Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 6/15 kr. 31
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Honhom Kyerɛ Kwan—Asomafo No Bere So Ne Ɛnnɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • ‘Honhom No Ankasa Di Adanse’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Nantew Honhom Mu Na Ɛmmoa Wo Mma Wunni W’ahosohyira So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • ‘Honhom Kronkron No Din Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 6/15 kr. 31

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So yebetumi aka sɛ Onyankopɔn nnɛyi asomfo a wɔwɔ asase so anidaso no wɔ Onyankopɔn honhom no kɛse te sɛ nea Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no wɔ no?

Saa asɛmmisa yi nyɛ foforo. Wɔkaa asɛm koro yi ara ho asɛm wɔ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” wɔ April 15, 1952, Engiresi Ɔwɛn-Aban no mu. Nnipa pii abɛyɛ Adansefo fi saa bere no, enti yebetumi asusuw asɛmmisa no ho bio, na yɛnam saayɛ so betumi atĩ nea asɛm a edi kan no kae mu.

Asɛntitiriw no ne sɛ, mmuae no ne, yiw, anuanom anokwafo mmarima ne mmea a wɔyɛ nguan foforo no betumi ne wɔn a wɔasra wɔn no anya Onyankopɔn honhom kronkron no pɛ.—Yohane 10:16.

Nokwarem no, eyi nkyerɛ sɛ ɔkwan koro so na honhom no di dwuma wɔ nnipa nyinaa so. Kae asomfo anokwafo a wɔtraa ase ansa na Kristosom reba, a akyinnye nni ho sɛ wonyaa Onyankopɔn honhom no. Ɛdenam honhom no tumi so no, wɔn mu binom kunkum mmoa a wɔn ho yɛ hu, wɔsaa ayarefo yare, na wonyanee awufo mpo. Na na wohia honhom no na wɔde akyerɛw Bible mu nhoma a efi honhom mu no. (Atemmufo 13:24, 25; 14:5, 6; 1 Ahene 17:17-24; 2 Ahene 4:17-37; 5:1-14) Ɔwɛn-Aban no kae sɛ: “Ɛwom sɛ na wɔnyɛ kuw a wɔasra wɔn no mufo de, nanso honhom kronkron hyɛɛ wɔn mã.”

Ɔkwan foforo so no, susuw mmarima ne mmea a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu a wɔde honhom kronkron sraa wɔn, na wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn honhom mu mma a na wɔwɔ ɔsoro anidaso no ho. Ná wɔasra wɔn nyinaa, nanso ɛno nkyerɛ sɛ honhom no de wɔn nyinaa dii dwuma wɔ ɔkwan koro so wɔ ɛno akyi. Ɛno da adi wɔ 1 Korintofo ti 12. Ɛhɔ na ɔsomafo Paulo kaa honhom no akyɛde ahorow ho asɛm. Yɛkenkan wɔ nkyekyem 8, 9, ne 11 sɛ: “Wɔnam Honhom no so ma obi anyansasɛnka; obi nso wɔma no nimdeɛsɛnka, sɛ Honhom koro no ara pɛ. Ɔfoforo nso wɔma no gyidi, Honhom koro no ara mu; obi nso wɔma no ayaresa dom akyɛde, Honhom koro no ara mu. . . . Na eyi nyinaa, Honhom koro no ara na ɔyɛ, na ɔkyekyɛ ma wɔn mmiako mmiako sɛnea ɔpɛ.”

Nea ehia titiriw no, ɛnyɛ wɔn a na wɔasra wɔn saa bere no nyinaa na wonyaa honhom no akyɛde a wɔde yɛ anwonwade. Wɔ 1 Korintofo ti 14 no, Paulo kaa asafo nhyiam bi a obi nyaa kasa horow akyɛde, nanso na wɔn a wɔwɔ hɔ no mu biara nni akyɛde a ɔde bɛkyerɛ ase ho asɛm. Nanso, na wɔadi kan de honhom asra wɔn mu biara. Ɛbɛyɛ nea ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ onua no a na ɔwɔ kasa horow akyɛde no nyaa honhom no kɛse sen afoforo a na wɔwɔ hɔ no? Dabi. Ná ɛnkaa afoforo a wɔasra wɔn no biribi, te sɛ nea na wontumi nte Bible no ase anaa wontumi nnyina sɔhwɛ ahorow nso ano te sɛ saafo no. Honhom no dii dwuma soronko wɔ onua no a na otumi ka kasa horow no so. Nanso, na ehia sɛ ɔne wɔn bɛn Yehowa na ‘wɔayɛ mma wɔ honhom mu,’ sɛnea Paulo kyerɛwee no.—Efesofo 5:18.

Ɛdefa nkaefo a wɔwɔ hɔ nnɛ ho no, akyinnye biara nni ho sɛ wɔanya Onyankopɔn honhom. Bere bi, edii wɔn so dwuma wɔ ɔkwan titiriw bi so—bere a wɔsraa wɔn na wɔyɛɛ wɔn honhom mu mma no. Ɛno akyi no, wɔkɔ so ‘yɛ ma wɔ honhom mu,’ na wonya ne mmoa bere a wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛte Bible no ase yiye, wodi kan wɔ asɛnka adwuma no mu, anaa wohyia sɔhwɛ ahorow no—sɛ́ ankorankoro anaasɛ ahyehyɛde no.

Ɛwom sɛ wɔnsraa “nguan foforo” no mufo no de, nanso wonya honhom kronkron no wɔ kwan foforo so. April 15, 1952, Engiresi Ɔwɛn-Aban no kae sɛ:

“‘Nguan foforo’ no yɛ asɛnka adwuma koro no ara te sɛ nkaefo no nnɛ, wɔ sɔhwɛ koro no ara mu, na wɔda nokwaredi ne mudi mu kura koro no ara adi. Wodidi wɔ honhom mu pon koro so, di aduan koro, sua nokware koro. Esiane sɛ wɔyɛ kuw a wɔbɛtra asase so no mufo, na wɔwɔ asase so anidaso ne anigye a emu yɛ den wɔ asase so nneɛma mu nti, ebia wɔn ani begye ho kɛse sɛ wobehu kyerɛwnsɛm a ɛfa asase so tebea horow ho wɔ wiase foforo no mu; bere a nkaefo a wɔasra wɔn a wɔwɔ ɔsoro anidaso ne anigye a emu yɛ den wɔ honhom fam nneɛma ho no de, ebia wɔde nsiyɛ besua saa nneɛma no ho ade wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no. . . . Nanso nokwasɛm no ne sɛ, nokware koro ne ntease koro no ara na ɛwɔ hɔ ma akuw abien no nyinaa, na ɛyɛ sɛnea ankorankoro no sua ade kɛkɛ na ɛkyerɛ ɔsoro ne asase so nneɛma mu ntease a wobenya. Akuw abien no nyinaa nya Awurade honhom no pɛ, na wɔde nimdeɛ ne ntease ma wɔn nyinaa pɛ, a ebetumi aka obiara tirim.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena