Mewɔ Anigye wɔ Wiase Nyinaa Nokware Onuayɛ Mu
SƐNEA WILLIE DAVIS KA KYERƐE
Wɔ 1934 mu no, na Ahokyere Kɛse no afi ase reka wiase no, na na United States rehyia sika fam ahokyere. Ná polisini bi ne obi a Komunism adi ne ti reko wɔ Ahotɔ ho Anidaso Asoɛe a ɛwɔ Cleveland, Ohio, no akyi. Polisini no tow Komunisni no tuo kum ɔno ne obi a ogyina nkyɛn rehwɛ wɔn, me nanabea, Vinnie Williams.
KOMUNISFO no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nnipakum yi adan abusua mu nyiyim ho asɛm, esiane sɛ na me nanabea yɛ obibini na polisini no yɛ oburoni nti. Wɔkyekyɛɛ nkrataa a ekura nsɛmti te sɛ ‘Cleveland Polisifo a Wɔyɛ Mmusua mu Nyiyim’ ne ‘Muntua Nnipakum Yi so Ka.’ Komunisfo no yɛɛ nhyehyɛe yɛɛ me nanabea no ayi. Mewɔ wɔn a wɔsoaa efunu adaka no mfonini—wɔn nyinaa yɛ aborɔfo ne amanyɛkuw no mufo. Ná obiara asi kuturuku akyerɛ soro te sɛ nea akyiri yi wogye toom sɛ abibifo tumi ho sɛnkyerɛnne no.
Bere a me nanabea wui no, na ne babea yem me, na asram anan akyi no, ɔwoo me. Minyinii no na mintumi nkasa yiye. Sɛ mekasa a, na mepo dodow, enti na kasa ho ntetee ka sukuu a midii kan kɔe no ho.
Bere a midii mfe anum no, m’awofo tetew mu, na yɛn maame na ɔtetee me ne me nuabea. Bere a midii mfe du no, mifii ase tɔn nnuan ne nam bere a mapɔn sukuu no de boaa m’abusua wɔ sika fam. Mfe abien akyi no, mifii ase yɛɛ adwuma ansa na makɔ sukuu na mepɔn nso a, saa ara, na mebɛyɛɛ obi a ɔde sika brɛ abusua no titiriw. Bere a Maame kɔdaa ayaresabea a na ehia sɛ wɔyɛ no oprehyɛn ahorow no, migyaee sukuu, na mifii ase de me bere nyinaa yɛɛ adwuma.
Wɔmaa Mihuu Onuayɛ Bi
Wɔ 1944 mu no, Yehowa Dansefo bi de nhoma “The Truth Shall Make You Free” maa me maame nua ba yere, na mede me ho hyɛɛ Bible adesua a wofii ase ne no yɛe no mu. Mifii ase kɔɔ Teokrase Ɔsom Sukuu wɔ Eastside Asafo mu afe no ara. Ná sukuu no sohwɛfo, Albert Cradock, ntumi nkasa yiye te sɛ me ara, nanso na wabɔ mmɔden adi so. Hwɛ sɛnea ɔhyɛɛ me nkuran!
Ná yɛn mpɔtam hɔfo yɛ Italiafo, Polandfo, Hungaryfo, ne Yudafo titiriw, na na yɛn asafo no mufo fi saa nnipa yi ne mmusuakuw afoforo mu. Ná me ne me maame nua ba yere no ka Amerika Afrikafo a wodii kan ne asafo a anka emufo yɛ aborɔfo nkutoo bɔe no ho, nanso Adansefo no anna mmusua mu nyiyim adi ankyerɛ yɛn da. Nokwarem no, wɔfrɛɛ me kɔɔ wɔn afie mu daa kodidii.
Wɔ 1956 mu no, mitu kɔɔ United States kesee fam kɔsomee wɔ baabi a wohia asomfo wɔ hɔ kɛse. Bere a mesan baa kusuu fam wɔ ahohuru bere bi mu sɛ merekɔ ɔmantam nhyiam no, Cleveland anuanom no pii baa me nkyɛn bɛkyerɛɛ me dwumadi ahorow no ho anigye kɛse. Me ho a na wodwen no kyerɛɛ me asuade titiriw bi: “Mommma obiara nnhwɛ ne nko ade n’ankasa nsɛm mu nko, na mmom afoforo ade” bere nyinaa.—Filipifo 2:4, NW.
Bere Nyinaa Som Adwuma a Emu Atrɛw
Bere a mede mfe abiɛsa yɛɛ bere nyinaa asɛnka adwuma no sɛ ɔkwampaefo akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmɛyɛ adwuma wɔ Brooklyn Betel, Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti a ɛwɔ New York no wɔ November 1959 mu. Wɔma meyɛɛ adwuma wɔ Amanae Dwumadibea. Me dwumadibea sohwɛfo, Klaus Jensen, ne nea na me ne no da, William Hannan, a na wɔn baanu nyinaa yɛ aborɔfo no, bɛyɛɛ me honhom fam agyanom. Bere a mekɔɔ Betel no, na wɔn mu biara de bɛyɛ mfe 40 asom wɔ hɔ.
Wɔ 1960 mfiase hɔ no, na Betel abusua no mufo bɛyɛ 600, na na Amerika Afrikafo bɛyɛ 20 na wɔwom. Ebeduu saa bere no, na United States afi ase rehyia mmusua ntam akameakame, na mmusua ntam sɛee. Nanso, Bible no kyerɛkyerɛ sɛ “Onyankopɔn nhwɛ onipa anim,” na ɛnsɛ sɛ yɛn nso yɛhwɛ nnipa anim. (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Honhom fam nneɛma a na yesusuw ho wɔ Betel adidibea anɔpa biara no hyɛɛ yɛn bo a yesii sɛ yebegye Onyankopɔn adwene wɔ nsɛm a ɛtete saa ho atom no mu den.—Dwom 19:7.
Bere a na meresom wɔ Brooklyn Betel no, mihyiaa Lois Ruffin, ɔkwampaefo bi a ofi Richmond, Virginia, na yɛwaree 1964. Yesii yɛn bo sɛ yɛbɛtra bere nyinaa som adwuma no mu, enti yɛn ayeforohyia no akyi no, yɛsan kɔɔ United States kesee fam. Mfiase no, yɛsomee sɛ akwampaefo atitiriw, na afei wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔyɛ ɔmansin adwuma wɔ 1965 mu. Yɛsrasraa Kentucky, Texas, Louisiana, Alabama, Georgia, North Carolina, ne Mississippi amantam no mu asafo ahorow wɔ mfe du a edii hɔ no mu.
Yɛn Onuayɛ no ho Sɔhwɛ
Ná ɛyɛ nsakrae kɛse mmere. Ansa na yɛretu akɔ Kesee Fam no, na wɔapaapae mmusua ntam. Ná mmara mma kwan sɛ abibifo ne aborɔfo bɛkɔ sukuu biako, adidi wɔ adidibea biako, ada ahɔhodan biako mu, atɔ nneɛma wɔ sotɔɔ biako mu, anaasɛ wɔbɛnom nsu afi pipe biako ano. Nanso United States Mmarahyɛ Bagua no hyɛɛ Ɔmanfo Hokwan Ahorow Mmara a ɛbaraa nnipa mu nyiyim wɔ mmeae a nnipa hyia, a lɔre mu tra ka ho wɔ 1964 mu. Enti na mmara biara nni hɔ bio a ɛma kwan ma wɔpaapae mmusua mu.
Enti ná asemmisa no ne sɛ, So na yɛn abibifo nkutoo asafo ne aborɔfo nkutoo de no mu anuanom mmarima ne mmea bɛka abom ahyiam ayi ɔdɔ adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho anaasɛ ɔmanfo nhyɛso ne kan nkate a ase atim yiye bɛma yɛako atia ka a yɛbɛka abom no? Na ɛyɛ asɛnnennen sɛ yebedi Kyerɛwnsɛm mu ahyɛde yi so: “Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho yiye, munni kan nnidi mo ho ni.”—Romafo 12:10.
Sɛ obi betumi akae a, ná adwene a wokura saa bere no, titiriw wɔ Kesee Fam ne sɛ abibifo ba fam. Na ɛkame ayɛ sɛ adesamma abusua no fã biara, a asɔre ahorow ka ho de nsusuwii yi ahyɛ nnipa adwenem kɛse. Enti na ɛnyɛ mmerɛw mma aborɔfo binom sɛ wobebu abibifo sɛ wɔne wɔn yɛ pɛ. Nokwarem no, na ɛyɛ sɔhwɛ bere ma yɛn onuayɛ no—ma abibifo ne aborɔfo nyinaa.
Anigyesɛm ne sɛ ne nyinaa mu no, wɔpenee hyia a yehyia boom wɔ yɛn asafo ahorow mu no so wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so. Korɔn a abusua bi korɔn sen foforo ho adwenhorow a wɔde kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo yiye no ase antu ntɛm. Nanso, bere a yefii ase hyia boom no, yɛn nuanom no gye toom yiye, na dodow no ara ani gyei sɛ na wotumi hyia bom.
Nea ɛyɛ anigye no, nnipa a wɔnyɛ Adansefo mpo penee hyia a yehyia boom wɔ yɛn asafo ahorow mu no so. Sɛ́ nhwɛso no, wɔ Lanett, Alabama, no, wobisaa mpɔtam hɔfo a wɔbɛn Ahenni Asa no sɛ ebia wɔbɛpene so ma abibifo aba nhyiam horow no anaa. Oburoni aberewa bi kyiaa onua bibini bi nsam kae sɛ: “Bra yɛn mpɔtam hɔ bɛsom wo Nyankopɔn sɛnea wopɛ!”
Ethiopia Anuanom Anokwafo
Wɔ 1974 mu no, yɛn ani gyei sɛ wɔde asram anum tetee yɛn sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no mu wɔ New York Kuropɔn mu. Afei wɔmaa yɛn dwumadi wɔ Afrika man Ethiopia mu. Ná wotuu Haile Selassie, ɔhempɔn no, fii agua so ma ɔyɛɛ deduani wɔ ne fie nkyɛe. Esiane sɛ na wɔabara yɛn asɛnka adwuma no nti, yɛn ani sɔɔ yɛn Kristofo onuayɛ abusuabɔ a emu yɛ den no.
Yɛne pii a akyiri yi nokware som akyidi nti wɔde wɔn guu afiase trae na yeboom somee. Wokunkum yɛn nnamfo a yɛdɔ wɔn no bi mpo. Me ne Adera Teshome somee sɛ ɔpanyin wɔ asafo bi mu wɔ Ethiopia ahenkurow Addis Ababa mu.a Bere a wɔde no too afiase mfe abiɛsa akyi no, wokum no. Nokwarem no, ne yere werɛ how yiye. Hwɛ anigye ara a na ɛyɛ sɛ mfe bi akyi no, wohui sɛ ɔda anigye adi bere a ɔsomee sɛ ɔkwampaefo no!
Wobuu onua nokwafo foforo, Worku Abebe, kumfɔ mpɛn awotwe.b Nanso wammɔ hu da! Bere a etwa to a mihuu no no, ɔde n’aso a afiase awɛmfo de atuo to atetew no no kyerɛɛ me. Ɔkaa no agoru so sɛ na wɔde otuo to boro no mprɛnsa da biara. Ɛwom sɛ wawu de, nanso anuanom no da so ara kae no wɔ ɔdɔ mu.
Hailu Yemiru yɛ onua foforo a mekae no wɔ ɔdɔ mu.c Oyii ɔdɔ soronko adi kyerɛɛ ne yere. Wɔkyeree ne yere, nanso esiane sɛ na ɔyem na ɛnkyɛ na wawo nti, Hailu pɛe sɛ ohu fi afiase no so ahwɛfo hɔ sɛ ebia obetumi asi n’ananmu ada afiase a. Akyiri yi, bere a wampa ne gyidi no, wokum no.—Yohane 15:12, 13; Efesofo 5:28.
Esiane amammui tebea a na ɛresɛe wɔ Eithopia no nti, yetu kɔɔ Kenya wɔ 1976 mu. Yɛde mfe ason yɛɛ ahwɛfo akwantufo adwuma, srasraa anuanom a wɔwɔ Afrika Apuei aman pii mu—a Kenya, Ethiopia, Sudan, Seychelles, Uganda, ne Tanzania ka ho. Mekɔɔ Burundi ne Rwanda mpɛn pii sɛ asomafo a wɔne aban mpanyimfo kɔkasae wɔ yɛn adwuma no a na wɔde bɛhyɛ mmara ase wɔ saa aman no so no mu biako.
Yɛn ani gyei sɛ yɛsan kɔɔ Ethiopia January 1992 sɛ yɛrekɔ ɛhɔnom ɔmantam nhyiam a edi kan fi bere a wɔsan gyee yɛn adwuma no toom no. Ná nnipa bɛboro 7,000 a wɔbae no mu pii nnim wɔn ho wɔn ho, efisɛ na anuanom no hyia sɛ akuw nketewa nkutoo wɔ bere a atwam no mu. Nhyiam no da biara no, ná nnipa dodow no ara du hɔ nnɔnhwerew abien ansa na wɔafi dwumadi no ase na wɔtra hɔ kosi adesae, na wonyaa onuayɛ a ɔdɔ wom mu anigye.
Wɔadi Mmusuakuw mu Nyiyim So
Mmusuakuw mu nyiyim abu so wɔ Afrika mfehaha pii ni. Sɛ́ nhwɛso no, wɔ Burundi ne Rwanda no, mmusuakuw atitiriw no, Hutufo ne Tutsifo no atentan wɔn ho wɔn ho bere tenten. Efi bere a Belgium maa aman yi ahofadi wɔ 1962 mu no, mmusuakuw abien yi akunkum wɔn mu nnipa mpempem pii wɔ bere ne bere mu. Enti, hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ wohu sɛ mmusuakuw yi mufo a wɔabɛyɛ Yehowa Adansefo no yɛ adwuma bom asomdwoe mu! Nokware dɔ a woyi adi kyerɛ wɔn ho no ahyɛ afoforo pii nkuran ma wotie Bible mu nokware ahorow no.
Saa ara na ntawntawdi taa si Kenya mmusuakuw nso ntam. Hwɛ nsonsonoe a ɛda Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ Kenya Kristofo onuayɛ no mu! Wubetumi ahu mmusuakuw a ɛsonsono emufo sɛ wɔde biakoyɛ resom wɔ Ahenni Asa ahorow so. Ɛyɛ me anigye sɛ mahu sɛ eyinom mu pii ayi mmusuakuw ho tan afi wɔn mu na woyi nokware dɔ adi kyerɛ wɔn nuanom mmarima ne mmea a wofi mmusuakuw afoforo mu.
Yɛn Onuayɛ no ho Anigye
Bere a mibu kɔmpɔw hwɛ mfe 50 a me ne Onyankopɔn ahyehyɛde no abɔ no, aseda a mede ma Yehowa ne ne Ba, Yesu Kristo, hyɛ me koma ma. Nokwarem no, ɛyɛ nwonwa yiye sɛ mahu nea wama aba asase so no! Dabi, ɛnyɛ bere nyinaa na Onyankopɔn nkurɔfo mu nsɛm tebea di mu, na ɛte saa ara nnɛ. Nanso yentumi nhwɛ kwan sɛ wobegu Satan wiase no mmusua mu nyiyim ho nkyerɛkyerɛ a akɔ so mfehaha pii no ase prɛko pɛ. Sɛnea ɛte biara no, yɛda so ara tɔ sin.—Dwom 51:5.
Bere a mede Yehowa ahyehyɛde no toto wiase no ho no, yɛn wiase nyinaa nokware onuayɛ no ho anisɔ hyɛ me koma ma. Meda so ara kae saa Cleveland anuanom a wɔn nyinaa yɛ aborɔfo a wɔtetee me wɔ nokware no mu no wɔ ɔdɔ mu. Na bere a mihuu yɛn nuanom aborɔfo ne abibifo a wɔwɔ United States kesee fam nyinaa sɛ wɔde onuadɔ si nyiyim ananmu no, me koma ani gyei. Afei, bere a mekɔɔ Afrika na m’ankasa mihuu sɛnea Yehowa Asɛm tumi tu mmusuakuw ntam ɔtan ase no, m’ani sɔɔ yɛn wiase nyinaa onuayɛ no.
Nokwarem no, Ɔhene Dawid a ɔtraa ase tete no kaa no yiye bere a ɔkaa eyi no: “Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ, sɛ anuanom bom tra faako.”—Dwom 133:1.
[Ase hɔ nsɛm]
a Adera Teshome ne Hailu Yemiru mfonini wɔ 1992 Yearbook of Jehovah’s Witnesses kratafa 177; wɔka Worku Abebe suahu wɔ nkratafa 178-81.
b Adera Teshome ne Hailu Yemiru mfonini wɔ 1992 Yearbook of Jehovah’s Witnesses kratafa 177; wɔka Worku Abebe suahu wɔ nkratafa 178-81.
c Adera Teshome ne Hailu Yemiru mfonini wɔ 1992 Yearbook of Jehovah’s Witnesses kratafa 177; wɔka Worku Abebe suahu wɔ nkratafa 178-81.
[Kratafa 23 mfonini]
Me nanabea ayi
[Kratafa 24 mfonini]
Adansefo a wɔyɛ Tutsifo ne Hutufo bom yɛ adwuma asomdwoe mu
[Kratafa 25 mfonini]
Me ne me yere Lois