Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
Yɛn ani gyei bere a yesuaa biribi faa Yesu bɛ a ɛfa nguanten ne mpapo ho no. Esiane ntease foforo a wɔdaa no adi wɔ October 15, 1995, “Ɔwɛn-Aban” no mu nti, so yebetumi akɔ so aka sɛ Yehowa Adansefo renya mpaapaemu adwuma bi mu kyɛfa nnɛ?
Yiw. Nnipa pii fi ntease pa mu asusuw eyi ho efisɛ Mateo 25:31, 32 ka sɛ: “Na onipa ba no bɛba n’anuonyam mu a n’abɔfo nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtra n’anuonyam ahengua so. Na wɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim. Na ɔbɛpaapae wɔn mu, sɛnea oguanhwɛfo paapae nguanten ne mpapo mu.” October 15, 1995, Ɔwɛn-Aban no kyerɛɛ nea enti a saa nkyekyem no bɛbam bere a ahohiahia kɛse no fi ase no. Yesu bɛba n’anuonyam mu a n’abɔfo ka ne ho, na ɔbɛtra n’atemmu agua so. Afei, ɔbɛpaapae nnipa mu. Ɔkwan bɛn so? Ɔbɛtra ase abu nea nnipa yɛe anaa wɔanyɛ bere bi a atwam no ho atɛn.
Yebetumi de eyi atoto akwan a wɔfa so yɛ asɛm a wɔde kɔ asɛnnibea ho nhyehyɛe no ho. Wofi bere tenten boaboa adanse ahorow ano kodu sɛ ɔtemmufo no bebua asɛm no na ɔde asotwe ama. Wɔaboaboa adanse ahorow a ɛkyerɛ sɛ ebia nnipa a wɔte ase nnɛ no bɛda wɔn ho adi sɛ nguanten anaa mpapo no ano fi bere tenten ni. Na egu so reba. Nanso sɛ Yesu tra n’ahengua so a, saa bere no na asɛm no betwa. Ɔbɛyɛ krado sɛ obebu atɛn. Wɔbɛpaapae nnipa mu ama daa ɔsɛe anaa daa nkwa.
Nanso, nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nnipa a wɔbɛpaapae wɔn mu ama nkwa anaa owu a wɔaka ho asɛm wɔ Mateo 25:32 no bɛba daakye no nkyerɛ sɛ wɔrenni kan nyɛ mpaapaemu, anaa nkyekyem biara. Bible ka mpaapaemu adwuma bi a wodi kan yɛ ho asɛm wɔ Mateo ti 13. Nea ɛyɛ anigye no, Biako a Wɔayɛ De Resom Nokware Nyankopɔn Koro No nhoma no ka eyi ho asɛm wɔ nkratafa 179-80 wɔ asɛmti a ɛne “Nkurɔfo Mu a Wɔrepaapae” ase.a Nhoma no ka sɛ: “Nsɛm afoforo a ɛkyerɛ biribi nso wɔ hɔ a Yesu de bataa nneɛma nhyehyɛe no awiei ho. Eyinom mu biako ne ‘ahenni no mma’ mu a wɔpaapae fi ‘ɔbɔne no mma’ ho no. Yesu kaa eyi ho asɛm wɔ ne bɛ a ɛfa awifuw bi a ɔtamfo bi koduaa wura fraa [ho] mu no mu.”
Ná nhoma no retwe adwene asi Yesu bɛ a ɛwɔ Mateo 13:24-30 a ɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ nkyekyem 36-43 no so. Hyɛ no nsow wɔ nkyekyem 38 sɛ aba pa no gyina hɔ ma Ahenni no mma, na wura no gyina hɔ ma ɔbɔne no mma. Nkyekyem 39 ne 40 no kyerɛ sɛ wɔ ‘nneɛma nhyehyɛe no awiei’—bere a yɛte mu seesei no—wɔboaboa wura no ano. Woyiyi wɔn, na awiei koraa no, wɔhyew, wɔsɛe wɔn.
Ɛbɛ no fa Kristofo a wɔasra wɔn (a wɔ nguanten ne mpapo ho bɛ no mu no, wɔfrɛ wɔn Yesu nuanom) no ho. Nanso, asɛm no mu da hɔ sɛ mpaapaemu bi a ɛho hia kɔ so wɔ yɛn bere yi mu, ma woyi wɔn a wɔasra wɔn no fi wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo nanso wɔda wɔn ho adi sɛ wɔyɛ “ɔbɔne no mma” no ho.
Yesu maa nhwɛso afoforo a ɛfa nnipa a wɔkyekyɛ wɔn mu, anaa wɔpaapae wɔn mu ho. Kae sɛ wɔ ɔkwan kɛse a ɛkɔ ɔsɛe mu ho no, ɔkae sɛ: “Wɔn a wɔhyɛn mu no yɛ pii.” (Mateo 7:13; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Na ɛno nyɛ asɛm a ɛfa nea ebesi awiei koraa ho. Ɛyɛ asɛm a ɛfa biribi a ɛrekɔ so ho, sɛnea ɛte nnɛ wɔ nnipa kakraa bi a wɔrehu ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no ho no. Kae nso sɛ, bere a Yesu resoma asomafo no, ɔkae sɛ wobehu nnipa bi a wɔsɛ. Ná afoforo renyɛ wɔn a wɔsɛ, na na ɛsɛ sɛ asomafo no poroporow wɔn nan ase tutuw ‘di adanse tia’ nnipa a wɔte saa no. (Luka 9:5) So ɛnyɛ nokware sɛ biribi a ɛte saa ara kɔ so nnɛ bere a Kristofo yɛ wɔn baguam som adwuma no? Ebinom tie no yiye, bere a afoforo po Onyankopɔn asɛm a yɛde brɛ wɔn no.
Ɔwɛn-Aban no mu nsɛm a ɛfa nguanten ne mpapo no ho no kae sɛ: “Ɛmfa ho sɛ atemmu a wɔka ho asɛm wɔ bɛ no mu no bɛba daakye a enni akyiri no, ɛnnɛ mpo biribi a ɛho hia rekɔ so. Yɛn Kristofo reyɛ nkwagye adwuma bi a ɛne sɛ yɛreka asɛm a ɛpaapae nnipa mu. (Mateo 10:32-39).” Yɛkenkan wɔ asɛm a ɛwɔ Mateo 10 no mu sɛ, Yesu kae sɛ n’akyidifo a nnipa bɛyɛ no de mpaapaemu bɛba—agya bɛsɔre atia ne babarima, ɛna bɛsɔre atia ne babea.
Awiei koraa no, Kristo nuanom a wɔde honhom asra wɔn no adi wiase nyinaa Ahenni asɛnka adwuma no anim. Bere a nnipa te na wɔyɛ ho biribi, sɛ eye anaa enye no, na wɔreda nnipa ko a wɔyɛ adi. Yɛn a yɛyɛ nnipa ntumi nka, na ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ, ‘Onipa yi yɛ oguanten; na ɔfoforo no yɛ ɔpapo’ sɛnea ntease a ɛwɔ Mateo 25 kyerɛ no. Nanso, asɛmpa no a yɛka kyerɛ nkurɔfo no ma wonya hokwan kyerɛ baabi a wogyina—nnipa ko a wɔyɛ ne sɛnea wɔyɛ wɔn ade wɔ Yesu nuanom ho. Enti, te sɛ adanse a wɔreboaboa ano akɔ asɛnnibea no, nsonsonoe a ɛda wɔn a wɔboa Yesu nuanom ne wɔn a wɔmmoa wɔn ntam no reda adi. (Malaki 3:18) Sɛnea Ɔwɛn-Aban no kyerɛe no, ɛnkyɛ Yesu bɛtra n’ahengua so abu atɛn, na ɔnam atemmu so bɛpaapae nnipa mu ama daa nkwa anaa ɔsɛe koraa.
[Ase hɔ asɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii wɔ 1983 mu.