Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 4/15 kr. 19-22
  • Naḥmanides So Ɔbɔɔ Kristosom Gui?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Naḥmanides So Ɔbɔɔ Kristosom Gui?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn na Ɛde Akyinnyegye no Bae?
  • Dɛn Nti na Wɔpaw Naḥmanides?
  • Naḥmanides ne Pablo Christiani
  • Ɛhe na Nokware no Wɔ?
  • Yudasom—Kyerɛwnsɛm ne Atetesɛm a Wɔfa So Hwehwɛ Onyankopɔn
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Dɛn Ne Talmud No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Maimonides—Ɔbarima a Ɔkyerɛkyerɛɛ Yudasom mu Foforo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • So Wobetumi Ayi Mpaapaemu no Afi Hɔ?
    Nyan!—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 4/15 kr. 19-22

Naḥmanides So Ɔbɔɔ Kristosom Gui?

MFINIMFINI Mfe no. Dɛn na ɛma yɛkae? Mmeamudua ho akodi? Atirimɔden Asɛnni? Ayayade? Ɛwom sɛ ɛnyɛ bere a na wɔtaa bɔ nyamesom ho nkɔmmɔ baguam de, nanso saa bere no, wɔ afe 1263 mu no, Yudafo ne Kristofo ntam akyinnyegye bi a ɛsen biara wɔ Europa abakɔsɛm mu kɔɔ so. Henanom na na wɔka ho? Nsɛm bɛn na wɔma ɛsɔree? Ɔkwan bɛn so na ebetumi aboa yɛn nnɛ ma yɛahu nokware som?

Dɛn na Ɛde Akyinnyegye no Bae?

Wɔ Mfinimfini Mfe no nyinaa mu no, Roma Katolek Asɔre no daa ne ho adi sɛ ɛne nokware som. Nanso, Yudafo no annyae kyerɛ a na wɔkyerɛ sɛ wɔne nkurɔfo a Onyankopɔn apaw wɔn no da. Tumi a asɔre no antumi annan Yudafo no adwene amma wɔanhu hia a ɛho hia sɛ wɔsakra no kowiee abasamtu mu, na ɛde basabasayɛ ne ɔtaa bae mpɛn pii. Wɔ Mmeamudua ho akodi ahorow no mu no, wokunkum Yudafo mpempem pii anaasɛ wɔhyew wɔn wɔ dua ho bere a wɔde sii wɔn anim sɛ wɔmpaw asubɔ anaa owu mu biako no. Wɔ nsase pii so no, asɔre no de ɔsɔretia kɛse baa Yudafo no so.

Nanso, su soronko bi daa adi wɔ Katolek Spain, wɔ mfeha a ɛto so 12 ne 13 no mu. Wɔmaa Yudafo no ɔsom mu ahofadi—bere tenten a na wɔnsɔre ntia Kristofo gyidi no—na wɔmaa wɔn dibea atitiriw mpo wɔ ahemfie. Nanso adom a ɛte saa akyi bɛyɛ afeha no, Dominican asɔfo yɛɛ nhyehyɛe a wɔde bɛtew nkɛntɛnso a Yudafo wɔ wɔ ɔman no mu no so, na wɔasakra Yudafo aba Katoleksom mu. Dominicanfo no hyɛɛ Ɔhene James I a ɔwɔ Aragon no sɛ ɔnyɛ akyinnyegye bi a nniso no ayɛ ho nhyehyɛe, a na atirimpɔw a ɛwom ne sɛ ɛbɛkyerɛ tebea a ɛba fam a Yudafo wom ne hia a ehia sɛ Yudafo nyinaa sakra no.

Ná ɛnyɛ eyi ne Yudafo ne Kristofo ntam akyinnyegye a edi kan. Wɔ afe 1240 mu no, wɔyɛɛ akyinnyegye bi ho nhyehyɛe wɔ Paris, France. Ná n’atirimpɔw titiriw ne sɛ wobedi Talmud, Yudafo nhoma kronkron, no ho asɛm. Nanso, wɔamma Yudafo ananmusifo no ankasa pii. Bere a asɔre no de too gua sɛ adi nkonim wɔ saa akyinnyegye yi mu no, wɔhyew Talmud no mfuamfua pii wɔ mmɔnten so.

Nanso Ɔhene James I a na ɔwɔ Aragon a ɔwɔ abotare pii no amma atorodi asɛnni a ɛte saa ho kwan. Bere a Dominicanfo no huu eyi no, wɔfaa ɔkwan foforo so. Sɛnea Hyam Maccoby ka wɔ ne nhoma a ɛne Judaism on Trial mu no, wɔtoo nsa frɛɛ Yudafo no baa akyinnyegye bi a “wɔyɛe sɛ wɔbɛma obiara akyerɛ n’adwene na wɔakyerɛ obu sen sɛ wɔbɛkasa atia sɛnea wɔyɛe wɔ Paris no” ase. Dominicanfo no paw Pablo Christiani, Yudani bi a na wasakra kɔ Katoleksom mu ma wabɛyɛ Dominican sɔfo, sɛ wɔn nanmusifo panyin. Ɛdenam Talmud ne rabifo nkyerɛwee ho nimdeɛ a na Pablo Christiani wɔ a na wɔde bedi dwuma nti, Dominicanfo no nyaa awerɛhyem sɛ wobetumi anya biribi de afoa wɔn asɛm no so.

Dɛn Nti na Wɔpaw Naḥmanides?

Ná onipa biako pɛ na ɔwɔ Spain a ɔfata wɔ honhom fam sɛ obegyina Yudafo no ananmu wɔ akyinnyegye no mu—Moses ben Nahman, anaa Naḥmanides.a Onnya nnii mfe aduonu no, na Naḥmanides a wɔwoo no bɛyɛ 1194 mu wɔ Gerona kurow mu no, ada ne ho adi dedaw sɛ Bible ne Talmud ho ɔdenimfo. Odii mfe 30 no, na wakyerɛw nsɛm pii a ɛkyerɛkyerɛ Talmud no fã kɛse no ara mu, na ɛno akyi bere tiaa bi no ɔyɛɛ ɔkasamafo titiriw wɔ akyinnyegye a na etia Maimonides nkyerɛwee a na ebetumi de mpaapaemu aba Yudafo no mu no mu.b Ná wobu Naḥmanides sɛ Yudafo Bible ne Talmud ho ɔdenimfo a ɔsen biara wɔ ne bere so, na na ebia Maimonides nkutoo na ɔto no so abien wɔ Yudasom mu nkɛntɛnso a onyae saa bere no mu.

Ná Naḥmanides wɔ nkɛntɛnso kɛse wɔ Yudafo a wɔwɔ Catalonia no so, na na Ɔhene James I mpo ne no susuw Ɔmansɛm pii ho. Yudafo ne Amanaman mufo nyinaa kyerɛɛ obu wɔ n’adwene a ɛkyere ade ntɛmntɛm no ho. Dominicanfo no hui sɛ nea ɛbɛyɛ na wɔabrɛ Yudafo no ase koraa no, ɛsɛ sɛ ɔno a ɔyɛ rabi a ɔsen biara no na ogye akyinnye no.

Ná Naḥmanides mpɛ sɛ ɔpene akyinnyegye no so bere a ohui sɛ Dominicanfo no nni adwene biara sɛ wɔne no bedi anobaebae ɔkwampa so no. Ná ɛsɛ sɛ obua wɔn nsɛmmisa ahorow, nanso na ontumi mmisa wɔn bi. Nanso, ɔpenee ɔhene no abisade so, na ɔsrɛe sɛ wɔmma no kwan na omfi ne pɛ mu nkasa bere a ɔrebua wɔn nsɛmmisa no. Ɔhene James I penee eyi so. Ná kasa ho kwan a wɔama wanya no yɛ nea ebi nsii da, na na ebi rensi bio wɔ Mfinimfini Mfe no nyinaa mu, adanse a ɛkyerɛe sɛ na ɔhene no wɔ obu kɛse ma Naḥmanides. Nanso, na Naḥmanides suro. Sɛ na wobu no sɛ ɔsɔretiafo kɛse wɔ akyinnyegye no mu a, na ade bɔne befi mu aba ɔne Yudafo no nyinaa so. Ná basabasayɛ betumi asi bere biara.

Naḥmanides ne Pablo Christiani

Ná beae a wobehyiam ama akyinnyegye no ne ɔhene ahemfie wɔ Barcelona. Wohyiae mpɛn anan—July 20, 23, 26, ne 27, 1263. Ɔhene no ankasa na ɔyɛɛ ɔfã biara guamtrani, na Asɔre ne Ɔman no mu mpanyimfo, ne afei hɔnom Yudafo no, pii nso bae.

Asɔre no fam no, na wonim nea ebefi akyinnyegye no mu aba. Wɔ wɔn ankasa kyerɛwtohɔ mu no, Dominicanfo no kae sɛ ‘ɛnyɛ’ akyinnyegye no atirimpɔw ne sɛ ‘wobegye gyidi no ho kyim te sɛ nea adwenem nnaayɛ bi wɔ hɔ, na mmom, nea ɛbɛyɛ na wɔasɛe mfomso a Yudafo no adi na wɔayi gyidi a emu yɛ den a Yudafo pii wɔ no afi hɔ.’

Ɛwom sɛ na aka kakra ma Naḥmanides adi mfe 70 de, nanso ɔdaa sɛnea n’adwene kyere ade ntɛm no adi denam nkɔmmɔbɔ no a ɔde gyinaa nsɛntitiriw nkutoo so no so. Ofii ase kasae sɛ: “Ná [kan] akyinnyegye a ɛkɔɔ so wɔ amanaman mufo ne Yudafo ntam no fa ɔsom mu afahyɛ ahorow a ɛnyɛ ɛno ne gyidi mu nnyinasosɛm titiriw no nnyinaso no ho. Nanso, wɔ ahemfie ha yi de, mepɛ sɛ nsɛm a ntawntawdi no fa ho nkutoo na migye ho kyim.” Afei, wɔpenee so sɛ nsɛm a ɛfa sɛ ebia Mesia no aba dedaw, sɛ ebia ɔyɛ Onyankopɔn anaa onipa, ne sɛ ebia Yudafo anaa Kristofo na wɔwɔ nokware mmara, no ho nkutoo ho asɛm na wɔbɛka.

Wɔ nsɛm a ɔde fii n’akyinnyegye nsɛm no ase mu no, Pablo Christiani kae sɛ obefi Talmud no mu akyerɛ sɛ Mesia no aba dedaw. Naḥmanides buae sɛ sɛ saa na ɛte a, dɛn nti na rabifo a wogyee Talmud no toom no annye Yesu antom? Sɛ́ anka Christiani de n’akyinnyegye no begyina Kyerɛwnsɛm a emu da hɔ so no, ɔtwee adwene sii rabifo nsɛm a emu nna hɔ no so de sii ne nsɛm so dua mpɛn pii. Naḥmanides nam kyerɛ a ɔkyerɛe sɛ wɔde nsɛm a wɔka no redi dwuma ɔkwammɔne so no bɔɔ eyi gui mmiako mmiako. Nsɛm a ntease wom a Naḥmanides kae no ma otumi daa ne ho adi sɛ obi a ɔfata koraa sɛ ogye saa nkyerɛwee yi a na ɔde bere tenten asua no ho kyim. Sɛ na Christiani twe adwene si Kyerɛwnsɛm so mpo a, na n’asɛm no si nsɛm a ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛbɔ agu so dua.

Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ Naḥmanides bua nsɛmmisa nkutoo de, nanso otumi kaa nsɛm a tumi wom a ɛkyerɛɛ nea enti a Yudafo ne nnipa foforo a wosusuw nsɛm ho ntumi nnye Katolek Asɔre no gyinabea no ntom no. Ɛdefa Baasakoro nkyerɛkyerɛ no ho no, ɔkae sɛ: “Yudani anaa onipa biara adwene mma no kwan mma onnye nni sɛ ɔsoro ne asase Bɔfo no . . . bɛfa Yudani bea bi yafunu mu . . . na akyiri yi [wɔde] no ahyɛ n’atamfo nsa . . . na wɔakum no.” Naḥmanides kaa no pefee sɛ: “Obiara a [n’adwenem da hɔ] rennye nea mugye di—a ɛyɛ mo gyidi no fapem—no ntom.”

Bere a Naḥmanides retwe adwene asi abirabɔsɛm a amma Yudafo pii ansusuw ho mpo sɛ Yesu betumi ayɛ Mesia no so no, osii mogya ho fɔ kɛse a asɔre no di so dua. Ɔkae sɛ: “Odiyifo no ka sɛ wɔ Mesia no bere so no, . . . wɔde wɔn nkrate [bɛ]bobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio. Efi Nasareni no bere so besi nnɛ no, basabasayɛ ne dwowtwa ayɛ wiase ma. [Nokwarem no], Kristofo hwie mogya gu sen aman a aka no nyinaa, na wɔn bra asɛe nso. Me wura ɔhene, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ den ama wo ne w’asraafo yi sɛ morensua . . . akodi bio!”—Yesaia 2:4; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.

Bere a nhyiam a ɛto so anan no baa awiei no, ɔhene no twaa akyinnyegye no so. Ɔka kyerɛɛ Naḥmanides sɛ: “Minhuu onipa a wafom kwan a otumi gye akyinnye sɛ wo da.” Sɛnea Ɔhene James I a ɔwɔ Aragon hyɛɛ Naḥmanides bɔ sɛ ɔbɛma no kasa mu ahofadi ne ahobammɔ no, ɔmaa no kɔɔ fie, na ɔkyɛɛ no dinars 300. Ɛdenam ɔsɔfo panyin a ɔwɔ Gerona abisade so no, Naḥmanides kyerɛw akyinnyegye no ho nhoma.

Bere a Dominicanfo reka sɛ wɔadi nkonim koraa no, na wɔayɛ basaa. Akyiri yi wɔbɔɔ Naḥmanides sobo sɛ waka asɔre no ho abususɛm, na ɔde nhoma a ɔkyerɛw faa akyinnyegye no ho no dii nea na wɔreka no ho adanse. Esiane sɛ Dominicanfo no ani annye sɛnea ɔhene no ne Naḥmanides dii ho nti, wɔde asɛm no kɔdan Pope Clement IV. Ɛwom sɛ na Naḥmanides adi boro mfe 70 de, nanso wotwaa no asu fii Spain.c

Ɛhe na Nokware no Wɔ?

So akyinnye a afanu no nyinaa gyei no maa wohuu nokware som? Bere a ɔfã biara sii ne yɔnko mfomso so dua no, wɔn mu biara amma nokwasɛm no anna adi. Ɛnyɛ Kristosom na Naḥmanides bɔ gui koraa, na mmom, onipa nkyerɛkyerɛ, te sɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ a Kristoman hyehyɛe mfehaha pii wɔ Yesu wu akyi no. Kristoman brasɛe ne atirimɔden mogyahwiegu a Naḥmanides de akokoduru kaa ho asɛm no yɛ abakɔsɛm mu kyerɛwtohɔ a ɛyɛ nokware turodoo.

Ɛnyɛ den sɛ wobɛte nea enti a wɔ tebea ahorow yi mu no, nsɛm a afoforo ka boaa Kristosom no antumi ankanyan Naḥmanides ne Yudafo foforo no ase. Bio nso, na Pablo Christiani akyinnyegye no nnyina Hebri Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a emu da hɔ so, na mmom rabifo nkyerɛkyerɛ a wɔakyinkyim no no so.

Nokwarem no, Naḥmanides ammɔ nokware Kristosom angu. Ne bere so no, na Yesu nkyerɛkyerɛ no ho nokware hann ne adanse ahorow a ɛkyerɛ sɛ ɔne Mesia no yɛ nea atoro nkyerɛkyerɛ akata so. Awaefo nkyerɛkyerɛ a ɛte saa a eyii ne ho adi no yɛ nea Yesu ne asomafo no hyɛɛ ho nkɔm ankasa.—Mateo 7:21-23; 13:24-30, 37-43; 1 Timoteo 4:1-3; 2 Petro 2:1, 2.

Nanso, wohu nokware som pefee nnɛ. Yesu kaa ne nokware akyidifo ho asɛm sɛ: “Wɔn aba na mode behu wɔn. . . . Saa ara na dua pa biara sow aba pa, na dua bɔne sow aba bɔne.” (Mateo 7:16, 17) Yɛto nsa frɛ w’ankasa sɛ yɛ saa nhwehwɛmu no. Ma Yehowa Adansefo mmoa wo na yɛ adanse ahorow a egyina Kyerɛwnsɛm so no mu nhwehwɛmu a edi mũ. Wonam saayɛ so behu nea Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa Mesia no ne ne tumidi ho no nyinaa kyerɛ ankasa.

[Ase hɔ nsɛm]

a Yudafo dodow no ara frɛ Naḥmanides sɛ “Ramban,” Hebri nsɛm a wɔatwa no tiawa a wonya fii nkyerɛwde a edi kan wɔ nsɛmfua “Rabbi Moses Ben Naḥman” mu.

b Hwɛ asɛm “Maimonides—Ɔbarima a Ɔkyerɛkyerɛɛ Yudasom mu Foforo” a ɛwɔ March 1, 1995, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 20-23 no.

c Wɔ 1267 mu no, Naḥmanides duu asase a seesei wɔfrɛ no Israel no so. Ɔde ne mfe a etwa to no yɛɛ nneɛma pii. Ɔsan de Yudasom sii hɔ, na osii adesuabea wɔ Yerusalem. Ɔsan kyerɛw nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ Torah, Bible mu nhoma anum a edi kan, no mu wiei, na ɔbɛyɛɛ Yudafo no honhom mu ti wɔ Acre kurow a ɛda mpoano no kusuu fam, baabi a owui wɔ 1270 mu no.

[Kratafa 20 mfonini]

Naḥmanides kyerɛkyerɛɛ n’asɛm no mu wɔ Barcelona

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 19]

Mfonini a ɛwɔ nkratafa 19-20: Wɔyɛ fii Illustrirte Pracht - Bibel/Heilige Schrift des Alten und Neuen Testaments, nach der deutschen Uebersetzung D. Martin Luther’s

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena