Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 3/1 kr. 4-5
  • Ɔsom a Egyina Tetefo Adwene So—Ɛne Dɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom a Egyina Tetefo Adwene So—Ɛne Dɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛn Mmere Yi na Ɛde Aba
  • Sɛnea Wohu Obi a Okura Tetefo Adwene Wɔ Ɔsom Ho
  • Ɔsom a Egyina Tetefo Adwene So a Ɛretrɛw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Ɔkwampa Bi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Sɛnea Protestantsom Brɛ Obu Ma Bible No Ase
    Nyan!—1982
  • So Nyamesom na Ɛde Adesamma Haw Aba?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 3/1 kr. 4-5

Ɔsom a Egyina Tetefo Adwene So—Ɛne Dɛn?

ƐHE na ɔsom a egyina tetefo adwene so fii ase? Wɔ afeha a etwaam no awiei no, na nyamekyerɛfo a wɔyɛ fakaa no resesa wɔn gyidi ahorow agye ɔkasatia a emu yɛ den a wɔde ba Bible ne nyansahu mu nkyerɛkyerɛ te sɛ adannandi so no atom. Ne saa nti, ahotoso a na nkurɔfo wɔ wɔ Bible mu no brɛɛ ase. Nyamesom akannifo a wokura tete adwene a wɔwɔ United States no yɛɛ ho biribi hyehyɛɛ nea wɔfrɛɛ no gyidi mfitiasesɛm.a Wɔ afeha a ɛto so 20 no mfiase no, wotintim mfitiasesɛm yi wɔ nhoma a ekura apo ahorow a wɔtoo din The Fundamentals: A Testimony to the Truth mu. Asɛmti yi mu na asɛm “ɔsom a egyina tetefo adwene so” fi.

Wɔ afeha a ɛto so 20 yi fã a edi kan mu no, ɔsom a egyina tetefo adwene so bɛyɛɛ biribi a na wɔka ho asɛm kɛse bere ne bere mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1925 mu no, nnipa a wokura tetefo adwene wɔ ɔsom ho de sukuu kyerɛkyerɛfo bi a ne din de John Scopes a ofi Tennessee, U.S.A., kɔɔ asɛnnibea wɔ nea wɔbɛfrɛɛ no Scopes asɛnni mu. Na bɔne bɛn na wayɛ? Na ɔrekyerɛkyerɛ adannandi, na na ɛno tia ɔmantam no mmara. Saa nna no mu no, ebinom gye dii sɛ na ɔsom a egyina tetefo adwene so begu bere tiaa bi akyi. Wɔ 1926 mu no, Protestantfo nsɛmma nhoma Christian Century, kae sɛ ɛyɛ “nsɛnhunu ne nnipa nsusuwii,” na “enni nnyinaso biara a ebetumi de biribi pa bi aba anaasɛ atra hɔ akyɛ.” Hwɛ sɛnea na saa nsusuwii no nyɛ nokware!

Efi 1970 mfe no mu no, nsɛm amanneɛbɔfo aka ɔsom a egyina tetefo adwene so ho nsɛm bere nyinaa. Ɔbenfo Miroslav Volf a ɔwɔ Fuller Theological Seminary, California, U.S.A., ka sɛ: “Ɛnyɛ tim nko na ɔsom a egyina tetefo adwene so ase atim, na mmom anya nkɔso nso.” Ɛnnɛ, asɛm “ɔsom a egyina tetefo adwene so” mfa Protestant akuw ho nko, na mmom ɛfa ɔsom afoforo te sɛ Katoleksom, Nkramosom, Yudasom, ne Hindusom mu de nso ho.

Yɛn Mmere Yi na Ɛde Aba

Dɛn nti na ɔsom a egyina tetefo adwene so retrɛw saa? Anyɛ yiye koraa no, wɔn a wosua ho ade kyerɛ sɛ ne fã bi fi abrabɔ ne nyamesom mu adwenem naayɛ a ɛwɔ yɛn mmere yi mu no. Mfe bi a atwam no, nnipa dodow no ara traa ase wɔ abrabɔ tebea bi a na ɛma adwene si pi a na egyina atetesɛm mu gyidi ahorow so mu. Seesei wɔsɔre tia gyidi ahorow a ɛtete saa anaasɛ wɔpo. Animdefo pii kyerɛ sɛ Onyankopɔn nni hɔ, na onipa nkutoo na ɔte amansan yi a obi nnwen obi ho mu. Nyansahufo pii kyerɛkyerɛ sɛ adesamma nam adannandi so ara na ɛbae, na ɛnyɛ Ɔbɔadeɛ bi a ɔwɔ dɔ na ɔyɛɛ wɔn. Yɛ nea w’ankasa wopɛ ho adwene na abu so. Abrabɔ ho gyinapɛn a asɛe wɔ asetram gyinabea ahorow nyinaa mu ahyɛ wiase ma.—2 Timoteo 3:4, 5, 13.

Nnipa a wokura tetefo adwene wɔ ɔsom ho hwehwɛ tete nneɛma a ɛma adwene si pi no, na wɔn mu binom bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔn nkurɔfo ne wɔn aman asan akodi nea wɔte nka sɛ ɛyɛ abrabɔ pa ne nkyerɛkyerɛ nnyinaso no akyi. Wɔyɛ nea wobetumi nyinaa de hyɛ afoforo sɛ wɔntra ase sɛnea abrabɔ ho mmara ne gyidi ahorow a “ɛteɛ” no kyerɛ. Obi a okura tetefo adwene wɔ ɔsom ho gye di yiye sɛ ɔno yɛ nea ɛteɛ na afoforo di mfomso. Ɔbenfo James Barr, ka ɔsom a egyina tetefo adwene so ho asɛm wɔ ne nhoma Fundamentalism mu sɛ, “wɔtaa bu no nitansɛm ne animtiaabu, na ɛkyerɛ te a obi nte asɛm ase, yɛ a ɔyɛ katee ne gye a onnye afoforo nsusuwii ntom.”

Esiane sɛ obiara mpɛ sɛ wɔbɛka sɛ ɔnte asɛm ase, ɔyɛ katee, anaa onnye afoforo nsusuwii ntom nti, ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔn adwene hyia wɔ obi a okura tetefo adwene wɔ ɔsom ho ne nea ɔnyɛ bi ho. Nanso, nneɛma bi wɔ hɔ a ɛma wohu ɔsom a egyina tetefo adwene so.

Sɛnea Wohu Obi a Okura Tetefo Adwene Wɔ Ɔsom Ho

Ɔsom a egyina tetefo adwene so taa yɛ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛkora nea wogye di sɛ ɛne ɔman bi tete amanne anaa nyamesom mu gyidi ahorow so, na wɔako atia nea wobu no sɛ ɛyɛ wiase honhom no. Ɛno nkyerɛ sɛ nnipa a wokura tetefo adwene wɔ ɔsom ho no ko tia biribiara a aba so foforo. Ebinom de nnɛyi nkitahodi nhyehyɛe di dwuma yiye de da wɔn nsusuwii adi. Nanso wɔko tia nea ɛbɛma ɔmanfo ayɛ nyamesom ho anibiannaso no.b

Nnipa a wokura tetefo adwene wɔ ɔsom ho binom asi wɔn bo sɛ ɛnyɛ tete nkyerɛkyerɛ anaa asetra kwan nko na wɔbɛkora so afa, na mmom sɛ wɔbɛma afoforo nso adi so bi, de asesa asetra ma ɛne nea okura tetefo adwene wɔ ɔsom ho no gyidi ahyia. Enti, ɛnyɛ po nko na Katolekni a okura tetefo adwene bɛpo nyinsɛn a wotu gu. Ebia ɔbɛhyɛ ne man mu mmarahyɛfo nso ma wɔayɛ mmara de abara nyinsɛn a wotu gu. Wɔ Poland no, sɛnea atesɛm krataa La Repubblica kyerɛ no, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔagye mmara a etia nyinsɛn a wotu gu atom no, Katolek Asɔre no dii “‘ako’ a ɛde ne tumi ne ne nkɛntɛnso nyinaa dii dwuma wom.” Saayɛ so no, na asɔre mpanyimfo no reyɛ wɔn ade sɛ nnipa a wokura tetefo adwene wɔ ɔsom ho pɛpɛɛpɛ. Protestant Kristofo a Wokura Tetefo adwene a wɔwɔ United States di “ako” a ɛte saa ara.

Nea ɛma nnipa a wokura tetefo adwene wɔ ɔsom ho da nsow sen biara ne ɔsom mu gyidi ahorow a wokura mu denneennen no. Enti, Protestantni a okura tete adwene bɛyɛ obi a ogyina Bible no a wɔkyerɛ ase sɛnea ɛkenkan no ankasa akyi, a ebia gyidi a ɛne sɛ wɔde nnansia ankasa na ɛbɔɔ asase no ka ho. Katolekni a okura tete adwene adwenem nyɛ no naa wɔ pope a ɔnyɛ bɔne no ho.

Ɛnde, ntease wɔ nea enti a asɛm a ɛne “ɔsom a egyina tetefo adwene so” kanyan kateeyɛ a ntease nnim, ne nea enti a wɔn a wonkura tete adwene hu sɛ ɔsom a egyina tetefo adwene so retrɛw a ehu ka wɔn, no mu. Sɛ́ ankorankoro no, ebia yɛne nnipa a wokura tetefo adwene wɔ ɔsom ho no adwene renhyia, na yɛn ani rennye wɔn nneyɛe wɔ amammuisɛm mu ne basabasa a ɛtɔ mmere bi a wɔyɛ no ho. Nokwarem no, ebia ɔsom biako mufo a wokura tete adwene nneyɛe bɛbɔ foforo mufo hu! Nanso, nneɛma a ɛma ɔsom a egyina tetefo adwene so trɛw no haw nnipa pii a wosusuw nsɛm ho no—abrabɔ a ɛresɛe kɛse, gyidi a wonni, ne honhom fam yiyedi a nnɛɛmmafo po.

So ɔsom a egyina tetefo adwene so nkutoo ne ɔkwan a wɔbɛfa so adi saa nneyɛe yi ho dwuma? Sɛ ɛnte saa a, ɔkwan foforo bɛn so na wɔbɛfa?

[Ase hɔ nsɛm]

a Nea wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ Ɔsom a Egyina Tetefo Adwene So Ho Nsɛmpɔw Anum a wɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ 1895 no ne “(1) di a Kyerɛwnsɛm no di mũ na mfomso nnim; (2) Yesu Kristo nyamesu; (3) Kristo a ɔbaabun woo no; (4) Kristo ho a ɔde sii hɔ sɛ mpatade maa yɛn wɔ mmeamudua so; (5) nipadua a Kristo de sɔre fii awufo mu, ne nipaduam a ɔno ankasa bɛsan aba asase so wɔ Kristo mmae a ɛto so abien no mu.”—Studi di teologia (Nyamekyerɛ mu Nhwehwɛmu).

b Nea “nyamesom ho anibiannaso” kyerɛ ne si a wobesi wiase nneɛma so dua asen honhom fam de anaa akronkronne. Nyamesom anaa nyamesom mu gyidi ahorow ho asɛm mfa wiasefo ho.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

Wɔ 1926 mu no, Prostestantfo nsɛmma nhoma bi kaa ɔsom a egyina tetefo adwene so ho asɛm sɛ “nsɛnhunu ne nnipa nsusuwii,” na “enni nnyinaso biara a ebetumi de biribi pa bi aba anaa atra hɔ akyɛ”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena