Wiase Ɔsom Ahorow Bagua No—So Ebesi Yiye?
NYAMESOM akannifo ɔhaha pii hyiaam wɔ Wiase Ɔsom Ahorow Bagua a ɛto so abien a wɔyɛe wɔ Chicago, Illinoise, U.S.A., no ase wɔ 1993 ahohoru bere mu. Buddhasom, Kristoman, Hindusom, Yudasom, ne Nkramosom nyinaa ananmusifo bae. Ná abayifo ne wɔn a wɔsom anyamewa nso wɔ hɔ. Wosusuw nea wobetumi ayɛ ama akodi agyae ho. Bagua no guamtrani no gye toom sɛ “akodi akɛse a wodi wɔ wiase nnɛ no mu nkyem abiɛsa biara mu abien gyina nyamesom so.”
Mfe Ɔha a Atwam Ni
So bagua no tumi dii n’atirimpɔw ho dwuma? Susuw nea esii mfe ɔha a atwam wɔ Wiase Ɔsom Ahorow Bagua a edi kan no ase ho. Wɔyɛɛ ɛno nso wɔ Chicago wɔ 1893 ahohoru bere mu, na ɔsom ahorow bɛboro 40 ananmusifo bae. Wiase Ɔsom Ahorow bagua no mpanyimfo gye tom sɛ na wɔn a wohyiaam wɔ 1893 mu no “gye di sɛ anka ɛbɛyɛ amanaman ntam gyidi afrafra ho nhyiam horow a ɛde ntease, asomdwoe ne nkɔso bɛba no mu nea edi kan. Amma saa. Nyamesom afoforo ho koma a wonni ne nyamesom mu basabasayɛ ka ho na ako a wɔadi no mfe 100 a atwam no aba, na saa ara na ɛte nnɛ.” Dɛn na ama wɔadi nkogu? Efisɛ gyidi afrafra ho adwene no ankasa nsɔ Onyankopɔn ani. Bible se: “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro.”—2 Korintofo 6:14-17.
Sɛnea ɛfata no, September 1893 Zion’s Watch Tower no sii gyina a Wiase Ɔsom Ahorow Bagua no nnyina Kyerɛwnsɛm so no so dua bere a ɛkaa eyi wɔ fɛwdi kwan so no: “Wɔatutu abopon a wɔatõ ama ayɛ den a ɛyɛ fɛ pii wɔ Babilon ne tete nkurow afoforo amamfõ so, nanso emu bi wɔ hɔ a wonnya nhui. . . . Wonhuu emu biara a ɛka sɛ Mose ne Yosua frɛɛ Moabfo ne Amonfo, ne Edomfo ma wɔbɛyɛɛ ‘Ɔsom Ahorow Bagua’ . . . . Wonhuu emu biara a ɛka sɛ Samuel a ne mfe akɔ anim a ne ho yɛ den no somae sɛ wɔnkɔfrɛ Dagon asɔfo ananmusifo mfi Gad ne Ekron na wɔne Yehowa asɔfo mmɛbɔ gua wɔ Silo . . . Wonhuu emu biara a ɛka sɛ Elia a ne mfe akɔ anim a na aboa nhoma bɔ ne mu no kae sɛ wɔne Baal ne Molok asɔfo no bɛyɛ nnawɔtwe biako ‘bagua’ na wɔasusuw wɔn mu biara nyamesom gyidi ho, na ama wɔn mu biara akyerɛ ne yɔnko som ho obu.”
Onyankopɔn Ahenni—Ano Aduru Biako Pɛ
Wiase Ɔsom Ahorow Bagua no nkosi hwee. Atesɛm nkrataa ne abaguafo no de nsɛmfua te sɛ “hooyɛ,” “basabasayɛ” ne “sakasakayɛ” kaa mmarahyɛ bagua no ho asɛm. Sɛnea amanneɛbɔ bi kyerɛ no, polisifo de wɔn ho gyee mu mpo sɛnea ɛbɛyɛ na wɔabrɛ basabasayɛ a amammuisɛm mu akyinnyegye ma ɛsɔree mprenu ase. Wɔ 1952 no, bagua no kyerɛw krataa bi kae sɛ wɔn atirimpɔw ahorow no biako ni: “Sɛ́ ɛde Wiase Ɔsom Ahorow no Bagua besi hɔ daa na ɛne AMANAMAN NKABOM no ayɛ adwuma na ama nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa anya asomdwoe ne ntease ama wɔn ho wɔn ho.” Nea ɛne no bɔ abira no, Yesu kae sɛ n’Ahenni no nyɛ wiase no fã. Bible no twe adwene si Onyankopɔn Ahenni no so sɛ ɛno nkutoo na ebedi adesamma haw ho dwuma.—Daniel 2:44; Yohane 18:36.