Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 8/15 kr. 31
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Paw Dawid
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Ɔbarima a Yehowa Koma Da no So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Yesaia Nhoma no Mu Nsɛntitiriw—I
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Dawid Ne Goliat
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 8/15 kr. 31

Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Esiane sɛ Yesu yɛ Yisai ne Dawid aseni nti, dɛn nti na wɔka sɛ ɔyɛ n’agyanom Yisai ne Dawid “ntini?”

Nea wunim sɛ ɛyɛ nokware wɔ dua anaa afifide bi ntini ho ne sɛ edi kan ba ansa na dutan anaa nnubaa no afifi. Enti ebia ɛbɛyɛ wo sɛ ɛsɛ sɛ wɔka Yisai (anaa ne ba Dawid) ho asɛm sɛ ntini, a akyiri yi Yesu fii mu bae, no. Nanso, Yesaia 11:10 ka siei sɛ Mesia a ɔbɛba no bɛyɛ “Yisai ntini,” na Romafo 15:12 kyerɛe sɛ nkɔmhyɛ yi nyaa mmamu wɔ Yesu Kristo so. Akyiri yi, Adiyisɛm 5:5 frɛɛ no “Yuda abusuakuw mu gyata no, Dawid ntini no.” Ntease horow bi nti na wɔde edin ahorow yi dii dwuma.

Bible no taa de afifide, te sɛ dua, di dwuma de yɛ biribi ho mfatoho. Ɛtɔ da bi a eyi gyina nokwasɛm a ɛne sɛ bere a aba bi fefɛw na eyin no, enya ntini ansa na nnubaa no aba, na ntini no na ekura bãã afoforo, anaa aduaba no mu so. Sɛ́ nhwɛso no, Yesaia 37:31 kenkan sɛ: “Yuda fi mu nkae a wɔafi mu afi no, wobegye ntini bio, na wɔasow aba.”—Hiob 14:8, 9; Yesaia 14:29.

Sɛ asiane bi ba ntini no so a, ɛka dua no afã a aka no. (Fa toto Mateo 3:10; 13:6 ho.) Ne saa nti, Malaki kyerɛwee sɛ: “Ɛda a ɛreba no bɛhyew wɔn, asafo Awurade na ose, na ɛrennyaw wɔn ntini anaa bãa.” (Malaki 4:1) Ná nea ɛkyerɛ no mu da hɔ—wobetwa wɔn afi hɔ koraa. Ná wobetwa awofo (ntini) no ne wɔn asefo (nnubaa) no afi hɔ.a Eyi si asɛyɛde a awofo wɔ wɔ wɔn mma nkumaa ho no so dua; nkwa mu a mmofra nkumaa betumi atra no begyina gyinabea a wɔn awofo wɔ wɔ Onyankopɔn anim so.—1 Korintofo 7:14.

Nsɛm a ɛwɔ Yesaia 37:31 ne Malaki 4:1 no gyina nokwasɛm a ɛne sɛ nnubaa (ne nnuaba a ɛwowɔ dua so) nya wɔn nkwa fi ntini no mu no so. Eyi yɛ ade a ɛboa ma yɛte nea enti a Yesu yɛ “Yisai ntini” ne “Dawid ntini” no ase.

Ná Yisai ne Dawid yɛ Yesu honam fam agyanom; ná wɔne ntini no, na ɔno nso yɛ baa anaa dubaa no. Yesaia 11:1 kaa Mesia a na ɔbɛba no ho asɛm sɛ: “Duforo bi befifi Yisai dunsin no mu, na dubaa afi ne ntini mu asow aba.” Saa ara na wɔ Adiyisɛm 22:16 no, Yesu frɛ ne ho ‘Dawid aseni.’ Nanso ɔsan frɛ ne ho “Dawid ntini.” Dɛn ntia?

Ɔkwan biako a Yesu yɛ Yisai ne Dawid “ntini” ne sɛ, ɛnam ne so na wɔn anatõ no kɔ so tra hɔ. Ɛnnɛ, onipa biara ntumi nkyerɛ sɛ ofi Lewi, Dan, anaa Yuda abusua mpo mu, nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yisai ne Dawid anatõ no da so ara wɔ hɔ efisɛ mprempren Yesu te ase wɔ soro.—Mateo 1:1-16; Romafo 6:9.

Afei nso Yesu nyaa dibea sɛ ɔsoro Hene. (Luka 1:32, 33; 19:12, 15; 1 Korintofo 15:25) Eyi ne abusuabɔ a ɛda ɔne n’agyanom mpo ntam wɔ biribi yɛ. Nkɔmhyɛ kwan so no, Dawid frɛɛ Yesu sɛ ne Wura.—Dwom 110:1; Asomafo no Nnwuma 2:34-36.

Nea etwa to no, wɔama Yesu Kristo tumi sɛ Ɔtemmufo. Wɔ Mfirihyia Apem Nniso a ɛbɛba no mu no, Yesu agyede no mu mfaso horow no bɛtrɛw aka Yisai ne Dawid nso. Saa bere no, wɔn asase so asetra begyina Yesu a ɔbɛyɛ wɔn “Daa-agya” no so.—Yesaia 9:6.

Enti, ɛwom sɛ Yesu fi Yisai ne Dawid mu de, nanso dibea a wanya ne nea akyiri yi ɔbɛyɛ no ma ɔfata sɛ wɔfrɛ no “Yisai ntini” ne “Dawid ntini.”

[Ase hɔ asɛm]

a Tete Foinike ayi ho nkyerɛwee bi de nsɛm a ɛte saa ara dii dwuma. Ɛkaa obiara a wodii kan siee no amusiei ho asɛm sɛ: “Mma wonnnyaw ntini wɔ fam anaa aba wɔ soro!”—Vetus Testamentum, April 1961.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 31]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena