Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 7/1 kr. 26-29
  • Aka Me Nko Nanso Wonnyaw Me

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Aka Me Nko Nanso Wonnyaw Me
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bere a Edi Kan a Mihuu Bible mu Nokware No
  • Afei Ɛka Me Nko Ankasa
  • Mihyia Ahyehyɛde no Mufo
  • Mekɔ Nhyiam, na Awiei Koraa no Wɔbɔ Me Asu
  • Mesan Kɔ Mount Gambier
  • Dwumadi Afoforo
  • Bere Nyinaa Som Adwuma a Makɔ so Ayɛ
  • Gyinae Pa A Yesisii Ama Yɛanya Nhyira Pii Wɔ Yɛn Asetra Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Minyaa Akorade a Ɛsom bo Koraa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 7/1 kr. 26-29

Aka Me Nko Nanso Wonnyaw Me

SƐNEA ADA LEWIS KA KYERƐE

Ayɛ me pɛ sɛ me nkutoo meyɛ ade bere nyinaa. Migyina gyinae a misi akyi pintinn nso—ɛtɔ da bi a afoforo ka sɛ ɛyɛ dwae—wɔ biribiara a meyɛ mu. Minim sɛnea wɔka nsɛm penpen nso, na saa su yi ama mahyia ɔhaw ahorow mfe pii mu.

NANSO, ɛyɛ me anigye sɛ Yehowa Nyankopɔn mpow me esiane me nipasu mu sintɔ ahorow nti. Menam n’Asɛm no sua so atumi asakra me nipasu ma enti matumi adi n’Ahenni nneɛma ho dwuma bɛyɛ mfe 60 ni. M’ani agye apɔnkɔ ho fi me mmofraase, na sɛnea Onyankopɔn boa me ma midi me mpiyɛ kakra no so no taa ma mekae sɛnea wotumi de nnareka kyerɛ ɔpɔnkɔ kwan no.

Wɔwoo me wɔ ɔtare fɛfɛ bi a ani bruu a ɛbɛn Mount Gambier a ɛwɔ South Australia no ho wɔ 1908 mu. Ná m’awofo wɔ mmoa yɛmmea a wokyi nufusu, na na me na meyɛ mmofra baawɔtwe no mu ɔbabea panyin. Yɛn papa wui bere a na yɛn nyinaa susua koraa. Ɛno maa mmoa yɛmmea no mu adwuma kɛse bɛtɔɔ me so, esiane sɛ na ɛho hia sɛ me nuabarimanom baanu a wɔsen me panyin fi fie kɔyɛ adwuma de sika bɛboa abusua no nti. Ná mmoa yɛmmea hɔ asetra gye adwumaden.

Bere a Edi Kan a Mihuu Bible mu Nokware No

Ná yɛn abusua no yɛ Presby Asɔre no mufo a yɛkɔ asɔre daa. Mebɛyɛɛ Mmofra asɔre kyerɛkyerɛfo, na mibuu no sɛ ɛyɛ asɛyɛde a anibere wom sɛ mede nea migye di sɛ ɛteɛ wɔ honhom fam ne abrabɔ fam bɛkyerɛkyerɛ mmofra no.

Me nanabarima wui wɔ 1931 mu, na na nhoma ahorow a J. F. Rutherford a saa bere no na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani kyerɛwee pii wɔ ne nneɛma mu. Mifii ase kenkan The Harp of God ne Creation nhoma no, na dodow a mekenkanee no, dodow no ara na mihui sɛ nneɛma a na migye di na mede kyerɛkyerɛ mmofra no pii nnyina Bible no so na ɛmaa me ho dwiriw me.

Hu a mihui sɛ onipa kra tumi wu, ne sɛ nnipa dodow no ara na sɛ wowuwu a wɔrenkɔ soro, na afei hellgya biara nni hɔ a wɔde bɛyɛ abɔnefo ayayade afebɔɔ no, maa me ho dwiriw me. Ɛhaw me nso sɛ mibehui sɛ dapɛn dapɛn Kwasida homedadi nyɛ Kristofo ahwehwɛde. Enti na ɛsɛ sɛ misi gyinae bi a anibere wom: sɛ́ mɛbata Kristoman nkyerɛkyerɛ a nnipa bebree gye tom no ho anaasɛ mefi ase akyerɛkyerɛ Bible nokware no. Annye me bere tenten na misii gyinae twee me ho fii Presby Asɔre no fekubɔ nyinaa ho.

Afei Ɛka Me Nko Ankasa

Bere a mebɔɔ amanneɛ sɛ meregyae asɔre no na merenkyerɛkyerɛ wɔ Mmofra asɔre no mu bio no, m’abusuafo, nnamfo, ne wɔn a na me ne wɔn kɔ asɔre no ani annye ho koraa. Na bere a wohui sɛ mede me ho rebɔ nkurɔfo a wɔfrɛ wɔn Ɔtemmufo Rutherford akyidifo ho no, ɛmaa wodii ho nseku kɛse. Wɔampow me koraa de, nanso anyɛ yiye koraa no, m’abusuafo ne kan nnamfo dodow no ara ne me ammɔ pii.

Dodow a misuaa ade na mehwehwɛɛ kyerɛw nsɛm a wɔabobɔ din wɔ nhoma a na mekenkan mu no, dodow no ara na mifii ase huu hia a ɛho hia sɛ meka asɛm wɔ bagua mu. Mihui sɛ na Yehowa Adansefo kɔ afie afie sɛ wɔn baguam som adwuma fã. Nanso saa bere no na Adansefo biara nni yɛn mantam no mu. Enti, obiara anhyɛ me nkuran anaa wankyerɛ me sɛnea wɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. (Mateo 24:14) Metee ankonamyɛ nka kɛse.

Nanso, Bible ahyɛde a ese yɛnka asɛm no nkyerɛ afoforo no nyaa me so tumi kɛse, na misii gyinae sɛ ɛsɛ sɛ mifi ase ka asɛm no ɔkwan bi so. Bere a mebɔɔ mpae pii akyi no, misii gyinae sɛ mefi ase akɔ afipamfo afie akɔka nea mahu afi m’adesua no mu akyerɛ wɔn na mabɔ mmɔden sɛ mefi wɔn ankasa Bible mu akyerɛ wɔn saa nneɛma yi kɛkɛ. Ofie a midii kan kɔɔ mu ne me kan Mmofra asɔre panyin fie. Anigye a wankyerɛ ne nsɛmmɔne a ɔka faa gyae a migyaee asɔre no ho no anyɛ mfiase a ɛhyɛɛ me nkuran koraa. Nanso bere a merefi fie hɔ no na manya anigye ne ahoɔden soronko bi wɔ me mu na metoaa so kɔɔ afie foforo mu.

Manhyia ɔsɔretia a emu yɛ den biara ankasa, nanso anibiannaso a me kan asɔrefo dodow no ara yɛe bere a mekɔɔ wɔn nkyɛn no yɛɛ me nwonwa. Nea ɛyɛɛ me ahodwiriw na ɛhaw me ne sɛ, me nuabarima panyin na ɔde ɔsɔretia a emu yɛ den sen biara no baa me so, na ɛkaee me Yesu nsɛm no: “Awofo ne anuanom ne abusuafo ne nnamfo nso beyi mo ama . . . Na me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo.”—Luka 21:16, 17.

