Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 7/1 kr. 28-31
  • Hena na Ɔfata sɛ Wɔfrɛ no Rabi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hena na Ɔfata sɛ Wɔfrɛ no Rabi?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Na Mose Yɛ Rabi?
  • Owura no a Wosuasua No
  • Dwuma a Rabifo Adi Wɔ Abakɔsɛm Mu
  • “Wɔmmfrɛ Mo Rabi”
  • Di Nhwɛsofo no Akyi
  • Yudasom—Kyerɛwnsɛm ne Atetesɛm a Wɔfa So Hwehwɛ Onyankopɔn
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Mmara A Wɔde Ano Ka Kyerɛ No—Dɛn Nti na Wɔkyerɛw Too Hɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Dɛn Ne Talmud No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Na Biribi Ayera Afi Me Yudafo Ntetee Mu
    Nyan!—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 7/1 kr. 28-31

Hena na Ɔfata sɛ Wɔfrɛ no Rabi?

NA NSRAHWƐFO bi a onnim nea ɛrekɔ so no nni anidaso biara sɛ obedu wimhyɛn gyinabea hɔ bere ano. Polisifo ɔhaha pii bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ kar ahorow a akyere so no kwan na wɔahwɛ abɔ ayifo bɛboro 300,000 a wɔakyere so wɔ Yerusalem akwan so no ho ban. The Jerusalem Post frɛɛ no “ayi santen bi a ne tenten ne ne kɛse te sɛ nea wɔto ma amampanyin, ahene anaa katabaakofo atumfoɔ nkutoo.” Hena na otumi maa nkurɔfo daa ahofama a ɛte saa adi ma ahokyere baa Israel ahenkurow mu nnɔnhwerew pii saa no? Ɛyɛ rabi bi a wobu no. Dɛn nti na rabifo gyinabea ma wonya obu ne ahofama wɔ Yudafo mu saa? Bere bɛn na wɔde asɛm “rabi” no dii dwuma nea edi kan? Hena na wɔfrɛ no saa ma ɛfata?

Na Mose Yɛ Rabi?

Edin a wobu no kɛse sen biara wɔ Yudasom mu ne Mose, Israel Mmara apam no ntamgyinafo no. Yudafo nyamesomfo frɛ no “Mose ‘yɛn Rabi.’” Nanso, Bible mu baabiara nni hɔ a wɔde abodin “Rabi” frɛ Mose. Nokwarem no, asɛm “rabi” no mpue Hebri Kyerɛwnsɛm no mu koraa. Ɛnde, dɛn nti na Yudafo no fii ase frɛɛ Mose wɔ saa kwan yi so?

Sɛnea Hebri Kyerɛwnsɛm no kyerɛ no, wɔde Mmara no nkyerɛkyerɛ ne nkyerɛkyerɛmu so tumi maa Aaron asefo, Lewi abusua a wɔyɛ asɔfokuw no. (Leviticus 10:8-11; Deuteronomium 24:8; Malaki 2:7) Nanso, wɔ afeha a ɛto so abien A.Y.B. mu no, ɔsesɛw bi fii ase baa Yudafo som mu nkakrankakra, na egyee ntini wɔ Yudafo adwenem fi saa bere no reba no.

Daniel Jeremy Silver kyerɛw honhom fam nsakrae a ɛbae yi ho asɛm wɔ A History of Judaism mu sɛ: “[Saa] bere no, kyerɛwfo ne nhomanimfo fekuw bi a wɔnyɛ asɔfo fii ase sɔre tiaa fata a ɛfata sɛ asɔfokuw no nkutoo na wɔwɔ tumi sɛ wɔde Tora [Mose Mmara] no ho nkyerɛkyerɛmu ma. Obiara gye toom sɛ asɔfo no wɔ hɔ sɛ wɔbɛyɛ Asɔrefie nnwuma, nanso dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔn na wonya tumi koraa wɔ nsɛm a ɛfa Tora no ho mu?” Henanom na wɔkɔfaa asɔfokuw no tumidi a wɔsɔre tiae yi bae? Ɛyɛ Yudasom mu nnipakuw foforo bi a wɔfrɛ wɔn Farisifo no. Silver toa so sɛ: “Farisifo no gyinaa nhomanim so na egyee nkurɔfo kɔɔ wɔn sukuu ahorow no mu, na ɛnyɛ awo [asɔfo abusua a obi fi mu] so, na wɔde Yudafo fekuw foforo baa ɔsom no akanni mu.”

Ebeduu afeha a edi kan Y.B. mu no, wɔbɛfrɛɛ adesuafo a wɔawie Farisifo sukuu ahorow no sɛ Yudafo mmara ho akyerɛkyerɛfo, anaa awuranom. Sɛ ade a ɛkyerɛ obu no, Yudafo afoforo fii ase frɛɛ wɔn sɛ “me kyerɛkyerɛfo,” anaa “me wura, rabi wɔ Hebri mu.

Na wɔrentumi mfa abodin foforo yi mfrɛ obiara ma ɛmfata kɛse sɛ Mose, obi a wobuu no sɛ ɔne ɔkyerɛkyerɛfo kɛse wɔ Yudafo abakɔsɛm mu no. Na saa a wɔbɛyɛ no bɛma edin a asɔfodi wɔ no akɔ fam bio na ama Farisifo akanni a na ɛrekɔ so nya nkɛntɛnso no abegye din kɛse. Enti, wɔ Mose wu akyi bɛboro mfe 1,500 no, obenyaa edin a etu mpɔn a ɛne “Rabi.”

Owura no a Wosuasua No

Bere a ɛtɔ da bi a na ɔmamfo no de edin “rabi” (“me wura”) frɛ akyerɛkyerɛfo foforo a wobu wɔn no, na wɔtaa de edin no frɛ Farisifo akyerɛkyerɛfo mu akunini, “anyansafo no.” Sɛnea ɛte no, bere a wɔsɛee asɔrefie no wɔ afe 70 Y.B. mu no, asɔfo no tumidi no baa awiei koraa, na Farisifo rabifo no bɛyɛɛ Yudasom mu akannifo a obiara ne wɔn mpere ho. Gyinabea a ɛkorɔn sen biara a wobenyae no na ɛde nnipa som bi a egyina rabifo anyansafo so no bae.

Bere a Ɔbenfo Dov Zlotnick reka afeha a edi kan Y.B. mu nsakrae bere no ho asɛm no, ɔka sɛ: “‘Anyansafo no a wosuasuaa wɔn no,’ bɛyɛɛ ahiade sen Tora no sua.” Yudani Nhomanimfo Jacob Neusner kyerɛkyerɛ mu bio sɛ: “‘Anyansafo no suani’ yɛ osuani a ɔde ne ho bataa rabi bi ho. Ɔyɛ saa efisɛ ɔpɛ sɛ osua ‘Tora’. . . . Wɔnam sɛnea anyansafo a wɔte ase no de wɔn nipadua si biribi so dua no mu mmara ne wɔn nneyɛe so na esuaa Tora, na mmom na ɛnyɛ mmara no so na wɔnam yɛ saa. Na ɛnyɛ nsɛm a wɔde ano ka so nkutoo na na wɔnam kyerɛkyerɛ mmara no, na mmom nea wɔyɛ so nso.”

Talmud nhomanimfo Adin Steinsaltz di eyi ho adanse, na ɔkyerɛwee sɛ: “Anyansafo no ankasa kae sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ wosua nkɔmmɔ, aseresɛm, anaa nsɛm biara a anyansafo no ka no.’” Ɛsɛ sɛ wodi eyi ho dwuma kodu he? Steinsaltz ka sɛ: “Eyi ho nhwɛso a ɛkɔ akyiri dodo ne osuani bi a wɔbɔɔ amanneɛ sɛ owiaa ne ho kɔhyɛɛ ne kyerɛkyerɛfo kɛse mpa ase na ama watumi ahu sɛnea ɔne ne yere da no. Bere a wobisabisaa osuani kumaa no asɛmpɛ no ho nsɛm no, obuae sɛ: ‘Ɛyɛ Tora, na ɛfata sɛ yesua,’ adeyɛ a rabifo ne asuafo no nyinaa gye tom sɛ ɛfata.”

Esiane sɛ wɔtwee adwene sii rabifo no so sen Tora—rabifo no so na wɔnam suaa Tora—nti, efi afeha a edi kan Y.B. reba no, Yudasom no bɛyɛɛ rabifo som. Na wɔnnam Asɛm a wofi honhom mu akyerɛw no so na ɛbɛn Onyankopɔn, na mmom na wɔnam onipa bi, owura bi, rabifo nhwɛso so. Enti, sɛnea ɛte no, wobesii mmara a wɔde ano ka kyerɛ ne atetesɛm a saa rabifo yi kyerɛkyerɛe so dua sen nea efi Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no. Efi saa bere yi reba no, Yudafo nhoma te sɛ Talmud no twee adwene sii nkɔmmɔbɔ, abakɔsɛm, ne rabifo nneyɛe so sen Onyankopɔn nsɛm.

Dwuma a Rabifo Adi Wɔ Abakɔsɛm Mu

Ɛwom sɛ na tete rabifo no wɔ tumi ne nkɛntɛnso kɛse de, nanso na ɛnyɛ ɔsom adwuma a wɔyɛ no so na wɔnam hwɛ wɔn ho. Encyclopaedia Judaica ka sɛ: “Na Talmud rabifo no . . . yɛ soronko koraa wɔ wɔn a wokura abodin no nnɛ no ho. Na Talmud rabini yɛ obi a ɔkyerɛkyerɛ Bible no ne Mmara a Wɔde Ano Ka Kyerɛ no mu, na ɛkame ayɛ sɛ bere nyinaa no na ɔwɔ adwuma bi a ɔyɛ a ɔnam so nya n’ano aduan wɔ baabi a ɔte no. Ɛyɛ Mfinimfini Mmere no mu nkutoo na rabini bɛyɛɛ . . . Yudafo asafo anaa ɔman no kyerɛkyerɛfo, sɛnkafo, ne honhom fam kannifo.”

Bere a rabifo fii ase maa wɔn dibea no bɛyɛɛ adwuma a wogye ho akatua no, wɔn mu bi kasa tiae. Maimonides, rabini a ogyee din wɔ afeha a ɛto so 12 no mu a ɔnam oduruyɛfo a na ɔyɛ so hwɛɛ ne ho no kasa tiaa rabifo a wɔte saa no denneennen. “[Wɔyɛɛ] sika a na wohia fi ankorankoro ne ɔmamfo no hɔ ho nhyehyɛe, na wɔmaa nkurɔfo susuw nsɛm ho wɔ ɔkwan a nyansa nni mu koraa so sɛ ɛyɛ wɔn asɛyɛde, na ɛfata sɛ wɔboa anyansafo ne nhomanimfo ne nkurɔfo a wɔresua Tora no wɔ [sika fam], enti na wɔn Tora no ne wɔn adwuma. Nanso na eyinom nyinaa nyɛ nokware. Asɛmfua biako pɛ mpo nni Tora anaa anyansafo no nsɛm mu a edi ho adanse.” (Commentary on the Mishnah, Avot 4:5) Nanso nkyirimma a wɔyɛ rabifo no antie Maimonides kasatia no.

Ebeduu nnɛyi mfe mu no, na Yudasom mu apaapae abɛyɛ akuwakuw a wɔasesɛw, wɔn a wokura tete nkyerɛkyerɛ mu ne wɔn a wɔn nkyerɛkyerɛ nni tete nnyinaso. Nyamesom mu gyidi ne nneyɛe ammɛyɛ Yudafo pii asɛnhia bio. Ne saa nti, rabifo no gyinabea ho baa asɛm. Na rabini abɛyɛ asafo bi kannifo titiriw a wɔahyira no, na odii dwuma sɛ ne kuw no kyerɛkyerɛfo ne ɔfotufo a wotua no ka. Nanso, wɔ Hasidifo akuw a wɔyɛ katee mu no, adwene a ɛne sɛ rabini yɛ owura ne nhwɛsofo kɔɔ akyiri sen saa mpo.

Hyɛ Edward Hoffman nhoma a ɛfa Hasidini Chabad-Lubavitch kuw no ho mu nsɛm no nsow: “Tete Hasidifo no sii so dua nso sɛ Yudani kannifo biako, zaddik [ɔtreneeni bi] a ɔyɛ ‘Mose’ wɔ ne bere sofo mu, obi a nnipa foforo biara nimdeɛ ne ahofama ne no nsɛ atra awo ntoatoaso biara mu. Hasidifo kuw biara susuwii sɛ esiane wɔn Rebbe [German Hebri kasa a egyina hɔ ma “rabi”] no nyamesuro nti, obetumi anya Ade Nyinaa So Tumfoɔ no mmara horow so tumi. Na ɛnyɛ adiyisɛm a ɔnam ne kasa horow so da no adi ho nko na wodii no ni sɛ nhwɛsofo, na mmom n’asetra mu nneyɛe ankasa nso (‘sɛnea ɔkyekyere ne mpaboa,’ sɛnea wɔkaa no no), na wobuu no sɛ ɔma adesamma korɔn, na ɔma wohu Onyankopɔn kwan bi a ne hu yɛ den.”

“Wɔmmfrɛ Mo Rabi”

Yesu, afeha a edi kan no mu Yudani a ɔde Kristosom bae no, traa ase bere a na Farisifo no adwene a wɔwɔ wɔ rabi ho no afi ase redi Yudasom no so. Ná ɔnyɛ Farisini, na saa ara na na onnyaa ntetee wɔ wɔn sukuu ahorow no mu, nanso wɔfrɛɛ ɔno nso Rabi.—Marko 9:5; Yohane 1:38; 3:2.

Bere a Yesu rekasa atia rabifo no nkɛntɛnso a na wɔwɔ wɔ Yudasom no mu no, ɔkae sɛ: “Mose akongua so na kyerɛwfo ne Farisifo atra. Na wɔpɛ mpanyin trabea adidi ase, ne mpanyin nkongua hyia adan mu, ne gua so nkyia ne sɛ nnipa bɛfrɛ wɔn: Rabi! Na mo de, wɔmmfrɛ mo Rabi; na obiako ne mo kyerɛkyerɛfo, na mo nyinaa yɛ anuanom.”—Mateo 23:2, 6-8.

Yesu bɔɔ kɔkɔ wɔ asɔfo ne asɔremma mu nkyekyem a na ɛrekɔ so wɔ Yudasom mu no ho. Ɔkasa tiaa anuonyam a ɛnsɛ a wɔde maa nnipa no. Ɔde akokoduru kae sɛ: “Obiako ne mo kyerɛkyerɛfo.” Ná hena ne Obiako yi?

Na Mose a “Awurade huu no mmɔanim,” na anyansafo no ankasa frɛɛ no “yɛn Rabi” no yɛ onipa a ɔnyɛ pɛ. Odii mfomso ahorow mpo. (Deuteronomium 32:48-51; 34:10; Ɔsɛnkafo 7:20) Sɛ anka Yehowa bɛka Mose ho asɛm sɛ nhwɛsofo a ɔsen biara no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mɛma odiyifo so mama wɔn wɔn nuanom mu sɛ wo; na mede me nsɛm mɛhyɛ n’anom, na wakã nea mɛhyɛ no nyinaa akyerɛ wɔn; na obiara a ɔrentie me nsɛm a ɔbɛka me din mu no, me ara mebisa no ase.”—Deuteronomium 18:18, 19.

Bible nkɔmhyɛ ahorow da no adi sɛ saa nsɛm yi nyaa mmamu wɔ Yesu, Mesia no ho.a Ɛnyɛ ‘sɛ’ nko na na Yesu sɛ Mose; na ɔyɛ kɛse sen Mose. (Hebrifo 3:1-3) Kyerɛwnsɛm da no adi sɛ wɔwoo Yesu sɛ ɔbarima a ɔyɛ pɛ, na na ɔnte sɛ Mose nti, ɔsom Onyankopɔn a na “onni bɔne.”—Hebrifo 4:15.

Di Nhwɛsofo no Akyi

Rabifo no nneyɛe ne wɔn nsɛm biara a Yudafo no suae denneennen no amfa wɔn ammɛn Onyankopɔn. Bere a onipa a ɔnyɛ pɛ betumi ayɛ nokwaredi ho nhwɛso no, sɛ yesua ne nneyɛe biara a, yebesuasua ne mfomso ne ne sintɔ ahorow ne ne nneyɛe pa nso. Sɛ yɛyɛ saa a na yɛde anuonyam a ɛnsɛ rema abɔde mmom asen Ɔbɔadeɛ no.—Romafo 1:25.

Nanso, Yehowa maa adesamma Nhwɛsofo. Sɛnea Kyerɛwnsɛm no ka no, Yesu traa ase ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani. Nokwarem no, wɔfrɛ no “Onyankopɔn a wonhu no no suban ne abɔde nyinaa abakan.” (Kolosefo 1:15) Bere a Yesu de mfehaha pii a yennim asom wɔ soro sɛ “odwumayɛni a waben” no, ɔne obi a ɔwɔ gyinabea a ɛfata a obetumi aboa yɛn ma yɛahu Yehowa.—Mmebusɛm 8:22-30, NW; Yohane 14:9, 10.

Enti, Petro tumi kyerɛwee sɛ: “Kristo . . . huu amane maa mo gyaw mo nhwɛso, sɛ munni n’anammɔn akyi.” (1 Petro 2:21) Ɔsomafo Paulo hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ ‘wɔnhwɛ gyidi mu dikanfo ne ne wiefo Yesu.’ Ɔkyerɛkyerɛɛ mu nso sɛ “ɔno mu na wɔde nyansa ne nimdeɛ ademude nyinaa akora.” (Hebrifo 12:2; Kolosefo 2:3) Onipa foforo biara nni hɔ—Mose anaa rabifo anyansafo no mu biara—a ɔfata sɛ yɛdan adwene kɔ ne so saa. Sɛ obi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesuasua no pɛɛ a, ɛyɛ Yesu. Ɛho nhia sɛ wɔde abodin biara te sɛ rabi bɛfrɛ Onyankopɔn somfo biara, titiriw esiane nea ɛkyerɛ nnɛ no nti, nanso sɛ na ɛfata sɛ wɔfrɛ obi Rabi a, na ɛyɛ Yesu.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yesu ne Mesia a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no ho nsɛm pii a, hwɛ Will There Ever Be a World Without War?, nhomawa a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no nkratafa 24-30.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 28]

© Brian Hendler 1995. Hokwan Nyinaa Yɛ Yɛn De

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena