Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 3/15 kr. 3
  • So Aduan Yi Betumi Akyerɛ Biribi Ama Wo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Aduan Yi Betumi Akyerɛ Biribi Ama Wo?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Awurade Anwummeduan—Afahyɛ a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Afahyɛ Bi a Ɛfa Wo Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Onipa A Ɔso Sen Biara A Watra Asase So No Wu Afahyɛ A Yebedi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Yesu Nkradi Nsɛm no a Wotiei
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 3/15 kr. 3

So Aduan Yi Betumi Akyerɛ Biribi Ama Wo?

Ɔsram a atwa puruw a ne hann ano nyɛ den hyerɛn asase no so. Mmarima 12 ahyia wɔ ɔpon bi ho wɔ abansoro dan bi mu wɔ Yerusalem a akyɛ no mu. Dubiako yɛ komm tie bere a wɔn Kyerɛkyerɛfo hyɛ afahyɛ kɛse bi ase na ɔka nsɛm a ɛsom bo kɛse. Amannɛebɔ biako ka sɛ: “Yesu [Kristo] faa abodoo, na ohyiraa so bubuu mu de maa asuafo no sɛ: Munnye nni; eyi ne me honam. Na ɔfaa kuruwa, na ɔdaa ase no, ɔde maa wɔn sɛ: Mo nyinaa monnom bi; na eyi ne me mogya a ɛyɛ apam ade a nnipa bebree nti wɔrehwie agu ama bɔne fafiri. Na mise mo sɛ, efi nnɛ merennom bobe aba yi bi bio de bɛkɔ akosi da a me ne mo bɛnom no foforo m’agya ahenni mu. Na wɔtoo ayeyi dwom no, wofii adi kɔɔ Ngo Bepɔw so.”​—Mateo 26:26-30.

Eyi sii bere a owia akɔtɔ wɔ Yudafo ɔsram Nisan da a ɛto so 14 wɔ afe 33 Yɛn Bere mu. Ná Yesu ne n’asomafo no dii Twam no de kaee gye a wogyee Israel fii Misrifo nkoasom mu wɔ afeha a ɛto so 16 A.Y.B. mu no nkyɛe. Ná Kristo apam Yuda Iskariot a na ɔrebeyi no ama no. Enti na Yesu ne n’asomafo anokwafo 11 no nkutoo na wɔwɔ hɔ.

Ná anwummeduan yi nyɛ Yudafo Twam no ntoaso. Ná ɛyɛ biribi foforo, na wɔbɛfrɛɛ no Awurade Anwummeduan. Yesu hyɛɛ n’akyidifo wɔ adeyɛ yi ho sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.” (Luka 22:19, 20; 1 Korintofo 11:24-26) Dɛn nti na ɔkaa eyi? Na ɔkwan bɛn so na adeyɛ a adi mfehaha pii yi betumi akyerɛ biribi ama wo?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena