho bere a ɔwɔ hɔ no, na faako a ɛbɛyɛ yiye no, yɛbɔ ne ho nkɔmmɔ.” Abusua foforo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ obu a wɔn nanabarima wɔ ma ne ho no mu den denam Bible mu asɛm a wosusuw ho da biara a wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnhwɛ so no so.
Ɛsɛ sɛ obi bɔ mmɔden bere nyinaa sɛ obenya wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ho adwempa. Awofo a wontumi nnantew bo fuw bere a wɔte nka sɛ wɔka nsɛm brɛ wɔn ase anaa wobu wɔn animtiaa no. Kimiko a ɔne n’asebea obubuafo te no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na Mama adwenem da hɔ, sɛ mimfi me komam nhwɛ no anaa mibu no animtiaa a, onim.” Na ɛsɛ sɛ Hideko nso sakra ne su. “Mfiase no m’abam bui bere a na ɛsɛ sɛ mehwɛ m’asebea no. Na mayɛ ɔkwampaefo [Yehowa Adansefo bere nyinaa somfo], na na m’ani gyina ɔsom adwuma no yɛ. Afei mihui sɛ ɛsɛ sɛ mesakra me nsusuwii. Ɛwom sɛ afie afie som adwuma no ho hia de, nanso na eyi nso yɛ Onyankopɔn mmara nsɛm sodi no fã a ɛho hia. (1 Timoteo 5:8) Mihui sɛ ehia sɛ minya ɔdɔ ne tema pii, sɛ menya anigye a. Na m’ahonim haw me bere a meyɛ nneɛma kɛkɛ esiane sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ nti. Bere a minyaa akwanhyia na me ho yɛ me yaw no, misusuwii m’asebea ne ɛyaw nka a ɔte no ho. Ɛno akyi no, anyɛ den amma me sɛ mɛda anigye ne tema pii adi.”
Ahwɛfo no Nso Hia Ɔhwɛ
Nea ɛnsɛ sɛ wobu ani gu so ne hia a ehia sɛ wɔkyerɛ anisɔ ma onii a nea ne mfe akɔ anim no hwɛ da no so titiriw no. (Fa toto Mmebusɛm 31:28 ho.) Mmea mu fã kɛse ara kɔ so di wɔn asɛyɛde ahorow ho dwuma a wɔnka anisɔ nsɛm biara nkyerɛ wɔn. Nanso, sɛ yesusuw sɛnea wɔn adwuma no te ho a, ɛda adi sɛ ɛfata sɛ yɛka anisɔ nsɛm a ɛte sɛɛ kyerɛ wɔn. Wobesiesie hɔ, ahoro nneɛma na wɔanoa aduan. Susuw kwan a wotwa kɔ ayaresabea anaa oduruyɛfo hɔ, ɔyarefo a ne mfe akɔ anim a wɔma no aduan anaa woguare no nso ho. Ɔbea bi a ɔde bere tenten hwɛe n’asebea kae sɛ: “Minim sɛ ɛyɛ den ma me kunu sɛ ɔde n’ano bɛka sɛ n’ani sɔ nea meyɛ no de, nanso ɔda no adi kyerɛ me wɔ akwan foforo so sɛ n’ani sɔ nea meyɛ no.” Aseda nsɛm kakra a wɔka no betumi ama ayɛ nea ɛfata.—Mmebusɛm 25:11.
Akatua Ahorow Nso Wɔ Hɔ
Mmusua pii a wɔde mfe pii ahwɛ awofo a wɔn mfe akɔ anim ka sɛ eyi aboa wɔn ma wɔanya Kristofo su horow a ɛho hia: boasetɔ, ho a wɔde bɔ afɔre, ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim, nsiyɛ, ahobrɛase, ne odwo. Mmusua pii abɛn wɔn ho yiye wɔ nkate fam. Akatua foforo ne hokwan a wonya ne awofo bɔ nkɔmmɔ pii na wohu wɔn yiye no. Hisako ka wɔ n’asebea ho sɛ: “Onyaa asetra a ɛyɛ anigye. Ɔfaa ɔhaw ahorow pii mu. Mabehu no yiye, na masua sɛnea mɛkyerɛ ne su horow a manhu kan no ho anisɔ.”
Kimiko a ɔhwɛɛ ne kunu awofo ne ne nanabea obubuafo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Bere bi, ansa na meresua Bible no, na mepɛ sɛ migyae aware na miguan fi tebea no mu. Afei mekenkanee sɛ ɛsɛ sɛ ‘yɛhwɛ akunafo wɔ ahohia mu.’ (Yakobo 1:27) M’ani agye sɛ meyɛɛ nea metumi nyinaa, efisɛ mprempren abusua no muni biara nni hɔ a obetumi anwiinwii wɔ me gyidi horow ho ma ateɛ. M’ahonim nhaw me.” Ɔfoforo kae sɛ: “M’ankasa de m’ani ahu adebɔne a afi Adam bɔne no mu aba no, na mprempren mekyerɛ agyede no ho anisɔ kɛse mpo.” So ɛrenkyɛ wubegye w’abusua muni foforo aba wo fie? Anaa ebia wubetu akɔtra w’awofo a wɔn mfe akɔ anim nkyɛn? So wo koma atu? Ntease wom. Wobɛyɛ nsakrae ahorow. Nanso wubehu sɛ woanya akatua pii bere a wugyina asɛnnennen no ano nkonimdi mu no.
[Mfonini wɔ kratafa 24]
Ehia sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no te nka sɛ wɔdɔ wɔn na wɔwɔ obu ma wɔn