Minyaa Akorade a Ɛsom bo Koraa
SƐNEA FLORENCE WIDDOWSON KA KYERƐE
Bere a ade resa no, yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛsoɛ baabi a ɛbɛn ɔtare bi. Ná ɛnyɛ beae a ɛfata sɛ mmea baanu soɛ, nanso na yesusuw sɛ anadwo biako pɛ de ɛnyɛ hwee. Bere a na m’ani abere resi yɛn ntamadan no, na Majorie nso renoa yɛn anwumeduan.
BERE a mede pɛɛwa a etwa to no bɔɔ ntamadan no mu ara pɛ na m’ani bɔɔ biribi a na ɛrehinhim wɔ dunsin tuntum bi nkyɛn so. Mibisaa Marjorie sɛ: “Wuhui sɛ dunsin no hinhimii?”
Bere a ne ho dwiriw no kakra no obuae sɛ: “Dabi.”
Mekae sɛ: “Ehinhimii ampa. Fa kɛtere no ma me!”
Migyei, na mede akuma no too me kɔn ho de m’ani kyerɛɛ ɔtare no ho. Bere a mereyɛ adu dunsin no ho ara pɛ na ɔbarima bi fi akyiri bae!
Memiaa m’ani bisae sɛ: “So nsu a ɛwɔ ɔtare no mu no ye sɛ wɔnom?”
Obuae denneennen sɛ: “Dabi, enye, nanso sɛ wopɛ nsu anom a, mɛma wo bi.”
Mede ahopere pow ne mmoa no, na ɔdanee ne ho kɔe maa me ho tɔɔ me yiye. Mede ahopopo san kɔe na mekaa nea esii no kyerɛɛ Marjorie. Yɛyɛɛ ntɛm tutuu yɛn ntamadan no, boaboaa yɛn ho, na yefii hɔ. Akyiri yi, wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ na woyii ɔbarima no fii afiase nkyɛe.
Ɛwom sɛ na nkorontufo taa soɛ wɔ Australia nsase a sika kɔkɔɔ wɔ mu yi so wɔ 1937 mu de, nanso na yɛyɛ nkorontufo soronko. Ná yɛrehwehwɛ nnipa a wɔsom bo ma Onyankopɔn.
Abusua a Mifi Mu
Mfe ɔha a atwam ni no, na me papa yɛ ɔtomfo wɔ Victoria kurow no akuraa ketewa Porepunkah mu. Wɔwoo me wɔ hɔ 1895, na wɔtetee me ne me nuanom baanan wɔ Ovens Asubɔnten no nkyɛn, wɔ Bepɔw Buffalo ase. Ná m’awofo kɔ Union Asɔre daa, na na mekɔ Sunday sukuu a me papa hwɛ so no bi.
Wɔ 1909 mu no, Maame nyaa komayare bere a ahum kɛse bi tui, na owui wɔ me papa nsam. Afei, 1914 mfiase no, me nuanom no biako fii adi, na nnɔnhwerew kakraa bi akyi no, wɔsan de no brɛɛ yɛn—ná wawu. Ná wakum ne ho. Nea ɛmaa yɛn awerɛhow no yɛɛ kɛse ne asɔre no nkyerɛkyerɛ a ese esiane sɛ wɔmfa obi a wakum ne ho bɔne mfiri no nti, hellgya na ɛretwɛn no no.
Akyiri yi wɔ saa afe no mu no, Wiase Ko I fii ase, na me nuanom baanu kɔyɛɛ asraafodwuma wɔ amannɔne. Amanneɛbɔ nsɛm a ɛfa mogyahwiegu ne amanehunu ho no kanyan mmabaa a yɛyɛ baasia no ne me papa ma yefii ase suaa Yohane nhoma a ɛwɔ Bible mu no.
Nokware Akorade a Yenya
Ná Ellen Hudson wɔ nhoma The Time Is at Hand, a Charles Taze Russell kyerɛwee no bi. Sɛnea na n’ani gye ho no kaa mmabaa a yɛaka no. Bere a ohui sɛ nhoma no yɛ apo asia a edidii so bae a wɔato din sɛ Studies in the Scriptures mu biako pɛ no, ɔkyerɛw International Bible Students Association no wɔ Melbourne sɛ wɔmmrɛ no nkae no. Yɛn kuw no penee so sɛ yɛde po a edi kan a wɔato din The Divine Plan of the Ages no bedi dwuma wɔ yɛn dapɛn dapɛn adesua no mu.
Susuw sɛnea me ne Paapa ani gyei bere a yehui sɛ hellgya biara nni hɔ no ho hwɛ. Osuro a na yɛwɔ sɛ wɔakyere me nua barima no ahyɛ hellgya mu no fii hɔ. Yehuu nokware a ɛne sɛ awufo nnim hwee, ɛte sɛ nea wɔadeda, na ɛnyɛ sɛ wɔte baabi a wɔreyɛ wɔn ayayade. (Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Yohane 11:11-14) Yɛn Bible adesuakuw no mufo bi yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkɔ yɛn afipamfo nkyɛn akɔka nokware a na yeresua no akyerɛ wɔn. Yɛnantew kɔɔ afie a ɛbemmɛn hɔ mu, nanso yɛde sakre ne teaseɛnam a ne nan yɛ abien a pɔnkɔ biako twe kɔɔ nkuraase.
Minyaa afie afie asɛnka adwuma no mu kyɛfa nea edi kan wɔ da a wɔyɛɛ asomdwoe nhyehyɛe a ɛma wogyaee Wiase Ko I no wɔ November 11, 1918. Yɛn kuw no mu nnipa baasa na yetuu kwan kilomita 80 kɔɔ Wangaratta kurow mu kɔkyekyɛɛ Peoples Pulpit kratawa no. Mfe bi akyi no, bere a yɛreyɛ asɛnka adwuma wɔ nkuraa a atew ne ho no biako mu na minyaa osuahu a mekaa ho asɛm mfiase no.
Wɔ 1919 mu no, mekɔɔ Bible Asuafo nhyiam bi wɔ Melbourne. Ɛhɔ na mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne wɔ April 22, 1919. Honhom mu apontow no maa anisɔ a mewɔ ma honhom mu akorade a ɛne ɔsoro Ahenni no ne Yehowa asase so ahyehyɛde no yɛɛ kɛse.—Mateo 13:44.
Mansan ankɔ fie wɔ nhyiam no akyi na mmom mepenee nsa a wɔto frɛɛ me sɛ me ne Jane Nicholson a ɔyɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo no nyɛ asɛnka adwuma ɔsram biako no so. Ná yɛn asasesin ne beae a wɔyɛ mfuw na wɔyɛn anantwi a ɛwɔ King Asubɔnten no ho no. Mfe kakraa bi a atwam no, saa asase mmepɔw mmepɔw yi na wɔde yɛɛ sini a wɔato din The Man From Snowy River no.
Wɔ 1921 mu no, yɛn nsa kaa Bible sua nhoma fɛfɛ The Harp of God. Bere a Paapa fii ase de kyerɛkyerɛɛ wɔ ne Sunday sukuu no mu no, awofo pii kasa tiae na wɔka kyerɛɛ no sɛ onnyae adwuma no. Ɔyɛɛ saa ntɛm. Akyiri yi, yɛn nsa kaa nhomawa Hell, a nsemmisa a ɛka adwene yi wɔ akyi sɛ, “Dɛn Nen? Henanom na Wɔwɔ Hɔ? So Wobetumi Afi Hɔ?” Paapa ani gyee sɛnea wɔde Bible kyerɛkyerɛɛ asɛm no mu pefee no ho araa ma ofii ase ntɛm ara kyekyɛɛ no afie afie mu. Ɔkyekyɛɛ ɔhaha pii wɔ yɛn akuraa no ne nkuraa a ɛbɛmmɛn hɔ ase.
Akwan a Yɛne Paapa Tu Kɔkaa Asɛm
Akyiri yi, Paapa tɔɔ kar na ama watumi akɔka Ahenni no ho asɛm akyerɛ nnipa a wɔwɔ mmeae afoforo. Sɛ́ ɔtomfo no, na n’ani gye apɔnkɔ ho kɛse, enti me na na meka kar no. Mfiase no, na yɛda ahɔhodan ahorow mu. Bere tiaa bi akyi no, na yentumi eyi ho ka no, enti yefii ase soɛɛ ntamadan mu.
Ná Paapa twe kar no akongua a ɛwɔ anim no ma ɛyɛ sɛ mpa ma mitumi da kar no mu. Ɛyɛ a na yesi ntamadan ketewa bi ma Paapa da mu. Bere a yɛatra ntamadan mu adapɛn pii no, yɛsan kɔ Porepunkah ma Paapa san bue n’adwinnan no bio. Ɛkɔɔ so yɛɛ yɛn nwonwa sɛ bere nyinaa na adetɔfo pii betua wɔn ka ma yenya nea yɛde bɛsan atu kwan akɔka asɛm no.
Nnipa komapafo pii gyee yɛn nsrahwɛ no so, na awiei koraa no, wɔpenee ofie Bible adesua so. Mprempren, asafo ason a ebiara wɔ n’ankasa Ahenni Asa na ɛwɔ saa beae a kan no na yɛn kuw ketewaa a ɛwɔ Porepunkah no na yɛkɔka asɛm wɔ hɔ no. Nokwarem no, hena na obetumi abu “nneɛma nketewa da no” animtiaa?—Sakaria 4:10.
Wɔ 1931 mu no, me ne Paapa de kar twaa bɛyɛ kilomita 300 wɔ ɔkwan a ɛso nye so kɔɔ nhyiam titiriw bi a ase na yenyaa yɛn din foforo, “Yehowa Adansefo” no. Yɛn baanu nyinaa ani gyee edin a ɛda nsow a egyina Kyerɛwnsɛm so no ho. (Yesaia 43:10-12) Ɛdaa yɛn adi yiye sen edin a na ɛnna nsow “Amanaman Ntam Bible Asuafo” a ebesi saa bere no na wɔde frɛ yɛn no.
Da bi a mereka asɛm no wɔ Bethanga kurow no mu no, mihyiaa asɔre a wɔfrɛ no Church of England [Anglikan] sɔfo a ɔwɔ hɔ no. Ne bo fuwii na ofii ase hwehwɛɛ nhoma pii a yɛakyekyɛ no akyi kwan, na ɔhyɛe sɛ nkurɔfo no mfa wɔn nhoma ahorow no mma no. Ɛno akyi no, ɔma wɔhyew nhoma no wɔ kurow no mfinimfini. Nanso n’adeyɛ bɔne no ankosi hwee.
Bere a mekaa nea esii no kyerɛɛ Asafo ti no baa dwumadibea no, wotintim krataa a obiara tumi kenkan de kasa tiaa nea ɔsɔfo no yɛe no. Afei nso, wɔyɛɛ nhyehyɛe maa kar de Adansefo pii kɔɔ ɔmansin no mu kɔkyekyɛɛ krataa no wɔ hɔ nyinaa. Bere a akyiri yi, me ne Paapa san kɔɔ kurow no mu no, yɛmaa nhoma pii sen kan no. Ná kurow no mufo pɛ sɛ wohu nea ɛwɔ nhoma a “wokyi” no mu!
Onipa a odi kan a asɛm a yɛkae no ma ogyee Bible mu nokware toom wɔ Victoria kusuu fam apuei ne Milton Gibb. Wɔ yɛn nsrahwɛ no akyi no, na osua Asafo ti no nhoma ahorow a yɛde gyaw no no nyinaa yiye. Bere bi a yɛkɔsraa no no, ɔkaa eyi maa ɛyɛɛ yɛn nwonwa: “Afei de meyɛ w’asuafo no biako.”
Ɛwom sɛ m’ani gyee ne gyinaesi no ho de, nanso mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Dabi, Milton. Wuntumi nyɛ me suani.”
“Ɛnde, meyɛ Rutherford [Ɔwɛn Aban Asafo no titrani saa bere no] asuafo no biako.”
Mesan daa no adi kyerɛɛ no sɛ: “Dabi, ɛnyɛ Rutherford asuafo no biako nso, na mmom migye di sɛ Kristo asuafo no biako.”
Milton Gibb bɛyɛɛ akorade a ɛsom bo pii a mede mfe pii ahwehwɛ wɔn no mu biako pɛ. Ɔne ne mma mmarima baanu yɛ Kristofo mpanyimfo, na n’abusuafo a wɔaka nso yɛ nsiyɛfo wɔ asafo no mu.
Yehyia Sɔhwɛ Pii
Ɛmfa ho sɛ wɔbaraa Yehowa Adansefo adwuma no wɔ Australia wɔ January 1941 no, yɛkɔɔ so kaa asɛm no, a Bible nkutoo na yɛde dii dwuma. Afei m’akwampae adwuma anaa bere nyinaa som adwuma no yɛɛ basaa bere a wɔfrɛɛ me sɛ memmra fie mmɛhwɛ me papa a ɔyare denneennen no. Akyiri yi, me nso meyaree, na na ehia sɛ wɔyɛ me oprehyen. Egyee bere ansa na me ho reyɛ me den, nanso mihuu nokware a Onyankopɔn bɔhyɛ yi yɛ: “Merennyaw wo, nanso merempa wo da.” (Hebrifo 13:5) Kristoni bea bi kyekyee me werɛ sɛ: “Flo, kae sɛ ɛnkaa wo nko da. Yehowa wɔ w’afã bere nyinaa.”
Afei me papa a medɔ no no yaree nea etwa to adapɛn 13. Wɔ July 26, 1946 no, owui. Ná wasom akodu awiei, na na ɔwɔ ɔsoro anidaso. (Filipifo 3:14) Enti na mayɛ ankonam bere a na madi mfe 51 no, efisɛ na me ne Paapa atra mfe pii. Afei mihyiaa nea na ɔbɛyɛ me kunu daakye. Yɛwaree 1947 mu na yefii ase yɛɛ akwampae adwuma boom. Nanso saa anigye bere yi ankyɛ, efisɛ ne fã dwudwoe wɔ 1953 mu na wantumi anyɛ hwee bio.
Me kunu kasa yɛɛ basaa, na na ɛyɛ den yiye sɛ me ne no bɛbɔ nkɔmmɔ. Ná ɛno yɛ bere a ne hwɛ yɛ den sen biara. Mmɔden a mebɔe sɛ mɛte nea na ɔyere ne ho sɛ ɔbɛka ase no haw m’adwene yiye ankasa. Ɛwom sɛ na yɛte beae bi a asafo biara mmɛn hɔ de, nanso Yehowa annyaw yɛn da wɔ saa sɔhwɛ bere yi mu. Menam nhoma afoforo a ahyehyɛde no yii no adi no nyinaa, ne honhom mu aduan a minyaa no daa wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma mu no so ne asafo no bɔɔ anan. December 29, 1957 da no, me kunu a medɔ no no wui.
Asɛnka Adwuma wɔ Adelaide
Mesan bɛyɛɛ ankonam. Dɛn na na ɛsɛ sɛ meyɛ? So wɔbɛpene ama masan abɛyɛ bere nyinaa ɔsomfo bere a magyae bɛyɛ mfe anum no? Wɔpenee me so, enti metɔn me fie na mifii akwampae adwuma no ase bio wɔ Adelaide, South Australia kuropɔn mu. Ná wohia akwampaefo wɔ hɔ saa bere no, na wɔde me kɔɔ Prospect Asafo no mu.
Esiane sɛ na misuro sɛ mɛka kar wɔ kurow kɛse a kar wom pii no mu nti, metɔn me kar no na mifii ase traa sakre so bio. Metraa so kosii sɛ midii mfe 86, ma ɛhɔfo frɛɛ me “ɔbea korokorowa a ɔtra sakre blue so no.” Awiei koraa no, mibesuroo kwan mu; na na me sakre no nan a ɛwɔ anim no wosow daa. Wɔ nneɛma pii a esisii akyi no, nea ɛmaa migyaee sakre so tra awiei koraa ne bere a awia bi mekɔhwee wura bi a wɔde agye ban mu no. Meka kyerɛɛ me ho sɛ, ‘Eyi na etwa to,’ enti mifii ase nantew bio.
Mfe kakra bi a atwam no, bere a merekɔ ɔmantam nhyiam bi no, me nan mu fii ase gowee, na ɛno akyi no wɔyɛɛ me oprehyen wɔ me dwonku mu mprenu. Wɔ oprehyen no akyi no, na me ho ye kosi sɛ ɔkraman kɛse bi pem me. Eyi ma wɔsan kɔhwɛɛ me yare, na efi saa bere no, mede poma na ɛnantew. M’adwene da so ara yɛ adwuma yiye. Ɛte sɛ nea m’adamfo bi kae no: “Wo nipadua na ɛregow, na ɛnyɛ w’adwene.”
Wɔ mfe a atwam mu no, mahu sɛ Adelaide asafo ahorow no anya nkɔso, adɔ, na wɔakyekyem. Afei, wɔ 1983 mu, bere a na madi mfe 88 no, mifii Adelaide kɔtraa abusua bi nkyɛn wɔ Kyabram wɔ Victoria kurow mu, na madi mfe du a ɛyɛ anigye wɔ ha. Meda so ara bɔ mmɔden kɔ asɛnka; nnamfo a wɔwɔ asafo no mu de kar fa me kɔ ma yɛkɔsrasra wɔn a wɔtaa gye nsɛmma nhoma fi me hɔ. Saa nkurɔfo yi fi ayamye mu ba kar no ho sɛnea metumi ne wɔn akasa.
Sɛ misusuw me mfe 98 a mede atra ase no ho a, mede anigye kae mudi mu kurafo ne anokwafo a wɔne me ayi Yehowa ayɛ no, titiriw me papa a ɔyɛ nhwɛso pa no. Ɛkame ayɛ sɛ anokwafo a na wɔyɛ m’ahokafo wɔ akwampae som adwuma no mu no awuwu agya me. Nanso anigye bɛn ara na ɛda m’anim sɛ me ne wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya nkwa wɔ Onyankopɔn soro Ahenni a ɛne akorade a ɛsom bo koraa mu no behyia!
[Kratafa 28 mfonini]
Wɔbɔɔ me asu April 22, 1919
[Kratafa 31 mfonini]
M’ani gye sɛ meda so ara resom Yehowa bere a merebɛn mfe 100 no