Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 8/8 kr. 8-9
  • Adannandi ne Wo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adannandi ne Wo
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn na Nnipa Mmɔdenbɔ De Aba?
  • Nkɔm a Bible Hyɛ Too Hɔ
  • Nhoma Bi Ma Wiase Ho Dwiriw No
    Nyan!—1995
  • Nea Adannandi Nkyerɛkyerɛ De Aba
    Nyan!—1995
  • So Ntease Wɔ Nea Wɔka No Mu Anaa?
    Nyan!—1980
  • Adannandi mu a Wɔhwehwɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 8/8 kr. 8-9

Adannandi ne Wo

WƆ AFEHA a ɛto so 19 mu no, The Origin of Species maa nnipa bebree gye dii sɛ nnipa akɔ so atra ase a Onyankopɔn mmoa nka ho, na wɔbɛkɔ so ayɛ saa ara. Bere a nyansahu mu nkɔso gyee wɔn adwene no, nnipa bebree tee nka sɛ Onyankopɔn ho nhia bio, ɛne sɛ nyansahu betumi agye adesamma abusua no nkwa. Age of Progress nhoma no kyerɛe sɛ “adwene a ɛne sɛ nnipa mmɔdenbɔ betumi asakra wiase no kanyan” nkurɔfo wɔ afeha a ɛto so 19 no mu.

Nanso, ɛde rekɔ saa afeha no awiei no, Charles Darwin mpo hinhimii wɔ n’anidaso no ho. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo bi kyerɛ no, na Darwin suro sɛ adannandi nkyerɛkyerɛ no “akum Onyankopɔn, na amanehunu a ɛde bɛba adesamma so daakye no yɛ nea enni ano.” Alfred Russel Wallace, aberante bi a ɔtraa ase wɔ Darwin bere so, kae sɛ: “Wɔ nkɔmmɔ a etwa to a me ne Darwin bɔe [bere tiaa bi ansa na Darwin rewu] mu no, ɔkaa adesamma daakye a ɛyɛ hu kɛse ho asɛm.”

Dɛn na Nnipa Mmɔdenbɔ De Aba?

Afeha a ɛto so 20 yi abakɔsɛm ada no adi sɛ na amanehunu kɛse da yɛn anim ampa. Nkɔso a wɔanya wɔ nyansahu ho nimdeɛ mu fi Darwin bere so no ayɛ nea ada adi sɛ ɛyɛ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu esum bere, bere a basabasayɛ wom koraa ho nnaadaa ara kwa. Yɛte bere a abakɔsɛm kyerɛwfo H. G. Wells kaa ho asɛm sɛ “abasamtu bere ankasa” no mu.

Efi bere a Wells kaa saa asɛm no (bɛyɛ mfe 75 a atwam no), wiase no akɔ so ahyia abasamtu bebree. Mmɔden biara nni hɔ a nnipa nniso, nyansahufo, sikasɛm ho animdefo, asetram nsɛm ho adwumayɛfo, anaasɛ saa wiase yi nyamesom akuw abɔ sɛ wɔnam so bedi tebea no ho dwuma a atumi akosi baabi anaasɛ atumi adwudwo ano mpo. Tebea horow kɔ so sɛe.

Enti, nokwarem no, ɛsɛ sɛ yebisa sɛ: Dɛn na nnipa mmɔdenbɔ de aba? Nyansahu ne ɛho nimdeɛ de wiase papa bi aba? Abɔde a nkwa wom ho nimdefo, Ruth Hubbard kae sɛ: “Sɛ yebue atesɛm krataa a ɛba da biara da no mu na yɛhwɛ nea ɛrekɔ so a, yehu sɛ ɔhaw ahorow no nyɛ nyansahu mu haw. Ɛyɛ asetram nhyehyɛe mu haw ahorow, nneɛma a abunkam yɛn so, nkurɔfo a wɔrepɛ mfaso a wɔabu wɔn ani agu nnipa ahiade so.” Hubbard de kaa ho sɛ: “Minnye nni ankasa sɛ sɛ wɔkyekyɛ ɔhaw ahorow no mu pɛpɛɛpɛ a nyansahu betumi adi ɔhaw no bi anaa emu bebree a ɛhaw nnipa a wɔwɔ wiase no fã kɛse no ara no ho dwuma.”