Ná mahu pɔnkɔ so tra yiye fi me mmofraase, enti misii gyinae sɛ pɔnkɔ so a mɛtra bɛyɛ ɔkwan a metumi afa so adu nkurɔfo afie mu ntɛm asen biara. Eyi maa mitumi kɔɔ nkuraa a ɛbemmɛn wɔ asasesin no mu. Nanso, da koro awia bi me pɔnkɔ no sunti hwee ase wɔ ɔkwan bi a ɛso yɛ toro so, na me tiri mu paee kɛse. Bere bi mu no, na wosuro sɛ gyama minnya nkwa. Wɔ saa ahwease no akyi no, sɛ akwan no so fɔw anaa ɛso yɛ toro a, na mede teaseɛnam a pɔnkɔ twe tutu akwan sen sɛ mɛtra pɔnkɔ so.a

Mihyia Ahyehyɛde no Mufo

M’akwanhyia no akyi bere bi no, nnipakuw bi a wɔyɛ bere nyinaa asɛmpakafo, a wɔfrɛ wɔn akwampaefo seesei no, baa Mount Gambier mantam no mu. Enti ɛno ne bere a edi kan a mitumi ne mfɛfo gyidifo kasae anim ne anim. Ansa na wɔrefi hɔ akɔ no, wɔhyɛɛ me nkuran sɛ menkyerɛw Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea no na mimmisa sɛnea metumi ayɛ baguam asɛnka adwuma no wɔ ɔkwan a ɛfata kɛse so.

Bere a mekyerɛw Asafo ti no, me nsa kaa nhoma, nhomawa, ne adansedi krataa a mede bɛda me ho adi wɔ apon ano. Esiane nkrataa a me nsa ka fii baa dwumadibea no nti, metee nka sɛ mabɛn me honhom fam anuanom mmarima ne mmea no kakra. Nanso bere a akwampaefo kuw no fii hɔ kɔɔ kurow a edi hɔ mu no, metee ankonamyɛ nka sen bere biara a na abɛsen.

Esiane sɛ na metaa kyinkyin kodi adanse da biara da—a na mete teaseɛnam a pɔnkɔ twe mu titiriw—nti, nkurɔfo behuu me yiye wɔ ɔmantam no mu. Bere koro no ara no, mitumi yɛɛ nnwuma a na ɛhyɛ me nsa wɔ mmoa yɛmmea hɔ no. Saa bere no na m’abusuafo agyae sɔre a wɔsɔretia adwuma yi a meyɛ no na wɔammɔ mmɔden sɛ wɔbɛka ho asɛm bio. Mfe anan na mede somee wɔ saa kwan yi so sɛ asɛmpa no ho ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu a watew ne ho.

Mekɔ Nhyiam, na Awiei Koraa no Wɔbɔ Me Asu

Onua Rutherford baa Australia wɔ April 1938 mu. Asɔfo no sɔretia a emu yɛ den ma wotwaa nhyehyɛe a yɛyɛe sɛ yebegye Sydney Ɔmanfo Nhyiam Asa no mu. Nanso, awiei koraa no, yenyaa hokwan de Agoprama no dii dwuma. Nokwarem no, nsakrae a wɔhyɛɛ yɛn ma yɛyɛe no de mfaso bae, efisɛ na Agoprama a ɛhɔ trɛw no betumi afa nnipa foforo mpempem pii. Nnipa bɛyɛ 12,000 bae, a na ɛda adi sɛ yɛn nhyiam no a asɔfo no sɔre tiae no na ɛkanyan wɔn mu bebree anigye ma wɔbae.

Yɛyɛɛ ɔmantam nhyiam bi nso a edii nna pii wɔ Onua Rutherford nsrahwɛ no mu wɔ Sydney borɔn bi a ɛbɛn so. Ɛhɔ na awiei koraa mede nsu mu asubɔ yɛɛ me ho so a mahyira ama Yehowa Nyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne. Wubetumi de w’adwene abu anigye a minyae bere a awiei koraa no mitumi ne anuanom mmarima ne mmea ɔhaha pii a wofi Australia asasepɔn kɛse no nyinaa so hyiae no?

Mesan Kɔ Mount Gambier

Mesan kɔɔ fie no metee ankonamyɛ nka kɛse, nanso na masi me bo sen bere biara sɛ mɛyɛ nea metumi biara wɔ Ahenni adwuma no mu. Ɛno akyi bere tiaa bi na mihuu Agnew abusua no—Hugh, ne yere, ne wɔn mma baanan no. Ná wɔte Millicent kurow a wufi Mount Gambier kɔ hɔ bɛyɛ kilomita 50 pɛ, na na mede teaseɛnam a pɔnkɔ twe twa kwan kilomita 50 ne wɔn kɔyɛ Bible adesua daa san ba. Bere a wogyee nokware no, m’ani kae.

Ankyɛ na wɔde yɛn hyehyɛɛ adansedi kuw. Nea ɛyɛ anigye no, afei me maame fii ase nyaa anigye, na ɔne me twaa kwan a ne kɔ ne ne ba yɛ kilomita 100 ne kuw a na wɔahyehyɛ no foforo kɔyɛɛ adesua san bae. Efi saa bere no, Maame hyɛɛ me nkuran boaa me bere nyinaa, ɛwom sɛ edii mfe bi ansa na wɔrebɔ no asu de. Ná menyɛ ankonam bio!

Akwampaefo baanan fii yɛn kuw ketewa no mu bae, Agnew mmeawa baasa no—Crystal, Estelle, ne Betty—ɛna me. Akyiri yi, 1950 mfe no mfiase no, mmeawa baasa no nyinaa kɔɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu. Wɔmaa wɔn dwumadi sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ India ne Sri Lanka, baabi a wɔda so de nokwaredi resom.

Wɔbaraa Yehowa Adansefo dwumadi wɔ Australia wɔ January 1941 mu, enti yɛyɛɛ ho biribi ntɛm ara. Yɛde biribiara a yɛde dii dwuma wɔ ɔsom adwuma no mu—nhoma, gramafon nketewa, mpaawa a wɔakyere Bible mu nsɛm agu so, ne nea ɛkeka ho—guu dade adaka kɛse bi mu. Afei yɛde adaka no kosii apata bi ase de sare pii kataa so.

Ɛmfa ho sɛ na wɔabara yɛn no, yɛkɔɔ so de anifere yɛɛ afie afie asɛnka no, de Bible nkutoo dii dwuma bere a na yɛkasa kyerɛ afiewuranom no. Ná mede nsɛmma nhoma ne nhomawa sie me pɔnkɔ so agua no ase, na miyi bere a mihu sɛ obi wɔ Ahenni asɛm no ho nokware anigye nkutoo. Awiei koraa wɔ June 1943 mu no, woyii bara a na wɔabara yɛn no fii hɔ, na yetumi de nhoma ahorow dii dwuma wɔ petee mu bio.

Dwumadi Afoforo

Wɔ 1943 mu no, mede me ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu, na afe a edi hɔ no mifii Mount Gambier kɔyɛɛ adwuma wɔ baabi foforo. Nea edi kan no, wɔtoo nsa frɛɛ me ma mekɔsomee wɔ Asafo ti no baa dwumadibea a ɛwɔ Strathfield no bere tiaa bi. Eyi akyi no, wɔmaa me dwumadi ahorow didii so wɔ nkurow nketewa a ɛwowɔ New South Wales kesee fam ne Victoria atɔe fam. Nanso, dwumadi ahorow a minyaa honhom fam akatua kɛse wom biako ne Melbourne kuropɔn no mu asafo kɛse bi mu a mekɔsomee. Bere a na mifi kurow ketewaa bi mu no, misuaa nneɛma pii wɔ hɔ bere a mesom wɔ hɔ no.

Wɔ dwumadi a wɔde maa me wɔ Gippsland a ɛwɔ anafo fam a ɛwɔ Victoria mantam mu no mu no, me ne me kwampaefo hokafo Helen Crawford yɛɛ Bible adesua ahorow pii, na yɛhyehyɛɛ asafo bere tiaa bi mu. Ná nkuraase pii wɔ saa mantam no mu, na na yɛwɔ kar dedaw bi a yentumi mfa yɛn ho nto so a na yɛde tutu akwan. Ɛtɔ da bi a na yɛtra mu, nanso mpɛn pii na yepiae. Hwɛ sɛnea m’ani gyinaa pɔnkɔ! Ɛtɔ da bi a na mitumi ka no nokwarem sɛ: “Mede biribiara bɛsesa agye pɔnkɔ (gye Ahenni no nko)!” Asafo ahorow a ɛyɛ den ne Ahenni Asa ahorow a ɛyɛ fɛ wɔ saa mantam no mu nkurow dodow no ara mu nnɛ.

Me nsa kaa dwumadi wɔ Canberra, Australia ahenkurow no mu wɔ 1969 mu. Ná eyi yɛ baabi a ɛsɛ sɛ yɛde mmɔdenbɔ fa akwan horow so di adanse, efisɛ na yɛtaa hyia aman ahorow ananmusifo dwumadibea pii no adwumayɛfo wɔ wɔn adwuma mu. Meda so ara som wɔ ha, nanso nnansa yi mfe yi mu de midi adanse wɔ kuropɔn no mu baabi a wɔyɛ mfiridwuma no nkutoo.

Minyaa hokwan kɔɔ ɔmantam nhyiam akɛse wɔ United States wɔ 1973 mu. M’asetram bere titiriw foforo ne bere a minyaa hokwan kɔɔ nhyiam wɔ 1979 mu na yɛkɔhwehwɛɛ Israel ne Jordan no. Mmeae ankasa a wɔabobɔ din wɔ Bible mu no a yɛkɔhwɛɛ hɔ na midwennwen nneɛma a ɛkɔɔ so wɔ hɔ ho no yɛɛ osuahu a ɛkanyan me kɛse ankasa. Mekɔfaa Po a Awu a nkyene wom kɛse no so huu sɛnea ɛte, na bere a yɛkɔɔ Petra wɔ Jordan no, minyaa hokwan bio traa pɔnkɔ so. Eyi ma mekaee bere tenten a atwam a na apɔnkɔ boa me ma mede Ahenni asɛm no kɔ nkuraase no.

Bere Nyinaa Som Adwuma a Makɔ so Ayɛ

Nsiesiei atitiriw te sɛ Akwampaefo Ɔsom Sukuu ne akwampaefo nhyiam a wɔyɛ wɔ amansin nhyiam bere, ne ahwɛfo akwantufo nkuranhyɛ a wɔkɔ so de ma me ama ɔpɛ a mewɔ sɛ mɛkɔ so ayɛ bere nyinaa som adwuma no mu ayɛ den ɛmfa ho sɛ merenyin. Metumi aka no nokwarem sɛ Yehowa fi ayamye mu ahwɛ ahu sɛ m’ankonamyɛ nna no yɛ ade a atwam.

Seesei madi mfirihyia 87, na bɛyɛ mfe 60 a mede asom Yehowa mu no, mewɔ nkuranhyɛ nsɛm ma afoforo nso a ebia na wɔka nsɛm penpen na wɔtew wɔn ho fi afoforo ho denneennen no: Fa wo ho hyɛ Yehowa akwankyerɛ ase bere nyinaa. Ɛmmra sɛ Yehowa bɛboa yɛn ma yɛatumi adi nsɛm penpen a yɛka no so, na ɛmmra sɛ ɔbɛkae yɛn bere nyinaa sɛ ɛwom sɛ yebetumi ate nka mpɛn pii sɛ aka yɛn nko ara de, nanso ɔrennyaw yɛn da.

[Ase hɔ asɛm]

a Saa teaseɛnam yi yɛ kar bi a emu yɛ hare a ɛwɔ ntwahonan abien.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena