Ɔkwampa Bi
WIASE no honhom fam tebea a ɛresɛe ne ɔbrasɛe ne adwenem naayɛ a wɔwɔ wɔ ɔsom ho a ɛrekɔ so wɔ asetram no ho asɛm haw Yehowa Adansefo. Ne saa nti, ɛtɔ mmere bi a wɔfrɛ wɔn nnipa a wokura tetefo adwene wɔ ɔsom ho. Nanso wɔte saa? Dabi. Bere a wɔwɔ ɔsom mu gyidi a ɛyɛ den no, wɔnyɛ nnipa a wokura tetefo adwene wɔ ɔsom ho esiane sɛnea wɔde asɛm no adi dwuma seesei no nti. Wɔnhyɛ amammui atumfoɔ sɛ wɔmfa nsusuwii bi nyɛ adwuma, na wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ ne basabasa ntia wɔn a wɔne wɔn adwene nhyia. Wɔahu ɔkwampa bi. Wosuasua wɔn Kannifo, Yesu Kristo.
Yehowa Adansefo gye di sɛ nyamesom mu nokware wɔ hɔ, na ɛwɔ Bible mu. (Yohane 8:32; 17:17) Nanso Bible kyerɛkyerɛ Kristofo sɛ wɔn yam nyɛ yiye, wɔnyɛ papa, wɔnnwo, na wɔnyɛ nnipa a wɔwɔ ntease—su ahorow a ɛmma kateeyɛ ho kwan. (Galatifo 5:22, 23; Filipifo 4:5) Wɔ Bible nhoma a ɛne Yakobo mu no, wɔhyɛ Kristofo nkuran sɛ wonnya “nyansa a efi soro,” a wɔka ho asɛm sɛ “nea edi kan ne sɛ ɛho tew, ɛwɔ asomdwoe, ɛwɔ odwo, ɛwɔ asoɔmmerɛw; mmɔborohunu ne aba pa ayɛ no ma.” Yakobo de kaa ho sɛ: “Wogu trenee aba asomdwoe mu ma wɔn a wɔyɛ asomdwoe ade.”—Yakobo 3:17, 18.
Yehowa Adansefo kae sɛ, na nokware no ho asɛm hia Yesu yiye. Ɔka kyerɛɛ Pontio Pilato sɛ: “Eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wi yi ase, sɛ merebedi nokware no ho adanse.” (Yohane 18:37) Ɛwom sɛ na ɔyɛ nokware no kyigyinafo kokodurufo de, nanso wanhwehwɛ sɛ ɔde ne gyidi bɛhyɛ afoforo so. Mmom no, oduu wɔn adwene ne wɔn komam. Ná onim sɛ ne soro Agya, Onyankopɔn, a ‘oye na ɔteɛ’ no na obesi ɔkwan ne bere a obeyi atoro ne nsisi afi asase so ho gyinae. (Dwom 25:8) Enti, wanhwehwɛ sɛ ɔbɛhyɛ wɔn a wɔne no anyɛ adwene no so. Mmom no, ɛyɛ ne bere so ortodɔks nyamesom akannifo no na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ Yesu so.—Yohane 19:5, 6.
Yehowa Adansefo wɔ nyamesom nkyerɛkyerɛ ho gyidi a emu yɛ den, na wɔda gyinapɛn a emu yɛ den wɔ abrabɔ ho nsɛm mu adi. Te sɛ ɔsomafo Paulo no, wogye di sɛ “Awurade biako, gyidi biako, asubɔ biako” pɛ na ɛwɔ hɔ. (Efesofo 4:5) Wonim Yesu nsɛm yi nso: “Ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na wɔn a wohu no sua.” (Mateo 7:13, 14) Nanso, wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ afoforo ma wɔadi wɔn gyidi ahorow akyi. Mmom no, wosuasua Paulo, “srɛ” wɔn a wɔpɛ nyinaa sɛ wɔmma ‘wɔmpata nka wɔn mmɔ Onyankopɔn ho.’ (2 Korintofo 5:20) Eyi ne ɔkwampa no. Ɛyɛ Onyankopɔn kwan.
Sɛnea wɔde asɛm, ɔsom a egyina tetefo adwene so di dwuma nnɛ no yɛ soronko koraa. Nnipa a wokura tetefo adwene wɔ ɔsom ho fa akwan pii so—a basabasayɛ ka ho—de wɔn nnyinasosɛm hyɛ ɔmanfo so. Wɔnam saayɛ so bɛyɛ amammui nhyehyɛe no fã kɛse. Nanso, Yesu kae sɛ ɛnsɛ sɛ n’akyidifo yɛ “wiase no fã.” (Yohane 15:19, NW; 17:16; Yakobo 4:4) Nea ɛne saa nsɛm no hyia no, Yehowa Adansefo kɔ so kura afã biara a wonni wɔ amammuisɛm mu ntawntawdi mu no mu pintinn. Na sɛnea Italy atesɛm krataa Fuoripagina gye toom no, “wɔnhyɛ obiara so wɔ biribiara mu; obiara wɔ hokwan sɛ ogye nea wɔka no tom anaasɛ ɔpo.” Dɛn na efi mu ba? Bible mu asomdwoesɛm a Adansefo no ka no twetwe nnipa ahorow nyinaa, a wɔn a bere bi na wɔyɛ nnipa a wokura tetefo adwene wɔ ɔsom ho mpo ka ho.—Yesaia 2:2, 3.
Wiase a Ɛwɔ Gyinapɛn Ahorow a Edi Mũ
Adansefo no nim sɛ nnipa ntumi nni nneɛma a ɛhaw nnipa a wokura tetefo adwene wɔ ɔsom ho no ho dwuma. Wuntumi nhyɛ obi sɛ onnye Onyankopɔn nni, anaa onnye wo gyidi ahorow ntom. Bere a wosusuwii sɛ biribi a ɛte saa betumi ayɛ yiye no, ekowiee abakɔsɛm mu ahodwiriwde a enye koraa te sɛ Mmeamudua Ho Akodi, mfinimfini mmere mu Atirimɔden Asɛnni, ne Amerika Indiafo “nsakrae” mu. Nanso, sɛ wowɔ Onyankopɔn mu ahotoso a, wubenya ɔpɛ sɛ wode nsɛm bɛhyɛ ne nsa.
Sɛnea Bible kyerɛ no, Onyankopɔn ahyɛ bere a ɔbɛma nnipa kwan ma wɔabu ne mmara so na ɛde amanehunu ne yaw aba no akodu. Saa bere no reyɛ asõ. Yesu redi tumi sɛ Ɔhene wɔ Onyankopɔn soro Ahenni mu dedaw, na ɛrenkyɛ saa Ahenni no bedi dwuma de ayi nnipa nniso afi hɔ, na adi adesamma da biara da asetra ho dwuma. (Mateo 24:3-14; Adiyisɛm 11:15, 18) Nea ɛde bɛba ne wiase nyinaa paradise a asomdwoe ne trenee pii bɛtra mu. Saa bere no, sɛnea ɛsɛ sɛ wɔsom nokware Nyankopɔn no ho adwenem naayɛ biara befi hɔ. “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” (Dwom 37:29) Gyinapɛn ahorow a ɛtra hɔ daa te sɛ adɔe, nokware, atɛntrenee, ne papayɛ bedi nkonim, ma ayɛ papa ama adesamma asoɔmmerɛfo nyinaa.
Bere a na odwontofo no rehwɛ saa bere no kwan no, ɔkaa no anwensɛm kwan so sɛ: “Ɔdom ne nokware behyia, na trenee ne asomdwoe adi mfewano. Nokware befifi asase so, na trenee afi soro ahwɛ. Nso Awurade [Yehowa, NW] bɛma papa, na yɛn asase bɛma ne nnɔbae. Trenee bedi n’anim, na asi n’anammɔn kwan so.”—Dwom 85:10-13.
Bere a yɛrentumi nsesa wiase no, yɛn mu biara betumi anya gyinapɛn ahorow a ɛyɛ papa nnɛ mpo. Enti, yebetumi abɔ mmɔden ayɛ nnipa a Onyankopɔn bɛpɛ sɛ yɛyɛ n’asomfo wɔ saa wiase foforo no mu. Saa bere no yebetumi aka ahobrɛasefo a odwontofo no kaa wɔn ho asɛm no ho: “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” (Dwom 37:11) Onyankopɔn boa wɔn a wɔyɛ n’apɛde na ohyira wɔn, na ɔhyɛ nneɛma a ɛyɛ anigye ho bɔ ma wɔn daakye. Ɔsomafo Yohane kae sɛ: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:17.
[Kratafa 7 mfonini]
Yehowa Adansefo to nsa frɛ obiara sɛ ommehu Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 6]
Kanea a ɛwɔ nkratafa 3, 4, 5, ne 6 no: Printer’s Ornaments/Carol Belanger Grafton/Dover Publications, Inc., na wɔyɛe