‘Saa Ara na Wɔyɛe’
“Na eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so.”—1 YOHANE 5:3.
1. Dɛn na yebetumi aka wɔ sɛnea Onyankopɔn dɔ mu yɛ den no ho?
“ONYANKOPƆN NE DƆ.” Wɔn a wɔba behu Onyankopɔn na wodi ne mmara nsɛm so no nyinaa nya sɛnea saa ɔdɔ no mu yɛ den no ho anisɔ a emu dɔ. “Eyi mu na ɔdɔ no wɔ, ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn na ɔsomaa ne ba sɛ ɔmmɛyɛ yɛn bɔne ho mpata.” Bere a yenya Yesu agyede afɔre a ɛsom bo no mu gyidi no, ‘yɛtra Onyankopɔn dɔ mu.’ (1 Yohane 4:8-10, 16) Enti yebetumi anya honhom mu nhyira pii nnɛ ne nneɛma nhyehyɛe a ɛbɛba no mu, daa nkwa.—Yohane 17:3; 1 Yohane 2:15, 17.
2. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn mmara nsɛm a n’asomfo dii so no ho aba wɔn mfaso?
2 Bible kyerɛwtohɔ no kura wɔn a wodii Onyankopɔn mmara nsɛm so ma ɛno nti wohyiraa wɔn pii no ho nhwɛso bebree. Adansefo a wɔtraa ase ansa na Kristosom reba a ɔsomafo Paulo kyerɛw wɔn mu binom ho asɛm sɛ: “Gyidi so na eyinom nyinaa wuwui a wɔn nsa anka bɔhyɛ no, na mmom wohui akyirikyiri nko gye dii yɛɛ no atuu kae sɛ wɔyɛ ahɔho ne amamfrafo asase so” no ka saafo no ho. (Hebrifo 11:13) Akyiri yi, Onyankopɔn asomfo Kristofo a wɔwɔ ahofama nyaa ‘ɔdom ne nokware a ɛnam Yesu Kristo so bae’ so mfaso. (Yohane 1:17) Wɔ adesamma abakɔsɛm bɛyɛ mfe 6,000 nyinaa mu no, Yehowa ama adansefo anokwafo a wɔadi ne mmara nsɛm, a nokwarem no ‘ɛnyɛ den’ so no akatua.—1 Yohane 5:2, 3.
Wɔ Noa Nna no Mu
3. Akwan bɛn so na Noa yɛɛ “saa ara”?
3 Bible kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Gyidi na nea wonnya nhui ho nsɛm baa Noa nkyɛn no, ɔde daa ne ho so siesiee adaka maa ne fi nkwagye, ɛno so na ɔnam buu wiase fɔ, na ɔyɛɛ gyidi ho trenee difo.” Sɛ “treneekafo” no, Noa tiee Onyankopɔn kosii ase, bɔɔ basabasayɛ wiase a na ɛwɔ hɔ ansa na Nsuyiri no reba no kɔkɔ wɔ ɔsoro atemmu a na ɛreba ho. (Hebrifo 11:7; 2 Petro 2:5) Bere a ɔrepam adaka no, ɔde ahwɛyiye dii ne nsusuwso a Onyankopɔn de mae no akyi. Afei ɔde mmoa a ɔpaw wɔn no ne nnuan kɔɔ mu. “Na Noa yɛɛ sa, sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no nyinaa, saa ara na ɔyɛe.”—Genesis 6:22.
4, 5. (a) Ɔkwan bɛn so na nkɛntɛnso bɔne bi aka adesamma de abesi nnɛ? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ “saa ara” wɔ ɔsoro ahyɛde sodi mu?
4 Na ɛsɛ sɛ Noa ne n’abusua ko tia abɔfo asoɔdenfo nkɛntɛnso bɔne. Saa Onyankopɔn mma yi dan wɔn ho nnipa ne mmea bɛdedae, na wɔwoo afrafra mma a wɔkorɔn sen nnipa a wɔbɔɔ adesamma apoo. “Na asase asɛe wɔ Onyankopɔn anim, na anuɔden ahyɛ asase so ma.” Yehowa de Nsuyiri bae bɛtɔree saa awo ntoatoaso bɔne no ase. (Genesis 6:4, 11-17; 7:1) Efi Noa nna no mu no, wɔmma abɔfo adaemone no kwan ma wɔnnan wɔn ho nnipa. Nanso, “wiase nyinaa da ɔbɔne no,” Satan Ɔbonsam, tumi mu ara. (1 Yohane 5:19; Adiyisɛm 12:9) Wɔ nkɔmhyɛ mu no, Yesu de saa Noa nna no mu awo ntoatoaso atuatewfo no totoo adesamma awo ntoatoaso a apow no fi bere a ne “ba” ho sɛnkyerɛnne fii ase daa adi wɔ 1914 mu no ho.—Mateo 24:3, 34, 37-39; Luka 17:26, 27.
5 Te sɛ Noa nna no mu no, ɛnnɛ Satan rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe adesamma ne yɛn okyinnsoromma no. (Adiyisɛm 11:15-18) Enti egye ntɛmpɛ sɛ yebetie ahyɛde a efi honhom mu yi: “Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na moatumi agyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛe adi asi.” (Efesofo 6:11, NW ase hɔ asɛm) Wɔ eyi mu no, Onyankopɔn Asɛm a yesua na yɛde di dwuma wɔ yɛn asetra mu no hyɛ yɛn den. Afei nso, yɛwɔ Yehowa ahyehyɛde a edwen yɛn ho ne ‘n’akoa nokwafo ne ɔbadwemma’ a wasra no, ne ne mpanyimfo a wɔwɔ ɔdɔ a wɔde boasetɔ kyerɛ yɛn kwan a yɛmfa so no. Yɛwɔ wiase nyinaa asɛnka adwuma a ɛsɛ sɛ yɛyɛ wie. (Mateo 24:14, 45-47) Te sɛ Noa a ɔde ahwɛyiye dii ɔsoro ahyɛde so no, ɛmmra sɛ yɛbɛyɛ “saa ara” bere nyinaa.
Mose—Ɔbarima a Odwo Sen Nnipa Nyinaa
6, 7. (a) Ade a mfaso wɔ so bɛn na Mose pawee? (b) Akokoduru nhwɛso bɛn na Mose de gyaw yɛn?
6 Susuw ɔbarima gyidini foforo—Mose—ho. Na anka obetumi atra ase akokɔ ne ho wɔ afɛfɛde ahorow a ɛwɔ Misraim no mu. Nanso ɔpaw sɛ ɔne “Nyankopɔn man behu amane mmom kyɛn sɛ ɔbɛte bɔne mu dɛw nna tiaa bi.” Sɛ Yehowa somfo a ɔde adwuma hyɛɛ ne nsa no, “ɔhwɛɛ akatua no . . . na omiaa n’ani traa mu sɛnea ohu nea wonhu no no.”—Hebrifo 11:23-28.
7 Yɛkenkan wɔ Numeri 12:3 sɛ: “Na ɔbarima Mose de, odwo pii sen nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.” Nea ɛne eyi bɔ abira no, na Misraim Farao yɛ n’ade sɛ nea ɔyɛ ahantan sen nnipa nyinaa. Bere a Yehowa hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnka n’atemmu nkyerɛ Farao no, dɛn na wɔyɛe wɔ ho? Wɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Na Mose ne Aaron yɛe sɛnea Awurade hyɛɛ wɔn no, saa ara na wɔyɛe.” (Exodus 7:4-7) Akokoduru nhwɛso a ɛyɛ ma yɛn a yɛka Onyankopɔn atemmu kyerɛ nnɛ bɛn ara ni!
8. Ɔkwan bɛn so na na wɔhwehwɛ sɛ Israelfo no yɛ “saa ara,” na ɔkwan bɛn so na ahurusidi a efii mu bae no nsɛso bɛba nnansa yi ara?
8 So Israelfo no de nokwaredi gyinaa Mose akyi? Bere a Yehowa de ɔhaw du no mu akron baa Misraim so wiei no, ɔde Twam no di ho akwankyerɛ a edi mũ maa Israelfo no. “Na ɔman no nyinaa bobɔɔ wɔn mu ase sɔree. Na Israelfo no siim kɔyɛe sɛnea Awurade hyɛɛ Mose ne Aaron no, saa ara na wɔyɛe.” (Exodus 12:27, 28) Saa da a nsɛm sisii no ɔdasum, Nisan 14, 1513 A.Y.B. no, Onyankopɔn bɔfo kokunkum Misraim mmakan nyinaa, nanso otwaa Israelfo afie ho kɔe. Dɛn nti na ɔkoraa Israel mmakan so? Efisɛ na wɔanya ahobammɔ wɔ Twam guan no mogya a wɔde srasraa wɔn aponnua ho no ase. Na wɔayɛ sɛnea Yehowa ahyɛ Mose ne Aaron no pɛpɛɛpɛ. Yiw, “saa ara na wɔyɛe.” (Exodus 12:50, 51) Wɔ Po Kɔkɔɔ no mu no, Yehowa yɛɛ anwonwade foforo de gyee ne man asoɔmmerɛfo no, na ɔsɛee Farao ne n’asraafo dɔm a wɔyɛ den no. Hwɛ sɛnea Israelfo no dii ahurusi! Saa ara na nnɛ, nnipa pii a wɔadi Yehowa mmara nsɛm so bedi ahurusi sɛ wɔn a wɔde wɔn ani hu ne bembu wɔ Harmagedon.—Exodus 15:1, 2; Adiyisɛm 15:3, 4.
9. Nnɛyi hokwan ahorow bɛn na “saa ara” a Israelfo yɛe wɔ ntamadan no ho no yɛ ho mfonini?
9 Bere a Yehowa hyɛɛ Israel sɛ wonyi ntoboa nsi ntamadan wɔ sare so no, nnipa no yii wɔn yam boae kosii ase. Afei, Mose ne ne mfɛfo adwumayɛfo a na wofi wɔn pɛ mu yɛ ade no dii ɔdan no nsusuwso a Yehowa de mae no mu ade a esua koraa mpo so pɛpɛɛpɛ. “Na wɔyɛɛ ahyiae ntamadan no ho adwuma nyinaa wiei, na Israelfo yɛe sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no nyinaa; saa ara na wɔyɛe.” Saa ara na bere a wobuee asɔfodi no ano no, “Mose yɛe sɛnea Awurade hyɛɛ no no nyinaa, saa ara na ɔyɛe.” (Exodus 39:32; 40:16) Wɔ nnɛ bere yi mu no, yɛanya hokwan sɛ yebefi yɛn koma nyinaa mu aboa asɛnka adwuma ne dwumadi ahorow a wɔde trɛw Ahenni no mu. Ɛyɛ hokwan a yɛanya sɛ yɛde biakoyɛ bɛyɛ “saa ara.”
Yosua—Ɔkokodurufo a Ɔyɛ Den Yiye
10, 11. (a) Dɛn na esiesiee Yosua ma esii no yiye? (b) Ɔkwan bɛn so na wobetumi ahyɛ yɛn den ma yɛagyina nnɛyi sɔhwɛ ahorow ano?
10 Bere a Mose paw Yosua sɛ onni Israel anim mfa wɔn nkɔ bɔhyɛ asase no so no, ɛbɛyɛ sɛ na Yehowa Asɛm a efi honhom mu a wakyerɛw a ɛwɔ hɔ ne Mose nhoma anum, dwom biako anaa abien, ne Hiob nhoma no nkutoo. Na Mose ahyɛ Yosua sɛ sɛ wodu Bɔhyɛ Asase no so a, ɔmmoaboa nnipa no ano na ‘ɔnkenkan mmara yi, Israel nyinaa anim ngu wɔn asom.’ (Deuteronomium 31:10-12) Bio nso, Yehowa ankasa hyɛɛ Yosua sɛ: “Mma mmara nhoma yi mmfi w’anom, na dwen ho awia ne anadwo, na woahwɛ ayɛ sɛ nea wɔakyerɛw wɔ mu nyinaa te no. Na ɛno na wo kwan bɛyɛ dwoodwoo, na ɛno na ebesi wo yiye.”—Yosua 1:8.
11 Yehowa “nhoma” a Yosua kenkan no da biara no siesiee no ma odii sɔhwɛ ahorow a na obehyia no ho dwuma, sɛnea Yehowa Asɛm, Bible, no hyɛ Ne nnɛyi Adansefo den ma wogyina “nna a edi akyiri” a emu yɛ den yi mu sɔhwɛ ahorow ano no. (2 Timoteo 3:1) Esiane sɛ yɛte basabasayɛ wiase mu nti, momma yentie Onyankopɔn afotu a ɔde maa Yosua yi: ‘Yɛ den na yɛ nnam, nsuro, na mma wo bo nntu. Efisɛ Awurade wo Nyankopɔn di w’akyi nea wokɔ nyinaa.’ (Yosua 1:9) Bere a Israel mmusuakuw no dii Kanaan so nkonim wiei no, wɔmaa wɔn akatua pii bere a wɔkɔtraa wɔn agyapade no mu no. “Sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no, saa ara na Israelfo no yɛe.” (Yosua 14:5) Akatua a ɛte saa ara da hɔ ma yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ a yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm de di dwuma wɔ yɛn asetra mu, a yɛde osetie yɛ “saa ara” no nyinaa.
Ahene—Anokwafo ne Asoɔdenfo
12. (a) Ahyɛde bɛn na wɔde maa ahene a na wɔwɔ Israel no? (b) Dɛn na efii osetie a ahene no anyɛ no mu bae?
12 Na ahene a na wɔwɔ Israel no nso ɛ? Na Yehowa de ahwehwɛde yi ato ɔhene no so: “Na sɛ ɔte n’ahenni agua so a, ɔnhwɛ mmara yi nhoma a ɛda asɔfo ne Lewifo anim no so nkyerɛw bi mfa; na ɛntra ne nkyɛn, na ɔnkenkan mu, ne nkwa nna nyinaa, na wasua Awurade ne Nyankopɔn suro, ne mmara yi mu nsɛm nyinaa ne ahyɛde yi hwɛ ne ɛsodi.” (Deuteronomium 17:18, 19) Israel ahene dii saa ahyɛde no so? Mpɛn pii no, wɔanni so koraa, ma enti nnome a wɔka siei wɔ Deuteronomium 28:15-68 no baa wɔn so. Awiei koraa no, wɔbɔɔ Israel hwetee ‘fi asase ano kosii asase ano.’
13. Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya anigye a yɛkyerɛ wɔ Yehowa Asɛm ho no so mfaso te sɛ Dawid?
13 Nanso, Dawid—ɔdesani hene nokwafo a odi kan wɔ Israel—nyaa ahofama soronko maa Yehowa. Ɔdaa no adi sɛ ɔne ‘Yuda gyata ba’ no, na ɔyɛɛ Kristo Yesu, “Yuda abusuakuw mu gyata no, Dawid ntini” a ɔredi nkonim no, ho mfonini. (Genesis 49:8, 9; Adiyisɛm 5:5) Na Dawid ahoɔden gyina dɛn so? Na ɔwɔ anisɔ a emu dɔ ma Yehowa Asɛm a wakyerɛw no, na ɔde bɔɔ ne bra. Yɛkenkan wɔ Dwom 19, “Dawid dwom,” no mu sɛ: “Awurade mmara yɛ pɛ.” Bere a Dawid twee adwene sii Yehowa nkae nsɛm, ahyɛde, mmara, ne atemmude so wiei no, ɔtoaa so kae sɛ: “Ɛyɛ akɔnnɔ sen sika ne amapa pii, na ɛyɛ fremfrem sen ɛwo ne ahwerew mu nsu. W’akoa nam so hu de, ɛsodi mu wɔ akatua pii.” (Dwom 19:7-11) Sɛ na Yehowa Asɛm a wɔkenkan dwen ho daa so wɔ mfaso wɔ mfe 3,000 a atwam ni no mu a, hwɛ sɛnea ɛte saa kɛse nnɛ!—Dwom 1:1-3; 13:6; 119:72, 97, 111.
14. Ɔkwan bɛn so na ɔkwan a Salomo faa so no kyerɛ sɛ yehia nea ɛsen nimdeɛ ara kwa?
14 Nanso, ɛnnɔɔso sɛ yebenya nimdeɛ ara kɛkɛ. Ɛho hia nso sɛ Onyankopɔn asomfo de saa nimdeɛ no bedi dwuma, wɔde bedi dwuma ma ɛne ɔsoro apɛde ahyia—yiw, sɛ wɔbɛyɛ “saa ara.” Yebetumi de Dawid ba Salomo a Yehowa paw no sɛ “ɔntra Awurade ahenni a ɔde di Israel so no agua so” asɛm no ayɛ ho mfatoho. Salomo nsa kaa dwumadi sɛ onsi asɔrefi, na ɔmfa ɔdan no nsusuwso a Dawid nam “honhom” so nyae no nni dwuma. (1 Beresosɛm 28:5, 11-13) Ɛbɛyɛ dɛn na Salomo atumi ayɛ adwuma kɛse yi awie? Yehowa maa no nyansa ne nimdeɛ de buaa ne mpaebɔ bi. Salomo nam eyi so ne ɔdan no nsusuwso a Onyankopɔn de mae no so tumi sii saa ofie fɛfɛ a Yehowa anuonyam bɛhyɛɛ no ma no. (2 Beresosɛm 7:2, 3) Nanso, Salomo dii nkogu akyiri yi. Ɔkwan bɛn so? Na Yehowa mmara aka ɔhene a ɔwɔ Israel ho asɛm sɛ: “Nanso ɔmmma ne yerenom nnnɔɔso, na ne koma ammãn.” (Deuteronomium 17:17) Nanso Salomo nyaa “ahenemma yerenom ahanson ne yefam nso ahasa; na ne yerenom . . . kom ne koma kodii anyame foforo akyi.” Ɛrekɔ Salomo nkwa nna awiei no, wankɔ so anyɛ “saa ara.”—1 Ahene 11:3, 4; Nehemia 13:26.
15. Ɔkwan bɛn so na Yosia yɛɛ “saa ara”?
15 Ahene kakra yɛɛ osetie wɔ Yuda, na wɔn mu nea otwa to ne Yosia. Wɔ afe 648 A.Y.B. mu no, ofii ase popaa abosonsom fii asase no so, na osiesiee Yehowa asɔrefi no. Ɛhɔ na ɔsɔfo panyin no huu “Awurade mmara nhoma a ɔnam Mose so de mae no.” Dɛn na Yosia yɛe wɔ eyi ho? “Na ɔhene no foro kɔɔ Awurade fi, na Yuda mmarima ne Yerusalemfo nyinaa ka ne ho, na asɔfo ne Lewifo ne ɔman no nyinaa, efi ɔkɛse so de kosi akumaa so, na ɔkenkan apam nhoma a wohui Awurade fi no mu nsɛm nyinaa guu wɔn asom. Na ɔhene no kogyinaa ne gyinabea na ɔpamee Awurade anim sɛ obedi Awurade akyi, na wahwɛ ne mmara nsɛm ne adanse ne n’ahyɛde, ne koma nyinaa ne ne kra nyinaa mu, na wadi apam nsɛm a wɔakyerɛw nhoma no mu no so.” (2 Beresosɛm 34:14, 30, 31) Yiw, Yosia ‘yɛe saa ara.’ Esiane ne nokwaredi nti, wɔtwee Yehowa atemmu a na ɛbɛba Yuda a anni nokware so no san kosii ne mma asoɔdenfo no bere so.
Onyankopɔn Asɛm a Wɔde Tra Ase
16, 17. (a) Akwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yedi Yesu anammɔn akyi? (b) Onyankopɔn asomfo anokwafo foforo bɛn na wɔyɛ nhwɛso ma yɛn?
16 Wɔ nnipa a wɔatra ase pɛn nyinaa mu no, nea ɔyɛɛ Onyankopɔn Asɛm a wodwen ho na wɔde tra ase ho nhwɛso a ɛsen biara ne Awurade Yesu Kristo. Na Onyankopɔn Asɛm yɛ aduan ma no. (Yohane 4:34) Ɔka kyerɛɛ n’atiefo sɛ: “Ɔba no ankasa ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye nea wahu agya no sɛ ɔyɛ; efisɛ biribiara a ɔno yɛ no, ɛno ara na ɔba no nso yɛ.” (Yohane 5:19, 30; 7:28; 8:28, 42) Yesu ‘yɛɛ saa ara,’ kae sɛ: “Misian mifi soro mebae, ɛnyɛ sɛ merebɛyɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me no apɛde.” (Yohane 6:38) Wɔka kyerɛ yɛn a yɛyɛ Yehowa Adansefo a yɛahyira yɛn ho so no sɛ yɛnyɛ “saa ara” denam Yesu anammɔn akyi a yebedi so.—Luka 9:23; 14:27; 1 Petro 2:21.
17 Na ade titiriw a Yesu dwen ho bere nyinaa ne Onyankopɔn apɛde a ɔbɛyɛ. Na onim Onyankopɔn Asɛm yiye araa ma esiesiee no ma otumi de mmuae a efi Kyerɛwnsɛm mu mae. (Mateo 4:1-11; 12:24-31) Sɛ yetie Onyankopɔn Asɛm bere nyinaa a, yɛn nso, ebetumi ‘ayɛ yɛn pɛ a asiesie yɛn koraa ama nnwuma pa nyinaa.’ (2 Timoteo 3:16, 17) Momma yenni Yehowa asomfo anokwafo a wɔtraa ase tete mmere mu ne ɛno akyi no nhwɛso akyi, na nea ɛsen ne nyinaa no, yɛn Wura Yesu Kristo a ɔkaa eyi no: “Meyɛ sɛnea agya no hyɛɛ me no, na wiase ahu sɛ medɔ agya no” de akyi. (Yohane 14:31) Ɛmmra sɛ yɛn nso yɛbɛkɔ so ayi ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no adi denam “saa ara” a yɛbɛkɔ so ayɛ no so.—Luka 12:29-31.
18. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma ‘yɛyɛ asɛm no yɛfo,’ na dɛn na edi hɔ a yebesusuw ho?
18 Bere a yedwen osetie a Onyankopɔn asomfo yɛe wɔ Bible mmere mu ho no, so ɛnhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛbɛsom nokwaredi mu wɔ Satan nhyehyɛe bɔne no nna a edi akyiri yi mu? (Romafo 15:4-6) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn ma ‘yɛyɛ Asɛm no yɛfo’ kosi ase, sɛnea asɛm a edi so no bɛka no.—Yakobo 1:22.
Wokae?
◻ Dɛn na ɛsɛ sɛ “Onyankopɔn dɔ” kyerɛ ma yɛn?
◻ Dɛn na yesua fi Noa, Mose, ne Yosua nhwɛso no mu?
◻ Ahene a na wɔwɔ Israel tiee Onyankopɔn “asɛm” koduu he?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛ yɛn Nhwɛsofo wɔ “saa ara” a yɛbɛyɛ no mu?
[Kratafa 15 mfonini ahorow]
Noa, Mose, ne Yosua ‘yɛɛ saa ara’