Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 2/1 kr. 4-7
  • Dɛn Nti na Bere Aso sɛ Wusi Gyinae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Bere Aso sɛ Wusi Gyinae?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Wɔpow Israel
  • Kristoman Ɔwae Kɛse No
  • Nsakrae Rentumi Nyɛ Yiye?
  • Mprempren Ne Bere a Ɛsɛ sɛ ‘Mufi No Mu’
  • Atoro Ahenni Bi Sɔre
    “W’Ahenni Mmra”
  • Nokware Nyankopɔn no ne Wo Daakye
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Nea Ɛyɛe a Kristoman Bɛyɛɛ Wiase Yi Fã
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Babilon Kɛse No Ahwe Ase Na Wɔabu No Ntɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 2/1 kr. 4-7

Dɛn Nti na Bere Aso sɛ Wusi Gyinae?

WƆ AFEHA a ɛto so 16 A.Y.B. mu no, Onyankopɔn paw Israelfo sɛ ‘n’ahode fii aman nyinaa mu sɛ ɔman kronkron.’ (Exodus 19:5, 6) Ankyɛ na wɔhweree wɔn kronkronyɛ, wɔn som a ɛho tew no, na wɔmaa aman a atwa wɔn ho ahyia no abosonsom ne nneyɛe a asɛe no guu wɔn ho fĩ. Enti, wɔdaa wɔn ho adi sɛ “ɔman a wɔn kɔn asen.” (Deuteronomium 9:6, 13; 10:16; 1 Korintofo 10:7-11) Bɛboro mfe ahasa a edii Yosua wu akyi no, Yehowa paw atemmufo, akwankyerɛfo anokwafo a anka ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ Israelfo no kwan kɔ nokware som ho bio. Nanso, ɔman no ‘annyae wɔn amumɔyɛ ne wɔn kɔnsenee kwan so nantew.’—Atemmufo 2:17-19.

Ɛno akyi no, Onyankopɔn maa ahene ne adiyifo anokwafo a wɔde ɔman no bɛkɔ nokware som ho sɔree. Odiyifo Asaria hyɛɛ Ɔhene Asa ne ne manfo sɛ wɔnhwehwɛ Yehowa: “Sɛ mohwehwɛ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mugyaw no a, obegyaw mo.” Asa yɛɛ ɔsom mu nsakrae wɔ Yuda ahenni mu. (2 Beresosɛm 15:1-16) Bere kɔɔ so no, ná ɛsɛ sɛ Onyankopɔn fa ne diyifo Yoel so to nsa frɛ nkurɔfo bio. (Yoel 2:12, 13) Bere kɔɔ so bio no, Sefania tuu wɔn a wɔte Yuda no fo sɛ ‘wɔnhwehwɛ Yehowa.’ Ɔhene Yosia a na ɔyɛ abofra no yɛɛ saa wɔ nsakrae ho ɔsatu bi a ɔyɛ de yii abosonsom ne amumɔyɛ fii hɔ mu.—Sefania 2:3; 2 Beresosɛm 34:3-7.

Ɛmfa ho sɛ ebinom nyaa adwensakra no, na sɛe ara na ɔman no som tebea resɛe. (Yeremia 2:13; 44:4, 5) Yeremia kasa tiaa ɔsom nhyehyɛe a na abosonsom nneyɛe asɛe no no, na ɔkaa ho asɛm sɛ nea wontumi nsakra no: “So Etiopiani betumi asakra ne were, anaasɛ ɔsebɔ bɛsakra ne ho nworanworan? Ɛnde mo nso mubetumi ayɛ papa, mo a bɔneyɛ akokwaw mo.” (Yeremia 13:23) Esiane eyi nti, Onyankopɔn de asotwe kɛse baa Yuda ahenni no so. Wɔsɛee Yerusalem ne n’asɔrefi no wɔ 607 A.Y.B. mu, na wɔde wɔn a wɔkae no kɔɔ Babilon sɛ nkoa, beae a wɔtrae mfe 70 no.

Saa bere no twaam no, Onyankopɔn daa mmɔborohunu adi. Ɔkanyan Ɔhene Kores ma ogyaee Israelfo no maa wɔn mu nkaefo san kɔɔ Yerusalem kosii asɔrefi no bio. Sɛ́ anka wobesua biribi afi eyi nyinaa mu no, wɔman fii nokware som ho bio, na ɛmaa Yehowa Nyankopɔn too nsa frɛɛ wɔn bio sɛ: “Monsan mmra me nkyɛn. Na mɛsan maba mo nkyɛn.”—Malaki 3:7.

Nea Enti a Wɔpow Israel

Ná Israelfo som tebea no te dɛn wɔ Yesu bere so? Ná nyamesom akannifo nyaatwomfo no yɛ ‘akwankyerɛfo anifuraefo’ a wɔkyerɛkyerɛ “nsɛm a nnipa ahyehyɛ.” ‘Ná wonni Onyankopɔn ahyɛde so esiane wɔn atetesɛm nti.’ Ɔman no de “wɔn anofafa” na edii Onyankopɔn ni, na wɔn koma de na atwe afi Onyankopɔn ho kɔ akyirikyiri. (Mateo 15:3, 4, 8, 9, 14) Sɛ́ ɔman no, na wɔn nsa bɛka hokwan foforo bi a wɔde bɛsakra anaa? Dabi. Yesu kae sɛ: “Wobegye Onyankopɔn ahenni no afi mo nsam de akɔma ɔman a wɔde mu aduaba bɛba.” Ɔkae bio sɛ: “Wobegyaw mo fi,” asɔrefi a ɛwɔ Yerusalem no, “afituw ama mo.” (Mateo 21:43; 23:38) Ná wɔn bɔne no sõ dodo. Wɔannye Yesu antom sɛ Mesia no, ma wokum no, na wɔpaw Roma Kaesare tirimmɔdenfo no sɛ wɔn hene.—Mateo 27:25; Yohane 19:15.

Ná Israelfo no mpɛ sɛ wɔbɛte ase sɛ bere a Yesu de yɛɛ ne som adwuma no yɛ atemmu bere. Yesu ka kyerɛɛ Yerusalemfo a wonni gyidi no sɛ: “Woanhu bere a [wɔdom] bɛhwɛɛ wo no.”—Luka 19:44.

Wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no, Onyankopɔn hyehyɛɛ ɔman foforo, ne Ba, Yesu Kristo asuafo a wɔde honhom asra wɔn a na wɔbɛpaw wɔn afi mmusua ne aman nyinaa mu no. (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35; 15:14) So na anidaso bi wɔ hɔ sɛ, awiei koraa no wɔbɛyɛ nsakrae wɔ Yudafo som nhyehyɛe no mu? Roma asraafo dɔm no de mmuae no mae wɔ 70 Y.B. mu, na wɔsɛee Yerusalem pasaa. Ná Onyankopɔn apow saa nyamesom nhyehyɛe no koraa.—Luka 21:5, 6.

Kristoman Ɔwae Kɛse No

Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no nso bɛyɛɛ “ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ne de.” (1 Petro 2:9; Galatifo 6:16) Nanso, tete Kristofo asafo no mpo ankora ne nyamesom mu ahotew no so ankyɛ.

Kyerɛwnsɛm no hyɛɛ ɔwae kɛse, anaa nokware gyidi no a wɔbɛtwe wɔn ho afi ho no ho nkɔm. Ná sɛnkyerɛnne kwan so wura bɔne a ɛwɔ Yesu bɛ no mu, a ɛne atoro Kristofo no, bɛbɔ mmɔden sɛ ebebunkam aba pa, anaa sɛnkyerɛnne kwan so nokware Kristofo, wɔn a wɔde Onyankopɔn honhom asra wɔn no so. Ɛbɛ no da no adi sɛ ná atoro Kristosom a Onyankopɔn tamfo kɛse, Ɔbonsam, de sii hɔ no rebefi ase ‘bere a nnipa adeda.’ Eyi bae wɔ Kristo asomafo anokwafo no wu akyi, bere a na nnipa adeda wɔ honhom mu no. (Mateo 13:24-30, 36-43; 2 Tesalonikafo 2:6-8) Sɛnea asomafo no hyɛɛ nkɔm no, atoro Kristofo pii wiaa wɔn ho baa nguankuw no mu. (Asomafo no Nnwuma 20:29, 30; 1 Timoteo 4:1-3; 2 Timoteo 2:16-18; 2 Petro 2:1-3) Yohane ne asomafo no mu nea otwa to a owui. Bɛyɛ afe 98 A.Y.B. mu no, ɔkyerɛwee sɛ “ɛdɔn a edi akyiri,” asomafo no nna a etwa to no afi ase dedaw.—1 Yohane 2:18, 19.

Bere a Roma hempɔn Constantine foaa nyamesom ne amammui tumidi nkabom so no, Kristoman honhom fam tebea, nkyerɛkyerɛ, ne abrabɔ sɛee koraa. Abakɔsɛm akyerɛwfo pii gye tom sɛ na wɔhwɛ no Kristofo kwan so a, “Asɔre no nkonimdi wɔ afeha a ɛto so anan mu no” fi “asiane bi.” ‘Kristoman hweree n’abrabɔ a ɛkorɔn no’ na egyee nneyɛe ne nyansapɛ pii a efi abosonsom mu, te sɛ “Maria a wɔsom no” ne “ahotefo” a wɔsɔre wɔn, ne Baasakoro nkyerɛkyerɛ no toom.

Wɔ Kristoman atoro nkonimdi no akyi no, ne tebea no sɛee. Mmara ne nkyerɛkyerɛ a popenom ne mmarahyɛ bagua no hyehyɛe, a yɛmmɔ Atirimmɔden Asenni no, Crusade ahorow, ne akodi “kronkron” a ɛkɔɔ so wɔ Katolekfo ne Protestantfo ntam din no, de ɔsom nhyehyɛe a wontumi nsakra no bae.

Wɔ William Manchester nhoma A World Lit Only by Fire mu no, ɔkyerɛw sɛ: “Mfeha dunum ne dunsia mu popenom no traa ase te sɛ Roma ahempɔn no ara pɛ. Ná wɔne nnipa a wɔwɔ ahonyade sen biara wɔ wiase no mu, na wɔne wɔn asɔfopɔn no kɔɔ so pɛɛ sika maa wɔn ho denam dwumadibea kronkron a na wɔtɔn so.” Wɔ ɔwae kɛse no mu no, akuw nketewa anaa ankorankoro hwehwɛe sɛ wobehu nokware Kristosom bio, na wɔyɛɛ wɔn ade te sɛ sɛnkyerɛnne kwan so aba pa. Wohyiaa ɔtaa a emu yɛ den mpɛn pii. Nhoma koro no ara ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a na ɛte sɛ nea Kristosom mu nokware ahotewfo, Protestantfo ne Katolekfo de nyinaa, bɛyɛɛ wɔn a woguu wɔn anim ase denam hyew a wɔhyew wɔn sɛ mogya adansefo no so.” Afoforo a wɔfrɛ wɔn Asesɛwfo te sɛ Martin Luther ne John Calvin, bɔɔ mmɔden de ɔsom nhyehyɛe ahorow bi sii hɔ a na atew ne ho afi Katolek Asɔre no ho nanso ɛkɔɔ so ara nyaa ne nkyerɛkyerɛ titiriw no mu bi. Wɔde wɔn ho hyɛɛ amammuisɛm mu yiye.

Wɔ Protestantfo asase so no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobenya nea wɔfrɛ no ɔsom a wɔasan ama so. Sɛ nhwɛso no, wɔ mfeha a ɛto so 18 ne 19 mu no, saa mmɔdenbɔ yi kowiee asɛmpatrɛw adwuma mu denneennen wɔ amannɔne. Nanso, sɛnea nguanhwɛfo no ankasa gye tom no, ɛnnɛ, Protestantfo nguankuw no honhom mu tebea no nhyɛ nkuran koraa. Protestant nyamekyerɛfo Oscar Cullmann gye toom nnansa yi sɛ “gyidi ho asɛm asɔre wɔ asɔre ahorow no ankasa mu.”

Wɔayɛ nsakrae ne ɔsesɛw nso wɔ Katolek Asɔre no mu. Efi afeha a ɛto so 11 kosi nea ɛto so 13 mu no, ɛmfa ho amumɔyɛ a na atrɛw kɛse ne asɔfo no ahonyade pii no, wɔyɛɛ nkokorafi mmara a ɛmaa wodii ohia ho bɔhyɛ no akyi pɛpɛɛpɛ. Nanso wɔhwehwɛɛ mu yiye, na sɛnea nhomanimfo kyerɛ no, asɔfo mpanyimfo no kataa so. Afei, afeha a ɛto so 16 mu Ɔsesɛw a wɔde sɔre tiae a Trent Bagua no hyehyɛe no bae, a n’atirimpɔw titiriw ne sɛ ɛbɛko atia Protestantfo Ɔsesɛw no.

Wɔ afeha a ɛto so 19 no fã a edi kan, bere a na wɔde asɔfodi resi hɔ bio no, Katolek Asɔre no nyaa tumidi mmoroso ne tete adwene. Nanso yentumi nka sɛ wɔyɛɛ nsakrae pɔtee bi sɛ wɔde nokware Kristosom resan asi hɔ. Mmom no, na eyi yɛ mmɔden a wɔbɔe ara kwa sɛ wɔbɛma asɔfo no tumidi mu ayɛ den wɔ wiase nyinaa som, amammui, ne asetra mu nsakrae mu.

Nnansa yi ara, wɔ 1960 mfe no mu no, ɛyɛɛ te sɛ nea na Katolek Asɔre no pɛ sɛ ɛne Vatican II asɔre nkabom bagua no fi nsakrae kɛse ase. Nanso, pope a na ɔwɔ hɔ saa bere no ma wogyaee nea wɔfrɛ no bagua mu nsakrae no mpofirim de siw asɔremma a wɔrenya nkɔso no kwan. Katolek kuw bi akyerɛ saa adeyɛ yi a ebinom frɛ no nea Wojtyła de asi hɔ no ase sɛ “Constantine nneyɛe foforo.” Sɛnea wɔdaa no adi wɔ Jesuitfo nsɛmma nhoma La Civiltà Cattolica mu no, Katolek Asɔre no rehyia “amansan nsɛnnennen atitiriw: wɔka sɛ ɛyɛ titiriw, efisɛ ɛfa gyidi ne Kristofo asetra nhyɛase ho; wɔka sɛ amansan, efisɛ ɛfa Kristosom afã ahorow nyinaa ho.”

Ɔsesɛw biara mmaa Kristoman asɔre ahorow no mu ankasa, na wɔrentumi nyɛ eyi, efisɛ na ɛsɛ sɛ wɔsan de nokware Kristosom si hɔ wɔ “twa bere” no nkutoo mu, na wɔaboaboa sɛnkyerɛnne kwan so awi no akɔ nokware asafo biako mu. (Mateo 13:30, 39) Amumɔyɛ ne nneɛma bɔne pii a wɔayɛ no nyamesom mu, sɛ́ ebia wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo anaa wɔnyɛ bi no, ma obi bisa sɛ, So ntease wom sɛ wɔbɛhwɛ nokware nsakrae kwan afi Kristoman hɔ?

Nsakrae Rentumi Nyɛ Yiye?

Adiyisɛm nhoma, anaa Apokalipse no, ka sɛnkyerɛnne kwan so aguaman kɛse a ɔwɔ din a ɛyɛ ahintasɛm a ɛne “Babilon kɛse no” ho asɛm. (Adiyisɛm 17:1, 5) Mfeha pii mu no Bible akenkanfo ahwehwɛ sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ sɛnkyerɛnne yi ho ahintasɛm no mu. Asɔfo no ahonyade ne amumɔyɛ no hyɛɛ pii abufuw. Ebinom susuwii sɛ Babilon Kɛse no gyina hɔ ma asɔfo a wodi tumi no. Wɔn mu binom ne Jan Hus, Bohemni Katolek sɔfo bi a wɔhyew no anikan so wɔ afe 1415 mu, ne Aonio Paleario, Italiani bi a na osua nnipa ho ade, a wɔsɛn no hyew no afe 1570 mu no. Wɔn baanu nyinaa bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsakra Katolek Asɔre no a na wɔwɔ anidaso sɛ ɛbɛsan akɔ “ne mfitiase anuonyam” no mu, nanso ankosi hwee.

Nea ɛne no bɔ abira no, Adiyisɛm ti 17 ne 18 kyerɛ sɛ Babilon Kɛse no gyina hɔ ma wiase atoro som nyinaa ahemman no.a Saa “aguaman kɛse” a ɔwɔ afã horow no yɛ nea wontumi nsakra no, efisɛ “ne nnebɔne atotoa abedu soro.” Nokwarem no, wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no, ɛkame ayɛ sɛ ɔsom ahorow no nyinaa, ɛnyɛ Kristoman nko, de wɔn ho hyɛ akodi a ɛkɔ so hwie mogya pii gu ne abrabɔ a asɛe kɛse a ɛhaw adesamma no mu.” Enti, Onyankopɔn ahyɛ “Babilon” sɛe ho bɔ.—Adiyisɛm 18:5, 8.

Mprempren Ne Bere a Ɛsɛ sɛ ‘Mufi No Mu’

Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛrenya ne mmamu no da no adi sɛ yɛn nna yi ne “wiase” bɔne no “awiei.” (Mateo 24:3) Obiara a ofi komam pɛ sɛ ɔsom Onyankopɔn no rentumi nni n’ankasa adwenhorow ne n’apɛde akyi. Ɛsɛ sɛ ‘ɔhwehwɛ Yehowa bere a ɔma wohu no no,’ yiw seesei ara, efisɛ “ahohiahia kɛse” a Yesu hyɛɛ ho nkɔm no abɛn. (Yesaia 55:6; Mateo 24:21) Sɛnea na ɛte wɔ Israelfo no fam no, Onyankopɔn rempene ɔsom bi amumɔyɛ so esiane sɛ ɛhoahoa ne ho sɛ ɛbae akyɛ ara kwa nti. Sɛ́ anka wɔbɛyere wɔn ho asiesie po so hyɛn bi a ɛyɛ dɛn ara a ebegu asu no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ Onyankopɔn anim dom ne nkwagye no nyinaa tie ahyɛde a efi honhom mu a ɛwɔ Adiyisɛm 18:4 no a wɔntwentwɛn wɔn nan ase: “Me man, mumfi [Babilon Kɛse] no mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi.”

Nanso, ‘yemfi ne mu’ nkɔ he? Ɛhe bio na yebenya nkwagye? So entumi mma sɛ yebeguan akɔ beae a ɛmfata? Ɔkwan bɛn so na yebehu ɔsom koro pɛ a Onyankopɔn pene so? Yebetumi anya mmuae a ɛno nkutoo na wotumi de ho to so no wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu. (2 Timoteo 3:16, 17) Yehowa Adansefo to nsa frɛ wo sɛ ɛne wɔn nhwehwɛ Bible no mu yiye. Wubetumi ahu wɔn a Onyankopɔn apaw wɔn sɛ “ɔman bi ama ne din,” a obegye wɔn wɔ n’abufuw da a ɛreba no.—Asomafo no Nnwuma 15:14; Sefania 2:3; Adiyisɛm 16:14-16.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔahu sɛnkyerɛnne kwan so Babilon Kɛse no wɔ ɔkwan a ɛne Kyerɛwsɛm no hyia so no, hwɛ Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintim no 1988 mu no, ti 33 kosi 37.

[Kratafa 7 mfonini]

Sɛ wo som mu hyɛn no regu asu a, dan kɔ nokware Kristosom hyɛn a ahobammɔ wom no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena