Karaitefo No ne Nokware a Wɔhwehwɛe
“MONHWEHWƐ [Kyerɛwnsɛm] no mu fefeefe, na mommfa wo ho nnto me nsusuwii so.” Karaitefo panyin bi a ɔtraa ase afeha a ɛto so awotwe Y.B. mu na ɔkaa saa nsɛm no. Henanom ne Karaitefo no? Yebetumi asua biribi a mfaso wɔ so afi wɔn nhwɛso mu? Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi abua saa nsemmisa yi no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ yɛn akyi wɔ abakɔsɛm mu kɔhwɛ ntawntawdi bi a ɛkɔɔ so bere tenten a ɛma wobenyaa Karaitefo kuw no.
Ɛyɛɛ Dɛn na Ntawntawdi no Fii Ase?
Wɔ mfehaha a edi akyi ansa na Yɛn Bere yi reba no, nyansapɛ foforo bi sɔree wɔ Yudasom mu. Ɛno ne adwene a ɛne sɛ Mmara ahorow abien na Onyankopɔn de mae wɔ Bepɔw Sinai so, nea wɔakyerɛw ne nea wɔde ano ka kyerɛe.a Eduu afeha a edi kan Y.B. mu no, na akameakame a ano yɛ den rekɔ so wɔ wɔn a wogyee nkyerɛkyerɛ foforo yi gyinaa mu ne wɔn a wɔpowee no ntam. Farisifo no na wogyinaa akyi, na na Sadukifo ne Essenfo no ka asɔretiafo no ho.
Bere a na saa ntawntawdi yi rekɔ so no ara mu na Yesu a ofi Nasaret puei sɛ Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no. (Daniel 9:24, 25; Mateo 2:1-6, 22, 23) Yesu ne saa Yudafo akuw a ɛnka no nyinaa hyiae. Bere a ɔne wɔn resusuw nsɛm ho no, ɔkasa tiaa wɔn sɛ wɔn atetesɛm nti wɔasɛe Onyankopɔn asɛm. (Mateo 15:3-9) Yesu kyerɛkyerɛɛ honhom mu nokware nso wɔ ɔkwan a Mesia no nkutoo na obetumi ayɛ saa so. (Yohane 7:45, 46) Bio nso, Yesu akyidifo anokwafo no nkutoo na wɔde adanse mae de kyerɛe sɛ Onyankopɔn gyina wɔn akyi. Wɔbɛfrɛɛ wɔn Kristofo.—Asomafo no Nnwuma 11:26.
Bere a wɔsɛee Yerusalem asɔrefi no 70 Y.B. mu no, Farisifo no nkutoo ne fekusom a ɛkɔɔ so traa hɔ a hwee anka no. Afei a na asɔfodi, afɔrebɔ ahorow ne asɔrefie no nni hɔ no, Farisifo Yudasom no tumi de nneɛma bi besisii eyinom nyinaa ananmu, na wɔmaa atetesɛm ne nkyerɛkyerɛmu kataa Mmara a wɔakyerɛw no so. Eyi buee hokwan ma wɔkyerɛwee “nhoma kronkron” afoforo. Nea edii kan bae ne Mishnah no, a ɛde wɔn mmara a wɔde ano ka kyerɛe no foforo kaa ho de ho nkyerɛkyerɛmu mae. Akyiri yi, wɔkyerɛkyerɛw nsɛm foforo kaa ho, na wɔfrɛɛ no Talmud. Saa bere no ara, Kristofo a wɔawae fii ase man fii Yesu nkyerɛkyerɛ ahorow no ho. Akuw abien no nyinaa de nyamesom nhyehyɛe a tumi wom sii hɔ—rabifo tumidi ne afei asɔre tumidi.
Esiane sɛ Yudafo ne Roma abosonsomfo, ne akyiri yi, Roma “Kristofo” dii asi nti, awiei koraa Babilon bɛyɛɛ Yudasom ti. Ɛhɔ na wɔyɛɛ Talmud nkyerɛwee no mu nsakrae ma edii mu koraa. Ɛwom sɛ rabifo no kae sɛ Talmud no na ɛdaa Onyankopɔn apɛde adi yiye de, nanso Yudafo pii huu sɛnea rabifo tumidi no renya nkurɔfo so nkɛntɛnso kɛse no, na wɔn ani gyinaa Onyankopɔn asɛm a ɔnam Mose ne adiyifo no so de maa wɔn no.
Bere a afeha a ɛto so awotwe Y.B. rekɔ n’awiei no, Yudafo a na wɔwɔ Babilon a wɔsɔre tiaa rabifo tumidi ne gyidi a na wɔwɔ wɔ wɔn mmara a wɔde ano ka kyerɛe mu no kogyinaa ɔkannifo nhomanimfo bi a wɔfrɛ no Anan ben David afã. Ɔkae sɛ Yudani biara wɔ hokwan sɛ ɔyɛ nhwehwɛmu biara a ɔpɛ wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu, sɛ ɛno nkutoo ne nokware som fibea, a ɔmfa rabifo nkyerɛkyerɛmu anaa Talmud no nni dwuma. Anan kyerɛkyerɛe sɛ: “Monhwehwɛ Torah [Onyankopɔn mmara a wɔakyerɛw] no mu fefeefe, na mommfa mo ho nnto me nsusuwii so.” Esiane sɛ Anan sii Kyerɛwnsɛm no so dua saa nti, wɔbɛfrɛɛ n’akyidifo sɛ Qa·ra·ʼimʹ, Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ “akenkanfo.”
Karaitefo ne Rabifo De Si Ani
Karaitefo nkyerɛkyerɛ ahorow a ɛkɔfaa ɔhaw baa rabifo mu no ho nhwɛso ahorow bi ne dɛn? Rabifo no baraa nam a wɔbɛwe na wɔanom nufusu bere koro mu. Wɔkae sɛ eyi yɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛfa mmara a wɔde ano ka kyerɛe no ho, nea ɛwɔ Exodus 23:19 no a ɛka sɛ: “Nnoa oguan ba wɔ ne na nufusu mu.” Nanso, Karaitefo no kyerɛkyerɛe sɛ nea nkyekyem no kyerɛ ara ne nea ɛkae no—biribi foforo biara nka ho. Wogyee kyim kae sɛ rabifo no anohyeto ahorow no fi onipa.
Sɛnea rabifo no nkyerɛkyerɛmu a wɔde mae wɔ Deuteronomium 6:8, 9 ho kyerɛ no, na wogye di sɛ ɛsɛ sɛ Yudafo mmarima rebɔ mpae a, wɔbɔ tefillin, anaa phylactery, na na ɛsɛ sɛ obiara de mezuzah bɔ ne pon ano.b Karaitefo no buu nkyekyem ahorow yi sɛ ntease a ekura no yɛ mfatoho ne sɛnkyerɛnne kwan so de nkutoo, ma enti wɔpow rabifo ahyɛde a ɛtete saa no.
Ná Karaitefo no yɛ katee wɔ nsɛm foforo mu sen rabifo no koraa. Sɛ nhwɛso no, susuw adwene a wonyae wɔ Exodus 35:3 a ɛkenkan sɛnea edi so yi ho: “Monnsɔ ogya mo trabere nyinaa homeda.” Karaitefo no barae sɛ ɛnsɛ sɛ wogyaw kanea bi si so, ɛmfa ho mpo sɛ wɔsɔe ansa na Homeda redu no.
Wɔ Anan wu akyi titiriw no, na Karaitefo mpanyimfo taa gye akyinnye wɔ sɛnea mmara ahorow bi mu yɛ den fa ne sɛnea ɛte ho, na ɛnyɛ bere nyinaa na na wɔn nsɛm no mu da hɔ. Ná biakoyɛ nni Karaitefo no mu efisɛ wɔammu onipa biako sɛ wɔn kannifo, na mmom wosii kenkan a ankorankoro bɛkenkan Kyerɛwnsɛm no na wɔn ankasa akyerɛ ase so dua, na ɛbɔɔ rabifo tumidi kwan no abira. Nanso eyi nyinaa akyi no, Karaite kuw no benyaa din ne nkɛntɛnso kɛse a antra Yudafo a wɔwɔ Babilon no nkutoo mu, na ɛtrɛw kɔɔ Mfinimfini Fam Apuei nyinaa. Wɔde Karaitefo dwumadibea titiriw bi mpo sii hɔ wɔ Yerusalem.
Wɔ afeha a ɛto so akron ne du Y.B. mu no, Karaitefo nhomanimfo nyaa nkɔanim wɔ nhwehwɛmu foforo a wɔyɛe wɔ Hebri kasa mu no mu, na wodii mmere pa. Hebri Kyerɛwnsɛm a wɔakyerɛw no na wobuu no kronkron, na ɛnyɛ atetesɛm a nkurɔfo de wɔn ano ka kyerɛe no. Karaitefo bi bɛyɛɛ nkurɔfo a wɔde ahwɛyiye hwɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no so kyerɛw foforo. Nokwarem no, Karaitefo adwuma no na ɛkanyan Masoretfo kwan so nhwehwɛmu a Yudafo nyinaa yɛe wɔ Kyerɛwnsɛm no mu, a ɛmaa wonyaa Bible nkyerɛwee a edi mu kɛse a wɔakora so ama yɛn nnɛ no.
Saa bere a nkɔso baa ntɛmntɛm no, Karaitefo Yudasom yɛɛ baguam asɛmpatrɛw adwuma wɔ Yudafo afoforo mu. Eyi de rabifo Yudasom no too asiane mu pefee.
Dɛn na Rabifo no Yɛe Wɔ Ho?
Nea rabifo no de ko tiae ne nsɛm a ano yɛ den ne wɔn nkyerɛkyerɛ a wɔnam anifere so yɛɛ no fakaa ne emu nsakrae a wɔyɛe. Wɔ afeha a edii Anan sɔretia no akyi mu no, rabifo Yudasom faa Karaitefo akwan bi so. Rabifo no benyaa ahokokwaw kɛse wɔ Kyerɛwnsɛm a wɔfaa mu nsɛm kae mu, na wɔfaa Karaitefo no akwan a wɔnam so kaa nsɛm no bi.
Nea wogyee no toom sɛ kannifo wɔ anobaabae a wɔne Karaitefo no dii no mu ne Saʽadia ben Joseph, a ɔbɛyɛɛ Yudafo a wɔwɔ Babilon no titrani wɔ afeha a ɛto so du Y.B. mu mfiase no. Samuel Rosenblatt na ɔkyerɛɛ Saʽadia nhoma titiriw, The Book of Beliefs and Opinions, ase kɔɔ Engiresi kasa mu, na ɔkae wɔ nnianim no mu sɛ: “Ɛwom sɛ . . . na [Saʽadia] yɛ kannifo wɔ Talmud no ho nkyerɛkyerɛmu mu de, nanso ɔmfa Yudafo atetesɛm nhoma yi nni dwuma kɛse, na ɛda adi sɛ nea enti a ɔyɛɛ saa ne sɛ na ɔpɛ sɛ ɔde nea Karaitefo no, a Mmara a Wɔakyerɛw no nkutoo na wogye toom sɛ ɛyɛ adwuma, de bɔɔ wɔn ho ban no ara di wɔn so nkonim.”
Bere a rabifo Yudasom dii Saʽadia anammɔn akyi no, awiei koraa, wodii nkonim. Ɔkwan a ɛfaa so yɛɛ saa ne sɛ ɛfaa nsɛm a ehia na wɔde abɔ Karaitefo no akyinnyesɛm no agu. Nea owiee asɛm no koraa ne Moses Maimonides, afeha a ɛto so 12 no mu Talmud nhomanimfo a ogyee din no. Ɔnam Karaitefo a na ɔne wɔn te Misraim no ho koma a onyae ne ɔkwan a ntease wom a ɔfaa so kyerɛw ne nhoma so maa wɔn ani begyee ne ho, na ɛmaa wɔn ankasa akannifo tumi no kɔɔ fam.
Karaite Kuw no Hwere Ne Tumi
Afei a na biakoyɛ nni wɔn mu na wonni ɔkwampa biara a wɔbɛfa so ako atia no, Karaite kuw no hweree ne tumi ne n’akyidifo. Bere kɔɔ so no, Karaitefo no yɛɛ nsakrae wɔ wɔn nsusuwii ne wɔn nnyinasosɛm ahorow mu. Leon Nemoy, obi a ɔkyerɛw Karaite kuw no ho nsɛm, kyerɛwee sɛ: “Ɛmfa ho sɛ na wɔda so ara kyerɛ sɛ wɔabara Talmud no, wɔde Talmud mu nsɛm pii bɛhyehyɛɛ Karaitefo nneyɛe ne wɔn amammerɛ ho dwumadi mu nkakrankakra.” Sɛ yɛbɛka a, Karaitefo no yeraa wɔn kan atirimpɔw no, na wogyee rabifo Yudasom mu nneɛma pii toom.
Karaitefo bɛyɛ 25,000 na wɔda so wɔ Israel. Mpempem bio nso wɔ mmeae foforo, titiriw Russia ne United States. Nanso esiane sɛ wɔwɔ wɔn ankasa atetesɛm a wɔde ano ka kyerɛ nti, wɔnte sɛ Karaitefo a wodi kan no.
Dɛn na yebetumi asua afi Karaitefo abakɔsɛm no mu? Ɛne sɛ, ɛyɛ mfomso kɛse sɛ ‘yɛde atetesɛm bɛsɛe Onyankopɔn asɛm.’ (Mateo 15:6) Egye Kyerɛwnsɛm no mu nokware nimdeɛ na obi ade ne ho afi nnipa atetesɛm a ɛyɛ adesoa no ho. (Yohane 8:31, 32; 2 Timoteo 3:16, 17) Yiw, wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wobehu Onyankopɔn na wɔayɛ n’apɛde no mfa wɔn ho nto nnipa atetesɛm so. Mmom no, wɔde nsiyɛ hwehwɛ Bible no mu, na wɔde Onyankopɔn Asɛm a wɔnam honhom so kyerɛwee no mu afotu a mfaso wɔ so no di dwuma.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛ wopɛ nea wose ɛyɛ mmara a wɔde ano ka kyerɛe no ho nkyerɛkyerɛmu a, hwɛ nhomawa a ɛne Will There Ever Be a World Without War?, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii, no nkratafa 8-11.
b Tefillin no yɛ nnaka nketewa abien a wɔde aboa nhoma ayɛ no ahinanan a aboa nhoma asinasin a Kyerɛwnsɛm mu nsɛm wɔ so hyehyem. Ná wɔtaa de nnakawa yi bɔ wɔn nsa benkum ne wɔn moma so bere a wɔrebɔ anɔpa mpae da hunu no. Mezuzah no yɛ aboa nhoma mmobɔwee ketewa bi a wɔakyerɛw Deuteronomium 6:4-9 ne 11:13-21 wɔ so de ahyɛ adaka bi mu de abɔ apon ano.
[Kratafa 30 mfonini]
Karaitefo kuw bi
[Asɛm Fibea]
Efi nhoma The Jewish Encyclopedia, 1910 mu