Nokwarem no, mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ onipa tumi kɔ ɔsram so nanso ontumi nni ɔhaw nketenkete a ɛwɔ adesamma abusua mu no ho dwuma? Akode a ɛsɛe ade kɛse a wɔayɛ, te sɛ atom ɔtopae no, de akodi ne mmusua ntam basabasayɛ baa awiei? Nea nyansahu atumi ayɛ atew nsɛmmɔnedi, abusua mu mpaapaemu, nyarewa a wonya fi ɔbarima ne ɔbea nna mu, ɔbrasɛe, mpena mma, wɔn a wɔwɔ dibea akɛse mu ɔporɔw, ohia, ɔkɔm, afie a wonni, nnubɔne nom, ne efĩ so? Dabi, sɛ yɛbɛka a, sɛe mmom na nyansahu asɛe saa nneɛma yi bi koraa. Adesamma abusua no ntumi nyɛɛ ne tebea no yiye denam pow a ɛpow Onyankopɔn na ɛde adannandi ne nyansahu sii ananmu no so, apira no mmom.

Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa bebree asan resusuw nokware a nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ nnipa fi aboa bi a ɔte sɛ kontromfi mu na ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ nnipa a wodi kan no yɛ no ho. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ United States daa no adi sɛ Amerikafo ɔha biara mu 9 pɛ na wokura gyidi a ɛne sɛ nnipa bae a Onyankopɔn mmoa nka ho; ɔha biara mu 47 na wogye adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn bɔɔ nnipa sɛnea wɔte seesei no tom.

Nkɔm a Bible Hyɛ Too Hɔ

Bere a The Origin of Species hyɛɛ nkɔm sɛ nnipa benya nkɔso akodu pɛyɛ mu no, Bible ka siei sɛ abrabɔ mu nsɛnnennen bɛhaw wiase no. (Mateo 24:3-12; 2 Timoteo 3:1-5) Bible ka siei nso sɛ saa nsɛnnennen yi bedu ne mpɔmpɔn so, na ɛno akyi no adesamma anokwafo bɛkɔ paradise a ɛnnɛyi haw ahorow nyinaa bi nnim mu.—Dwom 37:10, 11, 29; Yesaia 11:6-9; 35:1-7; Adiyisɛm 21:4, 5.

Saa anidaso yi ama nnipa bebree de anigye ahwehwɛ Bible no mu bio. Ɛyɛ nokware sɛ asetra atirimpɔw ankasa ne sɛ yebedi asetra ho aperepere? Ɛnyɛ nnipa asetra bere a atwam ne daakye ho nsɛm, a wo de ka ho, ho asɛm na Bible no ka? Ɛbɛyɛ nea ɛsom bo kɛse sɛ wobɛhwehwɛ nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa wɔ Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ma asase yi ne emu nnipa no mu. Sɛ wopɛ ɛho nsɛm pii a, Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛboa wo.

[Kratafa 9 adaka]

Wɔaboa nnipa ɔpepem pii ma wɔde Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation?a ahwehwɛ adanse a ɛne sɛ Onyankopɔn a ɔbɔɔ ade wɔ hɔ no mu bio. Ɛde besi nnɛ no, wɔatintim bɛyɛ ɔpepem 30 wɔ kasa horow 27 mu. Afei nso, Nyan! nsɛmma nhoma kɔ so tintim nsɛm a ɛfa nokwasɛm a nyansahu ankasa da no adi wɔ di a adannandi nkyerɛkyerɛ no nni mũ no ho.

[Ase hɔ nsɛm]

a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.

[Mfonini wɔ kratafa 8, 9]

Nea ɛne adannandi nkyerɛkyerɛ no bɔ abira no, Bible hyɛɛ ɛnnɛyi abrabɔ ho nsɛnnennen no ne ano aduru—paradise a ɔhaw biara nnim—ho nkɔm too hɔ

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 8]

U.S. Coast Guard mfonini

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 8]

Abofra a ɔkɔm rekum no: WHO mfonini a P. Almasy twae

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 8]

Nifa so: U.S. National Archives mfonini

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena