Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 9/1 kr. 5-7
  • Nyansahu, Nyamesom, ne Nokware Hwehwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nyansahu, Nyamesom, ne Nokware Hwehwɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nyamesom Ma Adebɔ Nya Dimmɔne
  • Tumi a Wɔde Di Dwuma Ɔkwammɔne So
  • Nokware Som Nkonimdi
  • Nea Adannandi Nkyerɛkyerɛ De Aba
    Nyan!—1995
  • Bible Nna​—Ne Tenten Te Dɛn?
    Nyan!—1983
  • Adebɔ Ho Nokwasɛm
    Nyan!—2014
  • Adannandi ne Wo
    Nyan!—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 9/1 kr. 5-7

Nyansahu, Nyamesom, ne Nokware Hwehwɛ

“Nokware a ɛyɛ sɛ atoro som ahorow pii atrɛw no . . . nyaa me so tumi bi.”—Charles Darwin

NYANSAHU ne nyamesom nyaa abusuabɔ a asomdwoe wom wɔ afeha a ɛto so 19 no mu. Nhoma Darwin: Before and After ka sɛ, “Wɔ nyansahu ho kyerɛwtohɔ mu mpo no, akyerɛwfo no antwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛka Onyankopɔn ho asɛm wɔ ɔkwan a ɛda adi sɛ efi awosu ne nokwaredi mu so.”

Darwin nhoma Origin of Species no ka ho bi na nsakrae baa ɛno mu. Nyansahu ne adannandi benyaa abusuabɔ bi a amfa nyamesom—ne Onyankopɔn—anyɛ hwee bio. Owura Julian Huxley ka sɛ, “Obi a ɔwɔ tumi sen nnipa biara ho nhia anaa ɔmfata bio wɔ adannandi nsusuwii mu.”

Wɔkyerɛ sɛ adannandi nkyerɛkyerɛ no yɛ nyansahu nnyinaso a wontumi nkwati nnɛ. Abɔde a aniwa hu ho ɔdenimfo Fred Hoyle hu ade titiriw a ama wɔanya saa abusuabɔ no: “Ɛyɛ nyansahufo a wɔbata atetesɛm ho no ahiasɛm kɛse sɛ sɛ́ wɔbɛhwehwɛ nokware no de, wobesiw nyamesom mu adwenhorow a ɛtra so a na ɛwɔ hɔ kan no kwan na ansan amma.” Adwenhorow a ɛtra so bɛn na ama nyansahu ani nnye nyamesom ho saa?

Nyamesom Ma Adebɔ Nya Dimmɔne

Wɔ mmɔden a wɔkyerɛ sɛ wɔbɔe sɛ wobegyina Bible no akyi mu no, “wɔn a wogye adebɔ di”—a wɔn mu dodow no ara yɛ nkurɔfo a wɔne Protestantfo a wɔyɛ katee yɛ biako—aka no denneennen sɛ asase ne amansan no nnii mfe 10,000. Saa adwene a ɛtra so yi ama abotan, nsoromma, ne abɔde a aniwa hu ho animdefo adi wɔn ho fɛw, efisɛ ɛne nneɛma a wɔayɛ nhwehwɛmu ahu nhyia.

Nanso dɛn na Bible no ka ankasa? “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.” (Genesis 1:1) Ɛnka bere tenten a ɔde bɔe. Ɛnka adebɔ “da a edi kan” no mpo ho asɛm kosi Genesis 1:3-5. Bere a saa “da” a edi kan no fii ase no, ná “ɔsoro ne asase” wɔ hɔ dedaw. Enti, ebetumi aba sɛ ɔsoro ne asase adi mfe ɔpepepem pii sɛnea nyansahufo kyerɛ no? Ebia ɛbɛyɛ nokware. Bible no nka bere tenten a edii pɔtee.

Nyamesom adwene foforo a ɛtra so ne ɔkwan a wɔn mu binom fa so kyerɛkyerɛ adebɔ ‘nna’ asia no mu no. Nyamesomfo a wɔyɛ katee binom kyerɛ sɛ nna yi yɛ nna paara, na ɛno ma bere tenten a wɔde bɔɔ asase so nneɛma nyinaa bɛyɛ nnɔnhwerew 144. Eyi kanyan ɔkasatia a efi nyansahufo hɔ, efisɛ wɔte nka sɛ saa asɛm yi ne nea wɔahu wɔ nyansahu mu a emu da hɔ nhyia.

Nanso, ɛyɛ Bible mu nkyerɛkyerɛmu a nyamesomfo a wɔyɛ katee no de ma—ɛnyɛ Bible no ankasa—na ɛne nyansahu nhyia. Bible no nka sɛ ná adebɔ “da” biara tenten yɛ nnɔnhwerew 24; nokwarem no, ɛde saa ‘nna’ yi nyinaa ka “ɛda a [Yehowa] Nyankopɔn yɛɛ asase ne soro” a ne tenten sen eyi koraa ho, na ɛkyerɛ sɛ, ɛnyɛ Bible mu ‘nna’ nyinaa na ɛyɛ nnɔnhwerew 24 pɛ. (Genesis 2:4) Ebi tenten betumi ayɛ mfe mpempem pii.a

Enti, wɔn a wɔkyerɛ sɛ wogye adebɔ di ne nyamesomfo a wɔyɛ katee ama adwene a ɛfa adebɔ ho no anya dimmɔne. Wɔn nkyerɛkyerɛ a ɛfa mfe dodow a amansan yi adi ne adebɔ ‘nna’ no tenten ho ne nyansahu a ntease wom anaa Bible no nhyia. Nanso, nneɛma a ɛtra so afoforo nso wɔ hɔ a ama nyamesom ayɛ nyansahufo abofono.

Tumi a Wɔde Di Dwuma Ɔkwammɔne So

Nyamesom na ɛde nsisi pii aba wɔ abakɔsɛm nyinaa mu. Sɛ́ nhwɛso no, wɔ Mfinimfini Mmere no mu no, wokyinkyim adebɔ ho nkyerɛkyerɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde begyina Europa kankabi nniso no afã a asɔre no gyinae no akyi na ayɛ sɛ nea asɛm biara nni ho. Nea na ɛkyerɛ ne sɛ wɔnam ɔsoro nhyehyɛe so na ɛkyerɛ nnipa gyinabea, sɛ wɔyɛ adefo anaa ahiafo. The Intelligent Universe kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔka kyerɛɛ adefo mmabarima sɛ ɛyɛ ‘Onyankopɔn nhyehyɛe’ sɛ wonya wɔn abusua agyapade kakraa bi anaa wonnya bi koraa, na wɔhyɛɛ ɔbarima dwumayeni bere nyinaa sɛ ɔmpene ‘gyinabea a Onyankopɔn ani gyee ho sɛ ɔde bɛma no no’ so.”

Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii suro sɛ wɔbɛdan akɔ “nyamesom adwenhorow a ɛtra so a na ɛwɔ hɔ tete no” so bio! Sɛ́ anka nyamesom bedi onipa honhom fam ahiade ho dwuma no, ahwehwɛ ho mfaso mpɛn pii mmom. (Hesekiel 34:2) India Today samufo asɛm bi ka sɛ: “Ɛyɛ nwonwa sɛ dimmɔne a nyamesom agye wɔ mfe pii no nyinaa mu no, nkurɔfo da so ara wɔ mu gyidi bi. . . . Nnipa ayɛ atirimɔdenne a enye koraa atia wɔn yɔnkonom . . . wɔ Ɔbɔadeɛ Pumpuni no din mu.”

Dimmɔne a atoro som gyei no nyaa Darwin nsusuwii so tumi kɛse. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mehweree gyidi a mewɔ wɔ Kristosom mu sɛ ɛyɛ ɔsoro adiyi bi no nkakrankakra. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ atoro som pii atrɛw ntɛmntɛm wɔ asase so fa kɛse no ara no nyaa me so tumi bi.”

Nokware Som Nkonimdi

Nyamesom mu nyaatwomyɛ nyɛ ade foforo wɔ wiase yi mu. Yesu ka kyerɛɛ ne bere so nyamesom akannifo a na tumidi agye wɔn adwene no sɛ: “Mote sɛ nnipa trenee nnipa anim, na mo mu de nyaatwom ne amumɔyɛ ayɛ mo ma.”—Mateo 23:28.

Nanso, nokware Kristosom nyɛ “wiase no fã.” (Yohane 17:16, NW) Wɔn a wodi akyi mfa wɔn ho nhyehyɛ nyamesom ne amammuisɛm mu nneyɛe bɔne mu; na saa ara na nyansapɛ ahorow a ɛkyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ biara nni hɔ no nnaadaa wɔn. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Wi yi ase nyansa yɛ nkwaseasɛm Onyankopɔn anim.”—1 Korintofo 3:19.

Nanso, eyi nkyerɛ sɛ nokware Kristofo nni nyansahu ho nimdeɛ biara. Nea ɛne no bɔ abira no, nokware som akyidifo ani gye nyansahu ho. Wɔka kyerɛɛ tete diyifo Yesaia sɛ: “Ma w’ani so hwɛ sorosoro na hwɛ. Hena na ɔbɔɔ saa nneɛma yi?” (Yesaia 40:26, NW) Saa ara na sɛnea ɛbɛyɛ na Hiob ate Ɔbɔadeɛ no ase yiye no, Ɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔnhwɛ abɔde ne amansan yi mu anwonwade no.—Hiob atiri 38-41.

Yiw, wɔn a wogye di sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ no da obu a osuro wom adi wɔ adebɔ ho. (Dwom 139:14) Bio nso, wɔde wɔn ho to nea Ɔbɔadeɛ Yehowa Nyankopɔn ka wɔ daakye a ɛyɛ anigye bi ho anidaso no so. (Adiyisɛm 21:1-4) Ɛdenam Bible no sua so no, nnipa ɔpepem pii rehu sɛ onipa mfiase anaa ne daakye nnyina biribi a ɛba mpofirim ara kwa so. Yehowa wɔ atirimpɔw nti a ɔbɔɔ nnipa, na saa atirimpɔw no bɛbam—ma ayɛ nhyira ama nnipa asoɔmmerɛfo nyinaa. Yɛto nsa frɛ wo sɛ w’ankasa hwehwɛ asɛm no mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ Nyan!, (Engiresi de no), November 8, 1982 nkratafa 6-9, ne Insight on the Scriptures, Po 1, kratafa 545, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no. Sɛ wopɛ sɛ wunya adebɔ ne sɛnea ɛne nyansahu ne Bible nhyia no ho nsɛm pii a, hwɛ Engiresi Nyan! ahorow a ɛbae March 8, 1983, nkratafa 12-15, ne March 22, 1983, nkratafa 12-15.

[Kratafa 6 adaka]

SO WONNIM ADANSE NO HO HWEE?

MMARANIMFO Norman Macbeth kyerɛwee wɔ ne nhoma a ɔkyerɛw no 1971, Darwin Retried—An Appeal to Reason mu sɛ: “Yehowa Adansefo mpo asua abɔde a nkwa wom ho ade pii.” Bere a Macbeth kenkanee Nyan! mu asɛm bi a ɛfa adannandi ho akyi no, ɔkyerɛw sɛ: “Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ mihuu Darwin nkyerɛkyerɛ no ho kasatia a ɛtɔ asom bi wom.” Bere a ohuu nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri ne asɛm no ho nhoma ahorow a wɔfaa mu nsɛm kae no, ɔkyerɛwfo no de baa awiei sɛ: “Ɛnyɛ papa bio sɛ Simpson bɛka sɛ: ‘. . . ɛkame ayɛ sɛ wɔn a wonnye [adannandi] nni no mu biara nnim nyansahu mu adanse ho hwee.’”

[Kratafa 7 mfonini]

Adesamma daakye remma mpofirim ara kwa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena