Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 5/15 kr. 28-31
  • Dɛn Ne Talmud No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Ne Talmud No?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Ɛyɛe a Wobenyaa Talmud No
  • Sɛnea Ɛyɛe a Wobenyaa Talmud Ahorow Abien
  • Dɛn na Talmud no Tumi Yɛe?
  • Mishnah No ne Onyankopɔn Mmara a Ɔde Maa Mose No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Yudasom—Kyerɛwnsɛm ne Atetesɛm a Wɔfa So Hwehwɛ Onyankopɔn
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Mmara A Wɔde Ano Ka Kyerɛ No—Dɛn Nti na Wɔkyerɛw Too Hɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Hena na Ɔfata sɛ Wɔfrɛ no Rabi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 5/15 kr. 28-31

Dɛn Ne Talmud No?

“Akyinnye biara nni ho sɛ Talmud no yɛ nhoma a ɛkyɛn so a wɔakyerɛw pɛn no biako.”—The Universal Jewish Encyclopedia.

“[Talmud no] ka adesamma nhoma a ɛsen biara a wɔakyerɛw pɛn no ho; ɛyɛ nkyerɛwee a emu dɔ, etu mpɔn, na ne ntease gye nhumu araa ma, ama nnipa a wɔn adwenem abue anya pii ayɛ bɛboro mfirihyia apem ne fã.”—Jacob Neusner, Yudani nhomanimfo ne nhoma kyerɛwfo.

“Talmud no ne [Yudasom] nnyinaso titiriw a ekura Yudafo som ne wɔn nimdeɛ mu.”—Adin Steinsaltz, Talmud ho nimdefo ne rabbi.

AKYINNYE biara nni ho sɛ Talmud no anya Yudafo so nkɛntɛnso kɛse mfehaha pii. Nanso, nea ɛne nsaberan ahorow yi bɔ abira no, wɔaka Talmud no ho nsɛmmɔne afrɛ no “nsɛm hwanyann a wonhu nea etiri kosi.” Wɔakasa atia sɛ ɛyɛ abusude a efi Ɔbonsam hɔ. Mpɛn pii na popenom hyɛɛ mmara ma wɔhwehwɛɛ mu, gye fii nkurɔfo nsam, anaa wɔhyew pii wɔ baguam mpo wɔ Europa.

Nhoma bɛn koraa na akɔtwetwe nsɛm pii aba saa yi? Dɛn na ɛma Talmud no da mu fua wɔ Yudafo nkyerɛwee mu? Ɛyɛɛ dɛn na wɔkyerɛwee? Ɛyɛɛ dɛn na ebenyaa Yudasom so nkɛntɛnso saa? So ɛkyerɛ biribi ma nnipa a wɔnyɛ Yudafo?

Mfe 150 a edii Yerusalem asɔrefie no sɛe wɔ 70 Y.B. akyi no, rabbifo anyansafo adesuabea ahorow a na ɛwɔ Israel nyinaa de anibere hwehwɛɛ biribi foforo a wobegyina so akora Yudafo amammerɛ so. Wɔkaa mmara a wɔde ano ka kyerɛ ho atetesɛm ahorow ho asɛm hyɛɛ mu den. Wogyinaa nnyinasode yi so de anohyeto ne ahwehwɛde foforo sisii hɔ wɔ Yudasom mu, de akwankyerɛ mae na ama wɔn da biara da asetra ayɛ kronn ɛmfa ho sɛ na asɔrefie biara nni hɔ no. Wɔyɛɛ honhom fam nhyehyɛe foforo yi ho kyerɛwtohɔ wɔ Mishnah, a Judah ha-Nasi hyehyɛe no mu bɛyɛ afeha a ɛto so abiɛsa Y.B. mfiase.a

Mishnah no amfa nsɛm amfi baabi foforo biara, na amfa Bible mu asɛm amfoa emu nsɛm so. Sɛnea wɔaka emu nsɛm ne Hebri kasa a wɔde kyerɛwee no mpo da nsow, na ɛnte sɛ Bible nkyerɛwee no. Ná rabbifo a wɔfaa wɔn anom nsɛm kae no gyinaesi a ɛwɔ Mishnah mu no bɛka Yudafo a wɔwɔ mmaa nyinaa no da biara da asetra. Nokwarem no, Jacob Neusner ka sɛ: “Mishnah no bɛyɛɛ Israel man mmara nhoma. . . . Ɛhwehwɛe sɛ nkurɔfo pene emu ahyɛde ahorow so na wodi so.”

Nanso sɛ ɛkɔba sɛ ebinom gye kyim ka sɛ animdefo a wɔfaa wɔn anom nsɛm kae wɔ Mishnah mu no nsɛm nni tumi te sɛ Kyerɛwnsɛm a wɔde mae no ara pɛ nso ɛ? Ná ɛsɛ sɛ rabbifo no kyerɛ sɛ Tannaimfo (mmara a wɔde ano ka kyerɛ no akyerɛkyerɛfo) no nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Mishnah mu ne Hebri Kyerɛwnsɛm no hyia pɛpɛɛpɛ. Nkyerɛkyerɛmu foforo ho behiae. Wɔtee nka sɛ ehia sɛ wɔkyerɛkyerɛ Mishnah no mu na wɔda no adi sɛ edi mũ na ɛka Mmara a wɔde maa Mose wɔ Sinai no ho. Rabbifo no tee nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔda no adi sɛ mmara a wɔde ano ka ne nea wɔakyerɛw no kura botae ne atirimpɔw koro. Enti sɛ anka Mishnah no bɛyɛ nea wogyina so si gyinae biara wɔ Yudasom mu no, ɛbɛyɛɛ biribi foforo a wogyina so susuw ɔsom ho nneɛma ho ka ho asɛm.

Sɛnea Ɛyɛe a Wobenyaa Talmud No

Ná wɔfrɛ rabbifo a wɔfaa saa adwuma foforo yi too wɔn ho so no Amoraimfo—Mishnah no “nkyerɛasefo” anaa “nkyerɛkyerɛmufo.” Ná adesuabea biara hyɛ rabbi kunini bi nsa. Ná nhomanimfo ne adesuafo kuw ketewaa bi hyiam susuw nsɛm ho bere nyinaa wɔ afe no mu. Nanso na wɔyɛ nhyiam atitiriw no mprenu afe biara, wɔ Adar ne Elul asram no mu, bere a na afumdwuma kɔ fam na nnipa ɔhaha anaa mpempem pii mpo tumi kɔ bi no.

Adin Steinsaltz kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná adesuabea titrani no tra agua anaa kɛtɛ soronko bi so hwɛ nhyiam no so. Ná nhomanimfo mu akunini, a ne mfɛfo anaa adesuafo a wɔbɔ mmɔden paa no ka ho no tratra anim pɛɛ ne no di nhwɛanim, na nhomanimfo a aka no nyinaa tratra wɔn akyi. . . . Ná wɔwɔ ɔkwan pɔtee a wɔfa so kyerɛ baabi a obiara bɛtra [a egyina dibea so].” Ná wɔka asɛm bi a efi Mishnah no mu. Ɛno akyi no, wɔde toto nsɛm a ɛne no di nsɛ anaa nsɛm foforo a Tannaimfo no aboaboa ano nanso enni Mishnah no mu ho. Ebue nkɔmmɔbɔ no ano. Wobisabisa nsɛm, na wosusuw nsɛm a ɛbɔ abira ho de hwehwɛ akwan a wɔbɛfa so ama nkyerɛkyerɛ ahorow no ahyia. Ná wɔhwehwɛ kyerɛwsɛm ahorow a efi Hebri Kyerɛwnsɛm no mu de gyina rabbifo nkyerɛkyerɛ ahorow akyi.

Ɛwom sɛ wɔhyehyɛɛ dwumadi no yiye de, nanso ɛtɔ mmere bi a na nkɔmmɔbɔ no mu tumi yɛ den, ma ɛyɛ gyegyeegye mpo. Onyansafo bi a wɔfaa n’anom asɛm kae wɔ Talmud mu kae sɛ rabbifo no de wɔn ano bobɔɔ wɔn ho “gya” bere a wɔreka biribi ho asɛm no. (Hullin 137b, Babilon Talmud) Steinsaltz ka sɛnea na nneɛma kɔ so no ho asɛm sɛ: “Ná adesuabea titrani anaa onyansafo a ɔrema ɔkasa no de n’ankasa nkyerɛkyerɛmu ma wɔ nsɛmpɔw ho. Mpɛn pii no, animdefo a wɔwɔ atiefo no mu no gyina nsɛm a wonya fi mmeae foforo, nkyerɛasefo foforo adwenkyerɛ ahorow, anaa wɔn ankasa nsusuwii so bisabisa no nsɛm pii. Ɛtɔ mmere bi a anobaabae no nkyɛ koraa, na egyina ɔsɛmpɔw a asɔre no ho nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ pefee nkutoo so. Ɛtɔ mmere bi nso a nhomanimfo afoforo de nkyerɛkyerɛmu foforo ma, na ɛkɔfa anobaabae kɛse ba.” Ná obiara a ɔwɔ hɔ no wɔ hokwan sɛ onya mu kyɛfa. Ná wɔde nsɛmpɔw a wɔakyerɛ mu awie no kɔto adesuabea afoforo anim ma nhomanimfo afoforo susuw ho.

Nanso, na saa nhyiam horow no nyɛ mmara ho anobaabae a ɛmma awiei da kɛkɛ. Wɔfrɛ mmara mu nsɛm a na ɛkyerɛ Yudafo nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ ɔsom mu no Halakah. Saa asɛm yi fi Hebri asɛmfua a nea ɛkyerɛ paa ne “nantew” mu, na ɛkyerɛ ‘asetra kwan a ɛsɛ sɛ obi fa so.’ Wɔfrɛ nsɛm afoforo nyinaa—rabbifo ne Bible mu nnipa ho nsɛm, anyansasɛm, nkyerɛkyerɛ ne adwenkyerɛ—Haggadah, a efi Hebri asɛmfua a nea ɛkyerɛ paa ne “ka kyerɛ” mu. Wɔde Halakah ne Haggadah frafrae wɔ rabbifo anobaabae no mu.

Morris Adler ka wɔ ne nhoma The World of the Talmud mu sɛ: “Ná ɔkyerɛkyerɛfo nyansafo tumi de asɛm a ennye adwene pii na etu mpɔn kɛse betwa mmara ho asɛm bi a wɔagye ho akyinnye akyɛ na emu ayɛ den mu. . . . Enti na wɔde anansesɛm ne abakɔsɛm, nyansahu ne atetesɛm, Bible mu nkyerɛkyerɛmu ne nnipa bi asetra ho kyerɛwtohɔ, baguam asɛnka ne nyamekyerɛ frafra, ma enti sɛ obi yɛ ɔhɔho wɔ adesuabea hɔ a, ɛbɛyɛ no sɛ wɔde nsɛm a enhyia koraa afrafra hwanyann.” Wɔ adesuabea ahorow hɔ nhomanimfo no fam no, na saa nsɛm a wɔde betwam no nyinaa wɔ atirimpɔw, na na ɛfa nea wɔresusuw ho no ho. Halakah ne Haggadah bɛyɛɛ fapem maa nhyehyɛe foforo a na wɔde resi hɔ wɔ rabbifo no adesuabea ahorow no mu.

Sɛnea Ɛyɛe a Wobenyaa Talmud Ahorow Abien

Bere bi akyi no, woyii rabbifo adesuabea titiriw no fii Palestine kɔɔ Tiberia. Ná adesuabea atitiriw foforo nso wɔ Sepphoris, Kaesarea, ne Lida. Nanso sika a ɛho yɛɛ den, ɔman no a mpɛn pii no na emu nwo, ne awiei koraa no, nhyɛso ne ɔtaa a Kristosom mu awaefo de bae no maa wɔn mu pii tu kɔɔ baabi foforo a na Yudafo pii wɔ wɔ Apuei fam—Babilon.

Mfehaha pii mu no, na adesuafo soa wɔn ho fi Babilon kɔ Palestine ma rabbifo mu akunini no kyerɛkyerɛ wɔn wɔ adesuabea ahorow hɔ. Saa adesuafo no biako ne Abba ben Ibo a na wɔsan frɛ no Abba Arika—Abba tenten—nanso akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Rab kɛkɛ. Okosuaa ade wɔ Judah ha-Nasi nan ase san kɔɔ Babilon bɛyɛ 219 Y.B. mu, na eyi maa Yudafo a na wɔwɔ Babilon no som benyaa gyinabea foforo. Rab hyehyɛɛ adesuabea bi wɔ Sura, baabi a na Yudafo pii wɔ nanso na wonni nhomanimfo pii no. Edin a ogyee no ma onyaa nnipa 1,200 a wobesuaa ade daa wɔ n’adesuabea hɔ, na sɛ edu Yudafo asram Adar ne Elul a, nnipa a na wɔba no yɛ mpempem pii. Samuel a na ɔyɛ otitiriw a ɔtraa ase wɔ Rab bere so no hyehyɛɛ adesuabea wɔ Nehardea. Wobenyaa adesuabea atitiriw foforo wɔ Pumbeditha ne Mehoza.

Afei de na ɛho nhia sɛ obi tu kwan kɔ Palestine, efisɛ na nhomanimfo akunini no betumi akyerɛ no ade wɔ Babilon. Mishnah a wɔyɛɛ no sɛ nhoma a ɛda nsow no buee kwan maa Babilon adesuabea ahorow no tew ne ho koraa. Ɛwom sɛ afei wobenyaa akwan soronko a wɔfa so sua ade wɔ Palestine ne Babilon de, nanso nkitahodi a ɛkɔɔ so wɔ wɔn ntam ne akyerɛkyerɛfo a wɔne wɔn ho dii nsesa mpɛn pii no maa biakoyɛ traa adesuabea ahorow no ntam.

Ɛrekɔ afeha a ɛto so anan no awiei ne afeha a ɛto so anum no mfiase Y.B. no, tebea no mu bɛyɛɛ den kɛse maa Yudafo a na wɔwɔ Palestine no. Anohyeto ne ɔtaa ahorow a Kristoman mu awaefo a na wɔn tumi reyɛ kɛse no de baa wɔn so no ma awiei koraa no, woguu Sanhedrin no gyee Nasi (tete agyanom) no dibea fii wɔn nsam bɛyɛ 425 Y.B. Enti Amoraimfo a na wɔwɔ Palestine no fii ase boaboaa sɛnea anobaabae ahorow a ɛkɔɔ so wɔ adesuabea ahorow no kowiei no ano yɛɛ no nhoma biako, na ama wɔatumi akora so. Wɔbɛfrɛɛ nhoma a wɔde ahopere yɛɛ ho adwuma wɔ afeha a ɛto so anan Y.B. mfe a etwa to no mu no Palestine Talmud.b

Bere a na Palestine adesuabea horow no regu no, Babilon Amoraimfo no nyaa nkɔso pii. Abaye ne Raba maa kwan a wɔfa so yɛ anobaabae no bɛyɛɛ akyinnyegye a emu dɔ a na egye nhumu a akyiri yi, wɔhwɛɛ so yɛɛ Talmud no mu nhwehwɛmu. Ɛno akyi no, Ashi, Sura adesuabea no titrani (371-427 Y.B.), fii ase hyehyɛɛ anobaabae no mu nsɛm boaboaa ano. Sɛnea Steinsaltz kyerɛ no, nea enti a ɔyɛɛ saa ne sɛ, na “osuro sɛ esiane sɛ na nsɛm pii a wɔde wɔn ano ka no yɛ hwanyann nti, na ebetumi ayera.”

Ná nsɛm pii yi nyɛ nea onipa biako anaa awo ntoatoaso biako mpo betumi aboaboa ano. Amoraimfo mmere no baa awiei wɔ Babilon wɔ afeha a ɛto so anum Y.B., nanso kuw bi a wɔfrɛ wɔn Saboraimfo, Aram kasa a ɛkyerɛ “nkyerɛkyerɛmufo” anaa “adwenkyerɛfo,” no toaa Babilon Talmud no mu sesɛw a etwa to no so kosii afeha a ɛto so asia Y.B. Samufo a wotwa to yi kekaa nsɛm a ansi ne rabbifo anobaabae a ɛkɔɔ so mfehaha no mu no boom, na wɔyɛɛ Babilon Talmud no kama ma ɛdaa nsow wɔ Yudafo nkyerɛwee a na aba dedaw nyinaa ho.

Dɛn na Talmud no Tumi Yɛe?

Talmud rabbifo no yɛe sɛ wɔbɛkyerɛ sɛ Mishnah no ne Hebri Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi faako. Adɛn ntia? Jacob Neusner ka sɛ: “Botae a wɔkyerɛe sɛ esi wɔn ani so ne Mishnah no gyinabea. Nanso ɛbɛdaa adi sɛ na wɔn anyansafo no ankasa tumi na woredwen ho.” Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔahyɛ saa tumi yi mu den no, na wɔhwehwɛ Mishnah no mu nsensanee biara, ne ɛtɔ mmere bi a asɛmfua biara, gye ho akyinnye, kyerɛkyerɛ mu, na wɔfa kwan bi so ma ɛne afoforo hyia. Neusner ka sɛ rabbifo no nam saa kwan yi so “sakraa Mishnah no atirimpɔw.” Ɛwom sɛ wɔyɛɛ Mishnah no sɛ nhoma a edi mũ de, nanso afei de na wɔayɛ nhwehwɛmu de nkyerɛkyerɛmu aka ho. Wɔnam saa kwan yi so yɛɛ no foforo, sesɛw mu.

Nhoma foforo yi—Talmud no—dii rabbifo no atirimpɔw ho dwuma. Ɛkyerɛɛ akwan a wɔbɛfa so ayɛ nhwehwɛmu, ma enti ɛmaa nkurɔfo susuw nneɛma ho te sɛ rabbifo. Na rabbifo no susuw sɛ ɔkwan a wɔfa so sua ade yɛ nhwehwɛmu no ne Onyankopɔn adwene hyia. Talmud no sua ankasa na ɛbɛyɛɛ botae no, ɛbɛyɛɛ ɔsom—wɔn adwene a wɔkyerɛ sɛ wɔde dii dwuma te sɛ Onyankopɔn. Wɔ awo ntoatoaso a edii hɔ mu no, wɔfaa saa kwan yi ara so susuw Talmud no ho. Dɛn na efi mu bae? Abakɔsɛm kyerɛwfo Cecil Roth kyerɛw sɛ: “Talmud no . . . maa [Yudafo] ahyɛnsow bi a ɛma wɔdaa nsow wɔ afoforo ho ne afei ahoɔden ne biakoyɛ soronko a wɔde ko tiaa nhyɛso. Emu nsɛm a wɔboom susuw ho no ma wɔde wɔn adwene yɛɛ adwuma yiye, na ɛmaa wɔn . . . adwenem buei. . . . Talmud no maa Yudafo a na wɔretaa wɔn wɔ Mfinimfini Mmere no mu no nyaa baabi foforo a wɔde wɔn ti bɛfa . . . Ɛmaa wɔn sɛnkyerɛnne kwan so ɔman a na wobetumi de akɔ baabiara bere a na wɔn ankasa asase afi wɔn nsa no.”

Esiane sɛ Talmud no kyerɛɛ afoforo sɛnea na rabbifo no susuw nsɛm ho nti, akyinnye biara nni ho sɛ anya nkurɔfo so tumi. Nanso asɛmmisa a ɛda hɔ ma obiara—Yudafo ne wɔn a wɔnyɛ Yudafo—ne sɛ, So Talmud no da Onyankopɔn adwene adi ampa?—1 Korintofo 2:11-16.

[Ase hɔ nsɛm]

a Sɛ wopɛ sɛnea ɛyɛe a wobenyaa Mishnah no ne nea ɛwom ho nsɛm foforo a, hwɛ November 15, 1997, Ɔwɛn-Aban no mu asɛm a ɛne “Mishnah no ne Onyankopɔn Mmara a Ɔde Maa Mose No.”

b Wɔtaa frɛ Palestine Talmud no Yerusalem Talmud. Nanso, saa din no mfata no, efisɛ na Yudafo ntumi nkɔ Yerusalem wɔ Amoraimfo mmere no mu fã kɛse no ara.

[Kratafa 31 adaka]

Talmud Ahorow Abien No—Dɛn Ne Nsonsonoe A Ɛwom?

Hebri asɛmfua ma “Talmud” no kyerɛ “sua” anaa “adesua.” Amoraimfo a na wɔwɔ Palestine ne Babilon no de yɛɛ wɔn botae sɛ wobesua anaa wobesusuw Mishnah no ho. Talmud ahorow abien (Palestine ne Babilon de) no nyinaa yɛ saa, nanso nsonsonoe bɛn na ɛda ntam? Jacob Neusner kyerɛw sɛ: “Talmud a edi kan no hwehwɛ adanse mu, na nea ɛto so abien no hwehwɛ nnyinasosɛm ahorow mu; nea edi kan no ka asɛmti no nkutoo ho asɛm, na nea ɛto so abien no de nsɛm foforo pii ka ho.”

Ɛnyɛ sɛ hwehwɛ a wɔhwehwɛɛ Babilon Talmud mu kɔɔ akyiri sesɛw mu yiye no maa ɛyɛɛ kɛse nko, na mmom ɛmaa emu nkyerɛkyerɛmu ne ntease mu dɔe. Sɛ wɔka “Talmud” a, mpɛn pii no, ɛkyerɛ Babilon Talmud no. Ɛno ne Talmud a wɔasua na wɔaka ho asɛm sen biara wɔ mfehaha pii mu. Sɛnea Neusner adwene kyerɛ no no, Palestine Talmud no “yɛ nhoma a etu mpɔn,” na Babilon Talmud no yɛ “nhoma a ɛda nsow.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena