Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
“Momma Mo Kanea Nhyerɛn Nnipa Anim”
YESU ka kyerɛɛ n’asuafo no wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Mone wiase hann.” Ɔtoaa so hyɛɛ wɔn nkuran sɛ: “Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nneyɛe pa, na wɔahyɛ mo agya a ɔwɔ soro no anuonyam.”—Mateo 5:14-16.
Wɔahu Yehowa Adansefo nnwuma pa no wɔ Italy. Sɛ nhwɛso no, wɔn abrabɔ pa a wɔda no adi bere a wɔkɔ wɔn afe afe ɔmantam nhyiam ahorow no de nkamfo brɛ Onyankopɔn, sɛnea amanneɛbɔ a edidi so yi di ho adanse no:
▪ Mfe pii na ɔbea bi a ɔwɔ Terni, Italy, boaa ne babea ma wɔyɛɛ adidibea bi wɔ kuropɔn no mu agumadibea no nkyɛn. Ɔka sɛ: “Mihuu nsonsonoe kɛse a ɛwɔ wɔn a wɔbɛhwɛɛ bɔɔl ne nhyiamfo a wɔbaa Yehowa Adansefo amantam nhyiam wɔ hɔ no ntam. Ná Adansefo no de anidahɔ kɛse siesie wɔn ho, na na wɔyɛ nokwaredifo a wobu ade. Mibisaa me ho mpɛn pii sɛ ɛyɛ dɛn na nnipa a wofi mmusua ahorow mu tumi bom tra asomdwoe mu saa.
“Da bi Ɔdansefo bi ma migyinae wɔ abɔnten so bisaa me sɛ minim Onyankopɔn din anaa. Na minnim, nanso esiane sɛ na minim sɛ Yehowa Adansefo yɛ nnipa pa nti, mepenee so sɛ ɔmmɛsra me. Na mewɔ awufo tebea ho nsɛmmisa, na ofii Bible mu maa ho mmuae. Mepenee Bible adesua so ntɛm ara, na adapɛn abien akyi no, mifii ase kɔɔ asafo nhyiam ahorow.
“Mfiase no, me babea no sɔre tiaa me, nanso m’abrabɔ ne me bo a na masi no ma ɔsesaa ne nneyɛe. Asram akron ni a mifii ase suaa ade. Ɛnnɛ me babea no ne ne kunu ka nsɛm a anisɔ wom kyerɛ Adansefo a wɔba wɔn adidibea hɔ no. Me de, wɔbɔɔ me asu wɔ ɔmantam nhyiam bi a wɔyɛɛ no agumadibea yi no ase.”
▪ Bere a wɔyɛɛ ɔmantam nhyiam bi wɔ Roseto degli Abruzzi wiei no, nsraban mu panyin bi kae sɛ: “Mahu sɛ Yehowa Adansefo di nokware wɔ wɔn nneyɛe nyinaa mu. Dapɛn a etwaam no, wɔn mu 40 baa me nsra mu, na wɔanhaw adwene biara. Mmom no, wɔn nkutoo ne nkurɔfo a sɛ onipa foforo bɛka wɔn ho wɔ wɔn fie a esi lɔre so anaa ntamadan mu a wɔbɛka kyerɛ wo. Sɛnea minim no, wɔne nnipa a woye sen biara a wubetumi ne wɔn ayɛ adwuma.”
▪ Saa nhyiam koro no ara akyi no, ahɔhodan mu panyin bi kae sɛ: “Yehowa Adansefo nyinaa ho dwo. Wɔnyɛ basabasa, na wɔda ntɛm. Wɔn yam ye ankasa, wodi nokware, na wɔyɛ wɔn ade sɛnea ɛfata. Sɛ obiara te sɛ wɔn a, anka ɛbɛyɛ anigye. Afoforo wia biribiara—nhwiren nkuruwa, ntaase a wɔde sigaret nso gu so, tiafi krataa ne asikre mpo! Monyɛɛ biribi a ɛte saa da. Sɛ mo mma yi ice cream wɔ frigye mu anwummere a, menhaw me ho nkɔhwɛ dodow a wɔayi. Wobu nea woyi ho akontaa betua me ka ntɛm ara. Mewɔ wɔn mu ahotoso koraa. Sɛ afoforo te sɛ mo a, hwɛ anigye a anka ɛbɛyɛ! Me yam a anka wɔn a wɔbɛsoɛ me nyinaa yɛ Yehowa Adansefo.”
Wonim Yehowa Adansefo yiye wɔ Italy, sɛnea ɛte wɔ asase so mmeae pii no. ‘Wɔbɔ bra pa wɔ amanaman mu,’ na wɔnam saayɛ so de nkamfo brɛ nokware Nyankopɔn a ne din da wɔn so no.—1 Petro 2:12.