Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 3/1 kr. 20-23
  • Maimonides—Ɔbarima a Ɔkyerɛkyerɛɛ Yudasom mu Foforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Maimonides—Ɔbarima a Ɔkyerɛkyerɛɛ Yudasom mu Foforo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ná Hena ne Maimonides?
  • Dɛn na Ɔkyerɛwee?
  • Dɛn na Ɔkyerɛkyerɛe?
  • Ɔkwan Bɛn so na Ɛkaa Yudasom ne Gyidi Afoforo?
  • Yudasom—Kyerɛwnsɛm ne Atetesɛm a Wɔfa So Hwehwɛ Onyankopɔn
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Hena na Ɔfata sɛ Wɔfrɛ no Rabi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Naḥmanides So Ɔbɔɔ Kristosom Gui?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Yudafo Kristofo, Ne Mesia Ho Anidaso No
    Nyan!—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 3/1 kr. 20-23

Maimonides—Ɔbarima a Ɔkyerɛkyerɛɛ Yudasom mu Foforo

“EFI Mose so besi Moses so no, obiara nni hɔ a na ɔte sɛ Moses.” Yudafo pii bɛfa saa kasakoa yi sɛ ɛyɛ asɛm a wɔde kamfo afeha a ɛto so 12 no mu Yudani nyansapɛfo, mmarahyɛfo, ne sɛnkyerɛwfo wɔ Talmud ne Kyerɛwnsɛm no ho, Moses Ben Maimon—a na wɔsan frɛ no Maimonides ne Rambam (asɛm a wɔatwa no tiawa RaM BaM).a Nnipa pii nnim Maimonides nnɛ, nanso ne nsɛm a ɔkyerɛwee no nyaa Yudasom, Nkramosom, ne asɔre nsusuwii so tumi kɛse wɔ ne bere so. Ɔde anuɔden kyerɛkyerɛɛ Yudasom mu foforo. Hena ne Maimonides, na dɛn nti na Yudafo bebree bu no sɛ “Mose a ɔto so abien”?

Ná Hena ne Maimonides?

Wɔwoo Maimonides wɔ Córdoba, Spain, wɔ 1135 mu. Ná ne papa Maimon, a ɔno na ɔmaa no nyamesom mu ntetee kɛse wɔ ne mmofraberem no yɛ nhomanimfo nuonyamfo bi a ofi rabifo abusua a agye din bi mu. Bere a Almohadfo no dii Córdoba so nkonim wɔ 1148 mu no, na ɛsɛ sɛ Yudafo no dan Nkramofo anaasɛ woguan. Efi saa bere yi na Maimonides abusua no kyinkyinii bere tenten. Wɔ 1160 mu no, wɔkɔtraa Fez, Morocco, na osuaa aduruyɛ wɔ hɔ. Wɔ 1165 mu no, ɛho behiae sɛ n’abusua no guan kɔ Palestina.

Nanso, na asomdwoe nni Israel. Ná Kristoman akofo a wɔfrɛ wɔn Crusaders ne Nkramofo akofo yɛ asiane ma Yudafo kakraa bi a wɔwɔ hɔ no. Maimonides ne n’abusua no anni asram asia wɔ “Ɔman Kronkron” no mu na woguan kɔɔ Cairo Kurow Dedaw Fustat, Egypt. Ɛha na Maimonides ɔdom akyɛde horow no daa adi yiye. Ɔbɛyɛɛ Yudafo a wɔwɔ hɔ no titrani wɔ 1177 mu, na wɔfaa no sɛ oduruyɛfo wɔ Nkramofo panyin a wagye din Saladin fie wɔ 1185 mu. Maimonides kuraa saa dibea abien yi mu kosii sɛ owui wɔ 1204 mu. N’ahokokwaw wɔ aduruyɛ mu no ho asɛm hyetae araa ma wɔka sɛ Ɔhene Richard a ne Bo Yɛ Duru Te sɛ Gyata, a na ɔwɔ England tɔnn no bɔɔ mmɔden sɛ obenya Maimonides ma wabɛyɛ n’ankasa ne duruyɛfo.

Dɛn na Ɔkyerɛwee?

Ná Maimonides ho akokwaw wɔ nhomakyerɛw mu. Ɔkyerɛw ne nhoma titiriw a edi kan Commentary on the Mishnah no fã kɛse bere a na ɔreguan afi Nkramofo ɔtaa ano, bere a okohintawee ne bere a na wayɛ ɔkobɔfo no.b Wɔkyerɛw no Arabic mu, na ɛkyerɛkyerɛ Mishnah no nkyerɛkyerɛ ne nsɛmfua pii mu, na edu baabi a na ɛman kɔ Maimonides Yudasom ho nyansapɛ ho nkyerɛkyerɛmu so. Wɔ ɔfã a ɛkyerɛkyerɛ Sanhedrin asɛm mu no mu no, Maimonides yɛɛ nnyinasosɛm atitiriw 13 a ɛfa Yudasom gyidi ho. Ná Yudasom nhyɛɛ da nkyerɛkyerɛɛ gyidikasɛm mu da. Afei de, Maimonides Gyidi ho Nnyinasosɛm 13 no bɛyɛɛ Yudasom gyidikasɛm a wɔhyehyɛɛ no akyiri yi no nsusuwso.—Hwɛ Adaka a ɛwɔ kratafa 23 no mu.

Maimonides bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ nneɛma nyinaa mu, sɛ́ ɛyɛ honam fam de anaa honhom fam de, wɔ ɔkwan a ntease wom so. Ná ɔpow gyidi a enni nnyinaso, na ɔhwehwɛe sɛ wɔma no biribiara ho nkyerɛkyerɛmu a egyina nea na obu no sɛ ɛyɛ adanse a nyansa ne ntease wom so. Saa su a na ɛyɛ n’awosu yi ma ɔkyerɛw ne nhoma a ɛkyɛn so no—Mishneh Torah.c

Wɔ Maimonides bere so no, ɛnyɛ nsɛm a Mose kyerɛw too hɔ no nko na Yudafo no buu no sɛ ɛne “Torah,” anaa “Mmara” no, na mmom rabifo no nkyerɛkyerɛmu wɔ saa Mmara yi ho wɔ mfehaha no mu no nyinaa nso. Wɔkyerɛw adwenhorow yi wɔ Talmud no ne rabifo gyinaesi ne wɔn nkyerɛwee mpempem pii a ɛfa Talmud no ho mu. Maimonides hui sɛ nsɛm yi bebrebe ne sɛnea atu afra no nti, na Yudafo mpapahwekwa ntumi nsisi gyinae a ɛka wɔn da biara da asetra. Ná wɔn mu dodow no ara ntumi nsua rabifo nhoma a wɔde Aram kasa a ɛyɛ den na ɛkyerɛw emu fã kɛse no nyinaa nwie wɔn nkwa nna nyinaa. Nea Maimonides yɛe wɔ ho ne sɛ oyiyii nsɛm yi mu bio, sii gyinae ahorow a mfaso wɔ so no so dua, na ɔfaa ɔkwan pa bi so hyehyɛɛ no fɛfɛɛfɛ yɛɛ no nhoma 14 a ebiara kura asɛmti foforo. Ɔde ahokokwaw kyerɛw no wɔ Hebri a emu da hɔ na ɛkɔ yɔɔ mu.

Ná Mishneh Torah no yɛ akwankyerɛ nhoma a mfaso wɔ so araa ma Yudafo akannifo bi suroe sɛ anhwɛ a ebesi Talmud no ananmu koraa. Nanso, wɔn a wɔkasa tiaa saa nhoma no mpo gye toom sɛ ɛma nimdeɛ kɛse. Ná saa mmara a wɔahyehyɛ no yiye paa yi yɛ ade foforo a wɔayɛ, na ɛsan hyɛɛ Yudasom nhyehyɛe a na mpapahwekwa ntumi nte ase anaa wɔmfa nni dwuma bio no mu den.

Afei, Maimonides fii ase sɛ ɔrekyerɛw nhoma titiriw foforo—The Guide for the Perplexed. Esiane sɛ wɔkyerɛɛ Hela nhoma ahorow ase baa Arabic mu nti, na Yudafo pii rehu Aristotle ne nyansapɛfo afoforo. Wɔn mu binom adwene tu frae, efisɛ na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobehu sɛnea ntease ankasa a Bible mu nsɛmfua kura no ne nyansapɛ hyia. Maimonides a na n’ani gye Aristotle ho yiye no bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ Bible no ne Yudasom mu nsɛm atitiriw mu wɔ ɔkwan a ɛne nyansapɛ adwene ne ntease hyia so wɔ The Guide for the Perplexed mu.—Fa toto 1 Korintofo 2:1-5, 11-16 ho.

Sɛ wɔde nhoma atitiriw yi ne nyamesom nkyerɛwee afoforo gu nkyɛn a, Maimonides kyerɛw aduruyɛ ne nsoromma ho nimdeɛ ho nsɛm a na wonnye ho kyim. Nneɛma a ɔde ahokokwaw kyerɛwee no fã bi nso wɔ hɔ a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so. Encyclopaedia Judaica ka sɛ: “Nkrataa a Maimonides kyerɛwee no de nsakrae baa nkrataa kyerɛw mu. Ɔno ne Yudani krataa kyerɛwfo a odi kan a wɔakora ne nkrataa no pii so. . . . Ne nkrataa no kanyan wɔn a ɔkyerɛw wɔn no adwene ne wɔn koma, na ɔsakraa ɔkwan a ɔfaa so kyerɛw no no ma ɛfataa wɔn.”

Dɛn na Ɔkyerɛkyerɛe?

Maimonides de gyidi ho nkyerɛkyerɛmu pefee a emu bi gyina Kyerɛwnsɛm so mae wɔ ne Gyidi ho Nnyinasosɛm 13 no mu. Nanso, nnyinasosɛm a ɛto so ason ne akron no ne ntease a ɛfa Yesu a wobegye no adi sɛ Mesia no a egyina Kyerɛwnsɛm so no bɔ abira.d Sɛ yɛhwɛ Kristoman ɔwae ho nkyerɛkyerɛ te sɛ Baasakoro, ne nyaatwomyɛ kɛse a wɔdaa no adi wɔ nea wɔfrɛ no Crusade no mogyahwiegu mu no a, ɛnyɛ nwonwa sɛ Maimonides anhwehwɛ mu ankɔ akyiri sɛ ebia Yesu ne Mesia no.—Mateo 7:21-23; 2 Petro 2:1, 2.

Maimonides kyerɛw sɛ: “Biribi wɔ hɔ a ebetumi ayɛ hintiduato asen [Kristosom] anaa? Adiyifo no nyinaa kaa Mesia no ho asɛm sɛ ɔne Israel gyefo ne n’agyenkwa . . . [Nea ɛne no bɔ abira no, Kristosom] maa Yudafo no totɔɔ afoa ano, wɔn mu nkaefo hwetee maa wɔn anim guu ase, wɔsakraa Torah no, na wiase no fã kɛse dii mfomso fii Awurade akyi kɔsom onyame foforo.”—Mishneh Torah, “Ahemfo ne Wɔn Akodi ho Mmara Ahorow,” ti 11.

Nanso, obu a wɔde ma Maimonides no nyinaa akyi no, Yudafo pii bu wɔn ani gu nneɛma a ɔkaa ho asɛm penpen no bi so. Bere a na Yudasom a ahintasɛm wom (Kabbalah) ase retim no, na Yudafo pii de wɔn ho rehyɛ nsoromma mu hwɛ mu. Maimonides kyerɛwee sɛ: “Obiara a ɔde ne ho ahyɛ nsoromma mu hwɛ mu na ogyina ɛda a wɔn a wɔhwɛ wim ahyɛ so yɛ n’adwuma anaa akwantu bi ho nhyehyɛe no fata sɛ wɔhwe wɔn . . . Nsɛm yi nyinaa yɛ atoro ne nnaadaasɛm . . . Obiara a ogye nsɛm yi di . . . no nyɛ biribiara sɛ ɔkwasea, na onnim nyansa.”—Mishneh Torah, “Abosonsom ho Mmara Ahorow,” ti 11; fa toto Leviticus 19:26; Deuteronomium 18:9-13 ho.

Maimonides kasa tiaa adeyɛ foforo nso denneennen: “[Rabifo] twaa bo bi sii hɔ a na wɔhwehwɛ sɛ ankorankoro ne mpɔtam ahorow tua ma wɔn, na wɔmaa nkurɔfo fii agyimisɛm kɛse mu susuw sɛ ɛyɛ wɔn asɛyɛde, na ɛfata . . . Eyinom nyinaa nteɛ. Asɛmfua biako mpo nni Torah no anaa nsɛm a [Talmud no ho] anyansafo no kae mu a ɛfoa so.” (Commentary on the Mishnah, Avot 4:5) Sɛ́ anka Maimonides bɛyɛ ade te sɛ rabifo yi no, ɔyeree ne ho yɛɛ adwuma sɛ oduruyɛfo hwɛɛ ne ho, na wannye nyamesom nnwuma biara ho akatua da.—Fa toto 2 Korintofo 2:17; 1 Tesalonikafo 2:9 ho.

Ɔkwan Bɛn so na Ɛkaa Yudasom ne Gyidi Afoforo?

Ɔbenfo Yeshaiahu Leibowitz a ɔwɔ Yerusalem Hebri Sukuupɔn mu no kae sɛ: “Efi Tete Agyanom ne Adiyifo no bere so besi nnɛ no, Maimonides wɔ nkɛntɛnso kɛse sen obiara wɔ Yudasom abakɔsɛm mu.” Encyclopaedia Judaica ka sɛ: “Tumi a Maimonides nyae wɔ nkɔso a akyiri yi ɛbaa Yudasom mu no nni ano. . . . C. Tchernowitz . . . ka mpo sɛ sɛ ɛnyɛ Maimonides a, anka Yudasom mu bɛpaapae ayɛ akuw ne ɔsom ahorow pii . . . Ɔbɔɔ mmɔden kɛse sɛ ɔkaa afã horow no boom.”

Maimonides nam Yudafo adwenhorow a osiesie maa ɛne nsusuwii a n’ankasa wɔ wɔ nhyehyɛe pa ne ntease ho hyiae no so kyerɛkyerɛɛ Yudasom mu foforo. Nhomanimfo ne amanfo nkae no nyinaa behui sɛ mfaso wɔ nkyerɛkyerɛ foforo yi so na wɔn ani begyee ho. Awiei koraa no, na Maimonides asɔretiafo mpo gye ne nsɛm no pii tom. Ɛwom sɛ ɔkyerɛw ne nsɛm no sɛnea ɛbɛyɛ a ɛho renhia sɛ Yudafo no kɔ so de wɔn ho to nkyerɛkyerɛmu pii a wɔakyerɛw so de, nanso ankyɛ na wɔkyerɛw ne nhoma ahorow no ho nkyerɛkyerɛmu bebrebee.

Encyclopaedia Judaica ka sɛ: “Maimonides yɛ . . . Mfinimfini Mmere no mu Yudani nyansapɛfo a ɔda nsow sen biara, na ne Guide of the Perplexed no yɛ nyansapɛ nhoma a ɛho hia sen nea Yudani biara ayɛ.” Ɛwom sɛ ɔkyerɛw The Guide for the Perplexed no wɔ Arabic mu de, nanso wɔ Maimonides bere so no, wɔkyerɛɛ ase kɔɔ Hebri mu, na ɛno akyi pɛɛ no, wɔde kɔɔ Latin mu a na ɛma wotumi nya bi sua wɔ Europa nyinaa. Ne saa nti, Yudasom nsusuwii a Maimonides de Aristotle nyansapɛ frae wɔ ɔkwan soronko so no bɛyɛɛ Kristoman nsusuwii atitiriw no fã. Ná Kristoman nhomanimfo a wɔwɔ hɔ saa bere no, te sɛ Albertus Magnus ne Thomas Aquinas, taa twe adwene si Maimonides adwenhorow no so. Enyaa Nkramosom mu nhomanimfo nso so tumi. Maimonides nyansapɛ adwene no nyaa Yudafo nyansapɛfo a akyiri yi wɔbae, te sɛ Baruch Spinoza, so tumi ma wɔtwee wɔn ho fii tete Yudasom ho koraa.

Wobetumi abu Maimonides sɛ Ɔsesɛw Mmere mu nipa a ɔtraa ase ansa na Ɔsesɛw Mmere no reba. Ka a ɔkɔɔ so kae sɛ ɛsɛ sɛ gyidi ne ntease hyia no yɛ nnyinasosɛm a wɔda so ara de di dwuma. Saa nnyinasosɛm yi maa ɔkasa tiaa nyamesom mu gyidi hunu denneennen. Nanso, mpɛn pii no, Kristoman nhwɛso bɔne no ne Aristotle nyansapɛ nkɛntɛnso no amma wantumi ansisi gyinae a ɛne Bible mu nokware hyia korakora. Ɛwom sɛ ɛnyɛ obiara na ɔbɛpene asɛm a wɔakyerɛw no Maimonides ɔda ho—“Efi Mose so besi Moses so no, obiara nni hɔ a na ɔte sɛ Moses”—no so de, nanso ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ Yudasom nhyehyɛe ne emu nsɛm mu foforo.

[Ase hɔ nsɛm]

a “Rambam” yɛ Hebri asɛm a wɔatwa no tiawa, edin a wonya fii nkyerɛwde a edidi kan wɔ nsɛmfua “Rabi Moses Ben Maimon” mu.

b Mishnah no yɛ rabifo nsɛm a wɔakyerɛw a egyina nea Yudafo no bu no sɛ ɛyɛ mmara a wɔde ano ka kyerɛ no so. Wɔkyerɛw too hɔ wɔ Y.B. yi mu afeha a ɛto so abien no awiei ne afeha a ɛto so abiɛsa no mfiase, na ɛno na wɔde fii Talmud no ase. Wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ nhomawa Will There Ever Be a World Without War? a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na wotintimii no, kratafa 10.

c Edin Mishneh Torah yɛ Hebri asɛmfua a wonya fii Deuteronomium 17:18 a ɛkyerɛ, Mmara no foforo a wɔayɛ, anaa ne ntimu.

d Sɛ wopɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yesu ne Mesia a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no ho nsɛm pii a, hwɛ nhomawa Will There Ever Be a World Without War? a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na wotintimii no, nkratafa 24-30.

[Kratafa 23 adaka]

MAIMONIDES GYIDI NNYINASOSƐM 13 NOe

1. Onyankopɔn ne nneɛma nyinaa Bɔfo ne Ɛsodifo. Ɔno nkutoo na wayɛ, ɔyɛ, na ɔbɛyɛ nneɛma nyinaa.

2. Onyankopɔn yɛ biako. Biakoyɛ biara nte sɛ Ne de no koraa.

3. Onyankopɔn nni nipadua. Wontumi mfa honam fam adwene nsusuw No.

4. Onyankopɔn ne mfitiase ne awiei.

5. Onyankopɔn nkutoo na ɛfata sɛ wɔbɔ no mpae. Obi ntumi mmɔ obiara anaa biribi foforo biara mpae.

6. Adiyifo no nsɛm nyinaa yɛ nokware.

7. Mose nkɔmhyɛ no yɛ nokware turodoo. Ɔno ne adiyifo a wodii n’anim bae ne wɔn a wɔbae wɔ n’akyi no nyinaa panyin.

8. Torah a ɛwɔ hɔ seesei no nyinaa ne nea wɔde maa Mose no.

9. Wɔrensesa Torah no, na Onyankopɔn remfa foforo mma da.

10. Onyankopɔn nim onipa nneyɛe ne ne nsusuwii nyinaa.

11. Onyankopɔn tua wɔn a wodi N’ahyɛde so ka, na ɔtwe wɔn a wɔyɛ bɔne tia No no aso.

12. Mesia no bɛba.

13. Wobenyan awufo aba nkwa mu bio.

[Ase hɔ asɛm]

e Maimonides kyerɛkyerɛɛ saa nnyinasosɛm ahorow yi mu wɔ ne Commentary on the Mishnah mu, (Sanhedrin 10:1). Akyiri yi, Yudasom gye toom sɛ gyidikasɛm. Wɔayɛ atifi hɔ asɛm no tiatiaa asen sɛnea epue wɔ Yudafo mpaebɔ nhoma no mu.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 21]

Jewish Division / The New York Public Library / Astor, Lenox, and Tilden Foundations

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena