Mmere Asakra
HWƐ anigye ara a anka ɛbɛyɛ sɛ wobɛtra tete Israel wɔ Ɔhene Salomo nokwafo no anuonyam tumidi no ase! Ná ɛyɛ asomdwoe, yiyedi, ne anigye bere. Wɔ bere a Salomo gyinaa pintinn maa nokware som mu no, Yehowa hyiraa ɔman no mmoroso. Onyankopɔn amma Ɔhene Salomo ahonyade nko, na mmom, ɔmaa no “nyansa ne nhumu koma” nso, sɛnea ɛbɛyɛ a Salomo bedi tumi trenee ne ɔdɔ mu. (1 Ahene 3:12) Bible no ka sɛ: “Na asase so ahene nyinaa hwehwɛ Salomo anim ahu, sɛ wobetie ne nyansa a Onyankopɔn de ahyɛ ne koma mu no bi.”—2 Beresosɛm 9:23.
Yehowa maa nkurɔfo no ahobammɔ, asomdwoe ne nneɛma pa pii. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Yuda ne Israel dɔɔso sen mpoano nhwea dodow, wodidi na wɔnom, na wɔn ani gye.” Wɔ honam fam ne sɛnkyerɛnne kwan so nyinaa no, nkurɔfo no ‘traa ase dwoodwoo wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase mmiako mmiako, Salomo nna nyinaa.’—1 Ahene 4:20, 25.
Mmere asakra. Ɛnnɛ asetra taa yɛ soronko koraa wɔ tete anigye nna no ho. Nea ɛnte sɛ Salomo bere so no, ɔhaw titiriw a ɛwɔ hɔ nnɛ ne ohia. Wɔ aman a wɔanya wɔn ho mpo mu no, ohia wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, Amanaman Nkabom Nkɔso Ahyehyɛde no ka sɛ, wɔ United States ne Europa Aguadi Nkabom no nyinaa mu no, nnipa a wɔreyɛ adu ɔha biara mu 15 na wodi hia.
Ɛdefa nea ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa ho no, The State of the World’s Children 1994, amanneɛbɔ bi a UNICEF (Amanaman Nkabom Mmofra Ho Foto) no de too gua no kyerɛ sɛ, nnipa dodow a wɔwɔ wiase no mu nkyem anum mu biako na wodi hia buruburoo, na ɛde ka ho sɛ wiase no mu ahiafo dodow no ara asetra mu “reyɛ den kɛse na wɔn ho yeraw wɔn.”
Wɔ aman bi mu no, nneɛma bo a ɛrekɔ soro no ma ahiafo ho kyere wɔn kɛse. Ɔbea bi a ɔwɔ Afrika man bi mu kae sɛ: “Wuhu biribi wɔ gua so, na woka sɛ, ‘Eye, ma menkɔ fie nkɔfa sika mmɛtɔ.’ Wosan ba dɔnhwerew biako akyi a, nea wɔbɛka akyerɛ wo ara ne sɛ worentumi ntɔ efisɛ ne bo akɔ soro seesei ara. Dɛn na onipa bɛyɛ? Ɛyɛ ahometew kɛse.”
Ɔbea foforo a ɔwɔ hɔ kae sɛ: ‘Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatra ase no, yɛma yɛn werɛ fi ahiade afoforo. Ɔkwan a yɛbɛfa so anya aduan ne yɛn dadwen titiriw mprempren.’
Sɛnea Amanaman Nkabom kyerɛ no, daakye ho anidaso nyɛ papa biara. Sɛ nhwɛso no, UNICEF bu akontaa sɛ sɛ nnipa a wɔwɔ hɔ seesei no dodow kɔ so saara a, ahiafo a wɔwɔ wiase nyinaa no dodow bebu abɔ ho mpɛn anan “wɔ obi nkwa nna mu.”
Nanso, ɛmfa ho sɛ sikasɛm ne asetra mu nsɛm kɔ so yɛ den no, Onyankopɔn nkoa wɔ ntease a enti ɛsɛ sɛ wonya anidaso. Ɛwom sɛ Onyankopɔn nkoa te wɔn a wonni daakye ho anidaso pa biara ntam de, nanso wɔde anigye ne awerɛhyem na ɛhwɛ daakye kwan. Asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa mu.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]
De Grunne/Sipa Press